-
“Awerɛkyekye Nyinaa Nyankopɔn”Ɔwɛn-Aban—2008 | September 1
-
-
NNEƐMA pii te sɛ amanehunu, huammɔdi, ne ankonamyɛ betumi ama yɛn werɛ ahow, na mpo yɛapa abaw. Wɔ mmere a ɛte saa mu no, ebia wubebisa sɛ, ‘Ɛhe na metumi anya mmoa?’ Ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 1:3, 4 no ma yehu obi a obetumi akyekye yɛn werɛ bere nyinaa—Yehowa Nyankopɔn.
Wɔ nkyekyɛm 3 no, wɔfrɛ Onyankopɔn sɛ “ahummɔbɔ Agya.” Dɛn na ɛno kyerɛ? Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ahummɔbɔ” no betumi akyerɛ atenka a obi nya ma afoforo a wɔrehu amane.a Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu ka sɛ, wobetumi akyerɛ asɛmfua yi ase sɛ “ayamhyehye” anaa “sɛ́ obi dwen obi ho yiye.” “Ahummɔbɔ” a Onyankopɔn wɔ na ɛka no ma ɔyɛ ade. Akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn su yi a yɛabehu nti na ɛma yɛpɛ sɛ yɛbɛn no, so ɛnte saa?
Paulo san frɛ Yehowa sɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn.” Asɛmfua a Paulo de dii dwuma wɔ ha no “kura adwene a ɛne sɛ worekyekye obi a wahaw anaa ne werɛ ahow werɛ, na ɛkyerɛ mmoa a wɔde ma obi anaa nkuranhyɛ.” The Interpreter’s Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛkyekye obi a ɔrehu amane werɛ a, yɛma onya akokoduru a ɔde begyina ne haw ano.”
Ebia wubebisa sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn kyekye yɛn werɛ na ɔma yɛn akokoduru a yɛde gyina yaw a yedi ano?’ N’Asɛm Bible no, ne hokwan a yɛwɔ sɛ yɛbɔ mpae no yɛ akwan titiriw a ɔnam so yɛ saa. Paulo ka kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn fi ɔdɔ mu ma yɛn n’Asɛm sɛnea ɛbɛyɛ a ‘yɛnam Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so benya anidaso.’ Bio nso, yɛnam mpae a yefi komam bɔ so nya “Nyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no” bi.—Romafo 15:4; Filipifo 4:7.
-
-
“Awerɛkyekye Nyinaa Nyankopɔn”Ɔwɛn-Aban—2008 | September 1
-
-
a Wɔfrɛ Onyankopɔn sɛ “ahummɔbɔ Agya” efisɛ sɛ ɔno na ahummɔbɔ fi no, na ɛyɛ ne nnipa su.
-