Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ma Wo Nkɔso Nna Adi
    Ɔwɛn-Aban—2001 | August 1
    • Da “Honhom Aba” Adi

      12. Dɛn nti na honhom aba a yɛbɛda no adi ho hia wɔ honhom fam nkɔso a yɛhwehwɛ no mu?

      12 Bere a “gyidi ne ne hu biakoyɛ mu” a yebedu ho hia no, saa ara na ɛho hia nso sɛ yɛda Onyankopɔn honhom aba no adi wɔ yɛn asetram biribiara mu. Dɛn ntia? Nea enti a eyi te saa ne sɛ, sɛnea yɛahu no, onyin nyɛ ade a wontumi nhu anaasɛ ahintaw, na mmom ɛyɛ su horow a afoforo hu no pefee tumi nya so mfaso a ebetumi ahyɛ wɔn den. Nokwarem no, honhom fam nkɔso a yɛhwehwɛ no nyɛ mmɔden a yɛbɔ sɛ ɛbɛma yɛn ani abue anaasɛ yɛbɛma yɛn ho so. Mmom no, bere a yenyin wɔ honhom fam, na yedi Onyankopɔn honhom akwankyerɛ akyi no, nsakrae bi a ɛyɛ nwonwa bɛba yɛn abrabɔ ne yɛn nneyɛe mu. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Monnantew honhom mu, na munnni ɔhonam akɔnnɔ akyi.”—Galatifo 5:16.

      13. Nsakrae bɛn na ɛyɛ nkɔso ho sɛnkyerɛnne pefee?

      13 Paulo kɔɔ so bobɔɔ “ɔhonam nnwuma” a ɛdɔɔso na ‘ɛda adi’ no din. Ansa na obi behu Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow no, na wafa wiase akwan so ma ebia ɔde ne ho ahyehyɛ nneɛma a Paulo bobɔɔ din no bi mu: “aguamammɔ, efi, ahohwi, abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, atutuw, kunsunkunsun, mpaapaemu, nitan, asabow, agobɔne ne nea ɛtete saa.” (Galatifo 5:19-21) Nanso bere a onipa no nya honhom fam nkɔso no, ɔde nkakrankakra di saa “ɔhonam nnwuma” a ɛmfata yi so, na ɔsow “honhom aba.” Nsakrae a aniwa hu yi yɛ adanse a ɛda no adi pefee sɛ onipa no renya nkɔso akodu Kristofo nyin mu.—Galatifo 5:22.

      14. Kyerɛkyerɛ nsɛm abien a ɛne “ɔhonam nnwuma” ne “honhom aba” no mu.

      14 Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ nsɛm abien yi, “ɔhonam nnwuma” ne “honhom aba” no nsow. “Nnwuma” yɛ ade a efi nea obi yɛ mu ba, obi nneyɛe so aba. Ɔkwan foforo so no, nneɛma a Paulo bobɔɔ din sɛ ɔhonam nnwuma no yɛ ade a ebia onipa no hyɛ da yɛ anaasɛ ɔhonam mmerɛwyɛ ma ɔyɛ. (Romafo 1:24, 28; 7:21-25) Nanso, asɛm “honhom aba” no kyerɛ sɛ su ahorow a wɔabobɔ din no mfi nea wɔfrɛ no suban mu nkɔanim anaa nipasu mu nkɔso no, na mmom efi Onyankopɔn honhom a ɛyɛ adwuma wɔ onipa no so no. Sɛnea wɔhwɛ dua so yiye a ɛbɛsow aba no, saa ara na sɛ honhom kronkron yɛ adwuma wɔ obi asetram a, ɔbɛsow honhom aba.—Dwom 1:1-3.

      15. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde yɛn adwene si “honhom aba” no nyinaa so?

      15 Asɛm foforo a ɛsɛ sɛ yesusuw ho ne asɛmfua “aba” a Paulo de dii dwuma de kaa su pa horow a ɔbobɔɔ din no nyinaa ho asɛm no.a Honhom no nsow aba ahorow pii sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛpaw nea yɛn ani gye ho. Su pa horow a Paulo bobɔɔ din no nyinaa—ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ.—ho hia pɛpɛɛpɛ, na ne nyinaa ka bom na ɛma obi tumi nya Kristofo nipasu foforo no. (Efesofo 4:24; Kolosefo 3:10) Enti, bere a yebetumi ahu sɛ saa su pa horow yi bi da adi kɛse wɔ yɛn abrabɔ mu esiane yɛn ankasa nipasu ne yɛn nsusuwii nti no, ɛho hia kɛse sɛ yɛde yɛn adwene si su ahorow a Paulo bobɔɔ din no nyinaa so. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi ada Kristo nipasu adi yiye wɔ yɛn asetra mu.—1 Petro 2:12, 21.

      16. Dɛn na ɛyɛ yɛn botae wɔ Kristofo nyin a yɛhwehwɛ no mu, na ɔkwan bɛn so na yebetumi adu ho?

      16 Asuade titiriw a yebetumi asua afi Paulo nkɔmmɔbɔ no mu ne sɛ bere a yɛrepere akɔ Kristofo nyin mu no, ɛnyɛ yɛn botae ne sɛ yɛbɛhwehwɛ nimdeɛ na ama yɛn adenim adɔɔso, na saa ara nso na ɛnyɛ sɛ yebenya nipasu horow a ɛbɛma yɛn ani abue. Na mmom sɛ ɛbɛma yɛakɔ so anya Onyankopɔn honhom wɔ yɛn asetram bere nyinaa. Sɛ Onyankopɔn honhom na ɛkyerɛ yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe kwan a, ɛnde na yɛanyin wɔ honhom fam. Yɛbɛyɛ dɛn atumi adu saa botae yi ho? Ɛsɛ sɛ yebue yɛn koma ne yɛn adwenem ma Onyankopɔn honhom yɛ mu adwuma. Eyi hwehwɛ sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam ahorow daa na yenya mu kyɛfa. Ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm na yedwennwen ho daa, na yɛma emu nnyinasosɛm kyerɛ yɛn kwan wɔ yɛne afoforo nsɛnnii ne nneɛma a yɛpaw ne gyinae a yesisi mu. Sɛ yɛyɛ saa a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛn nkɔso bɛda adi pefee.

  • Ma Wo Nkɔso Nna Adi
    Ɔwɛn-Aban—2001 | August 1
    • a Nea asɛmfua “aba” gyina hɔ ma ara ne “aduaba” wɔ mfitiase kasa no mu.—Galatifo 5:22, Kingdom Interlinear Translation.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena