Ɔdɔ a Yebeyi no Adi Akyerɛ Wɔn a Ahia Wɔn
KRISTOFO wɔ asɛyɛde ne hokwan sɛ woyi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn nuanom mmarima ne mmea a ahia wɔn. (1 Yohane 3:17, 18) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.” (Galatifo 6:10) Woyii Kristofo nuadɔ adi kyerɛɛ onua bi a ɔde bɛyɛ mfe aduanan asom Yehowa nnansa yi bere a ne yere yaree na akyiri yi owui no. Ɔkyerɛwee sɛ:
“Esiane sɛ mehwɛɛ me yere wɔ fie bere a na ɔyare nti, mantumi anyɛ adwuma bɛyɛ asram abien. Hwɛ sɛnea me bo tɔɔ me yam bere a yɛn nnamfo a wɔwɔ asafo no mu fii wɔn pɛ mu bɛboaa yɛn no! Yɛde sika fam akyɛde pii—‘de boa ɛka foforo a mobɔ,’ sɛnea na nkrataa a ɛka ho no ka no—tuatuaa yɛn dan, nsu ne kanea ka, ne aka foforo.
“Aka adapɛn abien ma me yere awu no, yɛn mansin sohwɛfo bɛsraa yɛn hyɛɛ yɛn nkuran. Oyii sini a na obeyi akyerɛ asafo no dapɛn awiei no mpo kyerɛɛ yɛn. Yetumi tiee asafo nhyiam ahorow no wɔ telefon so—a asɛnka nhyiam horow a ɔmansin sohwɛfo no hwɛɛ so no ka ho. Wɔ nhyiam horow yi biako ase no, ɔmaa wɔn a na wɔaba asɛnka nhyiam ase nyinaa kaa ‘ɛte dɛn,’ sɛ kuw kyerɛɛ me yere. Enti, ɛwom mpo sɛ na watew ne ho wɔ honam fam de, nanso wante nka sɛ ɔyɛ ankonam da.
“Wɔ ne wu akyi dɔnhwerew biako no, ɛkame ayɛ sɛ mpanyimfo no nyinaa baa me fie. Anuanom mmarima ne mmea bɛboro ɔha bɛsraa me saa da no nkutoo. Wɔde aduan besisii pon so ‘anwonwakwan so’ maa obiara a na ɔwɔ hɔ. Merentumi nkan akyɛde, hyɛden, awerɛkyekye nsɛm, ne mpae a wɔbɔ maa me no. Hwɛ sɛnea ɛhyɛɛ me den! Bere kɔɔ so no, na ɛsɛ sɛ meka kyerɛ anuanom sɛ wonnyae aduan a wɔde brɛ me, ne mmoa a wɔde ma wɔ afisiesie mu no!
“Ɛhefa bio na yebetumi ahu ayamye mu a wofi yi mmɔborohunu adi, dwen a wodwen afoforo ho, ne ɔdɔ a woyi no adi kyerɛ saa aka Yehowa ahyehyɛde ho? Nnipa dodow no ara nni nnamfo pa ankasa pii a wobetumi de wɔn ho ato wɔn so nnɛ. Yehowa ama yɛanya abusua kɛse a honhom fam anuanom mmarima ne mmea wom!”—Marko 10:29, 30.