Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 9/1 kr. 20-25
  • Amansan Nyinaa Hyehyɛfo No A Wɔne No Yɛ Adwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amansan Nyinaa Hyehyɛfo No A Wɔne No Yɛ Adwuma
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mfitiase Adwen Horow Wɔ Ahyehyɛde Ho
  • Yerusalem A Ɛwɔ Nkoasom Mu No
  • Yerusalem A Ɛde Ne Ho No
  • Wo Ne Nhyehyɛeyɛfo Kɛse No Nyɛ Adwuma
  • Obonin no Ani Gye
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
  • Sɛnkyerɛnne Kwan So Ɔyɛkyerɛ Bi a Ɛso Wɔ Yɛn Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Nhyira A Ɛkyɛn So A Apam Foforo No De Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Gyina Pintinn Ma Ahofadi A Onyankopɔn De Ama
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 9/1 kr. 20-25

Amansan Nyinaa Hyehyɛfo No A Wɔne No Yɛ Adwuma

“Na yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛboafo; moyɛ Onyankopɔn afuw, Onyankopɔn dan.”​—1 KORINTOFO 3:9.

1. Asɛm bɛn a wɔkae bɛboro mfirihyia 60 a atwam ni na wɔn a wɔtee no ani gyee ho, na tumi bɛn na enyae wɔ Bible Asuafo mmɔdenbɔfo a wɔwɔ hɔ saa bere no so?

“ONYANKOPƆN AHYEHYƐDE.” Ɔwɛn Aban Asafo no samufo no biako na ɔde saa asɛm no dii dwuma wɔ wɔn da biara da Bible mu nkɔmmɔbɔ no ase wɔ Betel adidibea bɛboro mfirihyia 60 a atwam ni. Hwɛ sɛnea asafo ti abusua a ɛwɔ Brooklyn, New York no ani gyee ho! Saa asɛntiaa a ɛda nsow a ɛne, “Onyankopɔn ahyehyɛde,” no bɛyɛɛ nea ɛbɛkyerɛ Bible asuafo no daakye nsusuwii, wɔn kasa, ne nea wɔkyerɛw kwan. Ebuee wɔn honhom mu adehu a ɛfa abɔde nyinaa ho no mu kɛse, na enyaa tumi kɛse wɔ wɔn su wɔ amansan Hyehyɛfo a ne ho yɛ nwonwa, Yehowa Nyankopɔn, ho no so.

2. Sɛnea Hela kasa a efi mu no kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na wobetumi akyerɛ asɛmfua “ahyehyɛde” no ase?

2 Ɛnnɛ, ebia ɛno bɛyɛ nea ɛyɛ nwonwa, efisɛ wɔde asɛmfua “ahyehyɛde” no di dwuma bere nyinaa wɔ Yehowa Adansefo a wɔn ani sɔ hokwan a wɔanya sɛ wɔne amansan Hyehyɛfo no bɛyɛ adwuma no mu. (1 Korintofo 3:5-9) Wonyaa asɛmfua “ahyehyɛde” [Engiresi, organization] no fii Hela asɛmfua or’ga.non no mu. Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, ɛkyerɛ adwinnade anaa biribi a wɔde yɛ adwuma bi. Epue mpɛn pii wɔ Septuagint Version no mu na wɔde di dwuma de kyerɛ adwinnade a wɔde bɔ nnwom, te sɛ Dawid sanku no. Nea wonyaa asɛmfua yi fii mu ankasa ne er’gon a ɛkyerɛ “adwumayɛ.” Enti ahyehyɛde yɛ nneɛma ho nhyehyɛe a wɔyɛ de di dwuma de yɛ biribi anaa de di ho dwuma wɔ ɔkwan a eye sen biara a ebetumi so a ennye bere ne ahoɔden pii.

Mfitiase Adwen Horow Wɔ Ahyehyɛde Ho

3. Dɛn na nsɛmma nhoma yi March 1883 de no kae wɔ “yɛn ahyehyɛde” no ho?

3 Nanso, wɔ mfe bi a atwam mu no, na ɛyɛ den ma Bible Asuafo no sɛ wɔde asɛmfua “ahyehyɛde” no bedi dwuma. Sɛ́ nhwɛso no, wɔkae wɔ March 1883 Ɔwɛn-Aban no mu sɛ:

“N’anso, ɛwom sɛ onipa ankasa rentumi nhu yɛn ahyehyɛde no efisɛ ɔrentumi nte Onyankopɔn Honhom no nneɛma ase de, nanso yɛwɔ ahotoso sɛ wubetumi ahu sɛ wɔahyehyɛ nokware Asɔre no wɔ ɔkwan a etu mpɔn sen biara so, na ɛreyɛ adwuma wɔ ɔkwan a eye sen biara a ebetumi so. . . . Yɛwɔ gyidi a emu yɛ den wɔ yɛn Kannifo no mu; na ahyehyɛde a edi mũ a wiase no aniwa ntumi nhu yi rekɔ anim akodu anuonyam nkonimdi mu.”

4. Adwene a ɛfa nhyehyɛe ho bɛn na wɔdaa no adi wɔ nsɛmma nhoma yi December 1, 1894, de no mu?

4 Nanso, December 1, 1894 Ɔwɛn-Aban no kae sɛ:

“Nanso sɛnea na hyehyɛ a wɔbɛhyehyɛ asɔre a ɛyɛ Asɛmpa foforo no ho dwumadi no nyɛ tete Yudafo otwa adwuma no so hwɛ no fã no, saa ara na mprempren otwa adwuma anaa Asɛmpa no so hwɛ ho adwuma no yɛ soronko wɔ Mfirihyia Apem foforo no mu adwumayɛ a ɛrebɛn mprempren no ho. . . . Ɛda adi pefee sɛ wɔn a wɔaboaboa wɔn ano a wɔte sɛɛ ahyehyɛde a aniwa hu a wɔbɛtew no bɛyɛ nea ɛne ɔsoro nhyehyɛe nhyia; na sɛ wɔyɛ saa a, ɛbɛyɛ nea ɛkyerɛ ɔpɛ a asɔre no wɔ sɛ ɛde ne ho bɛhyɛ adwene a abu so mprempren a ɛne ahyehyɛde anaa apam no mu. (Hwɛ Yes. 8:12) Mprempren adwuma no nyɛ ahyehyɛde na mmom mpaapaemu sɛnea na ɛte wɔ Yudafo twa adwuma ankasa mu no. (Mat. 10:34-36)

“Enti, bere a yemmu wɔn a wɔaboaboa wɔn ano no ahyehyɛde a aniwa hu no sɛ ɛyɛ Awurade no nhyehyɛe wɔ otwa adwuma no mu, te sɛ nea ebia sɛ ahyehyɛde no, yɛhwɛɛ kwan sɛ yɛbɛtra ha akodu bere foforo mu no, ɛyɛ nea yebu no sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔdɔ Awurade no taa ka wɔn anidaso ne anigye, anaa sɔhwɛ ne ɔhaw ahorow ho asɛm kyerɛ wɔn ho wɔn ho na wɔbom tra ase wɔ n’Asɛm mu nneɛma a ɛsom bo no mu.”

5. Ɛdefa ahyehyɛde ho no, dɛn na wɔkae wɔ The New Creation nhoma no mu?

5 Enti wɔammu Kristofo asafo no sɛ ɛyɛ ahyehyɛde saa bere no. Nanso wosusuwii sɛ eye sɛ wɔbɛyɛ asafo no ho nhyehyɛe. Sɛ́ nhwɛso no, na The New Creation nhoma a wotintimii wɔ 1904 mu no Adesua V no asɛmti ne “Abɔde Foforo Ahyehyɛde No” na efi ase sɛ: “Sɛnea Abɔde Foforo no rennu ne pɛyɛ ho kosi Ɔsɔre a Edi Kan no mu no, saa ara na saa bere no mu nkutoo na n’ahyehyɛde no bɛyɛ pɛ. Asɔrefi ho sɛnkyerɛnne no yɛ eyi ho nhwɛso: sɛ́ abo a nkwa wom no, wɔto nsa frɛ yɛn mprempren ma yekonya afã wɔ anuonyam asɔrefi no mu.”

6. Ɔkwan bɛn so na Thy Kingdom Come nhoma no daa “abɔde foforo” no mufo “na” no adi?

6 Nea ɛyɛ anigye no, Thy Kingdom Come nhoma a wotintimii wɔ 1891 mu no kae wɔ wɔn a wɔasra wɔn a wɔyɛ “abɔde foforo” no ho sɛ: “Ɛdefa Yesaia 54:1-8 ho no, Ɔsomafo Paulo ama ntease a ɛsen onipa nyansa ada adi wɔ ho, na ɔde adi dwuma wɔ honhom mu Sion, yɛn na anaa apam a wɔde Sara yɛɛ ho sɛnkyerɛnne no ho. Wɔayi Abraham honam fam asefo afi yɛ a wɔbɛyɛ bɔhyɛ no adedifo no mu, na wɔagye nokware aseni, Kristo (a wɔde Isak ne Rebeka yɛɛ ne ho nhwɛso) no atom sɛ bɔhyɛ aseni koro pɛ.​—Gal. 4:22, 24, 26-31.”

7, 8. Hena ne Kristofo asafo no “na” no kunu, na dɛn na Yesaia 54:1-8 ka wɔ eyi ho?

7 Saa asɛm yi ne Sion Wiase Nyinaa Ahyehyɛde a Theodor Herzl de sii hɔ wɔ 1897 mu no nni hwee yɛ. Saa ahyehyɛde no ne Yerusalem a ɛwɔ fam, asase so ha, no na edi dwuma, na ɛnyɛ “​—ɔsoro Yerusalem,” Kristofo asafo no “na” no. (Galatifo 4:26) Thy Kingdom Come nhoma no ankɔ so anka nokwasɛm a ɛne sɛ Kristofo asafo no “na” no kunu a ɔyɛ ne wura no ne Onyankopɔn, a wɔde Abraham yɛɛ ne ho mfonini no ho asɛm. Ɛnyɛ Abraham apam, anaa apam foforo no na Yehowa ware no, na mmom “ɔsoro Yerusalem” a wɔde Isak ne na Sara yɛɛ ho mfonini no. Te sɛ ɔno, sɛ ‘ɛna’ no, ɛsɛ sɛ “ɔsoro Yerusalem” no yɛ biribi a ɛte ase a ɛwɔ nipasu.

8 Ɛnde hena ne “ɔsoro Yerusalem” no? Sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu no, ma yenni kan nsusuw Yesaia 54:1-8 a ne fã kenkan sɛɛ no ho:

“To dwom, wo bonin a woanwo; to anigye dwom na fa ahosan teɛm, wo a wonkyem mma ɛ! Na onni bi mma bɛdɔɔso asen nea ɔwɔ kunu mma, [Yehowa] na ose. Wo kunu ne wo yɛfo, asafo [Yehowa] ne ne din, na wo dimafo, Israel kronkronni no, wɔfrɛ no asase nyinaa Nyankopɔn. Na [Yehowa] afrɛ wo sɛ ɔbea a wɔagyaw no na ɔredi honhom mu yaw, sɛ mmerantebere mu yere a wɔapa no, wo Nyankopɔn na ose. Migyaw wo kakraa bi, ketewaa sɛ, nanso ayamhyehye kɛse na mede mɛboa w’ano. Abufuw mmoroso mu na mede m’ani mihintaw wo kakraa bi, nanso mede daa adɔe mehu wo mmɔbɔ, wo dimafo [Yehowa] na ose.”

9. (a) Hena anaasɛ dɛn na na Yehowa reka awerɛkyekyesɛm akyerɛ no wɔ Yesaia 54:1-8 no? (b) Sɛnea Galatifo 4:25, 26 kyerɛ no, hena ne sɛnkyerɛnne kwan so “ɔbea” a wɔkaa ne ho asɛm wɔ mfonini kwan so no?

9 Nea edi kan wɔ hɔ no, na ɛnyɛ nea Yehowa rekasa akyerɛ apam. Ná ɔrekasa akyerɛ ɔman, ne nkurɔfo a wapaw wɔn wɔ Mose Mmara apam a wɔne no yɛe no mu no. Wɔ Onyankopɔn fam no, na saa ɔman no ka bom yɛ “ɔbea” a ɔte sɛ ɔyere ma no. Sɛnea ɔsomafo Paulo krataa a ɔde kɔmaa Galatifo no kyerɛ no, na saa sɛnkyerɛnne kwan so “ɔbea” no wɔ hɔ ankasa, nanso ɔnka sɛ ɔyɛ apam anaa biribi a ɛte saa. Wɔrentumi nkyekye apam werɛ na saa ara na wɔrentumi nhyɛ no den. Mmom no, Paulo kyerɛ sɛ sɛnkyerɛnne kwan so “ɔbea” no yɛ biribi a ɛte ase ankasa, te sɛ ‘ɛna,’ sɛnea ne “kunu,” Yehowa, te ase sɛ onipa a ɔwɔ adwene na otumi de awerɛkyekye ma no. Ɔreka tete abakɔsɛm mu mmea no ho asɛm no, ɔsomafo no kyerɛwee sɛ: “Na Hagar [afenaa a osii n’awuraa Sara ananmu woo Ismael maa Abraham no] ne Sinai bepɔw a ɛwɔ Arabia. Na [ɔno Hagar ne] nnɛyi Yerusalem [bere a na Paulo wɔ asase so] sɛso efisɛ ɛne ne mma wɔ nkoasom mu [ma Mose Mmara apam no]. Na ɔsoro Yerusalem no de, ɛde ne ho, ɛne yɛn na.”​—Galatifo 4:25, 26.

Yerusalem A Ɛwɔ Nkoasom Mu No

10, 11. (a) Ade kɛse a ɛfa Israelfo ho bɛn na esii wɔ Bepɔw Sinai ho? (b) Ɛdefa Mmara apam no ho no, dɛn na ɛbae wɔ 33 Y.B. mu.

10 Hagar nyɛ Mose Mmara apam no ho nhwɛso, anaasɛ obi a ogyina hɔ ma. Na saa ara na wɔmmfa Bepɔw Sinai a Hagar yɛ ne nsɛso no nyɛ saa apam no ne ne Mmarasɛm Du no ho mfonini. Ɛwom, Onyankopɔn ne Bepɔw Sinai anyɛ apam biara. Nanso ɛyɛ hɔ na ɔne Israelfo a na wama wɔade wɔn ho afi Misrifo nkoasom mu no baa apam abusuabɔ mu, na ɔne wɔn dii sɛ ɔman a ɛde ne ho. Eyi sii bere a Onyankopɔn ne Abraham yɛɛ apam na ɔde bɔhyɛ aseni a ɔyɛ ɔbarima hyɛɛ no bɔ no akyi mfehaha pii.

11 Bere a Mose, saa Mmara apam no ntamgyinafo no, fii Bepɔw Sinai so bae no, na n’anim hyerɛn kɛse araa ma na ɛsɛ sɛ ɔde nkatanim kata n’anim sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo no betumi ahwɛ no. (2 Korintofo 3:12-16) Nanso bere a na ɔwɔ Bepɔw Sinai so no, Mose ne Yehowa ankasa anni nkitaho tẽe, efisɛ Onyankopɔn nam ɔbɔfo so na ɔne Israelfo yɛɛ apam no. (Asomafo no Nnwuma 7:37, 38; Hebrifo 2:2) Ɛdenam saa kwan no so no, Israel man no bɛyɛɛ nea ɛhyɛ Mmara apam no ase. Nanso, wɔ mfehaha pii akyi no, woyii saa apam no fii hɔ na wɔde bɔɔ Yesu amanehunu asɛndua no ho wɔ 33 Y.B. mu.​—Kolosefo 2:13, 14.

12. Ná asase so Yerusalem no yɛ henanom “na”? (b) Nkoasom bɛn na na Yerusalem a ɛwɔ asase so no wom wɔ mfeha 19 a atwam no mu, na dɛn nti na wanne ne ho da?

12 Paulo kyerɛwee sɛ na Bepɔw Sinai yɛ Yerusalem a ɛwɔ fam wɔ ne bere so no sɛso. Ɛwom, na Yerusalem nyɛ apam; ná ɛyɛ kurow kɛse a Yudafo na wɔte mu. Sɛ́ ahenkurow no, na egyina hɔ ma ɔman no na na ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so ‘ɛna’ a ɔwɔ “mma,” a wɔne Yudafo, anaa Israelfo man no mufo nyinaa. (Mateo 23:37) Yerusalem na na Yehowa, Onyankopɔn a na Israelfo ne no wɔ apam abusuabɔ mu no asɔrefi si. Nanso saa bere no na Yudafo no nni ahenni a ɛde ne ho a ɛyɛ wɔn ankasa de a Ɔhene Dawid aseni di so tumi. Enti, na wɔnyɛ wɔn a wɔde wɔn ho na mmom na wɔwɔ nkoasom mu wɔ Amanaman mufo no amammui tumi ahorow ase. Nea na ɛho hia titiriw no, na wɔwɔ nyamesom mu nkoasom mu. Ná Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ, Yesu Kristo nkutoo na obetumi ama wɔade wɔn ho afi ɛno mu, ne afei nso afi bɔne nkoasom mu. Nanso saa Yerusalem no annye Yesu antom sɛ Mesia ne ɔhene na enti anne ne ho da. Mmom no, Romafo sɛee no wɔ 70 Y.B. mu, na ɛyɛɛ amanehunu maa ne “mma” no.

Yerusalem A Ɛde Ne Ho No

13. Dɛn na Paulo kae wɔ Yerusalem a ɛde ne ho, no ho, na de a wade ne ho afi dɛn mu na ɛsɛ sɛ ne “mma” gyina pintinn wom?

13 Paulo kyerɛɛ nsonsonoe a ɛda asase so Yerusalem a ɛwɔ nkoasom mu no ne “ɔsoro Yerusalem” a “ɛde ne ho” no ntam. Ɔrefa asɛm a ɛwɔ Yesaia 54:1-8 no aka no, ɔkyerɛwee sɛ:

“Na ɔsoro Yerusalem no de, ɛde ne ho, ɛne yɛn na; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Wo obonin a wonwo, ma w’ani nnye; wo a wɔnkoo awo, di ahurusi teɛm! Efisɛ nea onni bi no mma dɔɔso sen nea ɔwɔ kunu no de. Na yɛn de, anuanom, sɛnea Isak te no, yɛyɛ bɔhyɛ mma. Na sɛnea ɛbere no nea wɔwoo no ɔhonam kwan so no taa nea wowoo no honhom kwan so no, sɛ nso ɛte nnɛ ara ne no. Nanso kyerɛw no se dɛn? Pam afenaa no ne ne ba; efisɛ afenaa ba no ne ɔdehye ba no renni ade. Enti, anuanom, yɛnyɛ afenaa mma, na mmom yɛyɛ ɔdehye mma. Adehyedi mu na Kristo ama yɛade yɛn ho. Enti munnyina pintinn, na mommma wɔmmfa akoayɛ kɔndua nnka mo nnhyem bio!”​—Galatifo 4:26-5:1.

14. Dɛn nti na na Isak awo no yɛ “honhom kwan so” de?

14 Enti ná Galatifo Kristofo a ɔkyerɛw kɔmaa wɔn no yɛ “Onyankopɔn mma esiane ne bɔhyɛ no nti.” (Galatifo 4:28, Today’s English Version) Sɛ́ eyi ho sunsuma no, Abraham a wadi mfirihyia ɔha no ne ne yere Sara a wadi mfirihyia aduɔkron no woo Isak de maa Yehowa bɔ a ɔhyɛɛ saa agyapanyin nokwafo no baa mu. Yiw, wo a wɔwoo Isak maa Abraham no yɛ anwonwade, biribi a ɛnyɛ “honam kwan so” de koraa. (Genesis 18:11-15) Enti na ɛsɛ sɛ ɛyɛ “honhom kwan so” de. Yiw, ɛyɛ ampa sɛ na Abraham Kɛse, Yehowa Nyankopɔn, honhom ho hia na wɔasan de ahyɛ ɔbea a ɔde ne ho, Sara ne Abraham nyinaa awo tumi no mu den. (Romafo 4:19) Ɛda adi sɛ na “bɔhyɛ” no ankasa nkyɛe bere a wɔwoo Isak wɔ 1918 A.Y.B. mu no, efisɛ na ɛno yɛ bere a Abraham hyɛn Kanaan bɔhyɛ asase no so wɔ 1943 A.Y.B. mu no akyi mfirihyia 25 pɛ, bere a bɔhyɛ no fii ase dii dwuma no.

15. Bere tenten ahe na na “ɔsoro Yerusalem” no nni ba, na bere bɛn na ne mma fii ase dɔɔso?

15 “Ɔsoro Yerusalem” no yɛɛ “obonin,” obi a onni mma kyɛe sen Sara. Nokwarem no, na “ɔsoro Yerusalem” no wɔ saa tebea no mu fi 1943 A.Y.B. mu, bere a bɔ a wɔhyɛɛ Abraham no fii ase dii dwuma no, kosii bere a wɔbɔɔ Yesu asu wɔ 29 Y.B. mu no. Ɛyɛ saa bere no na wɔnam Abraham Kɛse, Yehowa Nyankopɔn, honhom no so woo Yesu, na ɔde Ne honhom sraa no ma ɔbɛyɛɛ Kristo anaa Nea Wɔasra no, Mesia no. Nanso na ɛsɛ sɛ “ɔsoro Yerusalem” no nya nea ɛsen honhom mu ɔba biako. Enti wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu, bere a wɔanyan Yesu ma waforo akɔ soro no akyi no, wɔnam Abraham Kɛse no honhom so woo n’asuafo anokwafo no mu bɛyɛ 120. Afei ɔde saa honhom no sraa wɔn ma wɔbɛyɛɛ Isak Kɛse, Yesu Kristo, honhom mu nuanom. Akyiri yi, wɔ saa da no ara mu no, wɔbɔɔ Yudafo bɛyɛ 3,000 foforo asu sɛ Yesu asuafo na wɔde honhom kronkron sraa wɔn. (Asomafo no Nnwuma 2:1-42) Enti saa da no “ɔsoro Yerusalem” no bɛyɛɛ ‘ɛna’ maa mma pii.

16. Dɛn ne “ɔsoro Yerusalem” no?

16 Ɔsomafo Paulo da no adi sɛ ɔbea a wɔka ne ho asɛm wɔ Yesaia 54:1-8 no ne “ɔsoro Yerusalem no.” Yehowa Nyankopɔn ne ne “kunu,” ne ne Yɛfo Kɛse nso. Sɛnkyerɛnne kwan so no, ɔyɛ “ɔbea” a ɔwɔ hɔ ma no, ne “yere,” anaasɛ ahyehyɛde a ɛte sɛ ɔyere a ɛwɔ ɔsoro. Te sɛ okunu no, ɔno na ɔma ɔwo sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nokware “aseni” a wɔhyɛɛ ne ho bɔ wɔ Abraham bere so no.​—Galatifo 3:16, 26-29.

17. Ɔkwan bɛn so na “ɔsoro Yerusalem” no bɛyɛɛ Abraham Kɛse no “aseni” titiriw no “na”?

17 Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ Abraham Kɛse no “aseni” titiriw no, Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no fii Yehowa soro ahyehyɛde a ɛte sɛ ɔyere no mu bae. Enti ɛbɛyɛɛ sɛ ‘ɛna’ maa Onyankopɔn ba no. Nã, ɛnyɛ Yesu Kristo ne asase so Yerusalem a na ɛwɔ hɔ bere a ɔwɔ asase so no sɛnkyerɛnne kwan so ba no, efisɛ saa bere no na saa kurow no ne ne “mma” wɔ nnomumfa, anaa nkoasom mu, na Yesu nso ankɔ nkoasom mu da. (Galatifo 4:25) Nã asase so Yerusalem no yɛ saa Yudafo ankasa no “na” a wɔn na wɔpow Yesu sɛ, ɛnyɛ sɛ agyapanyin Abraham nko na ɔnyɛ ne bɔhyɛ “aseni,” na mmom Abraham Kɛse, Yehowa Nyankopɔn nso no.​—Mateo 23:37-39.

Wo Ne Nhyehyɛeyɛfo Kɛse No Nyɛ Adwuma

18. Dɛn nti na asase so Yerusalem no bɛyɛɛ beae a ani gye ho wɔ Ɔhene Salomo bere so?

18 Ná Yesu Kristo a Onyankopɔn soro ahyehyɛde no ne ne “na” no yɛ kɛse ne onyansafo sen Ɔhene Salomo, Dawid ba a ogyee din a odii hene wɔ tete Yerusalem a na ɛwɔ asase so no. Salomo anuonyam ne ne nyansa no yɛ nea aman a wɔnyɛ Israelfo no ani gyee ho sɛnea Yesu mpo kyerɛe bere a ɔkaa sɛ “Nifa hɔ hemmaa no ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu, na wɔabu wɔn fɔ, efisɛ ofi asase ano nohɔ betiee Salomo nyansa; na hwɛ, nea ɔsen Salomo wɔ ha” no. (Mateo 12:42; Luka 11:31) Ne fã bi no, Salomo daa nyansa kɛse adi wɔ ɔkwan a ɔfaa so yɛɛ nneɛma ho nhyehyɛe wɔ n’ahenni no mu no mu. Ɔkwan a ɔfaa so ma wɔhyehyɛɛ biribiara wɔ nyansa mu no yɛ nwonwa.

19. Ná dɛn na ɛwɔ Ɔhene Salomo ahenni no ho a ɛmaa Seba hemmaa ho dwiriw no no?

19 Enti yɛkenkan wɔ 1 Ahene 10:4, 5 sɛ: “Na Seba hemmaa no huu Salomo nyansa nyinaa ne ofi a wasi, ne ne pon so nnuan ne ne nkoa atrae ne n’asomfo gyinabea ne wɔn ntade ne ne nsahyɛfo ne n’aforoe a ɔnam so kɔ Yehowa fi, na anka honhom bi wɔ ne mu.” (NW; Rotherham; Young; Revised Standard; Septuagint. Hwɛ 2 Beresosɛm 9:4 nso.) Na ntease wom sɛ Seba hemmaa no ani gyee nhyehyɛe a ɛwɔ Salomo fi adwumayɛfo mu no ho. Ná wɔ nneɛma a osiesiee no yiye na ɔyɛɛ ho nhyehyɛe pa no mu no, na ɔte sɛ Onyankopɔn a ɔwɔ Nhyehyɛe no.​—1 Korintofo 14:33.

20. (a) Wɔ Salomo mpaebɔ no ho mmuaema mu no, dɛn na Yehowa maa no? (b) Sɛ́ “nea ɔsen Salomo” no, dɛn na Yesu Kristo yɛ, na ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ n’akyidifo fa so?

20 Wɔ Salomo ahobrɛase mpaebɔ no ho mmuaema mu no, Yehowa maa no “nyansa ne nhumu koma.” (1 Ahene 3:5-14) Amansan nyinaa Hyehyɛfo Kɛse no maa Salomo nyansa a ɔde bɛhyehyɛ nneɛma wɔ ɔkwan pa a etu mpɔn so. Enti, ɛbɛyɛɛ Yehowa apam nkurɔfo hene no asɛyɛde sɛ ɔne nneɛma a wɔbɔe wɔ soro ne asase so nyinaa Hyehyɛfo kronkron no bɛyɛ adwuma Ntotoho mu no, Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam a ɔyɛ “nea ɔsen Salomo” yɛ saa wɔ nyansa mu. Enti, ɛho hia sɛ n’akyidifo anokwafo a wɔwɔ asase so nso yɛ eyi, na wɔyɛ saa nso.

Dɛn Na Woka?

◻ Ɔkwan bɛn so na wobɛkyerɛ asɛmfua “ahyehyɛde” no ase?

◻ Ná asase so Yerusalem no yɛ henanom “na,” na wanne ne ho da amfi nkoasom bɛn mu?

◻ Dɛn ne “ɔsoro Yerusalem” no, na henanom ne ne “mma”?

◻ Ɔkwan bɛn so na Salomo de nyansa a Onyankopɔn maa no no dii dwuma, na dɛn na Salomo Kɛse no ne n’akyidifo reyɛ?

[Kratafa 22 mfoni]

Ɔkwan bɛn so na na asase so Yerusalem wɔ nkoasom mu?

[Kratafa 24 mfoni]

Seba hemmaa ho dwiriw no bere a ɔbɛsraa Salomo no. Salomo ne amansan Hyehyɛfo no yɛɛ adwuma. So wo nso wo ne Yehowa Nyankopɔn reyɛ adwuma?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena