-
“Yehowa Koro” Ka N’abusua BomƆwɛn-Aban—2012 | July 15
-
-
7. Sɛ Bible ka sɛ ‘yɛntena ase honhom biakoyɛ mu’ a, ɛkyerɛ dɛn?
7 Ɛwom, Yehowa nam Kristo agyede afɔre no so abu wɔn a wɔasra wɔn no bem sɛ ne mma, na wabu nguan foforo no nso bem sɛ ne nnamfo, nanso bere a yɛda so wɔ wiase bɔne yi mu de, wantwiwantwi ne akasakasa bɛkɔ so wɔ yɛn mu. (Rom. 5:9; Yak. 2:23) Anyɛ saa a, anka Bible rentu yɛn fo sɛ ‘yɛne yɛn ho ntena ɔdɔ mu.’ Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛne yɛn mfɛfo gyidifo ayɛ biako? Ehia sɛ yenya “ahobrɛase adwene ne odwo nyinaa.” Afei Paulo kae sɛ yɛnyere yɛn ho “mfa asomdwoe koroyɛ hama ntena ase honhom biakoyɛ mu.” (Monkenkan Efesofo 4:1-3.) Ɔkwan biako a yɛbɛfa so de afotu yi ayɛ adwuma ne sɛ yɛbɛma Onyankopɔn honhom akyerɛ yɛn kwan na aboa yɛn ma yɛasow honhom no aba. Sɛ wantwiwantwi bi ba yɛne yɛn nuanom ntam a, honhom no aba boa ma yesiesie, nanso ɔhonam nnwuma no de, ɛtetew yɛn mu.
-
-
“Yehowa Koro” Ka N’abusua BomƆwɛn-Aban—2012 | July 15
-
-
9. Nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho ahwɛ sɛ yɛreyere yɛn ho ama asomdwoe ne biakoyɛ atena yɛn ntam?
9 Enti ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘Dɛn paa na mereyɛ ama asomdwoe ne biakoyɛ atena me ne me nuanom ntam? Sɛ me ne obi nya asɛm a, dɛn na meyɛ wɔ ho? Mebɔ no dawuru sɛnea ɛbɛyɛ a menya me nnamfo pii ma wɔaka bi ama me? Migyaw asɛm no ma mpanyimfo no sɛ wɔn mmom nka sen sɛ anka m’ankasa metu anammɔn bi ma asomdwoe aba? Sɛ minim sɛ obi wɔ me ho menasepɔw a, mekwati no koraa sɛnea ɛbɛyɛ a me ne no nhyia mpo na yɛaka asɛm no?’ Sɛ ɛte saa a, ɛnde bere a Yehowa resan aka nneɛma nyinaa abom wɔ Kristo mu yi, so yebetumi aka sɛ yegye tom?
10, 11. (a) Dɛn nti na ehia sɛ yɛne yɛn nuanom tena asomdwoe mu? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ ma asomdwoe atena yɛn ntam na Yehowa ahyira yɛn?
10 Yesu kae sɛ: “Sɛ wode w’akyɛde reba afɔremuka ho na wokae wɔ hɔ sɛ wo nua wɔ biribi tia wo a, gyaw w’akyɛde no afɔremuka no anim na kɔ; di kan ne wo nua no nkosiesie mo ntam, na sɛ wosan ba a, woabɛbɔ w’afɔre. . . . Wo ne no nsiesie asɛm no ntɛm.” (Mat. 5:23-25) Yakobo kyerɛwee sɛ: “Wodua trenee aba wɔ asomdwoe mu ma wɔn a wɔpɛ asomdwoe.” (Yak. 3:17, 18) Enti sɛ asomdwoe nni hɔ a, ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ nea ɛteɛ.
11 Ma yɛnyɛ eyi ho nhwɛso: Aman bi wɔ hɔ a ɔko asɛe hɔ koraa, na nhwehwɛmu kyerɛ sɛ atopae nti akuafo ntumi nyɛ nsase pii so adwuma. Sɛ topae pae wɔ asase bi so a, akuafo nkɔ hɔ bio. Ɛba saa a, na adwuma a wɔn a wɔtete nkuraase bɛyɛ ma wɔn nsa akɔ wɔn ano abɔ wɔn, na ɛma ɔkɔm te si nkurow akɛse mu. Yɛn nso, sɛ yɛwɔ su bi te sɛ topae a, ebetumi asɛe asomdwoe a ɛwɔ yɛne yɛn nuanom ntam, na eyi bɛma yɛatɔ ape na yɛrentumi nkɔ yɛn anim wɔ Yehowa som mu. Sɛ yɛde nsɛm kyɛ ntɛm na yeyi yɛn yam boa afoforo a, yɛn nyinaa benya asomdwoe na Yehowa ahyira yɛn.
-