Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 11/1 kr. 5-9
  • Nea Kristofo Onyin Hwehwɛ No A Yebegye Atom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Kristofo Onyin Hwehwɛ No A Yebegye Atom
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Honhom Mu Onyin Ho Hia
  • Kristofo Onyin​—Ɛne Dɛn?
  • Ɔdɔ Mu A Yɛbɛfa Anyin
  • Ma Wo Nkɔso Nna Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • So Woyɛ Kristoni a ‘Wawie Nyin’?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Mompere Nkɔ Ahokokwaw Mu—“Yehowa Da Kɛse No Abɛn”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • ‘Yere Wo Ho Nyin Wɔ Gyidi No Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 11/1 kr. 5-9

Nea Kristofo Onyin Hwehwɛ No A Yebegye Atom

“Momma yenni nokware mfa ɔdɔ mu nnyin nneɛma nyinaa mu Kristo a ɔne eti no ho.”​—EFESOFO 4:15.

1, 2. (a) Akwan horow bɛn so na ‘ɔyafunu mu aba’ yɛ akatua? (b) Dɛn na wɔhwɛ kwan wɔ nkokoaa a wɔwo wɔn foforo ho?

AKOKOAA a ɔwɔ ahoɔden a ohuruhuruw ho yɛ anigye ampa. Nnipa kakraa bi na wɔrempɛ nneɛma a ɛyɛ anika a ɔyɛ no. Ɔma wonya anigye pii, na baabiara a ɔkɔ no, ɔno ara na wɔhwɛ no. Ntease wom sɛ n’awofo dɔ no sɛ wɔn ‘ahohoahoade ne wɔn anigye’ a ɔbrɛ a ɔde ba no nyinaa mfa ho. Ampa, “ɔyafunu mu aba yɛ akatua.”​—Dwom 127:3.

2 Nanso, wɔ sɛnea ebia abofra bi ho yɛ anika nyinaa akyi no, dɛn na ɛba, sɛ ɔnyɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ ɔrenyin a? Sɛ ɔte saa ara wɔ asram anaa mfe bi a n’awofo fi ɔdɔ mu ahwɛ no no akyi a, ɛnde na biribi a anibere wom atotõ. Ampa, onyin abɛyɛ nea ɛne nkwa na ɛnam; yɛhwɛ kwan wɔ ade biara a nkwa wom ho. Edi Yehowa adebɔ tumi ne ne nyansa ho adanse.​—Luka 2:52.

Honhom Mu Onyin Ho Hia

3. Onyin anaa nkɔso bɛn na Yesu kaa ho asɛm too hɔ, na ne mmamu bɛn na wohu?

3 Sɛnea Yesu nkɔmhyɛ no kae ampa no, onyin a ɛfa biribi foforo ho rekɔ so. Wɔ wiase nyinaa no, honhom mu “otwa adwuma” bi rekɔ so. (Mateo 9:37) Sɛ nhwɛso no, wɔ 1984 ɔsom afe no mu no, aman asia buu Ahenni adawurubɔfo a dodow a wɔwɔ emu biara mu boro mpem ɔha ho akontaa. Wɔ mfirihyia abiɛsa pɛ ansa na eyi reba wɔ 1981 mu no, na aman abien pɛ na wɔwɔ dodow a ɛte saa. Wɔ mfe asia a atwam no mu no, Yehowa Adansefo 827,144 foforo gyee asubɔ na wɔhyehyɛɛ asafo afoforo 5,000. Yehowa ama n’adwuma no akɔ ntɛm.​—Yesaia 60:22.

4. Dɛn na afi nkɔso a aba wɔ Yehowa nkurɔfo mu wɔ wiase nyinaa no mu aba?

4 Akontaabu yi kyerɛ sɛ nnipa a wɔne Yehowa nkurɔfo bɔ daa na wonya asɛnka adwuma no mu kyɛfa nnɛ baasa biara mu bɛyɛ biako gyee asubɔ wɔ mfe asia a atwam yi mu. So woyɛ wɔn mu biako? Sɛ saa a, ɛnde woama wɔn a wɔboaa wo ma wubehuu nokware no, wo mfɛfo Kristofo no nyinaa, ne wo soro Agya, Yehowa Nyankopɔn, ani agye kɛse. (Mmebusɛm 27:11) Te sɛ anammɔn a edi kan a akokoaa tu no, wo ho so a wuhyiraa ma Yehowa no yɛ biribi a ɛma wonya anigye. Ná ɛkyerɛ w’anim a worekɔ, nya a worenya nkɔso. Ná ɛyɛ onyin ho sɛnkyerɛnne.

5. Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ obiara bisa ne ho? Dɛn na ebetumi aboa wɔ ɛho mmuae a yebenya mu?

5 Na efi saa bere no reba nso ɛ? Ɛdenam ɔdɔ mu a wo mfɛfo Kristofo fi ma wɔn ani kũ wo ho no so no, so woreyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ worenyin wɔ honhom mu nkakrankakra? Ebia wubebisa sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn akyerɛ?’ Wiɛ, kae nea ɔsomafo Paulo kae wɔ onyin ho no: “Me yɛ abofra no, mekasae sɛ abofra, medwenee sɛ abofra, misusuwii sɛ abofra; na meyɛɛ ɔpanyin yi, magu mmofraasɛm no.” (1 Korintofo 13:11) Enti, ɛnyɛ twa a bere twaam no na ɛma ɔbɛyɛɛ obi a wanyin, na mmom gu a oguu “mmofraasɛm” no. Dɛn ne mmofraasɛm yi?

6, 7. (a) Ka ‘mmofra su’ biako ne asiane a ɛde ba ho asɛm. (b) Ɔkwan bɛn so na su yi da adi? Dɛn na ebetumi afi mu aba?

6 Ade biako a ɛwɔ mmofra ho ne sɛ wontumi mfa wɔn adwene nsi biribi so nkyɛ. Ɛwom sɛ wɔpɛ sɛ wohu biribiara a atwa wɔn ho ahyia mu de, nanso ɛyɛ nea wuntumi nhu nea wɔbɛyɛ wɔ bere a edi hɔ no mu, wɔn adwene tumi dan, na wɔntra faako. Ɛda adi sɛ obiara a ɔkɔ so tra tebea a ɛte sɛɛ mu no wɔ honhom mu asiane kɛse mu. Ebetumi aba sɛ “ɔkyerɛ mframa biara wosow wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba nnipa kusumdi mu, anifere a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛe mu,” te sɛ nea ɔsomafo Paulo kae wɔ Efesofo 4:14 no.

7 Sɛnea mframa tumi bɔ ntɛm ara no, saa ara na etwam kɔ. Ɛnnɛ, bere a ɛyɛ nea ɛda hɔ sɛ nneɛma yɛ nea ne bere twam no, ɔkwan a wɔfa so yɛ nneɛma bi, biribi a aba so anaa ɛfene, ba na ne bere twam. Nneɛma bi a na bere bi a ɛnkyɛe wobu sɛ ɛho hia no abɛyɛ nea ne bere atwam a nkurɔfo werɛ afi koraa. Sɛ́ ɛyɛ nea ɛfa anigyede, ntadehyɛ ne ahosiesie, anaa biribi foforo biara ho no, hwɛ nyansa ara a ennim​—ne mmofraasɛm a ɛyɛ​—sɛ wobehu sɛ wobɔ mmɔden bere nyinaa sɛ wubenya biribi foforo biara a ɛba so bi a ɛnkyɛ na wuhu sɛ woaka akyi a waba mu abu. Wɔ nsɛm a ɛfa honhom mu nneɛma ho mu no, nea efi hinhim a obi hinhim wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so mu ba no betumi ayɛ nea asiane wom kɛse.​—Fa toto Yakobo 1:6-8 ho.

8. Dɛn ne honhom mu mmotafowa ‘su’ foforo, na asiane bɛn na ɛde ba?

8 Ade foforo a ɛwɔ mmofra ho ne sɛ, wonni nea eye anaa nea enye nea ɛteɛ anaa nea ɛnteɛ ho adwene kɛse. Saa ara na wɔn a wɔyɛ honhom mu mmotafowa no nnya nyɛɛ wɔn a wɔn “nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi ho,” ɛno nti na ɔsomafo Paulo tuu ne mfɛfo Kristofo fo sɛ “momma yɛmpere nkɔ onyin mu, na yɛanto nhyɛase bio” no. (Hebrifo 5:14; 6:1, NW) Ɛho hia sɛ wosi so dua kyerɛ wɔn a wɔyɛ mmotafowa wɔ honhom mu no bere nyinaa sɛ nea wɔagye atom sɛ nokware no ara ne nokware no ampa, na nea wɔakyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no ne nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ampa. Wohia mmoa wɔ nea ɛyɛ mfitiase nneɛma koraa no mpo mu. Sɛ amma saa a wɔn adwene tu fra, wɔyɛ basaa, na adwenem naayɛ a etumi sɛe gyidi kã wɔn.

9. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye nea Kristofo onyin hwehwɛ no tom?

9 So woahyɛ no nsow sɛ mmofra ho pere wɔn bere nyinaa sɛ wɔbɛyɛ nea wohu sɛ mpanyimfo yɛ no? Wɔ wɔn fam de, ɛyɛ agorudi ara kwa. Akyinnye biara nni ho sɛ agorudi yi fã ne sɛ wobetumi ayɛ nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ no a wonnye ho asɛyɛde a ɛka ho no nto wɔn ho so. Ɛno ara ne nea abofra asetra nyinaa fa ho. (Hwɛ Mateo 11:16, 17.) Nanso nea onyin ne nkɔso de ba ne adwuma ne asɛyɛde. Ɛyɛ nea wɔhwehwɛ wɔ abofra ho a ɛsɛ sɛ wɔboa no ma ogye tom. Sɛnea ogye eyi tom yiye no na ɛbɛkyerɛ sɛ ebia obedi yiye wɔ asetra mu akyiri yi anaasɛ dabi wɔ ɔkwan a ɛso so. Wɔ honhom mu no, ɛho hia kɛse sɛ yɛn mu biara besusuw nea Kristofo onyin hwehwɛ no ho anibere so. So ɛyɛ wo pɛ wɔ anigye mu sɛ wubegye asɛyɛde a honhom muni a wanyin a ne ho akokwaw a obi bɛyɛ de ba no atom? Anaasɛ so wonenam mu ara kwa a afoforo na woma wodi w’asɛyɛde ho dwuma ma wo?​—Galatifo 6:4, 5.

Kristofo Onyin​—Ɛne Dɛn?

10. Dɛn nti na Paulo ka kyerɛɛ Hebri Kristofo no sɛ ‘wompere nkɔ onyin mu’?

10 Bere a ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo sɛ ‘wɔmpere nkɔ onyin mu’ no, na dɛn na ɛwɔ n’adwene mu? (Hebrifo 6:1, NW) Kyerɛwsɛm no mu nsɛm kyerɛ sɛ mfiase no na Paulo wɔ pii ka kyerɛ Hebri Kristofo no wɔ “Melkisedek akwan so sɔfo panyin,” Yesu Kristo ho. Nanso ɔtee nka sɛ ɛnyɛ nea wobetumi agye efisɛ nea na ɛwɔ n’adwene mu no yɛ nea “asekyerɛ yɛ den.” (Hebrifo 5:10, 11) Mmom no, ɔkaee wɔn sɛ “Moayɛ wɔn a ehia wɔn nufu, na ɛnyɛ aduan a ɛyɛ den. Na obiara a onum nufu no nhuu trenee asɛm no mu ɛ, na ɔyɛ akokoaa. Na aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin honhom fam a anem nti wɔn nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi ho.”​—Hebrifo 5:12-14; fa toto Yuda 3 ho.

11. Dɛn na sɛ́ obi benyin no kyerɛ?

11 Ɛnde so eyi kyerɛ sɛ onyin yɛ nea ɛfa Bible mu nneɛma a emu dɔ no mu nimdeɛ ara kwa a wobenya ho? Bere a Bible no mu nimdeɛ ne emu ntease yɛ nea ɛka Kristofo onyin ho no, ɛyɛ nea egye pii sen saa. Nsɛmfua a ɔsomafo Paulo de dii dwuma no a yɛbɛte ase bɛboa yɛn ma asɛm no mu ada hɔ yiye. Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “onyin” no ne te.lei.o’tes, na asɛmfua “nyin” no yɛ nea wɔkyerɛɛ ase fii te’lei.os mu. Nsɛmfua yi fa te’los a ɛkyerɛ “awiei” no ho. Enti W. E. Vine Expository Dictionary of New Testament Words no kyerɛkyerɛ mu sɛ, sɛ́ obi nyin (te’lei.os) no “kyerɛ du a wadu n’awiei (telos) , wawie, adi mũ, ayɛ pɛ.” Enti, Kristoni a wanyin ne obi a wadu awiei bi anaa botae bi ho. Dɛn ne saa botae yi?

12. Sɛnea Efesofo 4:11-13 kyerɛ no, dɛn na ɛka onyin ho?

12 Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu wɔ Efesofo 4:11-18 sɛ, Kristo Yesu a ɔyɛ Kristofo asafo no ti no ayɛ nsiesiei ahorow pii a ɛbɛboa “ahotefo” no ma wɔadu saa botae no ho a ɛne sɛ “yɛn nyinaa bedu Onyankopɔn ba no ho gyidi ne ne hu biakoyɛ mu, ayɛ ɔbarima mu, adu mpanyin afe so a Kristo mayɛ bɛyɛ yɛn ma.” Wɔ ha no, sɛ́ obi benyin, anaa ɔbɛyɛ ɔbarima mũ (Hela, te’lei.os) no nyɛ nea ɛfa ‘nokware nimdeɛ’ a obi benya nkutoo ho, na mmom ɛfa ‘biakoyɛ wɔ gyidi mu’ ne yɛ a yɛbɛyɛ ma Kristo mu nso ho.

13. Dɛn nti na Kristofo onyin rentumi mma a ‘biakoyɛ wɔ gyidi mu’ nka ho?

13 ‘Biako a yɛbɛyɛ wɔ gyidi mu’ no kyerɛ biakoyɛ ankasa. Ansa na obi reba abehu “gyidi biako” no, ebia na ɔwɔ n’ankasa adwene ne nsusuwii ahorow a ɛfa sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ nneɛma, nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ, ne nea ɛkeka ho ho. (Efesofo 4:4, 5) Sɛ ɔma kwan ma adwen horow a ɛte sɛɛ tra hɔ a, ɛbɛyɛ den kɛse sɛ obenyin wɔ honhom mu. Bere bi Paulo frɛɛ Kristofo a na wɔwɔ tete Korinto asafo no mu no sɛ “Kristo mu nkokoaa” ne “ɔhonam mufo” efisɛ na “ahoɔyaw ne kunsunkunsun” ama wɔn mu apaapae, na ebinom ka sɛ wodi Paulo akyi na afoforo nso ka sɛ wɔyɛ Apolo de. (1 Korintofo 3:1-4) Enti ɛnyɛ den sɛ yebehu sɛ biakoyɛ, anaa ‘biako a wɔyɛ wɔ gyidi mu’ ne Kristofo onyin na ɛnam. Ɛrentumi nyɛ yiye sɛ biako bɛwɔ hɔ a ɔfoforo no nka ho. Enti ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: So yɛagyae kan kwan a yɛfa so susuw nneɛma ho sɛnea wiase no yɛ no? So yehu hia a ɛho hia sɛ yɛne Yehowa nkurɔfo bɛyɛ biako wɔ nsusuwii ne nneyɛe mu no? ‘Biakoyɛ wɔ gyidi mu’ yɛ biribi a ɛho hia titiriw wɔ Kristofo onyin mu.​—Efesofo 4:2, 3.

14. Dɛn bio nso na onyin fa ho?

14 Kristofo onyin yɛ nea ɛfa ‘Kristo mayɛ a ɛbɛyɛ yɛn ma’ nso ho. Dɛn na eyi kyerɛ? Paulo kɔ so ka sɛ wɔn a wodu saa mayɛ yi ho no nyɛ nkokoaa bio a “ɔkyerɛ mframa biara wosow wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba nnipa kusumdi mu” a wɔnam anifere kwan so yɛ bɔne. Mmom no, wɔwɔ nokware no ho nimdeɛ a edi mũ. Wɔanyin wɔ Kristo dɔ no mu, na woyi su pa ahorow te Sɛ nyansa, trenee, ne tumi adi. (Efesofo 4:13, 14; Yohane 15:12, 13; 1 Korintofo 1:24, 30; 2:7, 8; Mmebusɛm 8:1, 22-31) Bere a ebia sɛ́ nnipa a yɛnyɛ pɛ no, yɛrentumi nnu ‘Kristo mayɛ’ no ho nwie no, yebetumi de no ayɛ yɛn nhwɛsofo na yɛde botae a ɛne su pa a ɛte saa ara a yebenya no asi yɛn anim. (Kolosefo 3:9) Bere a yedu botae yi ho no, yɛba bɛyɛ wɔn a wɔanyin.

Ɔdɔ Mu A Yɛbɛfa Anyin

15. Dɛn ne adeyɛ a edi kan wɔ onyin ho a wɔbɛpere adu no mu?

15 Bere a yesusuw nea asɛm “Kristofo onyin” no kyerɛ nyinaa ho no, ɛho hia sɛ yehu sɛnea yebetumi adu ho. Sɛnea yɛahu no, Hebrifo 6:1 kyerɛ sɛ bere a yɛpere sɛ yebedu Kristofo onyin ho no, nhyɛase bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛto si so. Bere a yɛayɛ eyi no, yebetumi abɔ nneɛma afoforo a ɛma wɔpere kɔ onyin mu no ho mmɔden. Nea edi kan wɔ nneɛma ahorow a ɛbom yɛ saa nhyɛase no mu ne “nnwuma funu mu adwensakra.”

16. “Nnwuma funu” bɛn na ɛsɛ sɛ yɛsakra fi ho no.

16 Ɛda adi sɛ nea ɛka “nnwuma funu” no ho ne honam a ahwe ase no nnwuma a sɛ wɔansiw ano a ɛde owu ba no. Yɛba behu nneɛma ahorow a ɛyɛ bɔne no ntɛm ara, te sɛ aguamammɔ, afideyɛ, ahohwi, abosonsom, ne ahonhonsɛmdi, na yɛtwe yɛn ho fi ho. Nanso nea ɛka ɔhonam nnwuma, “nnwuma funu” no ho nso ne nea ebia ebinom bɛfrɛ no nnipa su ahorow te sɛ nitan, atutuw, ahoɔyaw, abufuw, kunsunkunsun, mpaapaemu, ne anibere. (Galatifo 5:19-21) Sɛ obi anyi nnipa su a ɛte sɛɛ ankyene na wamfa “onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu” no ansi ananmu a, ɛbɛyɛ den sɛ onii no bɛkɔ n’anim adu Kristofo onyin ho.​—Efesofo 4:22-24.

17. Dɛn bio na yebetumi abu sɛ ɛyɛ “nnwuma funu”? Dɛn ntia?

17 Wɔ ɔhonam nnwuma no akyi no, nea ɛka “nnwuma funu” a ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho no ho ne nnwuma ne nneɛma ahorow a awu a wodi akyi, nea mfaso nni so na ɛnsow aba wɔ honhom mu. Ebetumi ayɛ sikapɛ, nhyehyɛe ahorow a ɛma obi nya ne ho ntɛm. Ebetumi ayɛ nhomasua ho botae a ɛkɔ soro na egye bere pii, anaasɛ ebetumi ayɛ wiase no mu asetra mu nsakrae, asomdwoe ne nea ɛkeka ho fekuw ahorow. Ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea mfaso bi wɔ nneɛma ahorow yi nyinaa so, nanso ɛyɛ “nnwuma funu,” efisɛ ebetumi de honhom mu owu aba wɔn a wɔma ɛkyekyere wɔn no so. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn ani gye ho sɛ wobedu Kristofo onyin ho no nyinaa ‘sakra’ anaasɛ wɔtwe wɔn ho fi “nnwuma funu” a ɛte sɛɛ akyidi ho, na wodi Yesu afotu a ese “monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan” no akyi.​—Mateo 6:33.

18, 19. (a) Wɔ Efesofo 4:15 no, dɛn na ‘nokware a yebedi’ no kyerɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛfa Kristofo onyin ho?

18 Bere a yɛato asi nhyɛase no so no, afei dɛn bio? Paulo tu fo sɛ: “Momma yenni nokware mfa ɔdɔ mu nyin nneɛma nyinaa mu Kristo a ɔyɛ eti no ho.” (Efesofo 4:15) Nea edi kan koraa no, yehu sɛ Paulo ka hia a ɛho hia sɛ ‘yebedi nokware’ ho asɛm. Ɛda adi sɛ saa asɛm yi kyerɛ pii sen kasa ara kwa; ɛkyerɛ “kura a yebekura nokware no mu” ankasa. (Kingdom Interlinear) Nkyerɛase afoforo ka no sɛ “momfa nokware no ntra ase”; “mumfi ɔdɔ mu nni nokware no akyi bere nyinaa​—momfa nokware nkasa, momfa nokware nyɛ ade, momfa nokware ntra ase.”​—Efesofo 4:15, The Jerusalem Bible; The Living Bible.

19 Enti, pere a yɛbɛpere adu Kristofo onyin ho no hwehwɛ sɛ yekura nokware no mu denam ɔkwan a yɛfa so tra ase, yɛkasa, yɛyɛ ade, na yɛne afoforo di no so. Eyi kyerɛ di a yɛde Bible mu nimdeɛ a yɛanya no bedi dwuma wɔ yɛn da biara da nsɛm mu na yɛnam saa yɛ so abɛka wɔn a “anem nti wɔn nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi ho” no ho. (Hebrifo 5:14) So woreyɛ eyi? So wususuw nneɛma ho sɛnea Bible nnyinasosɛm ahorow kyerɛ bere biara a ɛsɛ sɛ wusi gyinae no? So wugye asɛm a ɛfa yɛ a wobɛba abɛyɛ Kristoni a wanyin ho no tom na wukura nokware no mu denam nsɛm ne nneyɛe so, anaasɛ wobɛkɔ so ara ayɛ akokoaa wɔ honhom mu a wunni asɛyɛde biara a wudi nea w’ani gye ho na wopɛ akyi mmom?

20, 21. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ ho asɛm wɔ onyin ho a yebedu no mu? (b) Nsemmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho bio?

20 Paulo se, ‘Momma yɛmfa ɔdɔ mu nyin nneɛma nyinaa mu Kristo a ɔne eti no ho.’ (Efesofo 4:15) Paulo kyerɛ nea asɛm no gyina so wɔ ha​—nea ɛkanyan obi. Wɔ 1 Korintofo 13:1-3 no, ɔkyerɛ sɛ adwuma bi a ebia wɔ ɔkwan foforo so no ebetumi ayɛ nea ɛsom bo no ba bɛyɛ nea mfaso nni so koraa, sɛ nea ɛkanyan no ma ɔyɛɛ saa no nye a. Enti ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn adwene mu hwɛ wɔ biribiara a yɛyɛ ho. So yɛyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo behu na wɔn ani agye na woahu sɛ yɛn ho akokwaw? Anaasɛ so yɛyɛ esiane ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne mfɛfo nti mmom? Sɛ ɔdɔ ne yɛn adwene a, ‘yebenyin wo nneɛma nyinaa mu’ na yɛayɛ nnipa a wokari pɛ a wotumi de ho to wɛn so, Kristofo a wɔanyin a wogye “Kristo a ɔne eti” no tom koraa.

21 Bere a mmɔden a wɔba sɛ wobedu Kristofo onyin ho yɛ botae pa no, ɛnyɛ asɛm no awiei nen. Bere a obi adu botae yi ho no, so biribi foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ? Na wɔn a wɔde mfe pii atra nokware no mu na woadu Kristofo onyin botae no ho no nso ɛ? Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

◻ Abofra “mmofraasɛm” no bi ne nea ɛwɔ he, na asiane ahorow bɛn na ɛde ba?

◻ Ɔkwan bɛn so na ‘biako a yɛbɛyɛ wɔ gyidi mu’ ne “Kristo mayɛ” fa onyin ho?

◻ Sɛ yebedu Kristofo onyin ho a, “nnwuma funu” bɛn na ɛsɛ sɛ yegyae?

◻ Ɔkwan bɛn so na obi ‘fa ɔdɔ mu nyin’?

[Kratafa 8 mfoni]

Ɛnnɛ pii de ɔsom adwuma no di honam fam nneɛma anim

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

MFE ASIA A ATWAM NO MU NO

​—Adansefo 827,144 foforo gyee asubɔ

​—Wɔhyehyɛɛ asafo afoforo a ɛboro 5,000

​—Wɔn a wɔrenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa mprenpren no baasa biara mu baako gyee asubɔ wɔ saa bere yi mu

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

Wɔ 1984 ɔsom afe no mu no aman asia wɔ hɔ a emu biara nyaa Ahenni adawurubɔfo a wɔn dodow boro mpem ɔha

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena