Ɔbarima Ne Ɔbea Ntam Abrabɔ Pa—So Ebetumi Ayɛ Yiye Ankasa?
YƐTE wiase bi a ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ adonnɔn no mu, na eyi aka mmofra ne mpanyin nyinaa. Ebia wobɛte nka te sɛ aberante biako a ɔkae sɛ: “Biribiara a atwa yɛn ho ahyia twe adwene si ɔbarima ne ɔbea nna so. Ɛnyɛ na, ɛte sɛ mframa a wɔhome ne nna a wɔda. Bere biara a wobɛma nsɛmma nhoma bi so, anaasɛ wubebue wo TV no, na eni. Bere a wowɔ aguadidan mu, woreka kar, wowɔ adwuma mu, wowɔ sukuu—na eni! Sɛnea nnipa yɛ wɔn ade, wɔkasa na wosiesie wɔn ho no twe adwene si nipadua no ne ɔbarima ne ɔbea nna so bere nyinaa. Ɛne ade a edi kan a wɔbɔ ho nkɔmmɔ.” Nnansa yi nkontaabu kyerɛ sɛ, wiase nyinaa, mmofra a wonnii mfe aduonu a wɔn dodow sen biara ne mpo wɔn a wonnii mfe dumiɛnsa—de wɔn ho rehyɛ aguamammɔ mu.
ENGIRESI ABUROKYIRI: 1980 nhwehwɛmu bi da no adi sɛ: “Mmeawa baasia a wɔreyɛ adu mfe aduonu mu baako pɛ na ɔda so yɛ ɔbaabun na baanan mu baako ne ɔbarima da ansa na wadi mfe 16.”
CANADA: Aban 1979 amanneɛbɔ bi ka sɛ ɛyɛ “Ɛnanom a wonnii mfe aduonu a wɔanhyia wɔn ayeforo ‘ɔyaredom.’”
UNITED STATES: 1981 nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ: ‘Mmerante baanum mu baanan, ne mmabaa baasa mu baanu yɛ wɔn a ansa na wobenya mfe 19 no, na wɔanya ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa.’
JAPAN: Wɔ nkurow akɛse mu no, ‘ɛnanom a wonni kununom a wɔreyɛ anya mfe aduonu ne wɔn a afei na wɔadi mfe aduonu no dodow abu abɔ ho mpɛn 60 fi 1970 besi 1979 mu.’
FRANSE: 1980 nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ: “Franse sukuufo mmeawa mu ɔfã kɛse no ara kyerɛ sɛ wɔne mmarima da bere nyinaa.”
“Mmofra a Wonnii Mfe Aduonu Nyinsɛn Reyɛ Wiase Ɔhaw,” saa na atesɛm krataa Brazil Herald no mu asɛm bi asɛmti kae nnansa yi. Asɛm no kyerɛɛ nkɔanim a eyi anya wɔ England, Wales, East Germany ne Rusia. Babaso a wɔbɔ ho amanneɛ nyinaa mu bɛyɛ ɔha biara mu 85 si wɔ mmofra mu. Saa nyarewa ahorow yi abɛyɛ ɔyaredɔm wɔ wiase nyinaa.
Nanso ɛnyɛ mmofra nyinaa na wɔka sɛ “Abrabɔ, pa ho nni mfaso.” Pii ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtwɛn akosi bere a wɔbɛware ansa na wɔanya ɔbea ne ɔbarima nna mu kyɛfa. Nanso ɛnyɛ mmerɛw mma wɔn sɛ wobekura wɔn baabunyɛ mu na ‘wɔayi wɔn ho afi aguamammɔ mu,’ sɛnea Bible ka no. (1 Tesalonikafo 4:8) Ebia wobebisa ama afata sɛ: ‘So tumi bi wɔ hɔ a ɛbɛboa obi ma wagyina ɔbarima ne ɔbea ntam abrabɔ bɔne ho ahum kɛse a ɛretu no ano?’
Yiw, ebi wɔ hɔ. Wobuu adanse a ɛyɛ nwonwa a ɛfa tumi yi ho mfirihyia 2,000 a atwam ni wɔ abakɔsɛm a wɔakyerɛw ato hɔ mu ɔbrasɛe kɛse bere no biako mu.
“ROMA AHUHUBRA NO”
Ná Romani ɔmanyɛfo Seneca yɛ obi a ɔde n’ani buu tebea a na ɛwɔ Roma wiase no mu bere a Kristosom fii ase no. Ogye toom sɛ: ‘Da biara, wɔn kɔn a ɛdɔ bɔneyɛ no yɛ kɛse. Nsɛmmɔnedi anya wɔn nyinaa koma so tumi araa ma bembu yɛ nea enni hɔ koraa.’ Juvenal, a ɔno nso traa ase saa bere no mu, kyerɛw “Roma ahuhubra” no ho asɛm.
“Wɔn ani nwu ade bio,” saa na Bibile ɔkyerɛwfo bi kaa ne bere so nnipa no ho asɛm. (Efesofo 4:19) Wobuu aguamammɔ sɛ ade a mfomso biara nni ho. Tete abakɔsɛm kyerɛwfo Lampridius kaa saa bere no ho asɛm sɛ, ná ɛsɛ sɛ ɔbarima a ɔnwaree nya ɔbea a ɔne no betumi ada bere nyinaa, “efisɛ na ɛrenyɛ yiye sɛ obetumi atra ase a onni bi.” Nanso dɛn na ɛmaa tebea bɔne a ɛte sɛɛ bae?
‘SƐ ONYAME BI YƐ A, DƐN NTI NA ƐNSƐ SƐ MEYƐ?’
Romafo anyame a pii no ara yɛ nea wonya fii Hela, no yɛ nea wobuu wɔn sɛ nneyɛe ho nhwɛso ahorow. Nanso anyame a wɔn bra asɛe bɛn ara ni! Ná Venus ne Flora yɛ aguamammɔfo a wɔayi wɔn anim, ná Bacchus yɛ ɔsabofo, ná Mercury yɛ ɔkwanmukãfo na na Apollo yɛ mmeapɛfo. Jupiter a ná ɔyɛ anyame no panyin na ɔyɛ onyansafo sen wɔn nyinaa no mpo, wɔkyerɛ sɛ ɔne mmea sɛee aware anaasɛ wodii mogyafra!
Ɔkwan bɛn so na nhwɛso ahorow yi kaa nnipa no? Saa bere no agoru ahorow no biako kyerɛ sɛnea aberante bi resusuw ho sɛ ebia ɛsɛ sɛ ɔne abeawa fɛfɛ bi bɔ aguaman anaasɛ ɛnsɛ sɛ ɔyɛ saa ho. Afei ohu Jupiter mfonini a ɔrepɛ ɔbea bi. Obisa ne ho sɛ: “Sɛ onyame bi yɛ a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ me, onipa meyɛ?” Na “enti misii gyinae sɛ mɛyɛ.” Agoru yi daa nea ɛkɔɔ so ankasa adi, efisɛ Seneca kyerɛwee sɛ ná abrabɔ bɔne nyɛ aniwu bio mma ɔbarima “bere a ohu sɛ anyame no nyɛ wɔn a woye sen no” no. Akyinnye biara nni ho sɛ tumi a aniwa nhu a na wɔhyɛ anyame nsusuwii horow yi akyi ne ‘Onyankopɔn mma’ a wɔtew atua wɔ Noa nna no mu, sian baa asase so ne nnipa mmabea bɛbobɔɔ aguaman no. Ɛwom sɛ wɔn a akɔnnɔ bɔne ahyɛ wɔn ma yi san kɔɔ ahonhom atrae de, nanso wɔakɔ so ama abrabɔ bɔne honhom adonnɔn adesamma wiase no.—Genesis 6:1-4; Yuda 6, 7.
“GUA MA AGUAMAMMƆ”
Afeha a ɛto so abien ɔkyerɛwfo Athenagoras kyerɛ sɛ saa bere no ná ebinom abue “gua ama aguamammɔ, na wobuebuee mmeae horow a ɛyɛ aniwu maa mmerante ne mmabaa a wɔyɛ afide ahorow nyinaa bi wɔ hɔ.” Nea na ɛka “gua” a “wɔtɔn” ɔbarima ne ɔbea nna a ɛho ntew wɔ so wɔ abɔnten so yi ho ne agoruhwɛbea no. Na agoru ahorow no fa anyame no ahohwibra no ho. Agofomma no taa hyɛ “ntade a emia wɔn” a ɛma ɛyɛɛ sɛnea wɔn ho da hɔ. Bio nso, afasu ho wɔ afie mu ne asɔrefi ahorow mu, a mpɛn pii obiara hu na na wɔayeyɛ “afide a wontumi nka” ho mfonini ahorow a ɛtɔ bere bi mpo a na ɛrekyerɛ sɛnea ɔbarima ne ɔbea da. Na mpɛn pii anyame a wobu bra bɔne no ahoni a ɛda wɔn adagyaw adi yɛ nea ɛwowɔ mmeae a obiara hu a mmofra mpo ka ho. Afei nso, nhoma a nsɛm ne nneɛma a ɛho ntew koraa wom yɛ nea na mmofra kenkanee a na wonsuro. Ná wɔsɛe wɔn adwene fi mmofraase denam nsɛm ahorow a ɛfa anyamewaa no ho a wɔkenkan anaasɛ wɔma afoforo yɛ saa ma wɔn no so.
Nea ɛka eyi ho ne amanfo aguaree ahorow a agye din yiye no, a wosusuwii sɛ eye kakra sen “nguaman afie wɔ din a nidi wom ase” no; agodibea ahorow, faako a mmofra ne mpanyin de adagyaw yɛɛ nneɛma ahorow, a ɛbɛyɛɛ mmeae a mmarima ne wɔn ho da; ne afahyɛ ahorow no a na mpɛn pii ɛyɛ amanfo ɔbarima ne ɔbea nna nneyɛe ara kwa no. Tebea no bɛyɛɛ te sɛ nea ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Roma Kristofo no mu no. Ɔreka wɔn a “wɔsom abɔde sen Ɔbɔadeɛ” no na wodii abrabɔ a na ɛrekɔ so saa bere no akyi ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn gyaa wɔn maa aniwu akɔnnɔ; na wɔn mmaa de honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no sesaa nea ɛmfa ne kwan so; saa ara nso na mmarima gyaw wɔne ɔbea honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no maa wɔn mfɛfo mmarima ho akɔnnɔ dɛwee wɔn mu, na mmarima ne mmarima yɛɛ adapaade.” (Romafo 1:24-27) Asɛm a Paulo kae no yɛ ahodwiriw na na ɛyɛ nokware, efisɛ abrabɔ bɔne wɔ Hela ne Roma wiase no mu no na ɛde ahobowde a ɛsen biara wɔ abakɔsɛm mu no bae—mmarimaa nkumaa a mmarima mpanyimfo ne wɔn da ɔbea nna. Wɔde anwensɛm ne agoru ahorow hyɛɛ afideyɛ yi anuonyam, na ɛkãa ɔman mu no nyinaa.
Sɛ ná wote ase saa bere no, a baabiara a wobɛfa wuhu afide a, hwɛ sɛnea ebia anka ɛbɛyɛ den sɛ wobɛma wo ho atew! Yiw, sɛ na aberante anaa ababaa bɛkɔ so ayɛ obi a ne ho tew a na ɛsɛ sɛ onya abrabɔ pa mu ahoɔden na okura nnyinasosɛm mu ankasa. Nanso, wɔ eyi nyinaa mu, ne te sɛ nea ɛnam anwonwa kwan so no, ebinom daa abrabɔ pa a ɛte saa adi.
ABRABƆ MU NSAKRAE A ƐYƐ NWONWA
Bere a wabobɔ nnipa a wɔn bra asɛe a na wɔayɛ tete kurow Korinto ma—aguamammɔfo, awaresɛefo, mmarima a wɔne wɔn ho da ne nea ɛtete saa din akyi no—ɔsomafo Paulo, wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Kristofo asafo a na ɛwɔ hɔ no mu no, kyerɛwee sɛ: “Sɛnea anka mo mu bi te ne no; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho.” (1 Korintofo 6:9-11) Nokware Kristosom nkyerɛkyerɛ hyɛɛ wɔn den ma enti na wɔn a wokura mu no betumi asakra na wɔatwe wɔn ho afi ɔbea ne ɔbarima ntam abrabɔ bɔne ho.
William Sanger de baa awiei wɔ ne nhoma The History of Prostitution a ɛka tete abrabɔ ho asɛm pii no mu sɛ: “Ebia nea ɛhyɛɛ Kristofo nkyerɛkyerɛ no mfitiase agyirae ne si a esii abrabɔ a ɛho tew so dua no.” Ɔde ka ho sɛ: “Mfiase no, Kristofo akuw horow no de wɔn abrabɔ a ɛho tew no boaboaa wɔn ho.” Dɛn na ɛde din pa a ɛte sɛɛ bae? Ɛdenam mmoa a efi Onyankopɔn hɔ so no wotumi suasuaa “suban” a eye sen anyame a wɔabobɔ adam wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho de no.
“SUBAN” A EYE
Ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Monhyɛ onipa foforo a wɔyɛ no foforo kɔ nokware nimdeɛ mu nea ɔbɔɔ no No suban so no.” (Kolosefo 3:10, NW) Ɛdenam nsɛm a efi Kyerɛw Kronkron no mu ne nkyerɛkyerɛ ahorow ne nhwɛso a efi Yesu Kristo, Onyankopɔn ba no hɔ so no, Kristofo no tumi baa nokware Nyankopɔn Yehowa no su ahorow ho “nokware nimdeɛ” mu. Na ne “suban” no ne Romafo anyame no de no bɔ abira koraa.
Nokware Kristofo no huu wɔn Bɔfo no sɛ wɔn soro Agya a ɔdɔ wɔn na odwen wɔn ho. (1 Petro 5:6, 7) Wosuaa sɛnea ɔyɛ ade wɔ atɛntrenee ne mmɔborohunu mu bere nyinaa no ho ade. Ne ho tew na ɔyɛ kronkron. (Deuteronomium 32:4; 1 Petro 1:15, 16) Ne su ahorow yi kaa wɔn, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobedi afotu a efi honhom mu no akyi sɛ: “Munsua Onyankopɔn Sɛ mma adɔfo.” (Efesofo 5:1) Sɛnea wɔnam Yesu so daa no adi no wohuu Onyankopɔn sɛ adamfo a ɔwɔ hɔ daa. Wobetumi adɔ no. Ɔdɔ ankasa honhom hyɛɛ wɔn koma ma na ɛkanyan wɔn ma wɔyɛɛ Kristofo nnwuma.
Onyankopɔn boaa tete Kristofo yi denam ne honhom kronkron a ɛmaa wɔn “tumi a ɛboro so” no so. Afei nso, wɔ wɔn nyamesom nhyiam horow ase no, wɔkaee wɔn hia a abrabɔ a ɛho tew ho hia no. Ɛdenam bɔ a wɔne wɔn ho wɔn ho bɔɔ fekuw wɔ Kristofo abusua no mu so no, wotumi dii nokware. (2 Korintofo 4:7; Hebrifo 10:24-26) Justin Martyr a ɔkyerɛe sɛ ɔyɛ Kristoni wɔ afeha a ɛto so abien no mu no kae sɛ: “Yɛn a kan na yɛn ani gye aguamammɔ ho no reyere yɛn ho afei sɛ yɛbɛma yɛn ho atew.” Na mmɔden a wɔbɔ sɛ wobebu bra a ɛho tew no nyɛ mmerɛw.
ANIMIA DA BIARA
Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ na tete Kristofo no te wiase bi a aporɔw mu. Na wɔn a wɔbɛyɛɛ Kristofo no bi fi “Kaesare fi.” (Filipifo 4:22) Saa bere no ná Nero ne Kaesare, na ne bra bɔne a ɛyɛ ahobow no yɛ nea obiara nim. Ɔno na ɔhyehyɛɛ anigyede mu afideyɛ a ɛsen biara no. Na mpo “ɔwaree” aberante bi “hyiaa no ayeforo nyinaa.”a Nanso wɔn a wɔwɔ ne “fi” a na wɔyɛ Kristofo (ebia aban mpanyimfo anaasɛ nkoa) no yɛɛ wɔn a wɔn ho tew a tebea a atwa wɔn ho ahyia no mfa ho.
Kristofo a na wɔwɔ Roma no baa ahokyere kɛse mu na wodii wɔn ho fɛw. Sɛ nhwɛso no, Seneca kyerɛ adwene a wokura bere a ɔkyerɛw sɛ: “Wommmu obiara a ɔmfa ne ho nhyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu.” “Ahotew kyerɛ obi ho a ɛnyɛ fɛ.” Wɔkyerɛ sɛ afoforo ka sɛ: ‘Hwɛ ɔbea ara a ná ɔyɛ! Hwɛ sɛnea ne ho yɛ akɔnnɔ, hwɛ ne ho fɛ! Hwɛ aberante ara a ná ɔyɛ! Hwɛ sɛnea na ɔpɛ mmea. Afei de wɔabɛyɛ Kristofo—hwɛ awerɛhow a ɛyɛ!’
Nanso na saa tete asuafo no nyɛ mmɔbɔ. Na wobetumi ama wɔn ti so wɔ obu mu. Na wɔwɔ ahonim a ɛho tew. Sɛ́ “hann mma” no, wɔkaa wɔn asɛm a ɛho tew no wɔ baabiara a wɔamfɛre. (Efesofo 5:8) So anka woremmu no sɛ ɛyɛ hokwan a wɔanya sɛ wɔahu wo sɛ wɔn a wobu bra pa wɔ saa wiase no mu yi biako? Wɔn asetra kwan a abotɔyam ankasa wom no bɔɔ amanaman ‘a wonnim Onyankopɔn na wɔde wɔn ho hyɛɛ akɔnnɔ anibere mu’ de piraa wɔn ho, de no abira koraa—1 Tesalonikafo 4:5.
Sɛ nhwɛso no, wɔ afeha a edi kan no mu no, na asetra abɛyɛ nea anidaso biara nnim, ama pii. Ná wɔde wɔn ho ahyɛ anigyede mu akosi ase pɛɛ. Wɔannyaw biribiara—na wɔannya akomatɔyam nso. Sɛnea Juvenal nhoma ahorow no kyerɛ no, ɔbarima bi a ɔne mmarima da a ne dɔfo yii no adi bere a ne mfe akɔ anim no kae sɛ: “Dɛn ne nea eye a metumi ayɛ mprempren wɔ mfe a masɛe no ne anidaso ahorow a adi huammɔ yi nyinaa akyi? Ɛrenkyɛ koraa asetra a ɛyɛ anigye bɛba awiei, yɛn nkwanna a ɛyɛ awerɛhow wɔ asase so no, resa: Bere a yɛnom, bere a na yɛrefrɛ nhwiren abotiri ne anowatere ne mmea no, onyin bɛto yɛn a yɛn ani nna so.” Nanso, huammɔdi ne awerɛhow biara anto saa Kristofo anokwafo no.
Ɛwom mpo sɛ na ɛsɛ sɛ Yesu nokware akyidifo no pere da biara na ama wɔn ho atew wɔ abrabɔ fam de, nanso asomdwoe a wonyae no fata. . .Ɔbea ne ɔbarima ntam abrabɔ pa yɛ nea na etumi yɛ yiye.
So yehu abrabɔ mu ahoɔden a ɛte saa nnɛ? Yiw. Mmerante ne mmabaa pii a wɔwɔ wiase nyinaa bɛka sɛ, ɔbarima ne ɔbea ntam abrabɔ pa yɛ nea etumi yɛ yiye. Eyinom ne mmerante ne mmabaa a wɔde wɔn ho abɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow no ho no. Ɔbrasɛe a anya nkɛntɛnso ahorow wɔ anigyede ne nneɛma afoforo mu wɔ asetra mu nnɛ—a ɛne tete Roma de no yɛ pɛ—akyi no, saa mmerante ne mmabaa yi, sɛ́ kuw no, da nsow sɛ abrabɔ pa ho nhwɛso.
Nanso mmerante ne mmabaa binom a wɔde wɔn ho abɔ Kristofo asafo ahorow yi ho no wɔ ɔhaw ahorow wɔ eyi fam. Ɛtɔ bere bi a ebinom mpo a wɔayɛn wɔn wɔ Kristofo afie mu no anisɔ ma Bible abrabɔ pa ahorow no kɔ fam. Ɔkwan bɛn so na Kristofo mmofra betumi akura abrabɔ pa koro no ara a ɛdaa adi wɔ afeha a edi kan Kristofo ankasa no mu no mu—a akwanside ahorow a ɛyɛ den mfa ho. Ɔkwan bɛn so na wɔn awofonom betumi aboa wɔn? Wɔasiesie adesua ahorow abien a edidi so yi ma ɛde mmoa ahorow bi a eye ama.—Hwɛ kratafa 7
[Ase hɔ asɛm]
a Romani abakɔsɛm kyerɛwfo Tacitus Annals no (9 nky. 37)
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]
Nnansa yi nkontaabu ahorow kyerɛ sɛ mmofra a wɔn dodow sen biara de wɔn ho rehyɛ ɔbarima ne ɔbea ntam abrabɔ bɔne mu
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
Tete Roma “ahuhubra” no nyinaa akyi no, ná tete Kristofo no wɔ abrabɔ pa a ɛyɛ nwonwa