Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 3/1 kr. 19-22
  • Sɛnea Wobɛtra Ase Ma Ɛne W’aware Mu Ntam Ahyia!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wobɛtra Ase Ma Ɛne W’aware Mu Ntam Ahyia!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Biribi a Ɛsɛ sɛ Wosusuw Ho
  • “Nea Woahyɛ Ho Bɔ no, Tua”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Nea Kristofo Bɛyɛ Ama Wɔn Aware Asɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Munnya Anigye Wɔ Mo Aware Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 3/1 kr. 19-22

Sɛnea Wobɛtra Ase Ma Ɛne W’aware Mu Ntam Ahyia!

AYEFOROHYIA da yɛ anigye da. Ɛsan yɛ anibere da paa. Ayeforo no ne ayeforokunu no hyɛ bɔ a anibere wom a ɛbɛka wɔn nkwa nna nyinaa. Wɔn a wɔba ayeforohyia yi ase sɛ ahɔho no yɛ bɔhyɛ a anibere wom yi ho adansefo, nanso Ɔdansefo kɛse no ne Yehowa Nyankopɔn.

Bible no nhwehwɛ amanne pɔtee anaa ayeforohyia titiriw bi. Nanso, esiane sɛ wogye tom sɛ aware yɛ ɔsoro nhyehyɛe nti, wɔtaa nam ayeforohyia mu ntam wɔ ɔsom mu adeyɛ bi mu so bu no aniberesɛm. Yehowa Adansefo de aware ntam a edi so yi adi dwuma mfe bi: “Me—— fa wo—— sɛ m’ayeforohyia (yere/kunu) a mɛdɔ no na mahwɛ no (Ayeforo: na mabu no kɛse) sɛnea ɔsoro mmara a wɔada no adi wɔ Kyerɛw Kronkron no mu ma Kristofo (ɔyerenom/okununom) kyerɛ no, bere dodow a yɛn baanu bɛtra ase abom wɔ asase so sɛnea Onyankopɔn aware ho nhyehyɛe no te no.”a

Biribi a Ɛsɛ sɛ Wosusuw Ho

Sɛ woresusuw aware ho a, ɛbɛyɛ papa yiye sɛ wubesusuw sɛnea saa ntam yi mu dɔ ne nea ɛkyerɛ ho ansa na ayeforohyia da no adu. Salomo kae sɛ: “Mma w’ano nnyɛ birebire, na wo koma nso mmpɛ ntɛm mmma asɛm bi mmfi, Onyankopɔn anim.” (Ɔsɛnkafo 5:2) Na sɛ woaware dedaw nso ɛ? Ɛnde susuw a wubesusuw bɔ a anibere wom a wohyɛe wɔ Yehowa anim no ho yiye no bɛboa wo. Wotra ase ma ɛne no hyia? Kristofo bu wɔn bɔhyɛ ahorow aniberesɛm. Salomo toaa so sɛ: “Nea woahyɛ ho bɔ no, ma! Ɛfanim sɛ woanhyɛ bɔ sen sɛ woahyɛ bɔ na womma. Mma w’ano kwan na ɛmmma wo honam nnyɛ bɔne, na nka ɔbɔfo no anim sɛ: Ɛyɛ mfomso.”—Ɔsɛnkafo 5:4-6.

Akyinnye biara nni ho sɛ, ayeforohyia bɔhyɛ no mu nsɛm a yebesusuw ho mmiako mmiako no bɛma woate bɔhyɛ a anibere wom yi ase yiye.

“Me—— fa wo”: Eyi ne ntam no mu nsɛm a edi kan. Esi so dua sɛ w’ankasa na wofa gyinae a woasi sɛ wobɛware no ho asɛyɛde.

Wɔ Kristofo nhyehyɛe mu no, kyerɛwsɛm biara nni hɔ a ɛhyɛ obi sɛ ɔnware. Yesu Kristo ankasa anware na ɔkamfoo sigyadi kyerɛɛ wɔn a ‘wobetumi ayɛ saa no.’ (Mateo 19:10-12) Wɔ ɔkwan foforo so no, na Yesu asomafo no mu dodow no ara yɛ awarefo. (Luka 4:38; 1 Korintofo 9:5) Ɛda adi pefee sɛ gyinae a obi si sɛ ɔbɛware no yɛ n’ankasa asɛm. Onipa biara nni hɔ a obetumi agyina Kyerɛwnsɛm so ahyɛ obi sɛ ɔnware.

Enti, paw a wobɛpaw sɛ wobɛware no yɛ w’asɛyɛde. Akyinnye biara nni ho sɛ wo na wopaw nea woreware no no. Sɛ woka aware mu ntam no, na woka sɛ, ‘Mefa wo——’ a, na woafa anaa woagye saa onipa no abrabɔ pa—ɛna ne mfomso nso—atom.

Bere bi akyi no, ebia wubehu su horow bi a wonhwɛ kwan wɔ wo hokafo no nipasu mu. Ɛtɔ mmere bi a, obedi wo huammɔ. Bible ka sɛ ‘yɛn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ yɛn.’ (Romafo 3:23) Enti ɛho behia sɛ woyɛ nsakrae na woatumi ne wo hokafo no atra. Ebia eyi bɛyɛ den, na ɛtɔ mmere bi a, wobɛte nka sɛ woreyɛ apa abaw. Nanso kae sɛ wɔka aware mu ntam no wɔ Yehowa anim. Obetumi aboa wo ma woadi nkonim.

“Sɛ m’ayeforohyia (yere/kunu)”: Wɔ ayeforohyia a edi kan pɛɛ no mu, bere a wɔde Hawa maa Adam aware no, Yehowa Nyankopɔn kae sɛ wɔbɛyɛ “honam koro.” (Genesis 2:24; Mateo 19:4-6) Enti aware nkabom no yɛ abusuabɔ a emu yɛ den sen biara a ebetumi atra nnipa baanu ntam. Aware de wo ba abusuabɔ foforo mu. Wugye obi tom sɛ ‘w’ayeforohyia yere’ anaa ‘w’ayeforohyia kunu.’ Ɛnte sɛ abusuabɔ foforo biara. Nneyɛe a ɛnhaw adwene pii wɔ abusuabɔ foforo bi mu no betumi ahaw adwene kɛse wɔ aware nhyehyɛe no mu.

Fa Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛwɔ Efesofo 4:26 no sɛ nhwɛso. Bible ka wɔ hɔ sɛ: “Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so.” Ebia ɛnyɛ bere nyinaa na wo ne w’abusuafo ne wo nnamfo asiesie mo ntam asɛm ntɛm sɛnea ɛsɛ sɛ woyɛ no. Nanso wo hokafo bɛn wo sen obusuani anaa adamfo foforo biara. Sɛ wo ne wo hokafo antumi ansiesie nsɛm ntɛm a, ebetumi asɛe abusuabɔ titiriw a ɛda mo ntam no.

Woma ntawntawdi bi a ɛda wo ne wo hokafo ntam no kowie ɔhaw anaa abufuw a ennyae da mu? So ntease a munnya wɔ nsɛm mu ne tebea horow a ɛhyɛ abufuw tra hɔ nna pii? Sɛnea ɛbɛyɛ na moatra ase ma ɛne mo ntam no ahyia no, sɛ nsɛnnennen bi sɔre a, mma da koro nntwam a wo ne wo hokafo nsiesie mo ntam. Eyi kyerɛ firi a wode befiri na wo werɛ afi na woahu w’ankasa wo mfomso ne wo nneyɛe a ɛnteɛ.—Dwom 51:5; Luka 17:3, 4.

“A Mɛdɔ no”: Nea ɔrebɛyɛ okunu no ka ntam sɛ ‘ɔbɛdɔ’ n’ayeforo no ‘ahwɛ no.’ Nea ɛka saa ɔdɔ yi ho ne wɔn ho wɔn ho anigye a ɛkaa wɔn boom no. Nanso ɔbarima ne ɔbea ho anigye nnɔɔso. Ɔdɔ a Kristoni ka ntam sɛ ɔde bɛdɔ ne hokafo no mu dɔ na ɛkɔ akyiri sen saa.

Efesofo 5:25 ka sɛ: “Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no.” Yentumi mfa ɔdɔ a Yesu wɔ ma asafo no ntoto ɔbarima ne ɔbea ntam anigye ho koraa. Asɛmfua ‘monnɔ’ ne “dɔ” a wɔde dii dwuma wɔ saa kyerɛwsɛm yi mu no fi asɛmfua a·gaʹpe, a ɛkyerɛ ɔdɔ a egyina nnyinaso so mu. Ɛha yi, Bible no rehyɛ okununom sɛ wonnya ɔdɔ a egyina hɔ pintinn, enhinhim, na ɛtra hɔ daa mma wɔn yerenom.

Ɛnyɛ “Medɔ wo efisɛ wodɔ me” ho nkate bi kɛkɛ. Okunu hwehwɛ ne yere yiyedi ansa na wahwehwɛ n’ankasa de mpo, na ɔyere no dɔ ne kunu saa ara. (Filipifo 2:4) Wo hokafo a wubenya ɔdɔ a emu yɛ den ama no no bɛboa wo ma woatra ase ma ɛne w’aware mu ntam no ahyia.

“Na mahwɛ no”: Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ no, ‘sɛ wobɛhwɛ obi’ no kyerɛ sɛ ‘wubehu sɛ ɔsom bo, wubenya ɔdɔ ama no anaa wobɛda no adi akyerɛ no.’ Ɛsɛ sɛ woda wo dɔ adi wɔ wo nsɛm ne wo nneyɛe nyinaa mu! Ehia sɛ bere nyinaa ɔyere titiriw hu nneɛma a ɛkyerɛ sɛ ne kunu dɔ no. Ebia ne kunu bɛhwɛ ama wanya ne honam fam ahiade ahorow, nanso ɛno nnɔɔso. Ɔyerenom bi wɔ hɔ a, wɔwɔ nnuan pii ne afie pa nanso wonni anigye koraa esiane sɛ wɔn aware mu ahokafo bu ani gu wɔn so nti.

Wɔ ɔkwan foforo so no, ɔyere a onim sɛ wɔdɔ no na wɔhwɛ no no wɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ n’ani gye. Nokwarem no, wobetumi aka saa ara wɔ okunu no ho. Wɔnam nsɛm a efi nokwaredi mu a wɔka kyerɛ so ma ɔdɔ tumi kɔ so yɛ yiye paa. Wɔ Nnwom Mu Dwom mu no, oguanhwɛfo a na wanya obi ho dɔ no ka sɛ: “Wo dɔ yɛ fɛ dɛn ara, me nua, ayeforo, wo [nsɛm a ɔdɔ wom, NW] yɛ dɛ sen nsã dɛn ara, na wo sradehuam hua sen nnuhuam nyinaa.”—Nnwom Mu Dwom 4:10.

“Na mabu no kɛse”: Wɔ mfehaha a atwam nyinaa mu no, mmarima bi ahaw mmea abu wɔn animtiaa. Ɛnnɛ mpo, sɛnea World Health nsɛmma nhoma no kyerɛ no, “wɔyɛ mmea a wɔwɔ ɔman ne asetra ne sikasɛm tebea biara mu basabasa. Wɔ aman pii mu no, wobu ɔyere a wɔboro no sɛ ɛyɛ hokwan a ɔbarima wɔ.” Ebia mmarima dodow no ara nni suban a ɛte saa ho fɔ. Nanso, ɛte sɛ nea mmarima pii nkyerɛ nokware anigye wɔ nsɛm a ɛhaw mmea mu. Enti, mmea pii anya mmarima ho adwemmɔne. Wɔate sɛ ɔyerenom binom ka sɛ, “Medɔ me kunu, nanso mintumi mmu no!”

Nanso, Yehowa Nyankopɔn ani gye ɔbea a ɔbɔ mmɔden bu ne kunu ho—sɛ ontumi nni nea wɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ ho dwuma wɔ bere ne bere mu mpo a. Ohu sɛ ɔwɔ asɛyɛde anaa gyinabea bi a Onyankopɔn de ama no. (1 Korintofo 11:3; Efesofo 5:23) Enti obu a emu dɔ a obenya ama ne kunu no yɛ ne som a ɔde ma Yehowa ne osetie a ɔyɛ no fã. Onyankopɔn mmu n’ani ngu osetie a mmea a wosuro Nyankopɔn yɛ no so.—Efesofo 5:33; 1 Petro 3:1-6; fa toto Hebrifo 6:10 ho.

Ɛsɛ sɛ obiara nya obu ma ne yɔnko wɔ aware no mu, na ɛsɛ sɛ obi yɛ nea ɛbɛma afata no sen sɛ ɔbɛhwɛ kwan anaa obebisa kɛkɛ. Sɛ nhwɛso no, atenni anaa kasafĩ nni ɔfã biara wɔ aware nhyehyɛe no mu. Ɛrenyɛ nea ɔdɔ anaa obu wom sɛ wobɛka animguasesɛm afa wo kunu anaa wo yere ho. Biribi pa biara rentumi mfi wo hokafo sintɔ a wobɛda no adi akyerɛ afoforo anaa wobɛka ho asɛm wɔ baguam mu mma. Sɛ obi de yɛ aseresɛm mpo a ebetumi akyerɛ obu kɛse a onni wɔ saa asɛm yi mu. Nsɛm a ɛwɔ Efesofo 4:29, 32 no fa okunu ne ɔyere nyinaa ho. Bible no ka wɔ hɔ sɛ: “Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfi mo anom, na mmom asɛm a eye na ɛma nkɔso a ehia . . . Momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho.”

“Sɛnea ɔsoro mmara a wɔada no adi wɔ Kyerɛw Kronkron no mu kyerɛ no:” Onyankopɔn pɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu paw nea yɛn ankasa bɛyɛ. Ɔnhyehyɛ aware asetra ho mmara a enni ano mma yɛn. Nanso, esiane yɛn ankasa yiyedi nti, ɔde akwankyerɛ ahorow ama yɛn.

Ɛnnɛ, wɔatintim aware ho nhoma pii, na nnipa pii kura wɔn ankasa nyansapɛ ahorow. Nanso hwɛ yiye! Nsɛm pii a wɔka fa aware ho nnɛ no ne Bible nhyia.

Hyɛ no nsow nso sɛ ɛsono awarefo biara nsɛm tebea. Wɔ ɔkwan bi so no, awarefo te sɛ sukyerɛmma; sɛ ɛwɔ akyiri a, wuhu no sɛ ɛsesɛ, nanso nokwarem no, ɛsono biara, ɛyɛ soronko wɔ afoforo nyinaa ho. Sɛ wo ne wo hokafo de mo nipasu bom a, awarefo foforo biara a wɔwɔ wiase no de ne no nsɛ. Enti mpɛ ntɛm nnye afoforo nsusuwii ntom. Onipa nyansahyɛ biara nni hɔ a wobetumi de adi dwuma wɔ aware nyinaa mu!

Nea ɛne no bɔ abira no, Bible ahyɛde nyinaa yɛ nokware na wotumi de di dwuma. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn.” (2 Timoteo 3:16; Dwom 119:151) Sɛ wokenkan Bible no na wugye ne nkyerɛkyerɛ tom sɛ biribi a ɛkyerɛ wo kwan wɔ wo da biara da asetra mu a, wubetumi atra ase ma ɛne w’aware mu ntam no ahyia.—Dwom 119:105.

“Bere dodow a yɛn baanu bɛtra ase abom wɔ asase so”: Eyi kyerɛ tra a wɔbɛtra bere tenten. Onyankopɔn hyɛ sɛ “ɔbarima begyaw n’agya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho.” (Genesis 2:24) Yehowa pɛ sɛ motra bom. Monsom Onyankopɔn mmom. Munsua n’Asɛm mmom. Munnya bere nnantew mmom, montra ase mmom, na monnidi mmom. Munnya asetra mu anigye mmom!

Awarefo bi bɔ mmɔden sɛ wɔde bere bi besi hɔ da biara de abɔ nkɔmmɔ kɛkɛ. Wɔ aware akyi mfe pii mpo no, saa nkabom yi ho hia ma aware mu anigye.

“Sɛnea Onyankopɔn aware ho nhyehyɛe no te no”: Aware yɛ akyɛde a efi Yehowa Nyankopɔn a ɔde aware nhyehyɛe no sii hɔ no nkyɛn. (Mmebusɛm 19:14) Sɛ woanni ne nhyehyɛe akyi a, ɛnyɛ w’aware mu anigye nko na ɛde bɛto asiane mu, na mmom wo ne wo Bɔfo no ntam abusuabɔ nso. Wɔ ɔkwan foforo so no, sɛ okunu ne ɔyere no ne Yehowa nya abusuabɔ pa a wɔnam osetie a wɔyɛ ma ne nhyehyɛe ahorow so da no adi a, wɔne afoforo benya abusuabɔ a asomdwoe wom, a wɔn ntam de nso ka ho.—Mmebusɛm 16:7.

Mma wo werɛ mmfi da sɛ Yehowa ne w’aware mu ntam no ho Ɔdansefo kɛse. Kɔ so fa bɔhyɛ a anibere wom yi tra ase, na w’aware de ayeyi ne anuonyam bɛbrɛ Yehowa Nyankopɔn!

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔ mmeae bi no, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne hɔnom mmara behyia no, ebia ɛho behia sɛ wɔde bɔhyɛ yi a wɔayɛ nsakrae wom bedi dwuma. (Mateo 22:21) Nanso, wɔ aman dodow no ara mu no, Kristofo awarefo de atifi hɔ ntam no na edi dwuma.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]

Wɔ ɔkwan bi so no, awarefo te sɛ sukyerɛmma. Sɛ wugyina akyiri a, wuhu awarefo sɛ wɔsɛ, nanso nokwarem no, ɛsono awarefo biara wɔ afoforo ho

[Asɛm Fibea]

Snow Crystals/Dover

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena