So Wokae?
So woakenkan Ɔwɛn-Aban a wotintimii no nnansa yi ara mu nsɛm yiye? Sɛ saa, wubetumi akae nea edidi so yi:
◻ So Kristofo a wɔasra wɔn no mu bi betwa “ahohiahia kɛse” no atra asase so wɔ wiase foforo no mu ansa na wɔafa wɔn akɔ soro?—Adiyisɛm 7:14.
Bible no nka no pen. Ɛte sɛ nea Bible no mu kyerɛwtohɔ ahorow bi kyerɛ sɛ nkaefo no betumi atra nkwa mu akodu wiase foforo no mu. Nanso, wɔn a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ asase so no mu ɔpepem pii anya ntetee a ehia a wɔde bɛhyɛ wiase foforo no ase. Enti, wɔrenhia nkaefo kakraa bi no mma adwuma yi, na ebia Onyankopɔn bɛpaw sɛ ɔbɛfa wɔn akɔ soro ama “Oguammaa no ayeforohyia” no bere a wasɛe ɔsom mu aguaman, “Babilon Kɛse no” akyi no. (Adiyisɛm 18:2, 10; 19:2, 7, 8)—8/15 kratafa 31.
◻ Botae horow bɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔbarima de si n’ani so sɛ ɔbɛyɛ Kristofo ɔhwɛfo? (1 Timoteo 3:1)
Ɛsɛ sɛ ɔbarima hwehwɛ ɔhwɛfo adwuma, na ɔde ahobrɛase yɛ saa efisɛ ɔpɛ sɛ ɔsom afoforo. Enti sɛ adwempa kanyan no ma ɔyɛ saa a, ɛbɛma wɔn a ɔbɛsom wɔn no nyinaa anya nhyira.—9/1, kratafa 18.
◻ Dɛn nti na ɔsomafo Paulo aba mu ammu wɔ nea na ɛsɛ sɛ ogyina ano nyinaa akyi?
Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.” (Filipifo 4:13) Paul ammɔ mmɔden sɛ ne nkutoo bedi ne haw ahorow ho dwuma. Momm no, ɔde ne ho too Yehowa so na ama wawowaw no. (Dwom 55:22)—9/1, kratafa 30.
◻ Dɛn na Paulo asɛm a ɔkae wɔ Efesofo 4:26 se: “Mo bo mfuw na monnyɛ bɔne” no kyerɛ?
Nsɛm yi kyerɛ sɛ obi bo betumi afuw, nanso sɛ ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ ‘ɔma awia kɔtɔ n’abufuw no so.’(Efesofo 4:26) Dɛn ntia? Efisɛ eyi bɛma Ɔbonsam anya onii no ho kwan na wama wayɛ biribi bɔne bi na wahwere Onyankopɔn anim dom. (Dwom 37:8, 9)—9/15, kratafa 21.
◻ Nsonsonoe kɛse bɛn na ɛda sɛnea Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ ne sɛnea Kristoman asɔfo kyerɛkyerɛ no ntam?
Yehowa Adansefo de Onyankopɔn Asɛm mu tumi na ɛkyerɛkyerɛ bere a Kristoman asɔfo de wɔn nkyerɛkyerɛ gyina abosonsom mu atetesɛm a wonya fii Babilon ne Misraim so no.—10/1, kratafa 25.
◻ Dɛn titiriw nti na Onyankopɔn Ba no baa asase so?
Yesu baa asase so sɛ ɔrebɛma wɔahu nsɛmpɔw a Satan ma ɛsɔree wɔ Yehowa tumidi ho no ano.—10/15, kratafa 13.
◻ Sɛ yɛka wiasefo atumfo ho asɛm sɛ “wɔkorɔn” a, so na yɛrebrɛ nidi a ɛfata Yehowa no ase ɔkwan bi so? (Romafo 13:1)
Dabi, efisɛ Yehowa kyɛn so koraa sen sɛ ‘ɔkorɔn’ ara kwa. Ɔne “Amansan Hene,” “Opumpuni no.” (Dwom 73:28; Daniel 7:18, 22, New World Translation) Wiase atumfo no korɔn sen wɔn mfɛfo nnipa ne wɔ faako a wodi tumi no kɛkɛ. Wɔn asɛyɛde ne sɛ wobedi tumi na wɔabɔ ɔmanfo no ho ban.—11/1, kratafa 12.
◻ Dɛn nti na ɔdɔ yɛ Onyankopɔn honhom aba akron a wɔka ho asɛm wɔ Galatifo 5:22, 23 no mu kɛse?
Onyankopɔn honhom aba awotwe a aka no yɛ ɔdɔ, nea edi kan a wɔbɔ din a oyi no adi kyerɛ, anaasɛ n’afa horow. Honhom aba ahorow a aka no nyinaa yɛ su horow a ɛho hia, nanso sɛ yenni ɔdɔ a, yɛrenya so mfaso. (1 Korintofo 13:3)—11/15, kratafa 14.
◻ Mpae a yɛbɔ ma yɛn mfɛfo gyidifo no so mfaso no bi ne nea ɛwɔ he?
Sɛ yɛma afoforo yiyedi ho asɛm hia yɛn wɔ yɛn mpaebɔ mu a, yɛbɛn wɔn kɛse wɔ onuadɔ mu. Yenya ayamhyehye ma wɔn nso, na yɛne wɔn kyɛ nea wɔn ani gye ho ne wɔn haw ahorow. Yɛnam saayɛ so gu anobow biara ase, na ɛma yesusuw nneɛma a ɛma denhyɛ na yenya ɔdɔ ne anigye ho.—11/15, nkratafa 21-2.
◻ Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ ɛhyɛ yɛn ma yɛsom Yehowa Nyankopɔn?
Ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa efisɛ ɔne Ɔbɔadeɛ, na ne su horow twe yɛn bɛn no. (Deuteronomium 32:3, 4; 1 Yohane 4:8; Adiyisɛm 10:6) Bible no se: “Onyamesom pa [ahofama] ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.” (1 Timoteo 4:8) Onyame biara nni hɔ a obetumi ahyɛ ade a ɛbɛba yi ho bɔ na wama ne bɔhyɛ abam gye Yehowa nkutoo.—12/1, nkratafa 6-7.