Bere a Ɔkasa Dan Akode
“Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe.”—MMEBUSƐM 12:18.
ELAINEa ka sɛ: “Yehyiaa ayeforo no akyi adapɛn kakraa bi na efii ase. Nsɛm a ɛnyɛ dɛ, animtiaabu nsɛm, ne mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛbrɛ me ase. Ná mintumi me kunu koraa. Na n’adwenem a abue ne n’ano a ɛyɛ den no tumi dannan nea meka biara bɔ no gu.”
Wɔ Elaine aware nyinaa mu no, wahyia anifere kwan so ntua a ennyaw no twã biara na nkurɔfo ahu no mmɔbɔ. Awerɛhosɛm ne sɛ, ne tebea no nyɛɛ yiye wɔ bere a atwam no mu. Ɔka sɛ: “Yɛaware bɛboro mfe 12 ni. Da koro mpo ntwam a ɔnkasa ntia me na ɔmfa kasafĩ nnidi me atɛm denneennen.”
Bible no nni atoro bere a ɛka sɛ tɛkrɛma betumi ayɛ “ade bɔne a ɛyɛ keka, [na] awuduru ayɛ no ma” no. (Yakobo 3:8; fa toto Dwom 140:3 ho.) Eyi yɛ nokware titiriw wɔ aware mu. Ɔyere bi a ne din de Lisa ka sɛ: “Sɛ obi ka sɛ ‘mmaa ne abo betumi abu me nnompe mu, nanso nsɛm ntumi mpira me a,’ wadi mfomso kɛse.”—Mmebusɛm 15:4.
Okununom nso betumi ayɛ wɔn a wodidi wɔn atɛm. Mike a ɔne Tracy aware a adi mfe anan reyɛ agu no bisa sɛ: “Wunim sɛnea ɔbea a bere nyinaa ɔfrɛ wo ɔtorofo, otintinto, anaa nea ɛsen saa no asetra te? Merentumi nka nsɛm a ɔka kyerɛ me no wɔ m’ayɔnkofo a wɔapɔw no anim. Ɛno nti na mintumi ne no nkasa na mekyɛ wɔ adwuma mu saa no. Eye koraa sen sɛ mɛba fie.”—Mmebusɛm 27:15.
Wɔ ntease pa mu no, ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ: “Momma wonyi . . . ano kurokuro ne kasafĩ mfi mo mu.” (Efesofo 4:31, NW) Nanso dɛn ne “kasafĩ”? Paulo ma ɛda nsow wɔ “ano kurokuro” (Hela, krau·geʹ), a nea ɛkyerɛ ara ne sɛ wobɛma wo nne so, ho. “Kasafĩ” (Hela, bla·sphe·miʹa) kɔ akyiri sen asɛm bi a wɔka no. Sɛ ɛkyerɛ atirimɔden, adwemmɔne, ɛbrɛ ase, anaa ɛyɛ atɛnnidi a, ɛnde na ɛyɛ kasafĩ—sɛ́ ebia wɔteɛm ka anaa wɔka no brɛoo no.
Sɛnea Ɔkasa Pira
Ɔkasa a epira a obi de yɛ ne su no betumi asɛe aware bi, sɛnea po mframa betumi ama ɔbotan asɛe no. Ɔbenfo Daniel Goleman kyerɛw sɛ: “Dodow a emu yɛ den na ɛkyɛ no, dodow no ara na asiane no yɛ kɛse. . . . Ɔkasatia ne animtiaabu anaa ahiyi a obi de yɛ ne su no yɛ ade a ɛyɛ hu ho sɛnkyerɛnne efisɛ ɛkyerɛ sɛ okunu anaa ɔyere abu ne hokafo no fɔ wɔ ne tirim.” Sɛ ɔdɔ kɔ fam a, okunu ne ɔyere bɛyɛ wɔn a “wɔware mmara mu, nanso ɛnyɛ nkate fam,” sɛnea nhoma bi ka no no. Ebedu bere bi no, na wɔagyae aware koraa.
Nanso, ɔkasa a epira betumi asɛe ade asen aware no ankasa. Bible abebusɛm bi ka sɛ: “Komam awerɛhow bubu honhom.” (Mmebusɛm 15:13) Adwennwen a nsɛm a epira a wɔka no daa de ba no betumi ahaw obi akwahosan kɛse. Sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmu bi a Washington (U.S.A.) Sukuupɔn yɛe no daa no adi sɛ ɔbea a wɔsopa no daa no betumi anya ɔpakum, dwensɔtoa mu yare, odeepua, ne nsono mu yare bere nyinaa.
Ɔyerenom pii a wɔagyina atɛnnidi ne ɔhwe ano no ka sɛ nsɛm betumi apira asen twɛre. Beverly ka sɛ: “Kuru a efi ne sotɔrebɔ mu no bewu na afi hɔ bere bi akyi, nanso me werɛ remfi nsɛmfi a ɔka faa sɛnea me te, m’aduannoa, ne sɛnea mehwɛ mmofra no ho no da.” Julia nso te nka saa ara. Ɔka sɛ: “Minim sɛ obi rente ase de, nanso sɛ ɔbɔ me mmom a, m’ani gye ho sen sɛ ɔbɛyeyaw me ateetee me nnɔnhwerew pii.”
Nanso dɛn ti na nnipa bi yeyaw onii a wɔkyerɛɛ sɛ wɔdɔ no no na wɔbrɛ no ase? Asɛm a edi hɔ no besusuw asɛmmisa yi ho.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔasesa edin a ɛwɔ nsɛm a ɛtoatoa so yi mu no bi.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
“Sɛ ɔbɔ me mmom a, m’ani gye ho sen sɛ ɔbɛyeyaw me ateetee me nnɔnhwerew pii”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
“Wunim sɛnea ɔbea a bere nyinaa ɔfrɛ wo ɔtorofo, otintinto, anaa nea ɛsen saa no asetra te?”