Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ‘Momfa Nkyekyɛ Mo Ho Daa’
    Ɔwɛn-Aban—1997 | December 1
    • 5. Ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ yɛde firi afoforo bɛn na wɔkyerɛ wɔ Efesofo 5:1?

      5 Wɔakyerɛ ade titiriw bi nti a ɛsɛ sɛ yɛde firi afoforo wɔ Efesofo 5:1: “Enti munsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo.” Akwan bɛn so na ɛsɛ sɛ ‘yesua Nyankopɔn’? Asɛmfua “enti” no kyerɛ sɛ saa asɛm no yɛ nkyekyem a edi n’anim no ntoaso, baabi a ɛka sɛ: “Momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho, momfa mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo no.” (Efesofo 4:32; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Yiw, ɛdefa fafiri ho no, ɛsɛ sɛ yesuasua Nyankopɔn. Sɛnea abarimaa bɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ sɛ n’agya pɛpɛɛpɛ no, ɛsɛ sɛ yɛn, sɛ́ mmofra a Yehowa dɔ yɛn yiye no, nya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ sɛ yɛn soro Agya a ɔde firi no. Hwɛ sɛnea Yehowa koma bɛtɔ ne yam bere a ofi soro hwɛ fam na ohu sɛ ne mma a wɔwɔ asase so rebɔ mmɔden ayɛ sɛ ɔno wɔ bɔne a wɔde firi wɔn yɔnko mu no!—Luka 6:35, 36; fa toto Mateo 5:44-48 ho.

      6. Ɔkwan bɛn so na nsonsonoe kɛse da Yehowa fafiri ne yɛn de mu?

      6 Nokwarem no, yentumi mfa mfiri pɛpɛɛpɛ te sɛ Yehowa. Nanso ɛno koraa nti na ɛsɛ sɛ yɛde firi yɛn ho no. Susuw ho: Nsonsonoe kɛse da Yehowa fafiri ne yɛn de ntam. (Yesaia 55:7-9) Sɛ yɛde firi wɔn a wɔayɛ yɛn bɔne no a, mpɛn pii no yɛn adwene wɔ so sɛ da bi wɔn nso de befiri yɛn saa ara. Wɔ nnipa fam no, abɔnefo na wɔde firi abɔnefo bere nyinaa. Nanso, wɔ Yehowa fam no, obiakofo na ɔde firi bere nyinaa. Ɔno na ɔde firi yɛn, nanso ɛremma da sɛ yɛde befiri no. Sɛ Yehowa a ɔnyɛ bɔne no tumi fi ɔdɔ mu de firi yɛn korakora a, so ɛnsɛ sɛ yɛn nnipa abɔnefo bɔ mmɔden sɛ yɛde befiri yɛn ho yɛn ho?—Mateo 6:12.

  • ‘Momfa Nkyekyɛ Mo Ho Daa’
    Ɔwɛn-Aban—1997 | December 1
    • 11. Sɛ afoforo yɛ yɛn bɔne a, dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛde afiri wɔn?

      11 Na sɛ afoforo yɛ yɛn bɔne ma ɛda adi sɛ ahaw yɛn nso ɛ? Sɛ bɔne no nyɛ nea anibere wom kɛse a, ebia ɛrenyɛ den pii sɛ yɛde Bible afotu a ese yɛmfa ‘mfirifiri yɛn ho yɛn ho’ no bɛyɛ adwuma. (Efesofo 4:32) Saa ɔpɛ a yebenya sɛ yɛde befiri no ne Petro nsɛm a efi honhom mu yi hyia: “Na ne titiriw no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.” (1 Petro 4:8) Tra a yɛbɛma atra yɛn adwenem sɛ yɛn nso yɛ abɔnefo no ma yetumi nya afoforo mfomso ho koma. Sɛ yɛde firi saa a, yeyi abufuw fi yɛn mu sen sɛ anka yɛbɛma ahyɛ yɛn mu. Ɛno remma yɛne nea wafom yɛn no ntam abusuabɔ nsɛe koraa, na yɛboa ma asafo no asomdwoe a ɛsom bo no nso tra hɔ. (Romafo 14:19) Bere rekɔ so no, nea ɔde yɛɛ yɛn no betumi afi yɛn tirim nkakrankakra.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena