Bible no Adwene
Kwati Kasa a Epira
“Ano koro no ara mu na nhyira ne nnome fi. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ eyinom ba saa!”—YAKOBO 3:10.
SU BIAKO a ɛma nnipa da nsow fi mmoa ho ne kasa a wotumi kasa. Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa binom mfa saa akyɛde yi nni dwuma yiye. Atɛnnidi, nnome, kasafĩ, abususɛnka ne nsɛnkwaa tumi pira—ma ɛtɔ mmere bi a epira sen ekuru. Bible ka sɛ “Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe.”—Mmebusɛm 12:18.
Nnipa pii keka ntam na wɔdome afoforo daa. Wɔbɔ amanneɛ sɛ mmofra a wɔka kasafĩ wɔ sukuu mu no dodow kɔ ara na ɛrekɔ anim. Nanso nnipa binom ka sɛ, sɛ woka asɛm a epira de da wo nkate adi a, ɛboa wo. Amammuisɛm ho nyansahu ho suani bi kyerɛwee sɛ: “Kasafĩ a wobɛka no yɛ ade a etu mpɔn bere a nsɛm a wɔka no ne kwan so ntumi nna wo nkate adi yiye no.” So ɛsɛ sɛ Kristofo da anibiannaso su a ɛte saa adi wɔ nsɛm a epira a wɔbɛka ho? Onyankopɔn te nka dɛn wɔ ho?
Kyi Asereseresɛm a Ɛnsɛ
Wofi kaa kasafĩ akyɛ. So ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni no, na nnipa ka kasafĩ wɔ asomafo no nna no mu? Sɛ nhwɛso no, ɛte sɛ nea na ebinom a wɔwɔ Kolosefo asafo no mu no ka kasafĩ bere a wɔn bo afuw no. Ebetumi aba sɛ wɔboapa yɛɛ afoforo saa na ayɛ wɔn yaw, anaa ebia wɔde atua wɔn nneyɛe so ka. Saa ara nso na nnɛ, nnipa pii ka kasafĩ de da wɔn abufuw adi. Enti Paulo krataa a ɔde kɔmaa Kolosefo no ho hia ma yɛn bere yi. Paulo kyerɛwee sɛ: “Munyi abufuw, bobɔne, bɔnepɛ, abususɛm ne aniwusɛm nyinaa mfi mo anom ngu.” (Kolosefo 3:8) Ɛda adi pefee sɛ, wotu Kristofo fo sɛ wɔnkwati bobɔne ne kasafi, a mpɛn pii no ɛne abufuw wɔ abusuabɔ no.
Nokwarem no, nnipa pii ka kasafĩ a ɛnyɛ wɔn adwene ne sɛ wɔde retew atua anaasɛ wɔde repira afoforo. Ɛda adi sɛ, mpɛn pii no wɔka kasafi a wonsusuw ho. Ne saa nti, ɛma kasafĩ bɛyɛ kasa a wɔka no da biara da no fã titiriw. Na mpo ɛyɛ binom den sɛ wɔbɛkasa a wɔnka kasafĩ. Mpɛn pii no, wɔka kasafĩ mpo de yi aseresɛm. Nanso, so ɛsɛ sɛ yebu asereseresɛm a ɛnsɛ adewa, sɛ ade a ɛnyɛ hu biara? Susuw nea edidi so yi ho hwɛ.
Asereseresɛm a ɛnsɛ yɛ ahodwiriw kasa a wɔhyɛ da ka de ma afoforo serew. Asereseresɛm a ɛnsɛ a wɔka no nnɛ no pii fa ɔbarima ne ɔbea nna ho. Na nnipa pii a wobu wɔn ho no bu kasa a ɛte saa no sɛ anigyede. (Romafo 1:28-32) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔbarima ne ɔbea nna a ɛyɛ ne kwan so de ne nea ɛnyɛ ne kwan so de nyinaa abɛyɛ ade a wɔn a woyi aseresɛm ka ho asɛm. Woyi asereseresɛm a ɛnsɛ wɔ sini, television ne radio so dwumadi pii mu.
Bible ka asereseresɛm a ɛnsɛ ho asɛm. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee Kristofo a na wɔwɔ Efeso no sɛ: ‘Aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere de, mommma wɔmmmɔ din po wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo, ɛne aniwude ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ.’ (Efesofo 5:3, 4) Ɛda adi pefee sɛ, ɛmfa ho sɛnea kasafĩ te biara no, Onyankopɔn kyi. Ɛyɛ ade bɔne. Ɛyɛ kasa a epira.
Nsɛm a Epira a Ɛnsɔ Onyankopɔn Ani
Akyinnye biara nni ho sɛ kasa a epira sen kasafĩ a obi ka ara kɛkɛ. Atɛnnidi, akutiabɔ, fɛwdi ne ɔkasatia a emu yɛ den betumi apira obi yiye. Nokwarem no, yɛn nyinaa de yɛn tɛkrɛma fom titiriw wɔ baabi a akutiabɔ ne ntwiri atwa yɛn ho ahyia no. (Yakobo 3:2) Nanso, ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo yɛ anibiannaso wɔ kasafĩ ho da. Bible ka no pefee sɛ Yehowa Onyankopɔn ani nnye kasa biara a epira ho.
Sɛ nhwɛso no, wɔ Bible mu nhoma ɛne Ahene Nhoma ɛto so Abien mu no, yehu mmarimaa kuw bi a wodii odiyifo Elisa ho fɛw no. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ ‘wofii ase goruu ne ho ka kyerɛɛ no sɛ: Tipae, foro ɛ, tipae foro ɛ!’ Yehowa a na onim nea na ɛwɔ mmofra no koma mu na ohuu wɔn adwemmɔne no faa wɔn atɛnnidi no aniberesɛm. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ, Onyankopɔn kum mmofra 42 no esiane kasafĩ a wɔkae no nti.—2 Ahene 2:23, 24.
Nnipa a na wɔwɔ Israel no ‘kɔɔ so dii Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, na wobuu ne nsɛm no animtiaa, na wɔsereserew n’adiyifo no de kosii sɛ Yehowa abufuhyew no sɔre hyɛɛ ne man no a wonnya ano aduru bio.’ (2 Beresosɛm 36:16) Ɛwom sɛ na Onyankopɔn abufuw no gyina nnipa no abosonsom ne asoɔden a wɔyɛe no so de, nanso ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Bible no ka atɛnnidi pɔtee a wodii Onyankopɔn adiyifo no ho asɛm. Eyi si so dua sɛ Onyankopɔn mpene nneyɛe a ɛte saa so.
Ne saa nti, Bible tu Kristofo fo sɛ: “Mpoopoo w’ani nkyerɛ ɔpanyin.” (1 Timoteo 5:1) Yebetumi de saa nnyinasosɛm yi adi dwuma wɔ sɛnea yɛne obiara di nsɛm no mu. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘mma yenntwiri obi, yɛnnyɛ atutupɛfo, yennwo bɛtɛɛ, na yenyi odwo nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa.’—Tito 3:2.
Yɛn Ano a Yebesianka
Ɛtɔ mmere bi a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛko atia su a ɛbɛma yɛadidi obi atɛm no. Bere a obi afom obi no, ebia ɔbɛte nka sɛ ɛfata sɛ ɔtwe nea wafom no no aso denam abufusɛm ne nsɛm a epira—sɛ ɔbɛka asi n’anim anaa n’akyi—so. Nanso ɛsɛ sɛ Kristofo ko tia su a ɛte saa. Mmebusɛm 10:19 ka sɛ: “Mfomso mpa ɔkasa dodow mu, na nea osianka n’ano yɛ onimdefo.”
Onyankopɔn abɔfo yɛ nhwɛso pa. Wonim mfomso a adesamma di nyinaa. Nanso abɔfo a wɔwɔ ahoɔden ne tumi sen nnipa no nka nsɛmmɔne mmu wɔn atɛn ‘Yehowa anim.’ (2 Petro 2:11) Esiane sɛ abɔfo nim sɛ Onyankopɔn nim obiara nnebɔne na ɔwɔ tumi sɛ osiesie nsɛm nti abɔfo no sianka wɔn ano. Mikael, ɔbɔfo panyin no kwatii sɛ ɔbɛka asɛmmɔne mpo atia Ɔbonsam.—Yuda 9.
Kristofo bɔ mmɔden sɛ wobesuasua abɔfo no. Wodi Bible afotu yi so: ‘Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! Monna nnwen nneɛma a ɛyɛ fɛ nnipa nyinaa anim! Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu. Adɔfo, munnnidi mo ho were, na mmom munnyaw mma Onyankopɔn abufuw! Na wɔakyerɛw sɛ: Me na aweredi wɔ me, me ara metua ka, Yehowa na ɔka saa.’—Romafo 12:17-19.
Nea yebetumi ahyɛ no nsow ne sɛ, yɛn nne nnyigyei mpo betumi ama asɛm a yɛka ayɛ yaw. Ɛtaa ba sɛ okunu ne ɔyere pira wɔn ho wɔn ho bere a wonya akasakasa denneennen no. Awofo pii taa teɛteɛm gu wɔn mma so. Nanso, ɛho nhia sɛ yɛteɛteɛm bere a yɛreda yɛn nkate adi no. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ: ‘Momma wonyi anobow nyinaa ne bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu.’ (Efesofo 4:31) Bible ka bio sɛ “ɛnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔko, na mmom ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa.”—2 Timoteo 2:24.
Nsɛm a Ɛhyɛ Nkuran
Esiane sɛ abususɛm ne kasafi abu so kɛse nnɛ nti, ɛsɛ sɛ Kristofo hwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ako atia nkɛntɛnso bɔne yi. Bible kyerɛ yɛn ɔkwan pa a yɛmfa so a ɛne sɛ yɛnnɔ yɛn yɔnko no. (Mateo 7:12; Luka 10:27) Afoforo ho a yebedwen ne yɔnkodɔ bɛboa yɛn ma bere biara yɛaka nsɛm a ɛhyɛ nkuran. Bible ka sɛ: “Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfi mo anom, na mmom asɛm a eye na ɛma nkɔso a ehia, na wɔde dom wɔn a wɔte no.”—Efesofo 4:29.
Afei nso Onyankopɔn Asɛm a yɛde bɛhyɛ yɛn adwenem no bɛboa yɛn ma yɛakwati kasa a epira. Kyerɛw Kronkron no a yɛbɛkenkan na yɛadwennwen ho no betumi aboa yɛn ma ‘yɛayi efĩ nyinaa akyene.’ (Yakobo 1:21) Yiw, Onyankopɔn Asɛm betumi ayɛ yɛn adwene foforo.