Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 9/1 kr. 5-7
  • Kasa-Fĩ A Wɔka​—So Epira Obi Ankasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kasa-Fĩ A Wɔka​—So Epira Obi Ankasa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘So Ɛyɛ Agodi Ara Kwa?’
  • Dwuma A Ahuhusɛnka Di
  • Kwati Nya A Ebenya Wo
  • Kwati Kasa a Epira
    Nyan!—2003
  • Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ Kristofo Ka Kasafĩ
    Nyan!—1993
  • Bere A Kasa-Fĩ Abu So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Monka Kasa a “Eye Ma Nkɔso”
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 9/1 kr. 5-7

Kasa-Fĩ A Wɔka​—So Epira Obi Ankasa?

WƆ NKUROW akɛse a ɛwɔ Amerika no binom mu no, wobu akontaa sɛ asɛm a ɛto so anum biara a wɔka no betumi ayɛ asɛm fĩ. Wɔ Italy, sɛnea Ɔman Fekuw a Etia Abususɛnka bu akontaa no, wɔka abususɛm bɛboro ɔpepem biako da biara tia Onyankopɔn anaa asɔre no. Ampa, kasa-fĩ yɛ ade a abu so wɔ mmeae horow pii.

Reinhold Aman, nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no Maledicta a ɛfa ahuhusɛm ho no kyerɛwfo panyin, se eyi yɛ adeyɛ a ɛsɛ sɛ wɔkamfo. Ɔte nka sɛ nsɛm fĩ a wɔka ho wɔ mfaso efisɛ eye sen ntɔkwaw ankasa. “Mɛpɛ sɛ wɔfrɛ me [ . . . ] mmom sen sɛ wɔbɛbɔ me tuo anaa wɔbɛwɔ me sekan wɔ me kokom,” ne asɛm a Aman kae.

Na ɔde nsɛmfua a eye rehyehyɛ nea enye ananmu no, Chaytor Mason se: “Ahuhusɛnka, kasa-fĩ anaa sɛnea wobɛpɛ sɛ wofrɛ no biara no, yɛ ɔkwan a wɔasɔ ahwɛ na etu mpɔn a obi nam so ma abufuw a ahyɛ no ma no ano brɛ ase.”

Nnipa pii rema nsɛm fĩ a wɔka ho kwan, na wɔte nka sɛ ɛnsɛe hwee. Wɔte nka sɛ nsɛm fĩ a wɔka ma ɛne tebea no hyia no fata. Nokwarem no, nsɛmma nhoma bi a wɔfrɛ no Seventeen, a wɔkyerɛw ma mmabaa a afei na wɔrebɛn mpanyin afe so, no se: “Ɛwom wom a, ɛyɛ anigye sɛ mmabaa nkutoo anaa mmerante nkutoo​—anaa wɔn nyinaa mpo​—hyiam ma atennidi ho akansi. Mekyerɛ scatology akansi a ɛkɔ so wɔ me mmea ntoaso sukuu atrae no abansoro a ɛto so abiɛsa no so no. Nsɛm fĩ a wɔkeka no saa anadwo no yɛ nea ebetumi ama obiara ho adwiriw no.”

So wugye tom sɛ nsɛm fĩ a wɔka yɛ nea ɛfata? So saa nsɛm fĩ yi tumi pira obi ankasa?

‘So Ɛyɛ Agodi Ara Kwa?’

Dɛn ne “scatology akansi”? Sɛnea Webster’s New Collegiate Dictionary ka no, wɔkyerɛ “scatology” ase sɛ: “Sɛbew ho adesua; enti, kasa-fĩ sua.” Dɛn na wususuw wɔ mmɔden a obi bɔ sɛ ɔbɛsen afoforo wɔ kasa-fĩ ka mu ho?

Ade a mmofra taa yɛ nnɛ ne sɛ wɔyaw wɔn nãnom wɔ anobaabae ahorow mu. Mpɛn pii no, nnipa baanu a wɔredi atɛm no wɔ nnamfo a wotwa wɔn ho hyia na wɔserew bere a nea n’ano yɛ den kɛse no gu wɔn adamfo no nã anim ase no. Adeyɛ foforo a ɛte saa ne din a ɛmfata a wɔde frɛ obi. Eyi ne sɛnea obi te a wɔde toto aboa te sɛ pirako, okisi anaa odompo ho.

Saa nneyɛe yi, ne ahuhusɛm a wɔka de gye ani, ayɛ nea abu so. Ɛdenam wɔn ho a wɔde hyem so no, wɔn a wɔyɛ saa no kyerɛ sɛ nneyɛe a ɛtete saa nyɛ bɔne ankasa efisɛ wotumi de di fɛw. Na nea wɔka ne sɛ, ‘Hwɛ nnipa dodow a ɛma wɔserew.’ Akyinnye biara nni ho sɛ nneyɛe a ɛtete saa ama kasa-fĩ a wɔka abɛyɛ da biara da kasa fã, ma “nhomanimfo” ne “nnipa a wɔn ani abue” ka bi. Nanso, so nsɛm fi a wɔka no pira obi sen nea nnipa pii gye di?

Dwuma A Ahuhusɛnka Di

Ahuhusɛm a wɔde ano ka te sɛ mfonini a ɛmfata a aniwa hwɛ. Ahuhusɛm a wɔka kanyan akɔnnɔ. Enti sɛ wɔtaa keka ahuhusɛm a, dɛn na ebetumi aba? So onipa a ɔtaa keka nsɛm a ɛtete saa no rennya ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ nneɛma a ɔka ho asɛm no? Nokwarem no sɛnea ahuhusɛnka akɔ anim kɛse no, saa ara na aguamammɔ, awaresɛe ne mmarima anaa mmea a wɔne wɔn ho wɔn ho da akɔ anim.

Esiane eyi nti, wubetumi ahu nyansa a ɛwɔ afotu a Bible de ma no mu no, bere a ɛka sɛ: “Aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere de, mommma wɔmmmɔ din mpo wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo, ɛne aniwude ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ.”​—Efesofo 5:3, 4.

Nokwasɛm no ne sɛ, obi a ɔkeka nsɛm a ɛmfata no sɛe n’ankasa ho. Na ná ɔde ne porɔwee no resan afoforo bere biara a ɔbɛka saa nsɛm fĩ no. Enti, ɛyɛ nea ɛfata sɛ Bible no tu fo sɛ: “Na afei mo de, munyi abufuw, bobɔne, bɔnepɛ, abususɛm ne aniwusɛm nyinaa mfi mo anom ngu.” “Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfi mo anom.” (Kolosefo 3:8; Efesofo 4:29) Afei nso, etu fo sɛ: “Munyi efĩ nyinaa ntow nkyene.” (Yakobo 1:21) Saa afotu yi so a obi bu no de Onyankopɔn abufuw ba.

Afei nso, susuw eyi ho: Sɛ nnipa baanu yeyaw wɔn ho a, so ɛma abusuabɔ a ɛwɔ wɔn ntam no nya nkɔso? Na sɛ, esiane atɛm a wodidi wɔn ho nti wokwati ntɔkwaw ankasa a, so wubetumi aka sɛ wɔn asɛm no to atwa? Dabida! Mmom no, so atennidi no nyɛ nea ɛma asɛm no mu yɛ den mmom sen sɛ ɛbɛma ano abrɛ ase?

Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wɔma ɔdɔ ne ntease nya nkɔso? Ɛdenam pɛ a obi rempɛ sɛ ‘ɔde bɔne tua bɔne so ka’ so. Onyankopɔn Asɛm hyɛ sɛ, “Munnnidi mo ho were.” Na mmom, “munnyaw mma abufuw” denam aweredi a yebegyaw ama Onyankopɔn no so. Ayamye mu a wufi bɛkasa akyerɛ obi a odidi wo atɛm na woayɛ nneɛma pa ama no no “bɛboaboa nnyansrama ano agu n’atifi,” na ebia ɛbɛma ne suban wɔ wo ho no asakra. Nyansa mu no, di Kyerɛwsɛm mu afotu pa no akyi daa: “Munhyira, na monnnome.”​—Romafo 12:17-20, 14.

Kwati Nya A Ebenya Wo

Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye bere nyinaa na wiase a aporɔw yi mu nneyɛe antwetwe yɛn. Yɛn mu biara nni hɔ a ne nneyɛe rentumi nka yɛn. Sɛnea Burges Johnson, obi a ɔkyerɛw nhoma bi a ɛfa ahuhusɛm ho no ka no: “Sɛ ahuhusɛm yɛ nsɛm a ɛmfata a, ɛyɛ dɛn na afoforo te na henanom na wosuasua? Mmuae no yɛ tiatiaa: ɛnyɛ nea ɛka afoforo ara kwa, na mmom ɛsan wɔn nso, efisɛ ne mmoawa wɔ yɛn nyinaa mu.” Bible no si so dua sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ tɔ kɔ nneyɛe a ɛmfata so. Enti ɛho hia sɛ yɛko tia kasa-fĩ a yɛbɛka.​—Genesis 8:21; Dwom 51:5.

Kasa-fĩ a yebekwati fi ase denam nkate ne nneyɛe a ɛde ɛno ba so a yebedi so. Eyinom ne nea ɛwɔ he? Bible bua sɛ: “Momma wonyi anobow ne bobɔne ne abufuw ne anokurokuro ne abususɛm, ne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu.” (Efesofo 4:31) Enti ansa na ebedu baabi a wobo befuw obi na woapɛ sɛ wokeka nsɛm a ɛmfata kyerɛ no no, gyae na bɔ mmɔden sɛ wobɛdan adwene akɔ nneɛma pa a wunim wɔ saa nipa no ho no so. Mma abufuw kwan na nnka kasa-fĩ. Bɔ mmɔden sɛ wubedi Bible mu ahyɛde no so: “Monnkasa ahantan kasa bebree sa, na mommma asɛm dennen mmfi mo anom.”​—1 Samuel 2:3.

Baabi a wubetumi anya nsɛm a ɛfata ne Onyankopɔn Asɛm, Bible mu. Ɛdenam nneɛma pa a wode bɛhyɛ w’adwene mu so no, wubenya nkate pa wɔ wo komam. Eyi bɛka wo kasa dɛn? Yesu kae sɛ: “Nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka.”​—Mateo 12:34.

Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛbɔ mpae asrɛ Onyankopɔn mmoa ne ne honhom. Odwontofo no bɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa], fa ɔwɛn bɛwɛn m’ano, na hwɛ m’anofafa pon ano.” (Dwom 141:3) Ɛdenam mmɔden a yɛbɔ sɛ yebedi yɛn tɛkrɛma so, ne ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, yebetumi akwati kasa-fĩ a wɔka ho afiri no.

[Kratafa 6 mfoni]

Sɛ obi yaw wo a so wobɛyaw no bi?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena