Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 12/15 kr. 19-21
  • Dɛn Na Ahobrɛase Wɔ Aware Mu Kyerɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Ahobrɛase Wɔ Aware Mu Kyerɛ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔnyɛ Otirimɔdenfo
  • Anohyeto wɔ Ahobrɛase no Mu
  • Wɔwɔ Ahobrɛase ne Ntease
  • Ɔyere Ahobrɛase—Dɛn na Ɛkyerɛ?
    Nyan!—1996
  • ‘Ɔbea Ti Ne Ɔbarima’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Ɔyerenom—Munnya Obu Kɛse Mma Mo Kununom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Nneɛma Abien a Ɛma Aware Gyina Daa
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 12/15 kr. 19-21

Dɛn Na Ahobrɛase Wɔ Aware Mu Kyerɛ?

SƐ ƆBEA Kristoni ware a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsakrae pii. Ebia nea ɛso sen biara wɔ eyi mu no ka n’ahofadi. Sɛ osigyani a wanyin no, ebia na ɔde ne ho sɛ osi n’ankasa gyinae pii a ommisa obiara. Nanso mprempren a ɔwɔ kunu de, abɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ohu ne kunu na ɔsrɛ kwan a ɔde bɛyɛ nneɛma pii a anka n’ankasa si ho gyinae no. Dɛn nti na ɛte saa?

Efisɛ bere a onipa Bɔfo de ɔbea a odii kan maa ɔbarima a odi kan no aware no, ɔpaw ɔbarima no sɛ ɔnyɛ ne yere no ne mma a wɔbɛwo wɔn daakye no ti. Na ntease wɔ eyi mu. Wɔ nnipakuw biara a wɔaka wɔn abom mu no, ehia sɛ obi di anim na osi gyinae ahorow a etwa to. Wɔ aware mu no, Ɔbɔadeɛ no hyɛe sɛ “okunu yɛ ɔyere ti.”​—Efesofo 5:23.

Ɔsoro ahyɛde yi ka asɛm a edi so yi de foa no nsɛmmoa: “Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom.” (Efesofo 5:22) Sɛnea nhyehyɛe yi ka ɔyere no gyina nneɛma abien so: Nea edi kan ne sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ obegye nhyehyɛe yi atom akodu he? na nea ɛto so abien ne sɛ ɔkwan bɛn so na ne kunu de ne tumi no bedi dwuma? Nokwarem no, sɛ awarefo baanu no nyinaa de adwempa hwɛ nhyehyɛe no yiye a, wohu sɛ ɛde nhyira brɛ ɔyere no, okunu no, ne wɔn mma.

Ɔnyɛ Otirimɔdenfo

Ɛsɛ sɛ okunu de tumi a ɔwɔ no di dwuma dɛn? Ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa denam Onyankopɔn Ba no nhwɛso akyi a obedi no so. Bible no se: “Okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no, na ɔne nipadua no agyenkwa. Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no.” (Efesofo 5:23, 25) Tiyɛ a Yesu Kristo dii no de nhyira brɛɛ asafo no. Na ɔnyɛ otirimɔdenfo. Wamma n’asuafo ante nka sɛ ɔhyɛ wɔn so. Mmom no, sɛnea ɔne wɔn dii no ɔdɔ ne ayamhyehye so no maa wɔn nyinaa nyaa obu maa no. Hwɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ okununom di akyi wɔ sɛnea wɔne wɔn yerenom di no mu!

Nanso, okununom bi nni afotu pa yi akyi. Wɔmfa wɔn tiyɛ a Onyankopɔn de ama wɔn no nni dwuma ma ɛmfa yiyedi mmrɛ wɔn yerenom na mmom wɔde di dwuma wɔ pɛsɛmenkominya kwan so. Wɔde atirimɔden hyɛ wɔn yerenom so, na wɔhwehwɛ sɛ wɔn yerenom brɛ wɔn ho ase koraa ma wɔn, na wɔntaa mma wɔn kwan sɛ wɔn ankasa nsi gyinae bi mma wɔn ho. Enti, ntease wom sɛ okununom a wɔte sɛɛ yerenom ani ntaa nnye wɔ asetra mu. Na okunu a ɔte sɛɛ ase hu amane, efisɛ onnya ne yere no hɔ obu a ɔdɔ wom.

Ampa, Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ɔyere kyerɛ obu ma dibea a ne kunu kura sɛ abusua ti no. Nanso, sɛ okunu pɛ sɛ onya obu a efi komam fi ne hɔ sɛ onipa a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nea ɛbɛma wanya saa obu no, na ɔkwan a eye sen biara a ɔbɛfa so anya ne sɛ ɔbɛyɛ ade animduru mu, na wanya su pa sɛ abusua no ti.

Anohyeto wɔ Ahobrɛase no Mu

Wɔato tumi a okunu wɔ no ano hye. Akwan bi so no, wobetumi de ɔyere ahobrɛase no atoto Kristofo ahobrɛase ma wiase atumfo no ho. Onyankopɔn hyɛe sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni “brɛ ne ho ase hyɛ atumfo a wɔkorɔn no ase.” (Romafo 13:1, New World Translation) Nanso ɛsɛ sɛ nea yɛde ma Onyankopɔn no ne ahobrɛase yi kari pɛ bere nyinaa. Yesu se: “Momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn!” (Marko 12:17) Sɛ Kaesare (wiase nniso no) bisa sɛ yɛmfa nea ɛyɛ Onyankopɔn de mma ɔno a, yɛkae nea ɔsomafo Petro kae no: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.”​—Asomafo no Nnwuma 5:29.

Ɔkwan bi a ɛte saa ara so no, sɛ ɔbea a ɔyɛ Kristoni ware obi a ɔnte Kristofo nnyinasosɛm ahorow ase anaasɛ ɔnkyerɛ ho obu a, ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔbrɛ ne ho ase ma no ara. Sɛ anka ɔbɛtew nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ yi ho atua no, ɛbɛyɛ papa sɛ ɔbɛdɔ no na wadwen ne ho mmom, ma enti wabɔ mmɔden sɛ obenya ne mu ahotoso. Ebia abrabɔ pa a ɛte sɛɛ yi bɛma ne kunu no asakra, na mpo wanya no aba nokware no mu. (1 Petro 3:1, 2) Sɛ ne kunu hyɛ no sɛ ɔnyɛ biribi a Onyankopɔn abara a, ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ Onyankopɔn ne ne sodifo a ɔsen biara. Sɛ nhwɛso no, sɛ obisa sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ nna mu nneyɛe bɔne mu, te sɛ ɔyere a wɔne obi sesa mu a, ɛnsɛ sɛ ɔpene so. (1 Korintofo 6:9, 10) Nea ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ ne ho ase a ɔbɛbrɛ ama ne kunu kwan ne n’ahonim ne ahobrɛase a ɔbɛyɛ ama Onyankopɔn titiriw.

Ɔhene Dawid bere so no, na Abigail ware Nabal, ɔbarima a onni nnyinasosɛm pa so, na ɔbɔɔ Dawid ne Dawid mmarima atirimɔden ne ayammɔnwene. Na eyinom abɔ Nabal nguan ne mmirekyi mpempem pii ho ban, nanso bere a Dawid bisae sɛ ɔmma no aduan no, Nabal ampene so sɛ ɔbɛma no biribi.

Bere a Abigail hui sɛ ne kunu ayammɔnwene no de asiane bɛba n’abusua so no, osii gyinae sɛ ɔde aduan bɛkɔ akɔma Dawid. “Abigail yɛɛ ntɛm faa abodoo ahanu, ne nsã nkotoku abien ma, ne nguan anum a wɔasiesie wɔn, ne nkyewee susuwade anum, ne bobe aba a wɔabɔ no atɔatɔw ahanu de soaa mfurum, na ɔka kyerɛɛ ne mmerante no sɛ: Monsen nni me kan, hwɛ, meredi mo akyi maba. Na ne kunu Nabal de, wanka ankyerɛ no.”​—1 Samuel 25:18, 19.

So Abigail dii mfomso sɛ ɔyɛɛ ade a ne kunu mpene so? Ɛnte saa wɔ asɛm yi mu. Abigail ahobrɛase no anhwehwɛ sɛ ɔyɛ otirimɔdenfo te sɛ ne kunu, ne titiriw esiane sɛ na Nabal adeyɛ a nyansa nnim no de n’abusua nyinaa too asiane mu nti. Enti, Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Nhyira nka [Yehowa], Israel Nyankopɔn a ɔsomaa wo behyiaa me nnɛ yi. Na nhyira nka w’adwempa.” (1 Samuel 25:32, 33) Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔyerenom Kristofo tew wɔn kununom tiyɛ ho atua, nanso sɛ wɔfa ɔkwan bi a ɛne Kristosom nhyia so a, ɛnsɛ sɛ ɔyerenom no di wɔn akyi.

Ampa, Paulo kae wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Efesofo no mu sɛ: “Na sɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara nso na ɔyerenom nyɛ mma wɔn kununom, ade nyinaa mu.” (Efesofo 5:24) Asɛmfua “ade nyinaa” a ɔsomafo no de dii dwuma wɔ ha no nkyerɛ sɛ anohyeto nni ɔyere ahobrɛase mu. Asɛm a Paulo kae sɛ “sɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no” da nea na ɛwɔ n’adwenem adi. Biribiara a Kristo hwehwɛ fi n’asafo no hɔ teɛ, na ɛne Onyankopɔn apɛde hyia. Enti, ɛyɛ mmerɛw ma asafo no sɛ wobetumi de anigye abrɛ wɔn ho ase ama no wɔ ade nyinaa mu. Saa ara nso na ɔyere a ne kunu yɛ Kristoni a ɔbɔ mmɔden yiye sɛ obedi Yesu nhwɛso akyi no ani begye sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama no wɔ ade nyinaa mu. Onim sɛ odwen ne yiyedi ho, na ɔrenhyɛ da nka sɛ ɔnyɛ biribi a ɛne Onyankopɔn apɛde bɔ abira da.

Okunu yere bɛkɔ so adɔ no na wabu no bere a ɔda ne ti a ɔne Yesu Kristo a ɔhyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnnɔ wɔn ho wɔn ho no su pa no bi adi no. (Yohane 13:34) Ɛwom sɛ okunu betumi ayɛ bɔne, na ɔnyɛ pɛ de, nanso sɛ odi ne tumi no ma ɛne Kristo tiyɛ a ɛkorɔn no hyia a, ɔma ɛyɛ mmerɛw kɛse ma ne yere sɛ n’ani begye sɛ ɔyɛ ne ti. (1 Korintofo 11:3) Sɛ ɔyere nya Kristofo su horow a ɛne ahobrɛase ne adɔe a, ɛnyɛ den sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama ne kunu.

Wɔwɔ Ahobrɛase ne Ntease

Asafo no mu okununom ne ɔyerenom yɛ honhom mu nuabarimanom ne nuabeanom a wɔwɔ gyinabea a nsonsonoe nnim wɔ Yehowa anim. (Fa toto Galatifo 3:28 ho.) Nanso, mmarima na Onyankopɔn apaw wɔn sɛ wɔnhwɛ asafo no so. Mmea a wɔwɔ koma pa de anigye gye eyi tom wɔ ahobrɛase nyinaa mu. Na asafo no mu mmarima a wɔn ho akokwaw de ahobrɛase hu asɛyɛde a emu yɛ duru a ɛda wɔn so sɛ ɛnsɛ sɛ wodi nguankuw no so bakoma no.​—1 Petro 5:2, 3.

Sɛ asafo no mu mmarima ne mmea ntam abusuabɔ te saa a, ɛnde ɔkwan bɛn so na okunu a ɔyɛ Kristoni betumi akyerɛ sɛ ne yere a ɔyɛ ne honhom mu nuabea so a odi atirimɔden so no teɛ? Na ɔkwan bɛn so na ɔyere betumi akyerɛ sɛ akane a ɔne ne kunu si wɔ tiyɛ ho no teɛ? Mmom no, ɛsɛ sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho di te sɛ nea Petro de afotu maa asafo no mufo nyinaa no: “Mo nyinaa nnya adwenkoro, munhuhu mma mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmoma mo ho, munnwen ahobrɛase adwene.” (1 Petro 3:8) Paulo nso de afotu mae sɛ: “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre. Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea [Yehowa] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.”​—Kolosefo 3:12, 13.

Ɛsɛ sɛ yenya saa su no wɔ asafo no mu. Na ɛsɛ sɛ okununom ne ɔyerenom titiriw nya saa su no wɔ Kristofo fie mu. Okunu betumi ada ayamhyehye ne odwo a ɔwɔ no adi denam nyansahyɛ a ne yere de ma a obetie no so. Ɛsɛ sɛ odwen adwene a ne yere kura no ho ansa na wasi gyinae bi a ɛfa abusua no ho. Ɔyerenom a wɔyɛ Kristofo nim nyansa. Wobetumi de nyansahyɛ ahorow a ɛsom bo ama wɔn kununom te sɛ nea Sara de maa ne kunu Abraham no. (Genesis 21:12) Ɔkwan foforo so no, ɔyere Kristoni renguan ne kunu ho wɔ ɔkwan a ntease nnim so. Ɛsɛ sɛ ɔda ayamye ne ahobrɛase adwene a ɔwɔ no adi, denam n’akwankyerɛ akyi a obedi na wagyina ne gyinaesi ahorow akyi no so, ɛwom mpo sɛ ebia ɛtɔ mmere bi a, ɛne nea n’ankasa pɛ nhyia de.

Te sɛ ɔpanyin a ɔwɔ ntease no, wotumi bɛn okunu a ɔwɔ ntease ne ayamye. Ɔyere a ɔwɔ ɔdɔ yɛ eyi ho biribi denam ayamhyehye ne abodwokyɛre a ɔda no adi no so, na ohu mmɔden a ɔbɔ sɛ obedi n’asɛyɛde ahorow ho dwuma wɔ sintɔ ne asetra mu ahokyere nyinaa akyi no so. Sɛ okunu ne ɔyere nyinaa nya su a ɛte sɛɛ a, ahobrɛase wɔ aware mu no renyɛ ɔhaw mma wɔn mu biara. Mmom no, ɛma wonya anigye, ahobammɔ ne akomatɔyam a enni awiei.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena