Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Dɛn Na Ahobrɛase Wɔ Aware Mu Kyerɛ?
    Ɔwɛn-Aban—1991 | December 15
    • Ɔnyɛ Otirimɔdenfo

      Ɛsɛ sɛ okunu de tumi a ɔwɔ no di dwuma dɛn? Ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa denam Onyankopɔn Ba no nhwɛso akyi a obedi no so. Bible no se: “Okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no, na ɔne nipadua no agyenkwa. Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no.” (Efesofo 5:23, 25) Tiyɛ a Yesu Kristo dii no de nhyira brɛɛ asafo no. Na ɔnyɛ otirimɔdenfo. Wamma n’asuafo ante nka sɛ ɔhyɛ wɔn so. Mmom no, sɛnea ɔne wɔn dii no ɔdɔ ne ayamhyehye so no maa wɔn nyinaa nyaa obu maa no. Hwɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ okununom di akyi wɔ sɛnea wɔne wɔn yerenom di no mu!

      Nanso, okununom bi nni afotu pa yi akyi. Wɔmfa wɔn tiyɛ a Onyankopɔn de ama wɔn no nni dwuma ma ɛmfa yiyedi mmrɛ wɔn yerenom na mmom wɔde di dwuma wɔ pɛsɛmenkominya kwan so. Wɔde atirimɔden hyɛ wɔn yerenom so, na wɔhwehwɛ sɛ wɔn yerenom brɛ wɔn ho ase koraa ma wɔn, na wɔntaa mma wɔn kwan sɛ wɔn ankasa nsi gyinae bi mma wɔn ho. Enti, ntease wom sɛ okununom a wɔte sɛɛ yerenom ani ntaa nnye wɔ asetra mu. Na okunu a ɔte sɛɛ ase hu amane, efisɛ onnya ne yere no hɔ obu a ɔdɔ wom.

      Ampa, Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ɔyere kyerɛ obu ma dibea a ne kunu kura sɛ abusua ti no. Nanso, sɛ okunu pɛ sɛ onya obu a efi komam fi ne hɔ sɛ onipa a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nea ɛbɛma wanya saa obu no, na ɔkwan a eye sen biara a ɔbɛfa so anya ne sɛ ɔbɛyɛ ade animduru mu, na wanya su pa sɛ abusua no ti.

      Anohyeto wɔ Ahobrɛase no Mu

      Wɔato tumi a okunu wɔ no ano hye. Akwan bi so no, wobetumi de ɔyere ahobrɛase no atoto Kristofo ahobrɛase ma wiase atumfo no ho. Onyankopɔn hyɛe sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni “brɛ ne ho ase hyɛ atumfo a wɔkorɔn no ase.” (Romafo 13:1, New World Translation) Nanso ɛsɛ sɛ nea yɛde ma Onyankopɔn no ne ahobrɛase yi kari pɛ bere nyinaa. Yesu se: “Momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn!” (Marko 12:17) Sɛ Kaesare (wiase nniso no) bisa sɛ yɛmfa nea ɛyɛ Onyankopɔn de mma ɔno a, yɛkae nea ɔsomafo Petro kae no: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.”​—Asomafo no Nnwuma 5:29.

  • Dɛn Na Ahobrɛase Wɔ Aware Mu Kyerɛ?
    Ɔwɛn-Aban—1991 | December 15
    • Okunu yere bɛkɔ so adɔ no na wabu no bere a ɔda ne ti a ɔne Yesu Kristo a ɔhyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnnɔ wɔn ho wɔn ho no su pa no bi adi no. (Yohane 13:34) Ɛwom sɛ okunu betumi ayɛ bɔne, na ɔnyɛ pɛ de, nanso sɛ odi ne tumi no ma ɛne Kristo tiyɛ a ɛkorɔn no hyia a, ɔma ɛyɛ mmerɛw kɛse ma ne yere sɛ n’ani begye sɛ ɔyɛ ne ti. (1 Korintofo 11:3) Sɛ ɔyere nya Kristofo su horow a ɛne ahobrɛase ne adɔe a, ɛnyɛ den sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama ne kunu.

  • Dɛn Na Ahobrɛase Wɔ Aware Mu Kyerɛ?
    Ɔwɛn-Aban—1991 | December 15
    • Ɛsɛ sɛ yenya saa su no wɔ asafo no mu. Na ɛsɛ sɛ okununom ne ɔyerenom titiriw nya saa su no wɔ Kristofo fie mu. Okunu betumi ada ayamhyehye ne odwo a ɔwɔ no adi denam nyansahyɛ a ne yere de ma a obetie no so. Ɛsɛ sɛ odwen adwene a ne yere kura no ho ansa na wasi gyinae bi a ɛfa abusua no ho. Ɔyerenom a wɔyɛ Kristofo nim nyansa. Wobetumi de nyansahyɛ ahorow a ɛsom bo ama wɔn kununom te sɛ nea Sara de maa ne kunu Abraham no. (Genesis 21:12) Ɔkwan foforo so no, ɔyere Kristoni renguan ne kunu ho wɔ ɔkwan a ntease nnim so. Ɛsɛ sɛ ɔda ayamye ne ahobrɛase adwene a ɔwɔ no adi, denam n’akwankyerɛ akyi a obedi na wagyina ne gyinaesi ahorow akyi no so, ɛwom mpo sɛ ebia ɛtɔ mmere bi a, ɛne nea n’ankasa pɛ nhyia de.

      Te sɛ ɔpanyin a ɔwɔ ntease no, wotumi bɛn okunu a ɔwɔ ntease ne ayamye. Ɔyere a ɔwɔ ɔdɔ yɛ eyi ho biribi denam ayamhyehye ne abodwokyɛre a ɔda no adi no so, na ohu mmɔden a ɔbɔ sɛ obedi n’asɛyɛde ahorow ho dwuma wɔ sintɔ ne asetra mu ahokyere nyinaa akyi no so. Sɛ okunu ne ɔyere nyinaa nya su a ɛte sɛɛ a, ahobrɛase wɔ aware mu no renyɛ ɔhaw mma wɔn mu biara. Mmom no, ɛma wonya anigye, ahobammɔ ne akomatɔyam a enni awiei.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena