Yehowa Abusua Nhyehyɛe A Ɔdɔ Wom
“Eyi nti na mede me nkotodwe mekotow Agya a abusua biara a ɛwɔ ɔsoro ne asase nyaa ne din fi ne hɔ no.”—EFESOFO 3:14, 15, New World Translation.
1, 2. (a) Atirimpɔw bɛn nti na Yehowa hyehyɛɛ abusua no? (b) Afã bɛn na ɛsɛ sɛ abusua no nya wɔ Yehowa nhyehyɛe mu nnɛ?
YEHOWA na ɔbɔɔ abusua no. Ɔnam ɛno so yɛɛ pii sen di a odii hia a adesamma hia ayɔnkofa, mmoa, ne abusuabɔ no ho dwuma. (Genesis 2:18) Ná abusua no so na wɔbɛfa ma Onyankopɔn anuonyam atirimpɔw a ɛne sɛ wɔnwo nhyɛ asase so ma no abam. Ɔka kyerɛɛ awarefo a wodi kan no sɛ: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so.” (Genesis 1:28) Na abusua no mu anigye ne ntetee tebea no bɛyɛ mfaso ama mmofra pii a Adam ne Hawa ne wɔn asefo bɛwo wɔn no.
2 Nanso, saa awarefo a wodi kan no pawee sɛ wɔbɛyɛ asoɔden—na ɛde ɔhaw a emu yɛ den brɛɛ wɔn ankasa ne wɔn asefo. (Romafo 5:12) Enti nnɛ abusua asetra nte sɛ nea Onyankopɔn pɛe sɛ ɛyɛ no. Nanso, abusua no da so ara wɔ afã titiriw wɔ Yehowa nhyehyɛe mu, na ɛyɛ Kristofo asafo no nnyinaso titiriw. Nea yɛaka yi nkyerɛ sɛ yenni nnwuma pa a Kristofo pii a wɔnyɛ awarefo a wɔwɔ yɛn ntam yɛ no ho anisɔ. Mmom no, yehu mmoa kɛse a mmusua nso de ma wɔ Kristofo ahyehyɛde no nyinaa honhom mu akwahosan no ho. Mmusua a wɔyɛ den ma asafo ahorow yɛ den. Nanso, ɔkwan bɛn so na w’abusua betumi anya nkɔso yiye wɔ nnɛ nhyɛso horow no nyinaa akyi? Ma yɛnhwehwɛ nea Bible no wɔ ka wɔ abusua nhyehyɛe no ho mfa mmua.
Abusua no Wɔ Bible Mmere Mu
3. Asɛyɛde ahorow bɛn na okunu ne ɔyere dii ho dwuma wɔ tete agyanom abusua no mu?
3 Adam ne Hawa baanu nyinaa buu Onyankopɔn tiyɛ nhyehyɛe no animtiaa. Nanso, mmarima gyidifo te sɛ Noa, Abraham, Isak, Yakob, ne Hiob, dii wɔn asɛyɛde ho dwuma sɛ mmusua ti. (Hebrifo 7:4) Ná tete agyanom abusua no te sɛ nniso ketewaa bi, a agya no som sɛ ɔsom mu kannifo, ɔkyerɛkyerɛfo, ne ɔtemmufo (Genesis 8:20; 18:19) Ná ɔyerenom nso wɔ asɛyɛde a ɛho hia, na wɔsom sɛ afie ahwɛfo aboafo, na ɛnyɛ sɛ mfenaa.
4. Ɛyɛɛ dɛn na abusua asetra sakrae wɔ Mose Mmara no ase, na asɛyɛde bɛn na awofo kɔɔ so dii ho dwuma?
4 Bere a Israel bɛyɛɛ ɔman wɔ 1513 A.Y.B. mu no, wɔde abusua mmara hyɛɛ ɔman no Mmara a wɔnam Mose so de mae no ase. (Exodus 24:3-8) Afei wɔde gyinaesi tumi, a nkwa ne owu ho nsɛm ka ho maa atemmufo a wɔapaw wɔn. (Exodus 18:13-26) Wɔde ɔsom mu afɔrebɔ ahorow ho dwumadi no maa Lewi asɔfokuw no. (Leviticus 1:2-5) Nanso, agya no kɔɔ so yɛɛ adwuma titiriw bi. Mose tuu agyanom fo sɛ: “Na nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” (Deuteronomium 6:6, 7) Ná ɛnanom wɔ nkɛntɛnso kɛse. Mmebusɛm 1:8 hyɛɛ mmofra sɛ: “Me ba, tie w’agya nteɛso, na mpo wo na mmara.” Yiw, na ɔyere Hebrini betumi ahyɛ abusua mmara—na wahwɛ ma wɔadi so—wɔ ne kunu tumi nhyehyɛe no ase. Na ɛsɛ sɛ ne mma di no ni, bere a wabɔ aberewa akyi mpo no.—Mmebusɛm 23:22.
5. Ɔkwan bɛn so na Mose Mmara no kyerɛɛ afa a mmofra wɔ wɔ abusua nhyehyɛe no mu?
5 Onyankopɔn Mmara kyerɛɛ mmofra afã nso pefee. Deuteronomium 5:16 kae sɛ: “Di w’agya ne wo na ni, sɛnea [Yehowa] wo Nyankopɔn ahyɛ wo no, na wo nna aware na asi wo yiye, asase a [Yehowa] wo Nyankopɔn de rema wo no so.” Ná obi awofo a obu wɔn animtiaa no yɛ bɔne a anibere wom sen biara wɔ Mose Mmara no ase no mu biako. (Exodus 21:15, 17) Mmara no kae sɛ: “Sɛ obiara dome n’agya anaa ne na a, okum na wonkum no.” (Leviticus 20:9) Ná atua a obi tew tia n’awofo te sɛ atua a wɔtew tia Onyankopɔn ankasa.
Okununom Kristofo Asɛyɛde
6, 7. Dɛn nti na na ɛte sɛ nea Paulo nsɛm a ɛwɔ Efesofo 5:23-29 no kyerɛ nsakrae titiriw ma n’akenkanfo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no?
6 Kristosom ma yehu abusua nhyehyɛe no ho nsɛm, ne titiriw okunu no asɛyɛde. Kristofo asafo no akyi no, na afeha a edi kan no mu okununom ne wɔn yerenom di wɔ atirimɔden ne nhyɛso kwan so. Wɔde hokwan ne nidi atitiriw kamee mmea. The Expositor’s Bible se: “Helani nhomanimfo waree yere na wawo mma. Ɔbea no hokwan ahorow anto ɔbarima no nna ho akɔnnɔ ano hye. Ná ɔdɔ nka aware nhyehyɛe no ho. . . . Ná afenaa no nni hokwan biara. Ná ne nipadua yɛ ne wura dea.”
7 Tebea a ɛte sɛɛ mu na Paulo kyerɛw nsɛm a ɛwɔ Efesofo 5:23-29 no: “Okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no, na ɔne nipadua no agyenkwa . . . Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no . . . Saa ara nso na ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ n’ankasa ne yere no dɔ ne ho. Na obiara ntan n’ankasa honam, na mmom ɔyɛn no, na ɔhwɛ so yiye.” Ná nsɛm yi kyerɛ nsakrae titiriw ma afeha a edi kan no mu akenkanfo The Expositor’s Bible se: “Sɛ wɔde toto saa bere no mu ahohwibra a na abu so no ho a, na biribiara nni Kristosom mu a ɛte sɛ nea ɛyɛ foforo koraa ne katee kɛse sen adwene a Kristofo kura wɔ aware ho. . . . [E]fii bere foforo bi ase maa adesamma.”
8, 9. Su horow a ɛmfata bɛn na mmarima taa da no adi wɔ mmea ho, na dɛn nti na ehia sɛ Kristofo mmarima pow saa adwene no?
8 Afotu a Bible no de ma okununom no nso kyerɛ nsakrae titiriw saa ara nnɛ. Wɔ mmea ogye ho nsɛm a wɔka nyinaa akyi no, mmarima pii da so ara bu mmea sɛ nnipa a wɔde wɔn dwudwo wɔn nna ho akɔnnɔ ano kɛkɛ. Esiane sɛ mmarima pii gye atetesɛm a ɛne sɛ mmea ani gye ho ankasa sɛ wobedi wɔn so ahyɛ wɔn so anaasɛ wɔasisi wɔn nti, wɔyɛ wɔn yerenom ayayade wɔ honam mu ne nkate mu. Hwɛ animguase ara a ɛbɛyɛ sɛ Kristoni barima bi bɛma wiase nsusuwii anya no so tumi ma wayɛ ne yere ayayade! Ɔbea Kristoni bi se: “Ná me kunu yɛ asafo mu somfo na na ɔma baguam ɔkasa ahorow.” Nanso, ɔda no adi sɛ “na ɔhwe me.” Ɛda adi pefee sɛ nneyɛe a ɛte sɛɛ ne Onyankopɔn nhyehyɛe nhyia. Mmarima dodow no ara nte sɛ saa ɔbarima no; sɛ na ɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a, na ehia sɛ ɔhwehwɛ mmoa na ama wadi n’abufuw no ho dwuma.—Galatifo 5:19-21.
9 Onyankopɔn hyɛ okununom sɛ wɔnnɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Sɛ wɔanyɛ saa a, na ɛkyerɛ sɛ wɔretew atua atia Onyankopɔn nhyehyɛe ankasa, na ebetumi asɛe wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ. Nsɛm a ɔsomafo Petro kae yi mu da hɔ pefee: “Okununom, mo ne [mo yerenom] ntra nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den, na munni wɔn ni, . . . na mo mpaebɔ kwan ansiw.” (1 Petro 3:7) Obi yere a ɔbɛyɛ no ayayade no betumi asɛe ne yere no ne ne mma honhom mu yiyedi kɛse.
10. Akwan horow a okununom betumi afa so adi tiyɛ ho dwuma sɛ nea Kristo yɛe no bi ne nea ɛwɔ he?
10 Okununom, sɛ mode mo tiyɛ di dwuma te sɛ nea Kristo yɛe no a, ebesi mo abusua yiye wɔ mo tiyɛ ase. Ná Kristo tirim nyɛ den anaasɛ wanyɛ afoforo ayayade da. Mmom no, otumi kae sɛ: “Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra.” (Mateo 11:29) So w’abusua betumi aka wo ho asɛm saa? Kristo buu n’asuafo no sɛ wɔyɛ ne nnamfo, na ɔde ne ho too wɔn so. (Yohane 15:15) So wode nidi a ɛte saa ara ma wo yere? Bible no kaa “ɔyepa” ho asɛm sɛ: “Ne kunu koma da no so.” (Mmebusɛm 31:10, 11) Eyi kyerɛ sɛ wobɛma no ahofadi bi a ɔde bɛpaw nea ɔpɛ, na womfa anohyeto ahorow a ntease nnim nnka no nnhyɛ. Afei nso, Yesu hyɛɛ n’asuafo nkuran ma wɔdaa wɔn nkate ne wɔn adwene adi wɔ nsɛm ho. (Mateo 9:28; 16:13-15) So woma wo yere yɛ saa ara? Anaa so wubu mo adwene a enhyia a mfomso nnim no sɛ ogye wo tumidi ho kyim? Sɛ wudwen wo yere nkate horow ho na woammu ani angu so a, nokwarem no, woma onya obu ma wo tiyɛ no.
11. (a) Ɔkwan bɛn na agyanom betumi afa so adi wɔn mma honhom fam ahiade ho dwuma? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo yɛ nhwɛso pa wɔ wɔn mmusua hwɛ mu?
11 Sɛ woyɛ agya a, wɔhwehwɛ nso sɛ wudi anim wɔ mo mma honhom, nkate, ne honam fam ahiade ahorow ho dwumadi mu. Nea ɛka ho ne sɛ wobɛyɛ honhom mu nneɛma a mobɛyɛ no daa ho nhyehyɛe pa ama w’abusua: asɛnka a wo ne wɔn bɛkɔ, ofie Bible adesua a wobɛyɛ, daa asɛm no ho a mubesusuw. Anigyesɛm ne sɛ Bible no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔpanyin anaa asafo mu somfo yɛ obi a “odi n’ankasa ne fie so yiye.” Enti, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔsom saa no yɛ mmusua ti a wɔyɛ nhwɛso pa. Ɛwom sɛ ebia wɔwɔ asafo mu asɛyɛde a emu yɛ duru de, nanso ɛsɛ sɛ wodi wɔn ankasa mmusua mu asɛyɛde ho dwuma kan. Paulo kyerɛɛ nea enti a ɛte saa: “Na sɛ obi nhu ne fi so di a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛhwɛ Onyankopɔn asafo so?”—1 Timoteo 3:4, 5, 12.
Ɔyerenom Kristofo a Wɔde Mmoa Ma
12. Asɛyɛde bɛn na ɔyere di ho dwuma wɔ Kristofo nhyehyɛe no mu?
12 So woyɛ ɔyere Kristoni? Ɛnde ɛsɛ sɛ wo nso woyɛ adwuma titiriw bi wɔ abusua nhyehyɛe no mu. Wotu ɔyerenom Kristofo fo sɛ ‘wɔnnɔ wɔn kununom ne wɔn mma, mma wɔn adwenem ntew, wɔn ho ntew, nyɛ adwumayɛfo wɔ fie, nyɛ papa, na wɔmmrɛ wɔn ho ase mma wɔn ankasa wɔn kununom.’ (Tito 2:4, 5) Enti ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ ɔyere a ɔyɛ nhwɛso pa, a woma wo fie tew na ɛhɔ yɛ anigye ma w’abusua. Ɛtɔ mmere bi a, ofie nnwuma bɛma woabrɛ, nanso ɛnyɛ biribi a ɛbrɛ wo ase anaa ɛho nhia ahe biara. Sɛ ɔyere no, ‘wohwɛ ofie so,’ na wubetumi anya ahofadi kɛse wɔ saayɛ mu. (1 Timoteo 5:14) Sɛ nhwɛso no, ‘ɔyere pa’ no tɔɔ ofie nneɛma, yɛɛ asase a wɔtɔ de si dan ho nhyehyɛe, na ɔyɛɛ adwuma ketewaa bi de nyaa akatua. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ne kunu yii n’ayɛ! (Mmebusɛm, ti 31) Sɛnea ɛte no, ɔyɛɛ saa nneɛma yi denam akwankyerɛ ahorow a ne kunu de maa no sɛ ne ti no so.
13. (a) Dɛn nti na ahobrɛase betumi ayɛ den ama mmea binom? (b) Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ mmea Kristofo bɛbrɛ wɔn ho ase ama wɔn kununom?
13 Nanso, ebia wo ho ase a wobɛbrɛ ama wo kunu no renyɛ mmerɛw bere nyinaa. Ɛnyɛ mmarima nyinaa na wɔfata obu. Na ebia na wutumi hwɛ sika so yiye, na woyɛ nhyehyɛe pa. Ebia wowɔ honam fam adwuma, na wuyi sika kɛse de ka abusua no sika ho. Anaasɛ esiane sɛ ebia ɔbarima bi hyɛɛ wo so wɔ mmere bi a atwam no mu nti, wuhuu amane, na ebia ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛbrɛ wo ho ase ama ɔbarima bi. Nanso, “obu a emu dɔ” a wode ma wo kunu, anaa ‘suro a wusuro’ no kyerɛ sɛ wowɔ obu ma Onyankopɔn tiyɛ. (Efesofo 5:33, Kingdom Interlinear; 1 Korintofo 11:3) Ahobrɛase nso ho hia na asi w’abusua yiye; ɛboa wo ma wokwati ahokyere ne ɔhaw ahorow a ɛho nhia a wobɛma aba w’aware mu no.
14. Sɛ ɔyere bi mpene gyinae bi a ne kunu asi so a, dɛn na obetumi ayɛ?
14 So eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ komm bere a wote nka sɛ wo kunu resi gyinae bi a ɛbɛsɛe mo abusua no yiyedi no? Ɛnte saa ankasa. Abraham yere Sara anyɛ komm bere a ohui sɛ ne babarima Isak yiyedi reyɛ aba asiane mu no. (Genesis 21:8-10) Saa ara na ebia ɛtɔ mmere bi a, wobɛte nka sɛ ɛyɛ w’asɛyɛde sɛ ɛsɛ sɛ woka sɛnea wote nka. Sɛ wode obu yɛ saa wɔ ‘bere a ɛfata mu’ a, Kristoni barima a osuro Onyankopɔn betie. (Mmebusɛm 25:11) Nanso, sɛ wamfa wo nyansahyɛ no anni dwuma, na emmu Bible mu nnyinasosɛm bi so wɔ ɔkwan a anibere wom so a, so wo kunu apɛde a wubebu so no remma wo mmɔdenbɔ nyɛ ɔkwa? Kae, “ɔbea nyansafo si ne dan, na ɔbea kwasea de ne nsa dwiriw.” (Mmebusɛm 14:1) Ɔkwan biako a wobɛfa so asi wo dan ne sɛ wobɛboa wo kunu tiyɛ, ayi no ayɛ wɔ nneɛma a watumi ayɛ ho, na wode odwo adi ne mfomso ahorow ho dwuma a woremma wo bo mfuw.
15. Akwan horow bɛn so na ɔyere betumi anya nteɛso ne ntetee a wɔde ma ne mma no mu kyɛfa?
15 Ɔkwan foforo a wobɛfa so asi wo dan ne sɛ wubenya mo mma nteɛso ne ntetee mu kyɛfa. Sɛ nhwɛso no, wubetumi ayɛ wo fam de ama moayɛ abusua Bible adesua daa na ahyɛ mo den. Sɛ wunya hokwan biara a wode bɛka Onyankopɔn nokware ahorow ho asɛm akyerɛ wo mma—te sɛ bere a moretu kwan anaasɛ wo ne wɔn rekodi gua a, “nyi wo nsa mfi ho.” (Ɔsɛnkafo 11:6) Boa wɔn ma wonsiesie mmuae a wɔbɛma wɔ nhyiam horow ase, ne wɔn dwumadi wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu. Hwɛ wɔn fekubɔ ahorow yiye. (1 Korintofo 15:33) Sɛ ɛba Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ho nsɛm ne nteɛso so a, ma mo mma nhu sɛ wo ne wo kunu yɛ biako. Ɛnsɛ sɛ woma kwan ma wɔma akasakasa ba wo ne wo kunu ntam na wɔde anya nea wɔpɛ.
16. (a) Bible mu nhwɛso bɛn na ɛhyɛ awofo a wonni ahokafo ne wɔn a wɔware wɔn a wɔnyɛ gyidifo no nkuran? (b) Ɔkwan bɛn so na asafo no mufo afoforo betumi aboa saafo yi?
16 Sɛ woyɛ ɔwofo a onni ɔhokafo anaasɛ wowɔ ɔhokafo a ɔnyɛ gyidini a, ebia ɛsɛ sɛ wudi anim wɔ honhom fam nneɛma mu. Eyi betumi ayɛ den na abu w’aba mu mmere bi mpo. Nanso mpa abaw. Timoteo maame Eunike tumi de Kyerɛw kronkron no kyerɛkyerɛɛ no ‘fi ne mmofraase,’ ɛmfa ho sɛ na ɔware obi a ɔnyɛ gyidini. (2 Timoteo 1:5; 3:15) Na pii a wɔwɔ yɛn ntam no atumi ayɛ saa ara. Sɛ wuhia mmoa bi wɔ saayɛ mu a, wubetumi ama mpanyimfo no ahu w’ahiade ahorow no. Ebia wobetumi ayɛ nhyehyɛe ma obi abɛboa wo ma moakɔ nhyiam horow ne asɛnka. Wobetumi ahyɛ afoforo nkuran sɛ wɔmfa w’abusua no nka adifi ne nhyiam horow a wɔde gye ani ho. Anaasɛ wobetumi ayɛ nhyehyɛe ma ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw abɛboa wo ma woafi abusua adesua ase.
Mmofra a Wɔwɔ Anisɔ
17. (a) Ɔkwan bɛn so na mmofra betumi aboa abusua no yiyedi? (b) Eyi ho nhwɛso bɛn na Yesu yɛe?
17 Kristofo mmofra betumi aboa abusua no yiyedi denam afotu a ɛwɔ Efesofo 6:1-3 a wobedi so no so: “Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ. Di w’agya ne wo na ni! Eyi ne mmara asɛm a edi kan a bɔhyɛ wɔ mu: na awie wo yiye, na wo nna aware asase so.” Sɛ wo ne w’awofo yɛ biako a, wokyerɛ sɛ wubu Yehowa. Ná Yesu Kristo yɛ pɛ, na na anka obetumi anya adwene ntɛm ara sɛ ɛmfata sɛ ɔbrɛ ne ho ase ma n’awofo a wɔnyɛ pɛ no. Nanso, “ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. . . . Na Yesu nyinii nyansa ne kɛseyɛ ne Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn dom mu.”—Luka 2:51, 52.
18, 19. (a) Obi awofo a obedi wɔn ni no kyerɛ dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na fie betumi ayɛ baabi a ahotɔ wɔ?
18 So ɛnsɛ sɛ wudi w’awofo ni saa ara? Nea ‘nidi’ kyerɛ wɔ ha ne sɛ wubegye tumi a wɔahyɛ da ahyehyɛ atom yiye. (Fa toto 1 Petro 2:17 ho.) Wɔ tebea pii mu no, ɛfata sɛ wɔde saa nidi no ma, sɛ obi awofo nyɛ gyidifo anaa wɔnyɛ nhwɛso pa mpo a. Sɛ w’awofo yɛ Kristofo a wɔyɛ nhwɛso pa a, ɛsɛ sɛ wudi wɔn ni kɛse mpo. Kae nso sɛ ɛnyɛ nteɛso ne akwankyerɛ a w’awofo de ma wo no atirimpɔw ne sɛ wɔde bɛto w’ano hye wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Mmom no, wɔde bɔ wo ho ban na woatumi “akɔ so atra ase.”—Mmebusɛm 7:1, 2, NW.
19 Ɛnde nhyehyɛe a ɔdɔ wom bɛn ara na abusua no yɛ sɛɛ yi! Sɛ okununom, ɔyerenom, ne mma nyinaa di Onyankopɔn mmara ahorow a ɛfa abusua asetra ho no so a, ofie bɛyɛ baabi a ahotɔ wɔ. Nanso, nkitahodi ne mmofra ntetee ho ɔhaw betumi asɔre. Yɛn asɛm a edi hɔ no ka sɛnea wobetumi adi ɔhaw ahorow yi bi ho dwuma ho asɛm.
So Wokae?
◻ Nhwɛso bɛn na okununom, ɔyerenom, ne mmofra a wosuro Onyankopɔn a wɔtraa ase wɔ Bible mmere no mu yɛe?
◻ Dɛn na Kristosom ma wohui wɔ okunu asɛyɛde ho?
◻ Asɛyɛde bɛn na ɛsɛ sɛ ɔyere di ho dwuma wɔ Kristofo abusua mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na Kristofo mmofra betumi aboa abusua no yiyedi?
[Mfonini wɔ kratafa 9]
“Sɛ wɔde toto saa bere no mu ahohwibra a na abu so no ho a, na biribiara nni Kristosom mu a ɛte sɛ nea ɛyɛ foforo koraa ne katee kɛse sen adwene a na Kristofo kura wɔ aware ho. . . . [E]fii bere foforo bi ase maa adesamma.”
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Kristofo okununom hyɛ wɔn yerenom nkuran ma wɔka wɔn nkate horow, na wosusuw saa nkate horow yi ho