-
Yehowa A Yɛbɛsɔ N’ani Sɛ AbusuaƆwɛn-Aban—1982 | July 1
-
-
11. (a) Dɛn na “di w’agya ne wo na ni” no kyerɛ? (Mmebusɛm 1:8, 9; 4:1-3)
11 “Di w’agya ne wo na ni”: Bere a ɔsomafo Paulo reka Mmara Nsɛm Du no mu nea ɛto so anum yi ho asɛm no, ɔkae sɛ ɛyɛ “mmara asɛm a edi kan a bɔhyɛ wɔ mu,” a ɛne sɛ, “na awie wo yiye, na wo nna aware asase so.” (Exodus 20:12; Efesofo 6:2, 3) Abofra a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni wɔ asɛyɛde sɛ obedi mmara asɛm no so adi n’agya ne ne na ni. Ɔkwan bɛn so na abofra de nidi ma, na ɔkyerɛ obu ma n’awofo? Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ saa abofra no kyerɛ ɔdɔ ma n’awofo ne anisɔ ma mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛhwɛ no, atete no no. Ɛsɛ sɛ mmofra sua sɛ wɔbɛkyerɛ obu ama wɔn awofo atemmu ne gyinaesi ahorow (Mmebusɛm 22:15) Bere a ebia mmofra no besusuw sɛ wɔresiw hokwan ahorow bi a wɔwɔ ano mpo no, ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wobetie wɔn “awofo asɛm Awurade mu.” (Efesofo 6:1) Sɛ mmofra ‘nna bɛware asase so,’ na Yehowa agye wɔn atom sɛ wobenya nkwa daakye a, na ɛsɛ sɛ wodi wɔn awofonom ni.’
-
-
Yehowa A Yɛbɛsɔ N’ani Sɛ AbusuaƆwɛn-Aban—1982 | July 1
-
-
14. Ɛsɛ sɛ mmofra a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Yehowa ani no bu awofo a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ wɔn no ban afi abrabɔ bɔne ho no dɛn?
14 Afotu a Onyankopɔn Asɛm no de ma wɔ Efesofo 6:1 ne sɛ: “Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ.” Osetie hwehwɛ sɛ wobegye tumidi atom. Wɔde asɛyɛde no ahyɛ awofo nsa sɛ wɔnyɛn wɔn mma wɔ ɔkwan a wɔada no adi wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no so na ama wɔayɛ wɔn a wɔsɔ n’ani, na saa Asɛm no bara aguamammɔ, ɔbarima ne ɔbea ntam abrabɔ bɔne. (Exodus 20:14; 1 Korintofo 6:9, 10) Sɛ mmofra wɔ awofo a wɔn ani gye sɛ wɔbɛbɔ wɔn ho ban afi wiase a asɛe yi ho a, ɛfata sɛ wɔn mma no fi nokwaredi mu boa wɔn. Sɛ́ anka obenwiinwii wɔ sɛɛ awofo yi tumidi ase no, abofra a onim nyansa na osuro Nyankopɔn no bedi Bible afotu sɛ ɔnyɛ osetie mma wɔn no akyi, a onim sɛ Onyankopɔn pene so, ɛyɛ ɔno ankasa yiyedi na ɛhyɛ daakye a ɛyɛ dwoodwoo ho bɔ no.—Mmebusɛm 3:1, 2.
15. Dɛn na ɛyɛ aniberesɛm a pow a obi bɛpow sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama n’awofo tumidi no ho?
15 Sɛ́ obi bɛpow sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama n’awofo no yɛ asoɔden a ɔyɛ tia Yehowa. Sɛnea Yehowa de ne mmara horow ama ma adi adesamma abusua so no, saa ara na ɔde hokwan no ama awofo sɛ wɔmfa mmara ahorow a ɛteɛ nsisi hɔ—ofie mmara ahorow, ebia saa na wobɛfrɛ no—ma abɔ abusua a mmofra no yɛ ne fã no abrabɔ ho ban. Sɛ saa mmara ahorow no ne Onyankopɔn Asɛm no mmɔ abira a, ɛyɛ mmofra no asɛyɛde sɛ wɔyɛ osetie ma awofo no tumidi.
-