Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w82 7/1 kr. 7-11
  • Yehowa A Yɛbɛsɔ N’ani Sɛ Abusua

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa A Yɛbɛsɔ N’ani Sɛ Abusua
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ABUSUA NHYEHYƐE NO
  • OKUNU NE ƆYERE AFÃ
  • MMOFRA ASƐYƐDE
  • ƆDƆ WƆ ABUSUA NO MU
  • Obu Ma Tumidi—Dɛn Nti Na Ehia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Yehowa Abusua Nhyehyɛe A Ɔdɔ Wom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Hena Tumi Na Ɛsɛ Sɛ Wugye Tom?
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Kristofo Mmusua—Munsuasua Yesu Nhwɛso!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
w82 7/1 kr. 7-11

Yehowa A Yɛbɛsɔ N’ani Sɛ Abusua

“Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom, . . . Okununom, monnɔ mo yerenom, . . . Mma, muntie mo awofo asɛm ade nyinaa ho, na eyi no ɛsɔ Awurade ani.”​—Kolosefo 3:18-20.

1. Dɛn ne ade titiriw a abusua hia na ama ayɛ nea ɛsɔ Yehowa ani, nanso akwanside bɛn na ɛsɛ sɛ wohyia?

ADE TITIRIW a ɛho hia ma Kristofo abusua a wɔpɛ sɛ wɔsɔ ɔbɔadeɛ no ani ne sɛ wɔbɛyɛ osetie ama tumidi a ɛfata a wɔahyehyɛ. Dɛn ne w’adwene wɔ tumidi ho? Atesɛm nkrataa ne nsɛmma nhoma ahorow a wɔkenkan, television anaasɛ radio so nsɛm ahorow a wotie de adanse pii ma sɛ, wɔ wiase nyinaa no tumidi a wɔsɔre tia wɔ hɔ. Ɛnyɛ den sɛ saa su yi betumi anya obi adwene so nkɛntɛnso. Wɔ abusua fam no ebetumi de ɔhaw kɛse aba, sɛ obi adwene wɔ osetie ma tumidi ho no yɛ nea nsɛm ahorow a resisi da biara a atwa ne ho ahyia no na ɛkyerɛ no kwan a.

2-4. Sɛ ɛba tumidi a wobegye atom so a, nsemmisa bɛn na ɛda mmusua ahorow anlm?

2 Sɛ woyɛ okunu ne agya a, wubu wo tumidi wɔ abusua no mu no dɛn? So wote nka sɛ, abusua no ti, a ɔne okunu no nko na ɛsɛ sɛ osi gyinae wɔ asɛm biara a ɛfa abusua no ho mu, ne sɛ wowɔ hokwan sɛ wudi wo fifo so? Anaa, so w’ani begye ho kɛse sɛ wobɛma wo yere adi tiyɛ ho asɛyɛde ahorow no ho dwuma na ama asomdwoe atra abusua no mu?

3 Sɛ woyɛ ɔyere ne ɛna a, so wunwiinwii wɔ wo kunu tumidi ase? So ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye ɔkwan a wo kunu fa so di tumi wɔ abusua no mu no atom? So wuhu sɛ woyɛ otuatewfo, a wohwehwɛ ahofadi afi saa tumidi yi ase?

4 Sɛ woyɛ abofra a, wubu w’awofo tumidi dɛn, sɛ́ ɛyɛ‘w’agya, wo na anaasɛ obi a ɔhwɛ wo? So wuhu sɛ wufi wo pɛ mu brɛ wo ho ase ma wɔn akwankyerɛ ahorow? Anaasɛ wokõ tia wɔn tumidi? So wohwehwɛ ahofadi afi wɔn tumidi no ase?

5. Obi adwene wɔ tumidi ho kã abusuabɔ ahorow bɛn?

5 Obi adwene wɔ tumidi ho ne ne ho ase a ɔbrɛ ma no kã abusuabɔ a ɛda ɔne Ɔbɔadeɛ, Yehowa, ne afoforo ntam no, wɔ wiase a yɛte mu da biara yi mu ne abusua no mu nkitahodi kɛse, na ɛkɔ akyiri nso. Enti, eye sɛ yebehu sɛnea ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo nnɛ no yɛ wɔn ade wɔ tumidi ho, titiriw sɛnea ɛfa abusua nhyehyɛe ho no. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yɛbɛsɔ ɔbɔadeɛ no ani sɛ abusua

ABUSUA NHYEHYƐE NO

6, 7. Ahyɛde bɛn na Yehowa de maa awarefo baanu a wodi kan no, na adwuma bɛn na ná ɔwɔ ma ɔbea no?

6 Nea edi kan no, Yehowa Nyankopɔn, a ɔne yɛn Bɔfo no ne Nea ɔde abusua nhyehyɛe no sii hɔ. Efii ase wɔ Eden bere a Onyankopɔn de ahyɛde no maa ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no sɛ “monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so” no. (Genesis 1:28) Ebesi nnɛ, abusua nhyehyɛe no da so ara di dwuma a ɛho hia kɛse wɔ Yehowa atirimpɔw wɔ asase ho no ho dwumadi mu.​—Efesofo 3:14, 15.

7 Wɔka kyerɛ yɛn sɛ, wɔ abusua nhyehyɛe a edi kan a Onyankopɔn yɛe no mu no, wɔyɛɛ ɔbea no sɛ ɔmmɛyɛ ɔbarima no boafo, ɔnnyɛ abɔde a ɔba fam wɔ ɔkwan biara so. Mmom, wɔbɔɔ ɔbea no sɛ ɔmmɛyɛ ne kunu boafo. (Genesis 2:18) Ná wɔbɛbom awo mma na wɔayɛ abusua.

OKUNU NE ƆYERE AFÃ

8. (a) Ɔkwan bɛn so na ná obedi tumi no ho dwuma? (b) Ná ɛsɛ sɛ ɔbarima no bu ne yere dɛn?

8 Sɛ abusua bɛyɛ nea ɛsɔ ɔbɔadeɛ no ani a, ɛho hia sɛ wonya nhyehyɛe ne akwankyerɛ. Wɔka kyerɛɛ awarefo baanu a wodi kan no sɛ “:munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.” (Genesis 1:28) Ná Adam a ɔne ɔbarima no ne abɔde a ɔyɛ onipa a Onyankopɔn dii kan bɔɔ no. Esiane sɛ Yehowa ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ na ɔyɛ ɔbɔadeɛ nti, ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wodi tumi ho dwuma wɔ asase so. Onyankopɔn kyerɛe sɛ tumidi bɛkɔ so denam ɔbarima no so ma akã ɔbea no na afei aka wɔn ‘asefo. (1 Korintofo 11:3) Senea Bible kyerɛ no, ɛda adi sɛ na tumi yi nyɛ nea wobedi ho dwuma wɔ kateeyɛ mu anaasɛ atirimɔden kwan so. Hyɛ asɛm a Adam kae bere a ohuu ɔboafo a ná Onyankopɔn abɔ ama no no nea edi kan no nsow: “Afei me nnompe mu dompe ne me honam mu nam ni.” (Genesis 2:23) Biribiara nni saa asɛm dɛdɛ yi mu a ɛkyerɛ sɛ nã Adam rebɛyɛ otirimɔdenfo wɔ obi a ɔba fam so. Ɔkãe sɛ ná ɔbea a wɔde no abrɛ no no yɛ ‘ne nnompe mu dompe ne ne honam mu nam,’ biribi a ɔbɛhwɛ so yiye, na wahwɛ no sɛ n’ankasa nipadua mpo. Mfehaha pii akyi no, ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo, maa wɔn akwankyerɛ ahorow wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ ɔbarima dɔ ne yere na ɔhwɛ no ho. Ɔkae sɛ: “Ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ n’ankasa ne yere no dɔ ne ho. Na obiara ntan nankasa honam, na mmom . . . ɔhwɛ so yiye.”​—Efesofo 5:28, 29.

9. (a) Su bɛn na ɛsɛ sɛ ɔbea nya wɔ ne kunu ho? (b) Ɔkwan bɛn so na awofo baanu no bedi mmofra a wɔbɛyɛn wɔn wɔ abusua no mu no ho dwuma?

9 Yehowa hyehyɛe sɛ ɔbarima na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbea no ti. (Efesofo 5:23, 24) Ɔbea no, sɛ́ ɔbarima no boafo no, yɛ obi a na ɛsɛ sɛ odi no ni na ɔdɔ no, na ama ɔno nso ‘afɛre’ ne kunu no, na ná obetumi afi ne pɛ mu ‘abrɛ ne ho ase’ ama no. (Efesofo 5:33; 1 Petro 3:1) Bere a na nnipa baanu no bom yɛ adwuma no, ná wɔbɛwo mma, a wɔnam ɔkasa ne nneyɛe so bɛkyerɛ wɔn nea ɛsɔ Yehowa ani sɛnea ɛbɛyɛ a abusua no benya ne nhyira. Sɛnea Onyankopɔn kyerɛe akyiri yi no, bere a wɔredi tumi wɔ mmofra no so no, ɛsɛ sɛ agya ne ɛna no kwati abufuw a wɔbɛhyɛ wɔn mma no. Mmom no, ɛsɛ sɛ wɔyɛn mmofra no wɔ Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu. Ɛsɛ sɛ wɔde Kristofo nteɛso ne afotu ma wɔn. (Efesofo 6:4; fa toto Mmebusɛm 1:8, 9 ho.) Afei nso wɔka kyerɛ awofo sɛ wɔmfa nteɛso abaa nni dwuma bere a ɛho hia. (Mme- busɛm 13:24; 29:15) Bere a yɛaka okunu ne ɔyere asɛyɛde ahorow ho asɛm tiaa no, yɛte ase sɛ Yehowa nhyehyɛe ne sɛ, wɔ abusua no mu no, tumi yɛ nea ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma wɔ ɔdɔ mu ne ɔkwan a ɛfata so.

MMOFRA ASƐYƐDE

10. Esiane ahofadi a wɔpɛ nti, mmofra pii yɛ wɔn ade dɛn, na dɛn ne nsɛm a ɛwɔ nhoma yi mu a yebedi akyi no atirimpɔw?

10 Nsɛm ho amanneɛbɔ dwumadibea ahorow ne mmeae afoforo wɔ yɛn bere yi so de ahofadi a wɔhwehwɛ ahyɛ nnipa adwene mu. Mmofra pii tew atua tia akwankyerɛ biara a wɔn awofo anaa tumi foforo biara de ma wɔ wɔn asetra mu. Bere a ɛyɛ nokware sɛ agya ne ɛna no wɔ asɛyɛde kɛse sɛ wobedi tumi ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so wɔ abusua no mu no, mmofra nso wɔ asɛyɛde ahorow. Esiane sɛ ɛho hia sɛ yenya abusua a ɛyɛ den, ɛwɔ honhom mu ahoɔden a ɛsɔ Yehowa ani nti, yebesusuw nsɛnnennen ahorow a ɛfa mmofra ho, ne afei nso anisɔ ma tumidi ne ho ase a wɔbrɛ ma, sɛnea ɛfata wɔ wɔn fam no ho.

11. (a) Dɛn na “di w’agya ne wo na ni” no kyerɛ? (Mmebusɛm 1:8, 9; 4:1-3)

11 “Di w’agya ne wo na ni”: Bere a ɔsomafo Paulo reka Mmara Nsɛm Du no mu nea ɛto so anum yi ho asɛm no, ɔkae sɛ ɛyɛ “mmara asɛm a edi kan a bɔhyɛ wɔ mu,” a ɛne sɛ, “na awie wo yiye, na wo nna aware asase so.” (Exodus 20:12; Efesofo 6:2, 3) Abofra a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni wɔ asɛyɛde sɛ obedi mmara asɛm no so adi n’agya ne ne na ni. Ɔkwan bɛn so na abofra de nidi ma, na ɔkyerɛ obu ma n’awofo? Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ saa abofra no kyerɛ ɔdɔ ma n’awofo ne anisɔ ma mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛhwɛ no, atete no no. Ɛsɛ sɛ mmofra sua sɛ wɔbɛkyerɛ obu ama wɔn awofo atemmu ne gyinaesi ahorow (Mmebusɛm 22:15) Bere a ebia mmofra no besusuw sɛ wɔresiw hokwan ahorow bi a wɔwɔ ano mpo no, ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wobetie wɔn “awofo asɛm Awurade mu.” (Efesofo 6:1) Sɛ mmofra ‘nna bɛware asase so,’ na Yehowa agye wɔn atom sɛ wobenya nkwa daakye a, na ɛsɛ sɛ wodi wɔn awofonom ni.’

12. (a) Obi awofo, anaa wɔn a wɔhwɛ no no tumidi bɛn na ɛsɛ sɛ ogye tom na ama wasɔ Yehowa ani? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛtɔ bere bi a obi mfɛfo bu wɔn a wokura abrabɔ pa mu no? (Mmebusɛm 1:10-16)

12 Tumidi a wobegye atom: Nea ɛne obi awofo a obedi wɔn ni nam ne tumidi a wobegye atom, awofo no hokwan a wɔwɔ sɛ wɔde anohyeto ahorow bi bɛma na wɔakyerɛ nea ebia wɔn mma no betumi ayɛ ne nea wontumi nyɛ no. Ho ase a wɔbrɛ ma tumidi taa yɛ den yiye ma mmofra, na ebia ɛde akasakasa pii ba fie hɔ. Sɛnea yɛadi kan aka no, nsɛm ho amanneɛbɔ dwumadibea ahorow ne atesɛm nkrataa taa de nsɛm ahorow ma a ɛsɛe tumidi a awofo wɔ no, na ɛhyɛ mmofra nkuran sɛ wonyi wɔn ho mfi awofo tumidi ase. Eyi ho nhwɛso bi ne su a wɔanya nnɛ wɔ aguamammɔ ho no. Saa tebea yi akɔ so akodu baabi a mpɛn pii no mmerante ne mmabaa a wokura wɔn mmabunyɛ mu no mfɛfo di wɔn ho fɛw. Sɛɛ nnipa yi bu wɔn a wokura Bible abrabɔ pa ho gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn no mu no sɛ wɔtɔ sin wɔ ɔkwan bi so, wɔn ho nyɛ fɛ, wɔyɛ “ntetekwaa” sɛnea wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ wɔn nnamfonom no hu no no.​—Hwɛ 1 Petro 4:4

13. Ɛtɔ bere bi a, ɔkwan bɛn so na onipa mmara ahorow no bi hyɛ bɔneyɛ ho nkuran?

13 Aban mmara ahorow binom hyɛ mmabaa nkuran ankasa ma wɔde wɔn ho hyɛ abrabɔ bɔne mu denam kwan a wɔma ma wotu yafunu gu bere a awofo nnim ho hwee no so. Abeawa biako a wadi mfe 15 daa no adi sɛ ná oduruyɛfo bi apow sɛ obefiti n’asom bere a n’awofo mmaa ho kwan, nanso ná Asennibea Kunini a ɛwɔ United States no ahyɛ mmara sɛ abeawa ketewaa betumi atu ne yafunu agu bere a n’awofo mmaa ho akwan Nnansa yi ara, oduruyɛfo biako rekyerɛw mmɔden ahorow a wɔrebɔ sɛ wɔbɛma dawuru a ɛfa nnuru a wɔde bɔ nyinsɛn ho ban no mu atrɛw ho asɛm wɔ Journal of the American Medical Association mu no, ɔkae sɛ: “Me ho adwiriw me wɔ ɔpɛ a nnuruyɛfo wɔ sɛ wobegye ɔbarima ne ɔbea ntam abrabɔ bɔne atom​—na wɔama enya nkɔso mpo​—no ho. . . . Migye di sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn mmere no bi sua sɛ yɛbɛma ɔbea ne ɔbarima ntam abrabɔ a ɛfata na ɛho tew anya nkɔso, a ahosodi ne nokwaredi ka ho.”

14. Ɛsɛ sɛ mmofra a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Yehowa ani no bu awofo a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ wɔn no ban afi abrabɔ bɔne ho no dɛn?

14 Afotu a Onyankopɔn Asɛm no de ma wɔ Efesofo 6:1 ne sɛ: “Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ.” Osetie hwehwɛ sɛ wobegye tumidi atom. Wɔde asɛyɛde no ahyɛ awofo nsa sɛ wɔnyɛn wɔn mma wɔ ɔkwan a wɔada no adi wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no so na ama wɔayɛ wɔn a wɔsɔ n’ani, na saa Asɛm no bara aguamammɔ, ɔbarima ne ɔbea ntam abrabɔ bɔne. (Exodus 20:14; 1 Korintofo 6:9, 10) Sɛ mmofra wɔ awofo a wɔn ani gye sɛ wɔbɛbɔ wɔn ho ban afi wiase a asɛe yi ho a, ɛfata sɛ wɔn mma no fi nokwaredi mu boa wɔn. Sɛ́ anka obenwiinwii wɔ sɛɛ awofo yi tumidi ase no, abofra a onim nyansa na osuro Nyankopɔn no bedi Bible afotu sɛ ɔnyɛ osetie mma wɔn no akyi, a onim sɛ Onyankopɔn pene so, ɛyɛ ɔno ankasa yiyedi na ɛhyɛ daakye a ɛyɛ dwoodwoo ho bɔ no.​—Mmebusɛm 3:1, 2.

15. Dɛn na ɛyɛ aniberesɛm a pow a obi bɛpow sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama n’awofo tumidi no ho?

15 Sɛ́ obi bɛpow sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama n’awofo no yɛ asoɔden a ɔyɛ tia Yehowa. Sɛnea Yehowa de ne mmara horow ama ma adi adesamma abusua so no, saa ara na ɔde hokwan no ama awofo sɛ wɔmfa mmara ahorow a ɛteɛ nsisi hɔ​—ofie mmara ahorow, ebia saa na wobɛfrɛ no​—ma abɔ abusua a mmofra no yɛ ne fã no abrabɔ ho ban. Sɛ saa mmara ahorow no ne Onyankopɔn Asɛm no mmɔ abira a, ɛyɛ mmofra no asɛyɛde sɛ wɔyɛ osetie ma awofo no tumidi.

ƆDƆ WƆ ABUSUA NO MU

16, 17. (a) Ɔdɔ ho hia dɛn wɔ abusua a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Yehowa ani no fam? (b) Afotu bɛn na ɛwɔ Kolosefo 3:12-14? (d) Sɛnea ɛbɛyɛ a Paulo afotu a ɔde kɔmaa Kolosefo no bɛyɛ nea etu mpɔn no, dɛn na wɔhyɛ no nkuran?

16 Ɔdɔ a obi benya ama n’abusua: Sɛ abusua no bɛsɔ Yehowa ani a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ɔdɔ ma awofo. Wɔka kyerɛ okununom sɛ wɔnnɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa ho, na ɔyerenom mfɛre wɔn kununom’. Ɛsɛ sɛ awofo ne mma nyinaa nya ɔdɔ a ɛne mmara a edi hene no ma wɔn ho wɔn ho. (Yakobo 2:8) Ɔsomafo Paulo de afotu bi mae wɔ eyi ho bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre. Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea [Yehowa] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no. Na eyinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛpɛ hama no ngu.”​—Kolosefo 3:12-14.

17 Ɛnyɛ asɛm a yɛbɛkenkan anaasɛ yɛbɛka wɔ yɛn ano te sɛ akoo ara kwa. Ɛyɛ asɛm a efi honhom kronkron, a ɛsɛ sɛ yesusuw ho anibere so. Wɔhyɛ nkuran sɛ obiara a ɔrekenkan asɛm yi nsan ntĩ nneɛma ahorow a wɔhwehwɛ wɔ Kristofo ho no mu mmiako mmiako bio. Susuw ho. Fa toto abusua a woyɛ ne fã no ho. Ɔkwan bɛn so na Paulo asɛm no kã abusuabɔ a ɛda wo ne wo kunu, wo yere, w’agya, wo na anaa afoforo a wɔwɔ abusua no mu ntam no? So woresɔ Yehowa ani wɔ akwan ahorow a ɔsomafo no bobɔɔ din no biara so? Obi ntumi mma n’asetra ne saa nsɛm no nhyia na bere koro no ara wahwehwɛ ahofadi wɔ awofo mmara ho anaasɛ wayɛ obi a ɔteɛteɛm gu n’awofo so. Saa ara na awofo ntumi mfa wɔn mma mfa ɔkwan a ɛte saa so. Ɛsɛ sɛ abusua a wɔwɔ anigye na wɔwɔ Yehowa nhyira no susuw afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ho yiye daa wɔ anibere so, na ama wɔasuasua “Mpaebɔ Tiefo,” a denam honhom kronkron so no ɔma wɔkyerɛw saa nsɛm no.​—Dwom 65:2; Efesofo 4:31,32; Kolosefo 3:15-17;

18. Nokwasɛm ahorow a. ɛyɛ awerɛhow bɛn na yehyia nnɛ, na nsemmisa bɛn na ɛde ba?

18 Sɛ́ agya ne ɛna no nyinaa wɔ fie hɔ, anaasɛ ɔwofo biako pɛ na ɔwɔ hɔ no, afotu ne asɛyɛde no yɛ ade koro. Nanso nea ɛyɛ awerɛhow sɛ yɛbɛka no, Satan rebɔ mmɔden kɛse sɛ ɔbɛsɛe mmusua ahorow, sɛ ɔbɛma emu apaapae na wadi so, na ɛtɔ da bi a odi nkonim. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔrekenkan saa asɛm yi kae sɛ Ɔbonsam nenam “sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.” (1 Petro 5:8) So yɛbɛma kwan ma wasɛe yɛn abusua biakoyɛ a ɛsɔ Yehowa ani no? So yɛbɛma ahofadi honhom adi yɛn so nkonim, nea ɛka sɛ’: “Ɛho nhia sɛ mitie m’awofo; mɛyɛ nea mepɛ no”? Saa kwan yi a yɛbɛfa so no betumi asɛe yɛn anigye na ɛde Onyankopɔn abufuw aba.

19. Ɔkwan bɛn so na Kristofo abusua ba benya Yehowa nhyira?

19 Sɛ yebenya Yehowa anim dom​—ɔno a okura nkwa ne owu so tumi mpo wɔ ne nsam no​—a, na ɛsɛ sɛ yegye tumidi a ɔde asi hɔ wɔ abusua nhyehyɛe no mu no tom. Eye ma yɛn sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ama. Ɛno ansa na yebetumi anya anigye ne abotɔyam ankasa. Esiane sɛ yɛrema abusua no biakoyɛ ne asomdwoe anya nkɔso nti, ebia yɛbɛpɛ sɛ wɔka nhyira a Ɔhene Dawid a ɔtraa ase tete no kaa ho asɛm no ho asɛm wɔ yɛn ho sɛ: “Hena na ɔbɛforo [Yehowa] bepɔw no, na hena na obegyina ne trabea kronkron hɔ? Nea efi nni ne nsam na ne komam tew, nea ɔmma ne kra ani nsã ahuhude, na ɔnka nkontompo ntam. Ɔno na obenya [Yehowa] nsam nhyira ne ne nkwagye Nyankopɔn hɔ trenee.”​—Dwom 24:3-5.

DƐN NA WOBƐFA AFI NKƆMMƆBƆ YI MU?

• Dɛn nti na sɛnea wubu tumidi no fa abusua anigye a wubenya ho?

• Kyerɛwnsɛm bɛn na ɛka okunu ne ɔyere afã wɔ abusua mu ho asɛm?

• Nneɛma pa bɛn na ɛwɔ hɔ bere a mmofra di wɔn awofo ni na wogye wɔn tumidi tom no?’

• Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ wɔ abusua no mu a wɔbɛma anya nkɔso no betumi aboa ma wɔasiw tumi ahorow a ɛma mmusua pii mu paapae no ano?

• Wɔ nea yɛasusuw ho yi mu no, dɛn na wobɛyɛ ho adwuma na ama w’abusua no atumi ayɛ nea ɛsɔ Yehowa ani kɛse?

(b) Ɛsɛ sɛ abofra yɛ n’ade dɛn bere a osusuw sɛ wɔresiw hokwan ahorow bi a ɔwɔ ano mpo no? (Mmebusɛm 3:11, 12)

[Kratafa 8 mfoni]

Yehowa hyehyɛe sɛ okunu ne ɔyere mmoa wɔn ho wɔn ho no wɔmmom nsom no

[Kratafa 10 mfoni]

Mmofra, so mo ani gye mo afã wɔ abusua no mu no ho ankasa? Awofo, so moyɛ mo ade wɔ mo mma ho sɛnea Onyankopɔn ahyɛ ho nyansa no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena