Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 7/15 kr. 15-20
  • Yɛ wo Fifo Nkwagye ho Adwuma Denneennen

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛ wo Fifo Nkwagye ho Adwuma Denneennen
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kristofo Awofo ne Wɔn Asɛyɛde Ahorow
  • Wɔn Nkate Fam Ahiade ho Dwumadi
  • Wɔn Honhom Fam Ahiade ho Dwumadi
  • Nteɛso a Wɔde Ma wɔ Trenee Mu
  • Mmusua a Awofo a Wonni Ahokafo ne Mmanoma Wom
  • Kɔ So Yɛ Wo Fifo Nkwagye ho Adwuma
  • Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Ɔwofo-Biako Mmusua Betumi Adi Nkonim!
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Awofo a Wonni Ahokafo, Nsɛnnennen Pii
    Nyan!—2002
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 7/15 kr. 15-20

Yɛ wo Fifo Nkwagye ho Adwuma Denneennen

“Monyɛn wɔn [Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.”—EFESOFO 6:4.

1, 2. Nsɛnnennen bɛn na awofo hyia nnɛ?

NSƐMMA nhoma bi a agye din frɛɛ no anidan. Eyi yɛ emu asɛm bi a ɛkaa nsakrae akɛse a aba abusua no mu wɔ nnansa yi mfe mu ho asɛm. Ɛkae sɛ eyi na “ɛde awaregyae, ware a nkurɔfo ware foforo, aware a wɔsan gyae, nguaman mma, ne mmusua mu nsɛnnennen aba nnansa yi.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔhaw ne ahokyere aho- row yi aba, efisɛ Bible no ka siei sɛ nnipa behyia “mmere a emu yɛ den” wɔ “nna a edi akyiri” yi mu.—2 Timoteo 3:1-5.

2 Enti ɛnnɛ, awofo hyia ɔhaw a na awo ntoatoaso a atwam no nnim. Ɛwom sɛ awofo binom a wɔka yɛn ho atumi atete wɔn mma ‘fi wɔn mmofraase’ wɔ Onyankopɔn akwan so de, nanso mmusua pii fii ase ‘nantew nokware no mu’ nkyɛe. (2 Timoteo 3:15; 3 Yohane 4) Ebia bere a awofo no fii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn mma Onyankopɔn akwan no, na mmofra no anyinyin dedaw. Afei nso, awofo a wonni ahokafo mmusua ne mmusua a mmanoma wom redɔɔso wɔ yɛn mu. Sɛnea wo tebea te biara no, ɔsomafo Paulo afotu yi fa wo ho: “Monyɛn wɔn [Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.”—Efesofo 6:4.

Kristofo Awofo ne Wɔn Asɛyɛde Ahorow

3, 4. (a) Nneɛma bɛn na ama agyanom nni wɔn asɛyɛde ho dwuma? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo agyanom yɛ pii sen akɔnhama kɛkɛ a wɔbɛbɔ?

3 Hyɛ no nsow sɛ Paulo nsɛm a ɛwɔ Efesofo 6:4 no fa “agyanom” ho titiriw. Nhoma kyerɛwfo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔ awo ntoatoaso a atwam mu no “na ɛyɛ agyanom asɛyɛde sɛ wɔma wɔn mma abrabɔ ne honhom fam ntetee; ná ɛyɛ agyanom asɛyɛde sɛ wɔkyerɛ wɔn mma ade. . . . Nanso mfiridwuma mu nkɔso maa wɔhweree saa abusuabɔ no; agyanom gyaw wɔn mfuw ne wɔn sotɔɔ ahorow, na wofii fie kɔyɛɛ adwuma wɔ nnwinnan ne akyiri yi office ahorow mu. Agyanom asɛyɛde pii bɛtɔɔ ɛnanom so. Agya asɛyɛde kɔɔ so dan biribi a wɔka ho asɛm kɛkɛ na mmom wɔanni ho dwuma ankasa.”

4 Kristofo mmarima: Mommma akɔnhamabɔ kɛkɛ nnnɔɔso mmma mo, na munnnyaw mo mma ntetee ne wɔn hwɛ mmmɔ mo yerenom nkutoo so. Mmebusɛm 24:27 hyɛɛ agyanom a wɔtraa ase tete mmere mu sɛ: “Siesie w’adwuma wɔ baabi, na yɛ w’asase so kua fa, na ɛno akyi woakyekye wo fi.” Saa ara na ɛnnɛ, sɛ́ ɔbarima a woyɛ adwuma no, ebia ɛho behia sɛ woyɛ adwumaden bere tenten na wode abɔ akɔnhama. (1 Timoteo 5:8) Nanso, ɛno akyi no, gye bere ‘kyekye wo fie’—nkate fam ne honhom fam.

5. Ɔkwan bɛn na ɔyerenom Kristofo betumi afa so ayɛ wɔn fifo nkwagye ho adwuma?

5 Ɔyerenom Kristofo: Ɛsɛ sɛ mo nso moyɛ mo fifo nkwagye ho adwuma denneennen. Mmebusɛm 14:1 se: “Ɔbea nyansafo si ne dan.” Sɛ́ aware mu ahokafo no, ɛyɛ wo ne wo kunu nyinaa asɛyɛde sɛ motete mo mma. (Mmebusɛm 22:6; Malaki 2:14) Ebia eyi bɛhwehwɛ sɛ woteɛ wo mma no so, siesie wɔn ho ma Kristofo nhyiam horow ne asɛnka adwuma, anaasɛ ebi mpo a woyɛ abusua adesua no bere a biribi nti wo kunu ntumi nyɛ no. Wubetumi ayɛ pii nso de akyerɛ wo mma no ofie nnwuma, su pa, honam fam ahotew, ne nneɛma afoforo pii a mfaso wɔ so. (Tito 2:5) Sɛ okunu ne ɔyere bom yɛ adwuma wɔ saa kwan yi so a, wobetumi adi wɔn mma ahiade ahorow ho dwuma yiye. Ahiade ahorow yi bi ne dɛn?

Wɔn Nkate Fam Ahiade ho Dwumadi

6. Afã bɛn na ɛnanom ne agyanom wɔ wɔ wɔn mma nkate fam onyin ho?

6 Sɛ ‘ɔbaatan bi ma n’ani kũ ne mma ho’ a, ɛma wɔte ahotɔ, ahobammɔ, ne ɔdɔ nka. (1 Tesalonikafo 2:7; Dwom 22:9) Ɔbaatan biara ma n’ani ku ne ba ho. Odiyifo Yesaia bisae sɛ: “So ɔbea werɛ befi ne ba akokoaa, na ne yam renhyehye no ne yafumma ho?” (Yesaia 49:15) Enti mmea nya ɔfã kɛse wɔ wɔn mma nkate fam onyin mu. Nanso, agyanom nso wɔ ɔfã kɛse wɔ eyi mu. Abusua mu nsɛm ho ɔbenfo, Paul Lewis ka sɛ: “Minhuu nhwehwɛmufo biara a abofra [bɔne] bi aka ma wate pɛn sɛ na ɔne ne papa wɔ abusuabɔ pa. Mmofra ɔhaha no mu biako mpo nkaa saa.”

7, 8. (a) Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no wɔ abusuabɔ a emu yɛ den? (b) Ɔkwan bɛn na agyanom betumi afa so ama wɔne wɔn mma anya abusuabɔ a ɔdɔ wom?

7 Enti ɛho hia sɛ Kristofo agyanom yere wɔn ho ne wɔn mma nya abusuabɔ a ɔdɔ wom. Sɛ́ nhwɛso no, susuw Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho. Bere a wɔbɔɔ Yesu asu no, Yehowa kae sɛ: “Wone me dɔba, wo na wosɔ m’ani.” (Luka 3:22) Saa asɛm tiawa yi da nneɛma pii adi! Yehowa (1) gyee no toom sɛ ne Ba, (2) ɔdaa no adi wɔ baguam sɛ ɔdɔ Yesu, na (3) ɔdaa no adi sɛ ɔpene Yesu so. Nanso, ɛnyɛ saa bere no nkutoo na Yehowa kae sɛ ɔdɔ ne Ba no. Akyiri yi Yesu ka kyerɛɛ n’Agya sɛ: “Wodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase.” (Yohane 17:24) Na nokwarem no, so ɛho nhia sɛ mma mmarima ne mma mmea a wɔyɛ osetie nyinaa agyanom gye wɔn tom, dɔ wɔn, na wɔpene wɔn so?

8 Sɛ woyɛ agya a, ɛda adi sɛ wubetumi ayɛ pii na ama wo ne wo mma anya abusuabɔ a ɔdɔ wom denam nneɛma a ɛsɛ a wobɛyɛ ne nsɛm a ɛfata a wobɛka de akyerɛ ɔdɔ mpɛn pii no so. Ampa, ɛyɛ mmarima binom den sɛ wɔbɛka biribi de akyerɛ wɔn mma sɛ wɔdɔ wɔn, titiriw sɛ wɔn ankasa agyanom anka ankyerɛ wɔn da sɛ wɔdɔ wɔn a. Nanso sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛda ɔdɔ adi akyerɛ wo mma na woantumi anyɛ no yiye mpo a, ɛbɛboa wɔn kɛse. Anyɛ hwee koraa no, ‘ɔdɔ ma nkɔso.’ (1 Korintofo 8:1) Sɛ ɔdɔ a wowɔ ma wo mma sɛ agya no ma wɔte ahobammɔ nka a, ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛyɛ ‘mma ankasa’ na wɔatumi aka wɔn kokoam nsɛm akyerɛ wo.—Mmebusɛm 4:3.

Wɔn Honhom Fam Ahiade ho Dwumadi

9. (a) Ɔkwan bɛn so na Israelfo awofo a wosuro Onyankopɔn dii wɔn mmusua honhom fam ahiade ho dwuma? (b) Hokwan ahorow bɛn na Kristofo wɔ a wobetumi de akyerɛkyerɛ wɔn mma wɔ bɔnnɔ so?

9 Mmofra wɔ honhom fam ahiade nso. (Mateo 5:3) Mose tuu Israel awofo fo sɛ: “Nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” (Deuteronomium 6:6, 7) Sɛ woyɛ Kristoni ɔwofo a, wubetumi akyerɛkyerɛ wo mma nneɛma pii bɔnnɔ so, te sɛ “wo kwan so nantew mu.” Ɛbere a morekɔ baabi, mokɔtotɔ nneɛma, anaa mo ne mo mma bom kɔ afie afie wɔ Kristofo som adwuma mu no, ɛma munya hokwan a mode bɛkyerɛkyerɛ mo mma wɔ tebea a akomatu nnim mu. Adidibere titiriw yɛ bere pa a mmusua betumi abɔ nkɔmmɔ. Ɔwofo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛde adidibere ka nea esii da no ho asɛm.”

10. Dɛn nti na ɛtɔ da bi a abusua adesua yɛ yɛ den, na ɛsɛ sɛ awofo si wɔn bo dɛn?

10 Nanso, nkyerɛkyerɛ a wobɛhyɛ da ayɛ ho nhyehyɛe ama wo mma denam Bible adesua a mobɛyɛ daa so nso ho hia. Nokwarem no, “agyimisɛm kyekyere” mmofra “koma ho.” (Mmebusɛm 22:15) Awofo binom ka sɛ wɔn mma tumi hyɛ da sɛe abusua adesua no. Ɔkwan bɛn so? Ɔkwan a wɔfa so yɛ saa ne sɛ wɔntra ase dinn, na wɔyɛ te sɛ nea wɔn ani ahaw, wɔyɛ nneɛma bi a ɛhyɛ abufuw de twetwe afoforo adwene (te sɛ wɔn nuanom a wɔne wɔn bɛko), anaa wɔyɛ wɔn ho sɛnea wonnim Bible nokware mu mfitiasesɛm mpo. Sɛ eyi bɛdan adeyɛ a wɔde kyerɛ nea ɛsɛ sɛ n’apɛde yɛ hɔ a, ɛsɛ sɛ ɔwofo no apɛde na wɔyɛ. Ɛnsɛ sɛ Kristofo awofo abam bu na wɔma wɔn mma di abusua no so.—Fa toto Galatifo 6:9 ho.

11. Ɛbɛyɛ dɛn na abusua adesua ayɛ anigye?

11 Sɛ wo mma ani nnye abusua adesua no ho a, ebia wubetumi ayɛ nsakrae bi. Sɛ́ nhwɛso no, so wode adesua no ka mfomso a wo mma no di nnansa yi ho asɛm? Ebia ɛbɛyɛ papa sɛ mobɛbɔ ɔhaw a ɛte saa ho nkɔmmɔ wɔ kokoam. So motaa yɛ adesua no? Sɛ mutu adesua no hyɛ da na ama moatumi ahwɛ television dwumadi anaa agumadi bi a, ɛda adi sɛ wo mma no mfa no aniberesɛm kɛse. So wode mmɔdenbɔ ne anigye na ɛyɛ adesua no? (Romafo 12:8) Yiw, ɛsɛ sɛ adesua yɛ anigye. Bɔ mmɔden ma mmofra no nyinaa nnya mu kyɛfa. Nya adwempa na fa nkuranhyɛ ma, na sɛ wo mma no de wɔn ho hyem a, fi ɔdɔ mu kamfo wɔn. Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ wobɔ mmɔden sɛ mubesua nneɛma pii, na mmom bɔ mmɔden sɛ wubedu wɔn komam.—Mmebusɛm 23:15.

Nteɛso a Wɔde Ma wɔ Trenee Mu

12. Dɛn nti na nteɛso nkyerɛ ɔhwe bere nyinaa?

12 Mmofra hia nteɛso paa nso. Sɛ́ ɔwofo no, ɛsɛ sɛ woma wɔn anohyeto ahorow. Mmebusɛm 13:24 ka sɛ: “Nea ɔkora n’abaa tan ne ba, na nea ɔdɔ no no teɛ no so ntɛmso.” Nanso Bible no nkyerɛ sɛ bere nyinaa na ɛsɛ sɛ wohwe wɔn. Mmebusɛm 8:33 ka sɛ: “Muntie nteɛso,” na wɔka kyerɛ yɛn sɛ “nkaanim hyɛn nhumufo mu kyɛn sɛ mmaa ɔha hyɛn ɔkwasea mu.”—Mmebusɛm 17:10.

13. Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ wɔfa so de nteɛso ma abofra?

13 Ɛtɔ da bi a ɔhwe kakra ho behia. Nanso sɛ wɔyɛ no abufuw so a, ebia ɛbɛtra so na ɛso mma mfaso. Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na wɔn koma antu.” (Kolosefo 3:21) Nokwarem no, “amimyɛ bɔ onyansafo dam.” (Ɔsɛnkafo 7:7) Abofra a wɔhyɛ no ahometew betumi atew atua atia trenee nnyinasosɛm ahorow mpo. Enti ɛsɛ sɛ awofo fa Kyerɛwnsɛm no so de wɔn nan si fam teɛ wɔn mma so wɔ trenee mu, na mmom ɛsɛ sɛ wɔkari pɛ. (2 Timoteo 3:16) Wɔde ɔsoro nteɛso ma wɔ ɔdɔ ne odwo mu.—Fa toto 2 Timoteo 2:24, 25 ho.a

14. Sɛ awofo te nka sɛ wontumi nhyɛ wɔn abufuw so a dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

14 Nokwarem no, “yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu.” (Yakobo 3:2) Biribi betumi ahyɛ ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ mpo so ma waka biribi a ɛyɛ yaw prɛko pɛ anaa ne bo afuw. (Kolosefo 3:8) Sɛ ɛba no saa a, ɛnsɛ sɛ woma owia kɔtɔ a wo ba no ayɛ basaa anaa w’ankasa wo bo afuw. (Efesofo 4:26, 27) Ɛne wo ba no nsiesie asɛm no, na sɛ ɛfata a, pa no kyɛw. (Fa toto Mateo 5:23, 24 ho.) Ahobrɛase a wobɛda no adi sɛɛ no bɛma abusuabɔ a ɛda wo ne wo ba no ntam no mu ayɛ den. Sɛ wote nka sɛ wuntumi nni wo ho so, na wo bo befuw a, hwehwɛ mmoa fi asafo mpanyimfo a wɔapaw wɔn no hɔ.

Mmusua a Awofo a Wonni Ahokafo ne Mmanoma Wom

15. Ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa mmofra a wɔn awofo nni hokafo?

15 Nanso, ɛnyɛ mmofra nyinaa na awofo baanu hwɛ wɔn. Wɔ United States no, ɔwofo a onni hokafo na ɔtete mmofra 4 biara mu 1. Ná ‘nyisaa’ [anaa mmofra a wɔwɔ awofo biako] abu so wɔ Bible mmere mu, na Kyerɛwnsɛm no ka no mpɛn pii sɛ na ɛsɛ sɛ wodwen wɔn ho. (Exodus 22:22) Ɛnnɛ, Kristofo mmusua a awofo no nni ahokafo hyia ahokyere ne ɔhaw ahorow saa ara, nanso wonya awerɛkyekye fi nim a wonim sɛ Yehowa ne “nyisaa se ne akunafo sɛnnifo” no mu. (Dwom 68:5) Wɔhyɛ Kristofo sɛ ‘wɔnhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu.’ (Yakobo 1:27) Mfɛfo gyidifo betumi ayɛ pii de aboa awofo a wonni ahokafo mmusua.b

16. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ awofo a wonni ahokafo yɛ de boa wɔn ankasa mmusua? (b) Dɛn nti na nteɛso betumi ayɛ den, nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔde ma?

16 Sɛ woyɛ ɔwofo a onni hokafo a, dɛn na w’ankasa wubetumi ayɛ de aboa wo fifo? Ɛho hia sɛ woyɛ nsi wɔ abusua Bible adesua, nhyiamkɔ, ne asɛnka adwuma ho. Nanso ebia nteɛso a wode bɛma no betumi ayɛ asɛyɛde a ɛyɛ den ma wo. Ebia na woda so di wo hokafo a wodɔ no a wawu ho awerɛhow. Anaasɛ w’aware a agu ho afobu anaa ɛho abufuw haw wo. Sɛ mmara kyerɛ sɛ wo ne wo hokafo dedaw no nyinaa na monhwɛ mmofra no a, ebi mpo a wubesuro sɛ wo ba no ani begye ho sɛ ɔne nea wo ne no atetew mu anaa moagyae aware no mmom bɛtra. Ayamhyehye nti tebea a ɛtete saa betumi ama ayɛ den ama wo sɛ wode nteɛso a ɛkari pɛ bɛma. Nanso, Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ “abofra a wɔato no sraha gu ne na anim ase.” (Mmebusɛm 29:15) Enti mma afobu, ahonu, anaa ayamhyehyɛ a nea na ɔyɛ wo hokafo no nti ɛba wo so no nhyɛ wo so. Fa gyinapɛn a ntease wom na wotumi de di dwuma sisi hɔ. Ɛnsɛ sɛ wugyae Bible mu nnyinasosɛm ahorow mu siesie.—Mmebusɛm 13:24.

17. Ɔkwan bɛn so na ebia awofo a wonni ahokafo bɛma wɔn mma adi asɛyɛde a ɛmfata wɔn ho dwuma, na dɛn na wobetumi ayɛ de akwati eyi?

17 Nanso, nsɛnnennen betumi asɔre bere a ɔbea bi yɛ ne babarima te sɛ ne hokafo nsiananmu—abusua no ti—anaa ɔde ne babea yɛ obi a ɔka n’ahiasɛm nyinaa kyerɛ no, na ɔde ne kokoam nsɛm haw n’adwene no. Saa a ɔbɛyɛ no mfata, na ɛma abofra adwene tu fra. Sɛ awofo ma mmofra di mpanyimfo asɛyɛde ho dwuma a, ebetumi asɛe nteɛso a wɔde ma. Ma ɛnna adi sɛ wo ne ɔwofo no. Sɛ woyɛ ɛna a ohia afotu a egyina Bible so a, kɔhwehwɛ fi mpanyimfo anaa ebia onuawa panyin bi a ne ho akokwaw hɔ.—Fa toto Tito 2:3-5 ho.

18, 19. (a) Nsɛnnennen bɛn na mmusua a mmanoma wom hyia? (b) Ɔkwan bɛn so na awofo ne mmofra a wɔwɔ mmusua a mmanoma wom mu betumi ada nyansa ne nhumu adi?

18 Mmusua a mmanoma wom nso hyia nsɛnnennen saa ara. Mpɛn pii no, awofo a wɔwɔ mmanoma hu sɛ mmofra no ntaa nnya wɔn ho “dɔ prɛko pɛ.” Sɛ́ nhwɛso no, sɛ ɛyɛ te sɛ nea ɔwofo no pɛ ne mma ankasa asɛm kɛse a, ebia ɛbɛhaw mmanoma no paa. (Fa toto Genesis 37:3, 4 ho.) Nokwarem no, ebia na mmanoma no redi wɔn wofo a wafi mu no ho awerɛhow, na wosuro sɛ ɔkwan bi so no, ɔdɔ a wobenya ama nea wabɛyɛ wɔn wofo no bɛkyerɛ sɛ wɔnnɔ wɔn papa anaa wɔn maame paa no. Ebia sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde nteɛso a ɛho hia bɛma a nea wɔbɛka ne sɛ, ‘Ɛnyɛ wo na wowoo me!’

19 Mmebusɛm 24:3 se: “Wɔde nyansa na esi dan, na wɔde nhumu ma egyina.” Yiw, egye nyansa ne nhumu wɔ obiara fam na ama abusua a mmanoma wom akɔ so yiye. Bere rekɔ so no, ɛsɛ sɛ mmofra no gye nokwasɛm a ɛtaa yɛ yaw yi tom sɛ tebea no asakra. Saa ara na ebia ɛho behia sɛ awofo a wɔwɔ mmanoma sua sɛ wobenya boasetɔ ne mmɔborohunu, na wɔmma wɔn bo mfuw ntɛm bere a ɛte sɛ nea mmofra no mmu wɔn no. (Mmebusɛm 19:11; Ɔsɛnkafo 7:9) Ansa na wubefi ase ateɛ w’abanoma so no, bɔ mmɔden ne no nyɛ nnamfo. Ɛnkosi sɛ saa abusuabɔ no bɛba no, ebinom bebu no sɛ ɛbɛyɛ papa mmom sɛ wɔma nea ɔwoo abofra no ankasa teɛ no so. Sɛ ɔhaw ba a, ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden ka ho asɛm. Mmebusɛm 13:10 ka sɛ: “Wɔn a wotie afotu, nyansa ne wɔn te.”c

Kɔ So Yɛ Wo Fifo Nkwagye ho Adwuma

20. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo mmusua ti kɔ so yɛ?

20 Kristofo mmusua a ɛyɛ den mma kwa. Ɛsɛ sɛ mo a moyɛ mmusua ti no kɔ so yɛ mo fifo nkwagye ho adwuma denneennen. Momma mo ani nna hɔ, na monhyɛ su bɔne ne wiase nneyɛe biara nsow. Monyɛ ɔkasa, nneyɛ, ɔdɔ, gyidi, ne abrabɔ kronn ho nhwɛso pa. (1 Timoteo 4:12) Monna Onyankopɔn honhom aba no adi. (Galatifo 5:22, 23) Boasetɔ, tema, fafiri, ne ayamhyehye bɛhyɛ mmɔden a mobɔ sɛ mobɛkyerɛkyerɛ mo mma Onyankopɔn akwan no mu den.—Kolosefo 3:12-14.

21. Obi bɛyɛ dɛn atumi ama ɔdɔ ne anigye atra ne fie?

21 Ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, bɔ mmɔden ma anigye ne ɔdɔ ntra wo fie. Monyɛ nneɛma mmom sɛ abusua, na mommɔ mmɔden sɛ anyɛ yiye koraa no da biara mobɛbom adidi pɛnkoro. Kristofo nhyiam, asɛnka adwuma, ne abusua adesua ho hia. Nanso, “ɔserew wɔ ne bere . . . na asaw wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:1, 4) Yiw, monyɛ ahomegye a ɛma denhyɛ ho nhyehyɛe. Tete nneɛma akorae, mmoa ayɛmmea, ne mmeae a ɛtete saa a abusua no nyinaa bɛkɔ no bɛyɛ anigye. Anaasɛ mubetumi adum TV no na moabom ato anaa moatie nnwom, anaasɛ moadi agoru bi, na moabɔ nkɔmmɔ. Eyi betumi ahyɛ abusua no mu den.

22. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ wo fifo nkwagye ho adwuma denneennen?

22 Ɛmmra sɛ mo Kristofo awofo nyinaa bɛkɔ so ayere mo ho asɔ Yehowa ani koraa “na moasow adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyin akɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu.” (Kolosefo 1:10) Momfa mo fie no nsi fapem a ɛyɛ den a ɛne osetie a wɔyɛ ma Onyankopɔn Asɛm so. (Mateo 7:24-27) Na munnya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛpene mmɔden a mobɔ sɛ mobɛtete mo mma no wɔ “[ne] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu” no so.—Efesofo 6:4.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ asɛm “Bible no Adwene: ‘Nteɛso Abaa’—So Ne Bere Atwam?” a ɛwɔ January 8, 1993 Nyan! mu no.

b Hwɛ September 15, 1980 The Watchtower, nkratafa 15-26.

c Hwɛ October 15, 1984 The Watchtower, nkratafa 21-5.

Wubebua Dɛn?

◻ Ɔkwan bɛn so na okunu ne ɔyere betumi ayɛ biako de ahyɛ wɔn abusua den?

◻ Mmofra nkate fam ahiade ahorow no bi ne dɛn, na ɔkwan bɛn so na wobetumi adi eyinom ho dwuma?

◻ Ɔkwan bɛn so na mmusua ti betumi ahyɛ da ayɛ nkyerɛkyerɛ ho nhyehyɛe ama wɔn mma na wɔakyerɛkyerɛ wɔn wɔ bɔnnɔ so nso?

◻ Ɔkwan bɛn so na awofo betumi ateɛ wɔn mma so wɔ trenee kwan so?

◻ Dɛn na wobetumi ayɛ de aboa awofo a wonni ahokafo mmusua ne mmusua a mmanoma wom?

[Kratafa 16 mfonini]

Agya dɔ ne ne mpeneso ho hia ma abofra nkate fam onyin

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena