-
Mmofra A Yɛbɛtete Wɔn Wɔ Onyankopɔn Kasakyerɛ MuNyan!—2005 | January 8
-
-
Nea Kasakyerɛ anaa Nteɛso Kyerɛ Ankasa
Ɛdefa eyi ho no, Bible no ma afã a awofo wɔ no mu da hɔ fann. Sɛ nhwɛso no, Efesofo 6:4 ka sɛ: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” Kyerɛwsɛm yi hyɛ da bɔ agya din sɛ ɔno na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ de ntetee ma ne mma. Nokwarem no, ɔyere no nso yɛ ne fam de boa ne kunu no.
The Interpreter’s Dictionary of the Bible ka asɛmti yi ho asɛm sɛ: “Nteɛso a Bible ka ho asɛm no kyerɛ ntetee, akwankyerɛ ne nimdeɛ a wɔde ma, a animka, atenetene ne asotwe nso ka ho bi. Wɔtaa de nteɛso di dwuma wɔ abayɛn mu.” Enti nteɛso kyerɛ pii sen animka ara kwa; ntetee biara a mmofra hia a ɛbɛma asi wɔn yiye no ka ho. Nanso ɔkwan bɛn so na awofo betumi akwati sɛ wobeyi wɔn mma abufuw?
Da Tema Adi
Dɛn na ɛhyɛ abofra abufuw? Susuw tebea yi ho hwɛ. Fa no sɛ wo ne obi a ne bo taa fuw ntɛm na onni boasetɔ na ɛyɛ adwuma. Biribiara nni hɔ a woyɛ a ɛyɛ no fɛ. Asɛm biara a wobɛka anaa ade biara a wobɛyɛ no onya ho asɛm ka. Woyɛ adwuma biara a, n’ani nnye ho, na ɔma wote nka sɛ wo ho nhia. Wunnye nni sɛ ɛbɛhyɛ wo abufuw, na ama w’abam abu?
Ade koro no ara betumi ato abofra a bere nyinaa n’awofo guan ne ho anaa wɔde abufuw teɛ ne so no. Ɛwom, mmofra hia nteɛso wɔ bere ne bere mu na Bible no hyɛ awofo sɛ wɔnteɛ wɔn so. Nanso sɛ wɔbɛyɛ katee de atirimɔden ne abofra adi no bɛhyɛ no abufuw na ebetumi ama ne werɛ ahow, ebetumi aka ne nyamesom na mpo aka ne nipadua.
-
-
Mmofra A Yɛbɛtete Wɔn Wɔ Onyankopɔn Kasakyerɛ MuNyan!—2005 | January 8
-
-
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 13]
‘YEHOWA NYANSAKYERƐ’
Efesofo 6:4 ka ‘Yehowa nyansakyerɛ’ ho asɛm. Wɔkyerɛ mfitiase Hela asɛmfua “nyansakyerɛ” no ase wɔ Bible nkyerɛase bi mu sɛ “adwene,” “agyinatu,” anaa “afotu.” Saa nsɛm yi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ mmusua yɛ pii sen Bible no anaa nhoma afoforo a wɔde sua Bible no a wɔbɛtaa akenkan ara kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ awofo hwɛ ma wɔn mma te Onyankopɔn Asɛm no ase, hu hia a ehia sɛ wɔyɛ osetie, wohu sɛ Yehowa dɔ wɔn na ɔbɔ wɔn ho ban nso.
Wɔbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi? Judy, ɛna a ɔwɔ mma baasa no huu hia a na ehia sɛ ɔyɛ pii sen sɛ daa ɔbɛka Onyankopɔn mmara ho asɛm akyerɛ ne mma no. “Mihui sɛ na wɔmpɛ sɛnea na daa menam ɔkwan koro so ka nneɛma koro no ara ho asɛm kyerɛ wɔn no. Mifii ase hwehwɛɛ akwan foforo a mɛfa so akyerɛkyerɛ wɔn. Ɔkwan biako a mefaa so ne sɛ, mehwehwɛɛ sɛnea Nyan! nsɛmma nhoma no fa akwan foforo so da nsɛm koro yi ara adi no. Saa kwan no so no, mihuu sɛnea mɛkae mmofra no nsɛm a ɛho hia wɔn bere a menhyɛ wɔn abufuw.”
Angelo a n’abusua kɔɔ ɔhaw mu no ka sɛnea ɔkyerɛkyerɛɛ ne mmabea ɔkwan a wɔfa so dwennwen Onyankopɔn Asɛm ho: “Yɛbom kenkan Bible mu nsɛm, na afei miyiyi nsɛm bi fi mu na mekyerɛkyerɛ mu ma ɛfa me mmabea no nsɛm tebea ho. Akyiri yi, bere a wɔn ankasa rekenkan Bible no, na mihu sɛ wosusuw asɛm no ho yiye, na wɔdwennwen sɛnea Onyankopɔn Asɛm mu ntease no fa wɔn ho no ho.”
-