Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mompere Nnu Botae No Ho!
    Ɔwɛn-Aban—1990 | November 15
    • Monkɔ So Mpere Nnu Botae no Ho

      Afei, ɔsomafo no kyerɛɛ Filipifo no nea ɛsɛ sɛ wonya ne mu ahotoso bere a wɔpere adu botae no ho no. (3:1-21) Ɛsɛ sɛ wonya Yesu Kristo mu ahotoso, na ɛnyɛ honam anaasɛ twetiatwa sɛnea na ebinom reyɛ no. Paulo buu ne honam fam dibea ho adanse sɛ sumina so ade, ‘Yesu Kristo ho nimdeɛ a ɛkyɛn so’ no nti. Na ɔsomafo no ‘de mmirika repɛ botae no ho adu, na wakonya ɔsoro frɛ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu mu afrɛ no no mu nkonimbo no,’ na ɔhyɛɛ Filipifo no sɛ wonnya adwene koro no ara bi.

  • Mompere Nnu Botae No Ho!
    Ɔwɛn-Aban—1990 | November 15
    • [Adaka/​Mfonini wɔ kratafa  25]

      Botae no Ho Du: Paulo kyerɛwee sɛ: “Mema me werɛ fi akyiri de, na metwe me mu mepɛ anim de.Mede mmirika mepɛ botae no ho madu, na makonya ɔsoro frɛ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu mu afrɛ me no mu nkonimbo no.” (Filipifo 3:13, 14) Na ɔsomafo no reyere ne ho te sɛ obi a ɔwɔ mmirikatu akansi mu. Wansɛe bere ne ahoɔden amfa anhwɛ n’akyi, na mmom ɔpere kɔɔ ne botae no ho​—te sɛ amirikatufo a ɔreyere ne ho adu faako a ɛsɛ sɛ mmirika no wie no. Wɔ Paulo ne Kristofo a wɔsra wɔn fam no, nkonimbo no yɛ ɔsoro asetra denam owusɔre so, bere a wɔawie wɔn asase nokwaredi adwuma ma Onyankopɔn no. Sɛ ebia yɛn anidaso yɛ ɔsoro anaasɛ asase so de no,momma yenkura yɛn mudi mu mma Yehowa, na yɛmpere nnu yɛn botae no ho sɛ n’Adansefo.​—2 Timoteo 4:7.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena