Bɔne Nkɛntɛnso wɔ Ɔhonam a Ɛtɔ Sin so a Yɛbɛko Atia
“Ɔhonam adwene yɛ owu, na honhom adwene yɛ nkwa ne asomdwoe.”—ROMAFO 8:6.
1. Atirimpɔw bɛn nti na wɔbɔɔ nnipa?
“ONYANKOPƆN bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.” (Genesis 1:27) Biribi suban da sɛnea dekode no anaa ne fibea te adi. Enti, wɔbɔɔ nnipa sɛ wɔnna Onyankopɔn anuonyam no adi. Wɔnam su horow a Onyankopɔn wɔ—te sɛ ɔdɔ, papayɛ, atɛntrenee, ne honhom fam yiyedi—a wɔbɛda no adi wɔ wɔn nneyɛe nyinaa mu so yi Ɔbɔadeɛ no ayɛ di no ni, na wɔn ankasa nso nya anigye ne abotɔyam.—1 Korintofo 11:7; 1 Petro 2:12.
2. Ɛyɛɛ dɛn na nnipa baanu a wodi kan no tɔɔ sin?
2 Wɔbɔɔ nnipa baanu a wodi kan no wɔ pɛyɛ mu, a na wobetumi ayɛ saa adwuma yi yiye. Te sɛ ahwehwɛ a wɔapopa anim hyɛnhyɛn no, na wobetumi de nokwaredi ada Onyankopɔn anuonyam no adi ma ayɛ fɛ. Nanso, wɔsɛee wɔn pɛyɛ no bere a wɔboapa paw sɛ wɔbɛyɛ wɔn Bɔfo ne wɔn Nyankopɔn no so asoɔden no. (Genesis 3:6) Ɛno akyi no, wɔantumi anna Onyankopɔn anuonyam no adi pɛpɛɛpɛ bio. Onyankopɔn anuonyam bɔɔ wɔn, na wɔamma atirimpɔw nti a wɔbɔɔ wɔn wɔ Onyankopɔn suban so no amma mu. Yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, wɔyɛɛ bɔne.a
3. Bɔne te dɛn ankasa?
3 Eyi boa yɛn ma yehu sɛnea bɔne, a ɛmma onipa ntumi nna Onyankopɔn su ne n’anuonyam adi pɛpɛɛpɛ no te ankasa. Bɔne gu onipa ho fĩ, ɛne sɛ, wɔ honhom ne abrabɔ fam no, ne ho ntew, na nkekae wɔ ne ho. Esiane sɛ adesamma nyinaa yɛ Adam ne Hawa asefo nti, wɔde nkekae ne fĩ a ɛte saa wo wɔn, ma wonnu nea Onyankopɔn hwehwɛ wɔ wɔn ho sɛ ne mma no ho. Na dɛn na afi mu aba? Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”—Romafo 5:12; fa toto Yesaia 64:6 ho.
Bɔne Nkɛntɛnso wɔ Ɔhonam a Ɛtɔ Sin no So
4-6. (a) Adwene bɛn na nnipa dodow no ara wɔ wɔ bɔne ho nnɛ? (b) Dɛn na afi bɔne ho adwene a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu aba?
4 Ɛnnɛ, nnipa dodow no ara mmu wɔn ho sɛ wɔn ho ntew, nkekae wɔ wɔn ho, anaa wɔyɛ abɔnefo. Nokwarem no, nnipa dodow no ara mfa asɛmfua bɔne nni dwuma wɔ wɔn kasa mu bio. Ebia nea wɔbɛka mmom ne mfomso, atɛmpa a wɔmfa nni dwuma, ne biribi a wonsusuw ho yiye. Nanso bɔne ho asɛm ɛ? Wɔnka! Nnipa abusuabɔ ho ɔbenfo a wɔfrɛ no Alan Wolfe, ka sɛ, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wogye Onyankopɔn di no fam mpo no, “wɔfa ne nkyerɛkyerɛ no sɛ abrabɔ fam gyidi sen abrabɔ ho mmara, wobu no sɛ ‘nyansahyɛ 10’ mmom sen mmara nsɛm 10.”
5 Dɛn na afi nsusuwii a ɛte sɛɛ mu aba? Ɛno ne bɔne a wonnye ntom sɛ ɛwɔ hɔ ankasa, anaa anyɛ yiye koraa no ani a wobu gu so. Eyi ama yɛanya nnipa bi a wɔn adwene akyia wɔ papa ne bɔne ho, na wofi wɔn pɛ mu de wɔn ankasa nneyɛe ho gyinapɛn sisi hɔ a wɔte nka sɛ obiara nni hɔ a wobebu nea wɔyɛ ho akontaa akyerɛ no. Wɔ nnipa a wɔte saa fam no, sɛ wɔante nka sɛ nea wɔyɛ no nye a, na ɛkyerɛ sɛ ɛteɛ.—Mmebusɛm 30:12, 13; fa toto Deuteronomium 32:5, 20 ho.
6 Sɛ́ nhwɛso no, wɔ television dwumadi bi a wobisabisa nkurɔfo nsɛm wom mu no, wɔtoo nsa frɛɛ mmerante ne mmabaa bi sɛ wɔmmɛkyerɛ wɔn adwene wɔ nea wɔfrɛ no bɔne akɛse ason no ho.b Aberante biako kae sɛ: “Ahantan nyɛ bɔne. Ɛsɛ sɛ wubu wo ho sɛ wo nso woyɛ nipa.” Ɛdefa honhom fam anibiannaso ho no, ɔfoforo kae sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a eye sɛ wobɛyɛ saa. . . . Ɛtɔ mmere bi a, eye sɛ wohome na wunya bere ma w’ankasa ho.” Nea ɔhwɛ dwumadi no so mpo kaa no pen sɛ: ‘Bɔne akɛse ason no nyɛ amumɔyɛde, na mmom ɛyɛ ade a ɛkanyan nnipa nyinaa a etumi haw adwene, na etumi yɛ anigye kɛse nso.’ Yiw, sɛnea wonnye bɔne ntom no, saa ara na wɔnte afobu nke, efisɛ afobu bɔ ahonim pa abira koraa.—Efesofo 4:17-19.
7. Sɛnea Bible kyerɛ no, bɔne aka nnipa dɛn?
7 Nea ɛne eyi nyinaa bɔ abira koraa no, Bible no ka no pefee sɛ: “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn.” (Romafo 3:23) Ɔsomafo Paulo mpo gye toom sɛ: “Minim sɛ me mu, ɛne sɛ me honam mu de, papa bi nte mu; efisɛ ɔpɛ de, ɛwɔ me hɔ, na ɔyɛ a mɛyɛ nea eye no de, minhu. Na papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ.” (Romafo 7:18, 19) Ɛnyɛ sɛ na Paulo resu ne ho wɔ ha. Mmom no, esiane sɛ na wahu sɛnea adesamma tɔ sin wɔ Onyankopɔn anuonyam ho nti, obehuu tumi a bɔne wɔ wɔ ɔhonam a ɛyɛ mmerɛw so no pefee. Ɔkae sɛ: “Me manehunufo! Hena na obeyi me afi owu yi nipadua mu?”—Romafo 7:24.
8. Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho? Dɛn ntia?
8 Wususuw asɛm yi ho dɛn? Ebia wubegye atom sɛ, sɛ́ Adam aseni no, wonyɛ pɛ te sɛ obiara. Nanso nim a wunim saa asɛm no ka wo nsusuwii ne w’asetra kwan dɛn? So wubu no sɛ biribi a wuntumi nyɛ ho hwee, ma wokɔ so yɛ nea wufi awosu mu pɛ? Anaasɛ wobɔ mmɔden bere nyinaa sɛ wobɛko atia bɔne nkɛntɛnso wɔ ɔhonam a ɛtɔ sin no so, na woyere wo ho sɛ wobɛda Onyankopɔn anuonyam no adi sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara wɔ biribiara a woyɛ mu? Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bu no aniberesɛm esiane nea Paulo kae yi nti: “Wɔn a wɔnam ɔhonam fam no dwen ɔhonam de, na wɔn a wɔnam honhom de mu no dwen honhom de. Na ɔhonam adwene yɛ owu, na honhom adwene yɛ nkwa ne asomdwoe.”—Romafo 8:5, 6.
Ɔhonam Adwene
9. Dɛn nti na “ɔhonam adwene yɛ owu”?
9 Dɛn na na Paulo kyerɛ bere a ɔkae sɛ “ɔhonam adwene yɛ owu” no? Bible no taa de asɛmfua “ɔhonam” di dwuma de gyina hɔ ma nnipa a ‘wɔwoo wɔn amumɔyɛ mu’ sɛ́ ɔsɔretiafo Adam asefo a sintɔ wɔ wɔn ho. (Dwom 51:5; Hiob 14:4) Enti, na Paulo retu Kristofo fo sɛ wɔmmfa wɔn adwene nnsi ɔhonam a ɛtɔ sin na ɛyɛ mmerɛw no nsusuwii, nkate, ne akɔnnɔ bɔne no so. Na dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ saa? Paulo kaa ɔhonam nnwuma kyerɛɛ yɛn wɔ baabi foforo, na ɔde kɔkɔbɔ yi kaa ho sɛ: “Wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn ahenni.”—Galatifo 5:19-21.
10. Sɛ wɔka sɛ obi ‘dwen’ biribi ho a, dɛn na ɛkyerɛ?
10 Nanso so nsonsonoe kɛse nna biribi a obi bedwen ho, ne dekode no a ɔbɛyɛ ntam? Ampa, ɛnyɛ bere nyinaa na sɛ obi dwen biribi ho a, ɔyɛ saa ade no. Nanso, biribi a obi bedwen ho no kɔ akyiri sen nsusuwii bi a ɛba ne tirim bere tiaa bi kɛkɛ. Hela asɛmfua a Paulo de dii dwuma ne phroʹne·ma, na egyina hɔ ma “sɛnea wosusuw ade ho, (nea wɔde adwene si so), . . . botae, nea wɔhwɛ kwan, nea wɔpere du ho.” Enti, “ɔhonam adwene” kyerɛ ɔhonam a ɛtɔ sin no akɔnnɔ a edi obi so, ɛkɛntɛn no so, ɛhyɛ ne so, na ɛkanyan no.—1 Yohane 2:16.
11. Ɔkwan bɛn so na Kain nyaa ɔhonam adwene, na dɛn na efii mu bae?
11 Ɔkwan a Kain faa so bɔɔ ne bra no kyerɛkyerɛ asɛm yi mu yiye. Bere a ahoɔyaw ne abufuw baa Kain koma mu no, Yehowa Nyankopɔn bɔɔ no kɔkɔ sɛ: “Ɛdɛn nti na wo bo afuw, na ɛdɛn nti na woamuna yi? Sɛ woyɛ yiye a, anka w’anim rentew anaa? Na sɛ woanyɛ yiye a, bɔne butuw ɔpon ano, na w’akyi kwan na ɛhwehwɛ, nanso di no so.” (Genesis 4:6, 7) Ná ɛsɛ sɛ Kain paw biribi. So na ‘ɔbɛdan akɔ nea eye so,’ kyerɛ sɛ, ɔde n’adwene, ne botae, ne nea ɔhwɛ kwan besi biribi pa so? Anaasɛ na ɔbɛkɔ so anya ɔhonam adwene, na ɔde n’adwene asi akɔnnɔ bɔne a na aba ne koma mu no so? Sɛnea Yehowa kyerɛkyerɛɛ mu no, na “bɔne butuw ɔpon ano” retwɛn ato ahyɛ Kain so amene no, sɛ ɔma ho kwan a. Sɛ́ anka Kain bɛko atia ne honam akɔnnɔ na ‘wadi so’ no, ɔmaa edii no so—kowiee ɔsɛe mu.
12. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛamfa “Kain kwan so”?
12 Na yɛn a yɛte ase nnɛ no nso ɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ yɛmpɛ sɛ yɛfa “Kain kwan so,” sɛnea Yuda kaa afeha a edi kan mu Kristofo no bi ho asɛm no. (Yuda 11) Ɛnsɛ sɛ yesusuw da, ka sɛ ɛnsɛe hwee sɛ yebedi yɛn akɔnnɔ akyi anaa yebebu mmara so kakra wɔ bere ne bere mu. Sɛ́ anka yɛbɛyɛ saa mmom no, ɛsɛ sɛ yɛn ani da hɔ na yɛahu nkɛntɛnso bɔne biara a ebia aba yɛn koma ne yɛn adwene mu, na yɛayi afi hɔ ntɛm ansa na agye ntini. Sɛ yebetumi ako atia bɔne nkɛntɛnso wɔ ɔhonam a ɛtɔ sin so a, ɛsɛ sɛ yefi ase fi koma mu.—Marko 7:21.
13. Ɔkwan bɛn so na obi ‘ankasa akɔnnɔ’ betumi ‘asɔ no ahwɛ’?
13 Sɛ́ nhwɛso no, ebia w’ani bɛbɔ biribi a ɛyɛ ahodwiriw anaa aninyan, anaa nea ɛtwetwe akɔnnɔ anaa ɛkanyan nna ho nkate kɛse so. Ebetumi ayɛ nhoma anaa nsɛmma nhoma bi mu mfonini, biribi a ɛba sini anaa television so, biribi a wɔrebɔ ho dawuru, anaasɛ biribi a ɛrekɔ so a w’ani tua mpo. Ɛno ankasa nyɛ hwee, efisɛ ɛyɛ ade a etumi ba. Nanso, ɛmfa ho sɛ ebia saa mfonini anaa tebea no dii anibu kakraa bi pɛ no, ebetumi akɔ so atra w’adwene mu ma woakae wɔ bere ne bere mu. Sɛ ɛba saa a, dɛn na woyɛ? So woyɛ ɛho biribi ntɛm de ko tia nsusuwii no, yi fi w’adwene mu? Anaasɛ woma ɛkɔ so tra w’adwene mu, na ebia bere biara a ɛba w’adwene mu no, wosan twa tebea no ho mfonini bio? Saa a wobɛyɛ no bɛma woafi afeyɛ bi a ɛtoatoa so a Yakobo kaa ho asɛm yi: “Wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ n’ankasa akɔnnɔ a egyigye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ; ansa na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no wie nyin a, ɛwo owu.” Ɛno nti na Paulo kae sɛ: “Ɔhonam adwene yɛ owu” no.—Yakobo 1:14, 15; Romafo 8:6.
14. Tebea bɛn na yehyia no da biara, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho?
14 Esiane sɛ yɛte wiase bi a wɔkamfo nna mu ɔbrasɛe, basabasayɛ, ne honam fam ade dodowpɛ kyerɛ—wɔde eyi kyerɛ pefee wɔ nhoma, sini, television dwumadi, ne nnwom a agye den mu—nti, ɛkame ayɛ sɛ wɔde adwene a ɛnteɛ hyɛ yɛn so daa. Dɛn na woyɛ wɔ ho? So ɛyɛ a wode eyi nyinaa gyigye w’ani? Anaa ɛyɛ a wote nka sɛ te sɛ ɔtreneeni Lot, “a amumɔyɛfo no de wɔn ahohwi abrabɔ haw no . . . [na] mmarato nnwuma no yɛɛ ne kra trenee no ayayade daa nyinaa” no? (2 Petro 2:7, 8) Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ako atia bɔne nkɛntɛnso wɔ ɔhonam a ɛtɔ sin so no, ehia sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ te sɛ nea odwontofo no yɛe no: “Meremma ahuhusɛm bi nsi m’ani so, mikyi ahohwisɛmdi, ɛremfam me ho.”—Dwom 101:3.
Honhom Adwene
15. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadi tumi a bɔne wɔ wɔ yɛn so no so?
15 Ade a ebetumi aboa yɛn ma yɛako atia tumi a bɔne wɔ wɔ ɔhonam a ɛtɔ sin so no ne nea Paulo toaa so kae no: “Honhom adwene yɛ nkwa ne asomdwoe.” (Romafo 8:6) Enti, sɛ́ anka yɛbɛma ɔhonam no adi yɛn so tumi no, ɛsɛ sɛ yɛma honhom no nya yɛn so nkɛntɛnso na yesusuw honhom mu nneɛma ho. Ɛnonom ne dɛn? Paulo bobɔ din wɔ Filipifo 4:8 (New World Translation) sɛ: “Nea aka no, anuanom, biribiara a ɛyɛ nokware, biribiara a anim yɛ duru, biribiara a ɛteɛ, biribiara a ɛho tew, biribiara a ɛwɔ ɔdɔ, biribiara a ɛwɔ din pa, biribiara a ɛyɛ ɔbra pa, biribiara a ɛsɛ ayeyi no, saa nneɛma yi ho na munnwen.” Momma yɛnhwɛ nea ɛsɛ sɛ yɛkɔ so dwen ho no yiye na ama yɛate ase yiye.
16. Su ahorow bɛn na Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnkɔ so nnwen ho,’ na dɛn na emu biara kyerɛ?
16 Nea edi kan no, Paulo bobɔɔ abrabɔ su horow awotwe din, na ɔde “biribiara” dii emu biara anim. Saa asɛm no kyerɛ sɛ ɛnyɛ Kyerɛwnsɛm mu nsɛm anaa nkyerɛkyerɛ nkutoo na Kristofo betumi asusuw ho bere nyinaa. Nneɛma pii wɔ hɔ a yebetumi de yɛn adwene asi so. Nanso ehia sɛ ɛne abrabɔ su horow a Paulo bobɔɔ din no hyia. Ɛfata sɛ yɛde yɛn adwene si “nneɛma” a Paulo kaa ho asɛm no mu biara so. Momma yensusuw ho mmiako mmiako.
◻ “Nokware” kyerɛ pii sen sɛ biribi yɛ ampa anaa atoro ara kwa. Ɛkyerɛ nokwafo a obi bɛyɛ, trenee a obedi akyi, ne ne mu ahotoso a nnipa betumi anya, biribi a ɛwɔ hɔ ankasa a ɛnyɛ nea wɔde biribiri ani so kɛkɛ.—1 Timoteo 6:20.
◻ Nea “anim yɛ duru” kyerɛ nneɛma a anim ba nyam na ɛwɔ obu. Ɛkanyan nidi, biribi a ɛkorɔn, ɛyɛ papa, na ɛho tew mmom sen nea ɛyɛ asefem na ɛhyɛ aniwu.
◻ Nea “ɛteɛ” a yɛbɛyɛ kyerɛ sɛ yebedu Onyankopɔn gyinapɛn ho, ɛnyɛ nnipa de. Wiasefo susuw nneɛma a ɛnteɛ ho, nanso ɛsɛ sɛ yesusuw nneɛma a ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so ho na yɛn ani gye ho.—Fa toto Dwom 26:4; Amos 8:4-6 ho.
◻ Nea “ɛho tew” kyerɛ biribi a ɛho twa na ɛyɛ kronn, ɛnyɛ abrabɔ (nna anaa ade foforo bi) fam nko, na mmom nsusuwii ne adwene fam nso. Yakobo ka sɛ: “Nyansa a efi soro no de, nea edi kan ne sɛ ɛho tew.” Yesu a ne ho “tew” no yɛ Nhwɛso a ɛyɛ pɛ a ɛsɛ sɛ yesusuw ne ho.—Yakobo 3:17; 1 Yohane 3:3.
◻ Biribi a “ɛwɔ ɔdɔ” yɛ biribi a ɛtwetwe afoforo na ɛkanyan wɔn ma wonya ɔdɔ. Ɛsɛ sɛ ‘yɛhwehwɛ yɛn ho twetwe yɛn ho kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu’ sen sɛ yɛde yɛn adwene besi nneɛma a ɛkanyan nitan, abufuw, ne mpaapaemu so.—Hebrifo 10:24.
◻ Nea “ɛwɔ din pa” nkyerɛ biribi a “agye din” anaa “wɔka ho asɛmpa” kɛkɛ, na mmom sɛnea etumi da adi no, ɛkyerɛ nea ɛma denhyɛ ne nkamfo. Yɛde yɛn adwene si nneɛma a ɛso wɔ mfaso na ɛma denhyɛ so mmom sen nea ɛbrɛ afoforo ase na ɛhyɛ wɔn abufuw.—Efesofo 4:29.
◻ Nea “ɔbra pa” kyerɛ ankasa ne “papayɛ” anaa “abrabɔ a ɛkyɛn so,” nanso ebetumi akyerɛ biribi a ɛkyɛn so biara. Enti, yebetumi akyerɛ afoforo su pa ahorow, wɔn mmɔdenbɔ, ne nea wɔatumi ayɛ a ɛne Onyankopɔn gyinapɛn hyia ho anisɔ.
◻ Nneɛma a “ɛsɛ ayeyi” fata nkamfo ankasa, titiriw sɛ ayeyi no fi Onyankopɔn anaa n’ananmusifo hɔ a.—1 Korintofo 4:5; 1 Petro 2:14.
Nkwa ne Asomdwoe ho Bɔhyɛ
17. Nhyira bɛn na efi “honhom adwene” mu ba?
17 Sɛ yedi Paulo afotu no akyi na yɛkɔ so ‘dwen saa nneɛma yi ho’ a, yebetumi ‘adwen honhom mu de’ ho. Ɛnyɛ nkwa akyɛde no, kyerɛ sɛ, daa nkwa wɔ wiase foforo a wɔde ahyɛ bɔ no mu nko na yebenya, na mmom asomdwoe nso. (Romafo 8:6) Dɛn ntia? Efisɛ ɛbɔ yɛn adwene ho ban fi ɔhonam nneɛma no nkɛntɛnso bɔne no ho, na apereperedi a emu yɛ den a ɛda ɔhonam ne honhom ntam a Paulo kaa ho asɛm no nhaw yɛn kɛse bio. Yɛnam ɔhonam nkɛntɛnso a yɛbɛko atia no nso so ne Onyankopɔn nya asomdwoe “efisɛ ɔhonam adwene yɛ nitan a ɛtan Onyankopɔn.”—Romafo 7:21-24; 8:7.
18. Ɔko bɛn na Satan ne yɛn reko, na yɛbɛyɛ dɛn adi nkonim?
18 Satan ne n’adwumayɛfo reyɛ nea wobetumi nyinaa na amma yɛanna Onyankopɔn anuonyam no adi yiye. Wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi yɛn adwene so denam ɔhonam akɔnnɔ a wɔde hyɛ mu so, na wonim sɛ awiei koraa no, ɛde ɔtan bɛto yɛne Onyankopɔn ntam na akowie owu mu. Nanso yebetumi adi nkonim wɔ ɔko yi mu. Te sɛ Paulo no, yɛn nso yebetumi aka sɛ: “Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn” efisɛ wama yɛn nea yɛde bɛko atia tumi a bɔne wɔ wɔ ɔhonam a ɛtɔ sin no so.—Romafo 7:25.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hebri asɛmfua cha·taʼʹ ne Hela asɛmfua ha·mar·taʹno na Bible no taa de gyina hɔ ma “bɔne.” Nsɛmfua abien yi nyinaa kyerɛ “tɔ sin,” na ɛkyerɛ botae bi a wɔtɔ ho sin anaa wonnu ho.
b Wogye tom sɛ bɔne akɛse ason no ne ahantan, anibere, akɔnnɔ bɔne, ahoɔyaw, potwaa, abufuw, ne honhom fam anibiannaso.
Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?
◻ Dɛn ne bɔne, na ɔkwan bɛn so na ebetumi anya ɔhonam a ɛtɔ sin no so nkɛntɛnso?
◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi ako atia “ɔhonam adwene”?
◻ Dɛn na yebetumi ayɛ de anya “honhom adwene”?
◻ Ɔkwan bɛn so na “honhom adwene” de nkwa ne asomdwoe ba?
[Kratafa 15 mfonini]
Kain maa ɔhonam nkɛntɛnso dii no so de no kɔɔ ɔsɛe mu
[Kratafa 16 mfonini ahorow]
Honhom adwene yɛ nkwa ne asomdwoe