Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 3/1 kr. 29-31
  • Nyamekyerɛ mu Akyinnyesɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nyamekyerɛ mu Akyinnyesɛm
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akyinnyesɛm bi Mfiase ne ne Nkɔso
  • Na Paulo Gye “Mfinimfini Tebea” Di?
  • Owusɔre No—Bible Nokwasɛm a Ɛyɛ Anigye
  • Kyerɛ Gyidi na Woanya Daa Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Wo Gyidi Wɔ Owusɔre Mu Yɛ Den Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Owusɔre​—So Nipadua Na Ɛbɛba Anaa Nipa Mũ No Nyinaa?
    Nyan!—1983
  • Owusɔre Anidaso No Wɔ Tumi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 3/1 kr. 29-31

Nyamekyerɛ mu Akyinnyesɛm

“ADWENE a ɛne sɛ ɔkra nwu ne awufo sɔre mu gyidi . . . yɛ nsusuwii abien a ɛsono emu biara koraa, na ɛho hia sɛ wɔpaw emu biako.” Philippe Menoud nsɛm yi kyerɛ akyinnyesɛm a Protestant ne Katolek nyamekyerɛfo rehyia wɔ tebea a awufo wom ho. Bible no ka owusɔre ho anidaso a ɛbɛba “ɛda a edi akyiri” no ho asɛm. (Yohane 6:39, 40, 44, 54) Nanso, nyamekyerɛni Gisbert Greshake ka sɛ, agyidifo pii anidaso “gyina ɔkra a enwu da, a efi nipadua mu wɔ owu mu, na ɛsan kɔ Onyankopɔn nkyɛn no so, na owusɔre ho anidaso abɛyɛ ade a ɛreyɛ ayera kɛse, sɛ ɛnyerae koraa a.”

Tebea a ɛte saa ma asɛm bi a emu yɛ den sɔre, sɛnea Bernard Sesboüé kyerɛkyerɛ mu no: “Tebea bɛn mu na awufo kɔ wɔ ‘bere’ a ɛda wɔn wu wɔ nipadua mu ne owusɔre a etwa to no ntam mu?” Ɛkame ayɛ sɛ saa asemmisa no ayɛ asɛm a wɔagye ho akyinnye wɔ nyamekyerɛ mu wɔ mfe kakra a atwam no mu. Dɛn na ɛde eyi bae? Na nea ɛho hia titiriw no, dɛn ne awufo anidaso ankasa?

Akyinnyesɛm bi Mfiase ne ne Nkɔso

Ná Kristofo a wodi kan no te asɛm no ase pefee. Na wonim fi Kyerɛwnsɛm no mu sɛ awufo nnim biribiara, efisɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara . . . Adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.” (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Ná saa Kristofo no wɔ anidaso sɛ owusɔre bɛba daakye wɔ “Awurade ba” no mu. (1 Tesalonikafo 4:13-17) Wɔanhwɛ kwan sɛ wɔbɛtra ase wɔ baabi foforo, bere a wɔretwɛn saa bere no. Joseph Ratzinger, a seesei ɔyɛ Vatican Asafo a ɛhwɛ Asɔre no Nkyerɛkyerɛ so no panyin ka sɛ: “Nkyerɛkyerɛ biara nni hɔ a na esi ɔkra a enwu da ho nkyerɛkyerɛ no so dua wɔ tete Asɔre no mu.”

Nanso, Nuovo dizionario di teologia, kyerɛkyerɛ mu sɛ, sɛ yɛrekenkan asɔre Agyanom binom te sɛ Augustine anaa Ambrose nsɛm a wɔkyerɛwee a, “yehu biribi foforo wɔ Bible mu atetesɛm ho—Helafo nkyerɛkyerɛ a ɛfa awufo ho a ɛyɛ soronko koraa wɔ nea na Yudafo Kristofo gye di ho.” Ná saa nkyerɛkyerɛ foforo yi gyina “ɔkra a enwu da, bu a wobu obiara atɛn bere a wawu no akyi pɛɛ, na wɔma no akatua anaasɛ wɔtwe n’aso” so. Enti, wobisaa “mfinimfini tebea” no ho asɛm sɛ: Sɛ ɔkra no fi nipadua no mu kɔ so tra ase wɔ owu akyi a, dɛn na ɛto no bere a ɛtwɛn “da a edi akyiri” owusɔre no? Eyi yɛ akyinnyesɛm a nyamekyerɛfo abɔ mmɔden sɛ wobeyi ano.

Wɔ afeha a ɛto so asia Y.B. mu no, Pope Gregory I kyerɛe sɛ, akra kɔ wɔn trabea a wɔahyɛ ato hɔ no ntɛm ara wɔ owu akyi. Ná Pope John XXII a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 14 Y.B. mu no gye di sɛ awufo benya wɔn akatua a etwa to koraa wɔ Atemmu Da. Nanso Pope Benedict XII, gyee ne kannifo no kyim. Ɔhyɛe wɔ pope krataa Benedictus Deus (1336 Y.B.) mu sɛ, “awufo akra kɔ anigye tebea mu [ɔsoro], ahodwira mu [ahodwiragya], anaa nnomee mu [hell] wɔ owu akyi pɛɛ, na ɛsan ne nipadua ahorow a wɔanyan wɔn no kɔbom wɔ wiase awiei.”

Ɛmfa ho sɛ asɛm wɔ ho na wɔagye ɛho akyinnye no, eyi ayɛ Kristoman asɔre ahorow no gyinabea mfehaha pii, ɛwom sɛ Protestant ne Ortodɔks asɔre dodow no ara nnye ahodwiragya nni de. Nanso, efi afeha a etwaam no awiei no, nhomanimfo bebree retwe adwene kɔ ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no so sɛ ennyina Bible no so, na ɛno na ama “nnɛyi nyamekyerɛ bɔ mmɔden mpɛn pii sɛ ebebu onipa sɛ ade biako a ɛsɛe koraa wɔ owu mu seesei.” (The Encyclopedia of Religion) Enti, ɛyɛ den ma Bible nkyerɛkyerɛmufo sɛ wobetumi akyerɛ sɛ “mfinimfini tebea” bi wɔ hɔ ampa. Bible no ka ho asɛm, anaasɛ ɛma yenya anidaso a ɛyɛ soronko?

Na Paulo Gye “Mfinimfini Tebea” Di?

Catechism of the Catholic Church ka sɛ: “Sɛ yɛne Kristo bɛsɔre a, ɛsɛ sɛ yɛne Kristo wu: ɛsɛ sɛ ‘yefi nipadua mu fie ha na yɛne Awurade kɔtra’. [2 Korintofo 5:8] Wɔ saa ‘adifi’ a ɛyɛ owu mu no, ɔkra no fi nipadua no mu. [Filipifo 1:23] Ɛbɛsan ne nipadua no aka abom wɔ awufo sɔre da no.” Nanso wɔ kyerɛw nsɛm a wɔafa mu nsɛm aka wɔ ha yi mu no, so ɔsomafo Paulo ka sɛ ɔkra no nwu bere a nipadua no awu, na afei atwɛn “Atemmu a Edi Akyiri” no, na asan ne nipadua no aka abom?

Wɔ 2 Korintofo 5:1 no, Paulo twe adwene kɔ ne wu so, na ɔka ‘asase so fie’ a ‘wɔsɛe’ no ho asɛm. So na ɔresusuw ɔkra a enwu da a efi nipadua mu ho? Dabi. Ná Paulo gye di sɛ onipa yɛ ɔkra, ɛnyɛ sɛ ɔwɔ ɔkra. (Genesis 2:7; 1 Korintofo 15:45) Ná Paulo yɛ Kristoni a wɔde honhom asra no a n’anidaso ‘wɔ soro’ te sɛ ne nuanom a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu de ara pɛ. (Kolosefo 1:5; Romafo 8:14-18) Enti, ‘n’ani gyinae’ sɛ wobenyan no akɔ soro sɛ honhom abɔde a onwu wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu. (2 Korintofo 5:2-4) Paulo reka anidaso yi ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛn nyinaa bɛsakra . . . akyiri torobɛnto no hyɛn so; na ɔbɛhyɛn torobɛnto, na awufo no anyan sɛ wɔn a wɔmporɔwee da, na yɛn de, yɛbɛsakra.”—1 Korintofo 15:51, 52.

Paulo ka wɔ 2 Korintofo 5:8 sɛ: “Yɛyɛ nnam, na ɛyɛ yɛn fɛ mmom sɛ yebefi nipadua mu fie ha akɔtra ofie Awurade nkyɛn.” Ebinom gye di sɛ saa nsɛm yi kyerɛ mfinimfini tebea a wɔde twɛn. Saafo no twe adwene nso kɔ bɔhyɛ a Yesu de maa n’akyidifo anokwafo no sɛ ɔrekɔ akosiesie baabi ama wɔn, na ‘wabɛfa wɔn akɔ ne nkyɛn’ no so. Nanso bere bɛn na anidaso a ɛtete saa no bɛbam? Kristo kae sɛ ɛbɛbam bere a ‘wasan aba bio’ wɔ ne daakye ba mu no. (Yohane 14:1-3) Saa pɛpɛɛpɛ na Paulo kae wɔ 2 Korintofo 5:1-10 sɛ, anidaso a na Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa wɔ ne sɛ wobenya ɔsoro asetra. Ná ɛnnam ɔkra a enwu da nsusuwhunu bi so na wɔnam benya, na mmom ɛnam owusɔre bi so wɔ Kristo ba mu. (1 Korintofo 15:23, 42-44) Exegete Charles Masson de ba awiei sɛ 2 Korintofo 5:1-10 yɛ nea “yebetumi ate ase yiye afei, a ɛho nhia sɛ yɛde yɛn adwene kɔ ‘mfinimfini tebea’ ho nsusuwhunu bi so.”

Paulo ka wɔ Filipifo 1:21, 23, sɛ: “Me de, m’ase a mete ne Kristo, na owu yɛ me mfaso. Na mihin nneɛma abien yi ntam; ɔpɛ na mepɛ sɛ mitutu ha na me ne Kristo kɔtra, efisɛ ɛno mmom na eye papa.” Paulo ka “mfinimfini tebea” bi ho asɛm wɔ ha? Ebinom susuw saa. Nanso, Paulo ka sɛ ohin nneɛma abien a ebetumi ato no ntam—nkwa anaa owu. Ɔde ade a ɛto so abiɛsa a ebetumi ato no kaa ho sɛ “ɔpɛ na mepɛ sɛ mitutu ha na me ne Kristo kɔtra.” ‘Otutu’ ne Kristo kɔtra wɔ owu akyi pɛɛ? Wiɛ, sɛnea yɛadi kan ahu no, na Paulo gye di sɛ wobenyan Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn wɔ Kristo ba no mu. Enti, ɛbɛyɛ sɛ saa bere no ho nsɛm na na ɛwɔ n’adwene mu.

Yebetumi ahu eyi afi n’asɛm a ɛwɔ Filipifo 3:20, 21 ne 1 Tesalonikafo 4:16 no mu. Tu a Paulo ‘betu’ wɔ Kristo Yesu ba mu no bɛma ne nsa aka akatua a Onyankopɔn asiesie ama no no. Yehu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na eyi yɛ n’anidaso no wɔ nsɛm a ɔkyerɛw kɔmaa aberante Timoteo no mu: “Nea aka a ɛda me hɔ ne trenee abotiri a Awurade, ɔtemmufo trenee no, de bɛma me ɛda no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyi no nyinaa nso bi.”—2 Timoteo 4:8.

Owusɔre No—Bible Nokwasɛm a Ɛyɛ Anigye

Kristofo a wodi kan no buu owusɔre no sɛ ade a ebefi ase wɔ Kristo ba no mu, na wonyaa ahoɔden ne awerɛkyekye fii Bible nokwasɛm a ɛyɛ anigye yi mu. (Mateo 24:3; Yohane 5:28, 29; 11:24, 25; 1 Korintofo 15:19, 20; 1 Tesalonikafo 4:13) Wɔde nokwaredi twɛnee daakye anigye no, na wɔpow awaefo nkyerɛkyerɛ a ɛne ɔkra a enwu da no.—Asomafo no Nnwuma 20:28-30; 2 Timoteo 4:3, 4; 2 Petro 2:1-3.

Nokwarem no, ɛnyɛ Kristofo a wɔwɔ ɔsoro anidaso no nkutoo na wobenya owusɔre. (1 Petro 1:3-5) Tete agyanom ne Onyankopɔn tete asomfo afoforo nyaa tumi a Yehowa betumi de awufo asan aba nkwa mu wɔ asase so no mu gyidi. (Hiob 14:14, 15; Daniel 12:2; Luka 20:37, 38; Hebrifo 11:19, 35) Nnipa ɔpepepem pii a mfehaha pii no, na wonnim Onyankopɔn da no mpo wɔ hokwan sɛ wɔba nkwa mu bio wɔ paradise asase so, efisɛ “owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” (Asomafo no Nnwuma 24:15; Luka 23:42, 43) Eyi nyɛ anidaso a ɛyɛ anigye?

Sɛ́ anka Yehowa bɛma yɛagye adi sɛ amanehunu ne owu bɛtra hɔ bere nyinaa no, ɔdan yɛn adwene kɔ bere a obetu ‘ɔtamfo a odi akyiri, owu’ afi hɔ koraa, na adesamma anokwafo atra Paradise a wɔasan de aba asase so mu daa no so. (1 Korintofo 15:26; Yohane 3:16; 2 Petro 3:13) Yɛn adɔfo a yebehu wɔn sɛ wɔasan aba nkwa mu no bɛyɛ anigye dɛn ara! Hwɛ sɛnea anidaso a ɛrenni huammɔ yi ye sen nsɛnhunu a ɛne sɛ ɔdesani kra nwu da no—nkyerɛkyerɛ a ennyina Onyankopɔn Asɛm so, na mmom egyina Helafo nyansapɛ so no! Sɛ wode Onyankopɔn bɔhyɛ a enni huammɔ no yɛ w’anidaso a, wo nso wubetumi anya awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ na “owu nni hɔ bio.”!—Adiyisɛm 21:3-5.

[Kratafa 31 mfonini]

Owusɔre no yɛ Bible nokwasɛm a ɛyɛ anigye

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena