-
Momfa Biakoyɛ Nsom YehowaƆwɛn-Aban—1988 | July 1
-
-
Bu Afoforo sɛ Wɔkorɔn
11. Sɛ onipa animhwɛ bi wɔ Kristoni bi komam a, dɛn na obetumi ayɛ?
11 Wɔ ɔkwan foforo so no, sɛ Kristoni bi yɛ nyiyim wɔ abusua anaasɛ ɔman bi ho a, ɛda adi sɛ ne nsɛm ne ne nneyɛe bɛda eyi adi. Eyi nso betumi apira obi wɔ nkate mu, ne titiriw no wɔ asafo a ɛsonosono mmusua a wɔwɔ mu no. Nokwarem no, Kristoni biara nni hɔ a ɔbɛpɛ sɛ ɔma Onyankopɔn nkurɔfo ntam biakoyɛ ho ba asɛm saa. (Dwom 133:1-3) Enti sɛ nyiyim a ɛte saa bi wɔ Kristoni komam a, obetumi abɔ mpae sɛ: “Onyankopɔn, hwehwɛ me mu, na hu me koma, sɔ me hwɛ, na hu m’adwene, na hwɛ sɛ amane bi wɔ me hɔ, na gya me kɔ daa kwan so!”—Dwom 139:23, 24.
12. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛhoahoa yɛn ho anaasɛ yɛde afoforo a wofi yɛn abusua mu hoahoa yɛn ho?
12 Eye sɛ wubenya adwene pa sɛ yɛn nyinaa yɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ a anka wɔrentumi nnya gyinabea biara wɔ Onyankopɔn anim sɛ ɛnyɛ Yesu Kristo afɔrebɔ wu no a. (1 Yohane 1:8-2:2) Ɛnde dɛn, na ɛma yɛyɛ soronko wɔ afoforo ho? Esiane sɛ biribiara nni hɔ a yɛwɔ a yɛannya nti, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhoahoa yɛn ho anaasɛ yɛde afoforo a wofi yɛn abusua mu no hoahoa yɛn ho?—Fa toto 1 Korintofo 4:6, 7 ho.
13. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa ma biakoyɛ atra asafo no mu, na dɛn na yebetumi asua afi Filipifo 2:1-11?
13 Yebetumi aboa ma biakoyɛ atra asafo no mu sɛ yehu afoforo su pa ahorow na yɛkyerɛ ho anisɔ a. Yudani ɔsomafo Paulo ma yɛn nyinaa nya biribi susuw ho bere a ɔkaa eyi kyerɛɛ Filipifo a wɔyɛ Amanaman mufo no: “Momma m’anigye nwie du sɛ mubedwen ade koro anya ɔdɔ koro, ɔkra koro, ne adwenkoro. Munnnwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛase adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛn mo ankasa mo ho.” Yesu Kristo ayɛ su pa a ɛsɛ sɛ yɛda no adi wɔ yɛn mfɛfo nnipa a wofi abusua anaasɛ ɔman biara mu no ho nhwɛso’. Ɛwom sɛ na ɔyɛ honhom abɔde a ɔwɔ tumi de, ‘ɔdanee nnipa sɛso’ na ɔbrɛɛ ne ho ase kosii owu mu wɔ asɛndua ho maa nnipa a wofi abusua ne ɔman biara mu. (Filipifo 2:1-11) Ɛnde, sɛ Yesu akyidifo no, so ɛnsɛ sɛ yenya ɔdɔ, ahobrɛase, ayamhyehye na yehu sɛ afoforo korɔn sen yɛn?
Tie na Hwɛ
14. Ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa yɛn ma yɛabu afoforo sɛ wɔkorɔn sen yɛn?
14 Ebetumi aboa yɛn ma yɛabu afoforo sɛ wɔkorɔn sen yɛn sɛ yetie wɔn ankasa bere a wɔrekasa no na yɛtɔ yɛn bo ase hwɛ wɔn su a. Sɛ nhwɛso no, yebetumi agye atom wɔ nokwarem sɛ yɛn yɔnko panyin—ebia abusua foforo muni—tumi de afotu a etu mpɔn ma wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu sen yɛn. Ebia yebetumi ahu sɛ ɛyɛ sɛnea ɔte wɔ honhom mu na ɛma otumi boa ne mfɛfo gyidifo ma wɔbɛyɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔyɛ nnam na ɛnyɛ sɛnea ɔkasa no ankasa. Na ɛda adi sɛ Yehowa rehyira ne mmɔdenbɔ so.
15. Dɛn na yebetumi ahyɛ no nsow bere a yetie nsɛm a yɛn mfɛfo asomfo ka no?
15 Sɛ yɛne yɛn nuanom bɔ nkɔmmɔ anaasɛ yetie wɔn mmuae a wɔma wɔ adesua ase a, ebia yebehu sɛ wɔn mu binom te Kyerɛwnsɛm no mu nokware binom ase sen yɛn. Ebia yebehu sɛ ɛte sɛ nea wɔn onuadɔ mu yɛ den, ɛte sɛ nea wɔwɔ gyidi kɛse, anaasɛ wɔde adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ Yehowa mu ahotoso kɛse ma. Enti sɛ ebia yɛne wɔn fi abusua biako mu anaasɛ dabi no, wɔtwetwe yɛn kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, wɔboa ma yɛhyɛ yɛn gyidi den na wɔkanyan yɛn ma yɛde yɛn ho to yɛn soro Agya no so kɛse. (Mmebusɛm 3:5, 6; Hebrifo 10:24, 25, 39) Ɛda adi sɛ Yehowa atwiw abɛn wɔn ma enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa.—Fa toto Yakobo 4:8 ho.
-
-
Momfa Biakoyɛ Nsom YehowaƆwɛn-Aban—1988 | July 1
-
-
20. Ɔkwan bɛn so na obu a yɛwɔ ma yɛn mfɛfo gyidifo a wofi abusua ne ɔman biara mu no betumi ayɛ kɛse?
20 Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa hyira n’adansefo a wofi ɔman ne abusua biara mu no na ɔwowaw wɔn nso. Ɔnhwɛ onipa anim, na sɛ ne nkoa a yɛahyira yɛn ho so no yenni anoyi anaasɛ biribi a yebegyina so ahwɛ nnipa anim. Afei nso, obu a yɛwɔ ma yɛn nuanom a wofi abusua ne ɔman biara mu no bɛyɛ kɛse sɛ yesusuw ho wɔ akwan horow so sɛ wɔkorɔn sen yɛn a. Wɔn nso wɔde ɔsoro nyansa a ɛnyɛ nyiyim na mmom ɛsow aba pa no di dwuma. (Yakobo 3:13-18) Yiw, wɔn ayamye, adɔe, ɔdɔ ne su ahorow a eye no yɛ nhwɛso pa ma yɛn.
-