Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
Wɔ Filipifo 2:9 no, Paulo ka faa Yesu ho sɛ: “Onyankopɔn nso ama no so kɛse, na wadom ama no din a edi din nyinaa so.” Dɛn ne saa din foforo yi? Na sɛ Yesu ba fam sen Yehowa a, ɛyɛ dɛn na Yesu din boro din nyinaa so?
Filipifo 2:8, 9 kenkan sɛ: “[Yesu brɛɛ] ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu, asɛndua ho wu mu po. Ɛno nti na Onyankopɔn nso ama no so kɛse, na wadom ama no din a edi din nyinaa so.”
Saa nsɛm yi nkyerɛ sɛ esiane sɛ Yehowa na ɔwɔ edin a ɛboro din nyinaa so nti, gyama Yesu ne Yehowa yɛ onipa biako. Sɛnea Filipifo ti 2 mu nsɛm kyerɛ no, Yesu nyaa ne din a wɔama so yi wɔ ne wusɔre akyi. Ansa na saa bere no reba no, na ɛnte saa. Wɔ ɔkwan foforo so no, Yehowa yɛ kɛse bere nyinaa, na ne dibea nsakrae da. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yesu nyaa edin a ɛkorɔn sen nea na ɔwɔ ansa na ɔrebɛyɛ n’asase so som adwuma no kyerɛ sɛ ɔne Yehowa nyɛ onipa biako. Bere a Paulo kae sɛ wɔama Yesu edin a ɛsen din afoforo nyinaa no, na ɔkyerɛ sɛ afei, Yesu din korɔn sen Onyankopɔn abɔde nyinaa de.
Yesu din a ɛkorɔn yi ne dɛn? Yesaia 9:6 boa yɛn ma yebua. Ɛrehyɛ Mesia a ɔreba, Yesu ho nkɔm no, saa nkyekyem no ka sɛ: “N’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Nwonwa, Ɔfotufo, Onyankopɔn-tumfo, Daa-agya, Asomdwoe-hene.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no). Ɛha no, Yesu “din” no kyerɛ dibea ne tumi, na saa na yɛte “din a edi din nyinaa so” a wɔka ho asɛm wɔ Filipifo 2:9 no ase. Wɔhyɛ nkotodwe nyinaa sɛ ɛnkotow Yesu mfa nkyerɛ obu a wɔwɔ ma dibea a ɛkorɔn a tumi wom a Yehowa de ama no no—dibea a tumi wom a ɛkorɔn sen nea wɔde ama abɔde foforo biara. Asɛmfua “nyinaa” a wɔde di dwuma wɔ saa nkyerɛase yi mu no mpue tee wɔ Hela nkyerɛwee no mu, nanso adwene a ɛwɔ nkyekyem no mu no kyerɛ saa. Yesu “din” no nkorɔn nsen n’ankasa din, nanso ɛboro abɔde afoforo nyinaa de so.
Hwɛ anigye ara a yenya sɛ yɛne abɔfo ne nnipa anokwafo bom bu nkotodwe de kyerɛ obu ma Yesu din! Yɛyɛ saa denam brɛ a yɛbrɛ yɛn ho ase ma Yesu wɔ dibea a ɛkorɔn a tumi wom a Yehowa de ama no no so—‘de hyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.’—Filipifo 2:11; Mateo 28:18.