Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr21 May kr. 1-4
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2021
  • Nsɛmti Nketewa
  • MAY 3-9
  • MAY 10-16
  • MAY 17-23
  • JUNE 7-13
  • JUNE 28–JULY 4
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2021
mwbr21 May kr. 1-4

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

MAY 3-9

BIBLE MU AKORADE | NUMERI 27-29

Tweetwee Bible Mu

it-2 528 ¶5

Afɔre Ahorow

Nsa Afɔre. Bere a Israelfo koduu Bɔhyɛ Asase no so no, afɔre ahorow a na wɔbɔ no mu pii wɔ hɔ a, na wɔde nsã ka ho. (Nu 15:2, 5, 8-10) Nea na wɔyɛ ne sɛ, na wohwie nsã anaa “mmosa” gu afɔremuka no so. (Nu 28:7, 14; fa toto Ex 30:9; Nu 15:10 ho.) Ɔsomafo Paul kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Filipi no sɛ: “Sɛ wɔrehwie me sɛ nsã agu afɔrebɔ ne ɔsom adwuma a gyidi de mo aba mu no so mpo a, ɛyɛ me anigye.” Bere a Paul kaa sɛ wɔrehwie no sɛ nsã agu afɔrebɔ so no, na ɔrekyerɛ sɛ, wayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ biribiara ama ne nuanom, sɛ ɛsɛ sɛ okum ne ho mpo a, ɔbɛyɛ saa. (Flp 2:17) Aka kakra ma wawu no, ɔkyerɛw kɔmaa Timoteo sɛ: “Wɔanya rehwie me sɛ afɔrebɔ nsã dedaw, na bere a menya me ho atetew abɛn.”—2Ti 4:6.

MAY 10-16

BIBLE MU AKORADE | NUMERI 30-31

it-2 1162

Bɔhyɛ

Obi Fi Ne Pɛ Mu Na Ɛyɛ Saa, Nanso Sɛ Ɔhyɛ Bɔ No a, Ɛsɛ Sɛ Odi So. Ɛbɔ ahorow a na wɔhyɛ no, emu biara nni hɔ a na wɔhyɛ onipa no sɛ ɔnyɛ saa, na onipa no ara fi ne pɛ mu na ɛhyɛ bɔ no. Nanso sɛ onipa no nya hyɛ bɔ no a, na Onyankopɔn hwehwɛ sɛ odi so. Enti obi hyɛ bɔ a, na ɛte sɛ nea ‘waka ne kra ntam,’ kyerɛ sɛ, sɛ wanni bɔhyɛ no so a, ɔde ne nkwa betwa so. (Nu 30:2; wubetumi asan ahwɛ Ro 1:31, 32.) Esiane sɛ ɛyɛ nkwa ne owu asɛm nti, kyerɛwnsɛm no kaa sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔhyɛ bɔ a, onnwen ho nkɔ akyiri nhwɛ sɛ, asɛyɛde anaa adwuma a ɛbata ho no, obetumi ayɛ ansa na wahyɛ bɔ no. Mmara no kaa sɛ: ‘Sɛ wohyɛ Yehowa bɔ a. . . Onyankopɔn bɛhwehwɛ afi wo hɔ, na ɛbɛdan bɔne ama wo. Na sɛ woanhyɛ bɔ a, ɛnde wonyɛɛ bɔne biara.’—De 23:21, 22.

it-2 1162

Bɔhyɛ

Ɛyɛ ɛbɔ bi a emu yɛ duru a obi hyɛ Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ biribi, ɔbɛbɔ afɔre ama no anaa ɔbɛkyɛ no ade, anaa ɔbɛyɛ adwuma bi, anaasɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi a mmara nhyɛ da nkasa ntia ho. Sɛ obi hyɛ bɔ a, na ɔno ankasa fi ne pɛ mu na ɛyɛ saa, obiara nhyɛ no. Obi hyɛ bɔ a, na ɛyɛ aniberesɛm, efisɛ na ɛte sɛ nea waka ntam. Ɛno nti ɛtɔ da na Bible no reka bɔhyɛ ho asɛm a, etumi ka no te sɛ nea onipa no aka ntam. (Nu 30:2; Mt 5:33) “Sɛ obi hyɛ bɔ” a, ɛte sɛ nea ɔreka nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ, nanso “sɛ obi ka ntam” a, ɛte sɛ nea ɔpɛ sɛ obi a ɔwɔ tumi di adanse sɛ nea ɔreka no yɛ nokware anaa nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, sɛ ɛdan sɛ bo mpo a, ɔbɛyɛ. Sɛ nkurɔfo bi reyɛ apam a, na wɔtaa ka ntam de kyerɛ sɛ wobedi apam no so.—Ge 26:28; 31:44, 53.

Tweetwee Bible Mu

it-2 28 ¶1

Yefta

Ná wotumi de obi ma Yehowa sɛ ɔnkɔsom wɔ n’asɔrefie hɔ ne nkwa nna nyinaa. Ná awofo tumi si gyinae sɛ wɔde wɔn ba bɛma Yehowa. Ɛho nhwɛso ne Samuel. Ansa na ne maame Hanah rewo no no, ɔhyɛɛ Yehowa bɔ sɛ, sɛ ɔma no ɔbabarima a, ɔbɛma no asom wɔ Yehowa asɔrefie hɔ ne nkwa nna nyinaa. Bɔ a Hanah hyɛɛ Yehowa no, ne kunu Elkana penee so. Enti bere a Samuel twaa nufu no, ne maame dii saa bɔhyɛ no so. Ɔde no kɔɔ asɔrefie hɔ kɔmaa Yehowa. Ɔrekɔ no, ɔde nantwinini kaa ho kɔbɔɔ afɔre. (1Sa 1:11, 22-28; 2:11) Samson nso saa. Woyii no sii hɔ sɛ ɔnsom sɛ Nasirini mma Onyankopɔn.—Ate 13:2-5, 11-14; fa toto tumi a agyanom wɔ wɔ wɔn mma mmea so a ɛwɔ Nu 30:3-5, 16 no ho.

MAY 17-23

BIBLE MU AKORADE | NUMERI 32-33

w10 8/1 23

Wunim Biribi?

Dɛn ne “sorɔnsorɔmmea” a wɔtaa ka ho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no?

Aka kakra ma Israelfo adu Bɔhyɛ Asase no so no, Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ wodu hɔ a, mmeae a Kaananfo no som wɔn anyame ne wɔn sorɔnsorɔmmea no, wɔnsɛe ne nyinaa. Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsɛe wɔn abo ahoni ne dade ahoni ne wɔn sorɔnsorɔmmea nyinaa.” (Numeri 33:52) Sorɔnsorɔmmea a na Kaananfo som wɔn anyame wɔ hɔ no, na ebetumi aba sɛ ebi wɔ petee mu wɔ nkoko so, anaa ɛbɛyɛ sɛ na wɔasisi bi wɔ nnua ase anaa nkurow no mu. (1 Ahene 14:23; 2 Ahene 17:29; Hesekiel 6:3) Mmeae a na wɔsom wɔn abosom no, na afɔremuka ahorow, abosonnua anaa adum, abosom a wɔasen, nneɛma a wɔde hyew aduhuam ne nneɛma a wɔde som abosom na ɛwɔ hɔ.

it-1 404 ¶2

Kaanan

Akwankyerɛ a Yehowa de maa Mose sɛ, sɛ wodu Bɔhyɛ Asase no so a wɔnsɛe Kaananfo no, Yosua tiei. Bible ka sɛ, “Wanyi asɛm biako mpo amfi nea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no mu.” (Yos 11:15) Nanso Yosua wu akyi no, Israelfo antoa so anni saa ahyɛde yi so. Ná anka ɛsɛ sɛ wotu Kaananfo yi ase fi asase no so. Esiane sɛ wɔanyɛ saa nti, Kanaanfo no abosonsom ne wɔn brabɔne no, wofii ase suasuae. Wei nti Israelfo no de wɔn ho hyɛɛ aguamammɔ, abosonsom ne awudisɛm mu. Bere rekɔ so no, Israelfo no wuwui, na wɔn a wowuwui no, na wɔdɔɔso sen Kaananfo a Yehowa kaa sɛ wonkunkum wɔn no. (Num 33:55, 56; Atem 2:1-3, 11-23; Dw 106:34-43) Yehowa bɔɔ Israelfo no kɔkɔ sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔne Kaananfo no bɔ, ɛnsɛ sɛ wɔne wɔn di ayeware, ɛnsɛ sɛ wosuasua wɔn som mu amanne ahorow, ɛnsɛ sɛ wɔsom wɔn anyame na wosuasua wɔn bra bɔne no. Sɛ wɔyɛ saa a, ɔrenhu wɔn mmɔbɔ, na atemmu a waka sɛ ɔde bɛba Kanaanfo so no, ɛno ara bi na ɔde bɛba wɔn so, kyerɛ sɛ na ɔbɛsɛe wɔn, na ‘na asase no bɛfe wɔn agu.’—Ex 23:32, 33; 34:12-17; Le 18:26-30; De 7:2-5, 25, 26.

Tweetwee Bible Mu

it-1 359 ¶2

Ɔhye Anaa Ɛhyeɛ

Sɛ wɔbɔ ntonto no wie na mmusuakuw no hu baabi a wɔn asase no da a, na wɔhwɛ nnipa dodow a wɔwɔ abusuakuw no mu ho twa asase no. Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mommɔ ntonto nkyɛ asase no mma mmusua mmusua no. Momma wɔn a wɔdɔɔso no nnya kɛse, na wɔn a wosua no, montew wɔn de so. Nea ntonto no bɛkyerɛ no, ɛno na ɛbɛyɛ abusua biara de.” (Nu 33:54) Faako a ntonto no bɛkyerɛ sɛ abusuakuw bi ntena no, ɛhɔ ara na na ɔbɛtena. Nanso asase no kɛse de, na wobetumi abae mu anaa wɔatew so. Ɛno nti na bere a wohuu sɛ asase a wotwa maa Yuda abusuakuw no sõ dodow no, wotwaa bi maa Simeon abusuakuw no.—Yos 19:9.

JUNE 7-13

BIBLE MU AKORADE | DEUTERONOMIUM 3-4

it-2 1140 ¶5

Ntease

Sɛ obi yere ne ho sua Onyankopɔn Asɛm na ɔde yɛ adwuma a, ɛma onya nhumu sen n’akyerɛkyerɛfo, na onya ntease a ɛboro mpanyimfo de so. (Dw 119:99, 100, 130; fa toto Lu 2:46, 47 ho.) Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Onyankopɔn ahyɛde ne n’atemmusɛm teɛ, na nyansa ne ntease ayɛ mu mã. Sɛ anka Israelfo no de Onyankopɔn mmara yɛɛ adwuma a, na ɛbɛma aman a atwa wɔn ho ahyia no ahu sɛ, ‘wɔwɔ nyansa ne nhumu ampa.’ (De 4:5-8; Dw 111:7, 8, 10; fa toto 1Ah 2:3 ho.) Sɛ obi wɔ ntease a, onim sɛ Onyankopɔn asɛm teɛ bere nyinaa, na ɛyɛ a ɔsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa no na ontumi mfa ne mmara nyɛ adwuma. (Dw 119:169) Onipa a ɔte saa no, sɛ ɔkenkan Onyankopɔn mmara a, esian kɔ ne komam (Mt 13:19-23), ɔkyerɛw gu ne koma pon so (Mme 3:3-6; 7:1-4), na wei boa no ma okyi “nkontompo kwan biara.” (Dw 119:104). Bere a Onyankopɔn Ba Yesu wɔ asase so no, na ɔwɔ ntease. Bere mpo a na ebinom pɛ sɛ wotwitwa gye no sɛnea ɛbɛyɛ a onwu no, wamfa ne ti annye. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na ɔte Kyerɛwnsɛm no ase, na na onim sɛ saa kwan no so na ɛsɛ sɛ owu.—Mt 26:51-54.

JUNE 28–JULY 4

BIBLE MU AKORADE | DEUTERONOMIUM 9-10

w09 10/1 10 ¶3-4

Dɛn Na Yehowa Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?

Dɛn na ebetumi aka yɛn ama yɛafi yɛn koma mu atie Onyankopɔn? Mose kaa ade baako bi a ebetumi aboa yɛn. Ɔkaa sɛ: ‘Suro Yehowa wo Nyankopɔn.’ (Nkyekyɛm 12) Osuro a yɛreka ho asɛm yi, ɛnyɛ sɛ, sɛ yɛyɛ biribi a Onyankopɔn mpɛ a, yebetwa so aba anaa ɔbɛtwe yɛn aso nti na yesuro no. Mmom, yesuro sɛ yɛbɛyɛ biribi a n’ani nnye ho anaa ɛbɛhaw no. Sɛ yesuro Onyankopɔn paa a, yɛrenyɛ biribi a n’ani nnye ho.

Dɛn ne ade titiriw a ɛsɛ sɛ ɛkã yɛn ma yetie Onyankopɔn? Mose kaa sɛ: ‘Dɔ no [Yehowa], na fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa som Yehowa wo Nyankopɔn.’ (Nkyekyɛm 12) Sɛ obi dɔ Onyankopɔn a, ɛnyɛ atenka bi kɛkɛ na onya, ɛkɔ akyiri sen saa. Nhwehwɛmu nhoma bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Hebri adeyɛ asɛm a wɔde kyerɛkyerɛ sɛnea obi te nka mu no, ɛtɔ da a, etumi kyerɛ nnwuma a saa atenka no ma onipa no yɛ.” Nhoma no toa so sɛ, sɛ obi ka sɛ ɔdɔ Onyankopɔn a, ɔde “ne nneyɛe” na ɛbɛkyerɛ saa. Enti sɛ yɛbɛka a, sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ampa a, yɛbɛbɔ yɛn bra ma asɔ n’ani.—Mmebusɛm 27:11.

w09 10/1 10 ¶6

Dɛn Na Yehowa Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?

Sɛ yefi yɛn koma mu yɛ osetie ma Onyankopɔn a, ɛbɛma yɛanya nhyira pii. Mose kyerɛwee sɛ: ‘Di Yehowa ahyɛde a. . . mede rema wo nnɛ yi so, na asi wo yiye.’ (Nkyekyɛm 13) Ahyɛde biara a efi Yehowa hɔ, kyerɛ sɛ biribiara a Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ no, yɛn yiyedi ntia. Wei nyɛ yɛn nwonwa efisɛ Bible ka sɛ, “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Esiane sɛ ɔdɔ yɛn nti, wama yɛn ahyɛde ahorow a ɛbɛma asi yɛn yiye daa. (Yesaia 48:17) Sɛ yɛyɛ nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban afi ɔhaw ahorow ho nnɛ. Afei sɛ n’Ahenni no ba a, nhyira ahorow a ɛde bɛba no, yebenya bi.

Tweetwee Bible Mu

it-1 103

Anakim

Wɔyɛ abusuakuw bi a na emufo soso woware, kyerɛ sɛ na wɔyɛ abran. Ná wɔn mu bi tete Kaanan asase no fã a mmepɔw wɔ, na na ebi nso te kurow no anafo. Bere bi, mmarima anuonyamfo mmiɛnsa bi a wɔyɛ Anakimfo kɔtenaa Hebron. Wɔn din ne Ahiman, Sesai, ne Talmai. (Nu 13:22) Ɛha ne bere a edi kan a mmarima 12 a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔhwɛ Kanaan asase no huu wɔn. Wɔn mu 10 de amanneɛbɔ a etu koma bae sɛ, wɔakohu Nefilimfo a wɔtenaa ase ansa na Nsuyiri no reba no asefo. Wɔkae sɛ, sɛ wɔde wɔn ho toto Anakimfo no ho a, na wɔte sɛ “mmebɛw.” (Nu 13:28-33; De 1:28) Esiane sɛ na Anakimfo no yɛ akantinka na wɔsoso woware nti, wɔde wɔn totoo Emimfo ne Refaimfo a na wɔte sɛ abran no ho. Ɛbɛyɛ sɛ wɔn ahoɔden nti na wobuu bɛ bi sɛ: “Hena na obetumi agyina Anak mma anim?” no.—De 2:10, 11, 20, 21; 9:1-3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena