Wubetumi Anya Honhom Mu Nkɔso
EBETUMI ayɛ den sɛ yebehu ɛbo a biribi som ankasa. Saa na adɛnkyɛmmo te. Ɛwom sɛ dɛnkyɛmmo a wɔapɔw ho no te yerɛw yerɛw de, nanso dɛnkyɛmmo a wɔnyɛɛ ho adwuma nhyerɛn pii. Ne nyinaa akyi no, sɛ wɔyɛ dɛnkyɛmmo ho adwuma a, nneɛma bi wom a ebetumi ama abɛyɛ abohene a ɛyɛ fɛ.
Kristofo te sɛ adɛnkyɛmmo a wɔnyɛɛ ho adwuma wɔ akwan pii so. Ɛwom sɛ yennya mmɛn pɛyɛ ho koraa de, nanso nneɛma bi wɔ yɛn mu a ɛsom bo ma Yehowa. Te sɛ adɛnkyɛmmo no, yɛn nyinaa wɔ su horow bi a ɛda nsow. Na sɛ yenya ɔpɛ a efi komam a, yɛn mu biara betumi anya honhom fam nkɔso no bi aka ho. Yebetumi apɔw yɛn nipasu ho, ma ahyerɛn kɛse na yɛde ahyɛ Yehowa anuonyam.—1 Korintofo 10:31.
Sɛ wotwa dɛnkyɛmmo na wɔpɔw ho wie a, wɔde to baabi a ɛma ɛhyerɛn yiye. Saa ara nso na sɛ yɛhyɛ “onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu” a, Yehowa betumi de yɛn adi dwuma wɔ tebea anaa dwumadi a egu ahorow mu.—Efesofo 4:20-24.
Sɛnea dɛnkyɛmmo a wɔnyɛɛ ho adwuma biara no ntaa nhyerɛn sɛ abohene no, saa ara na honhom fam nkɔso a ɛte saa no mma ara kwa. Ebia ebehia sɛ yedi mmerɛwyɛ ahorow bi a ase nnya ntui so, yɛsesa adwene a yekura wɔ asɛyɛde a yebeso mu ho, anaa yɛyere yɛn ho mpo na yɛanyɛ honhom fam anibiannaso. Nanso sɛ yɛpɛ nkutoo de a, yebetumi anya nkɔso efisɛ Yehowa Nyankopɔn betumi ama yɛn “tumi a ɛboro so no.”—2 Korintofo 4:7; Filipifo 4:13.
Yehowa Hyɛ N’asomfo Den
Ansa na obi betwa adɛnkyɛmmo no, egye ahotoso a onya fi ɛho nimdeɛ a edi mũ a ɔwɔ mu, efisɛ sɛ onya twa fã bi fi so a, ne nsa renka bio. Ɛsɛ sɛ wotwa ɔfã bi a ne bo yɛ den—ɛtɔ mmere bi a dɛnkyɛmmo no fã—kyene ansa na wɔanya no sɛnea wɔpɛ. Yɛn nso yehia ahotoso a efi nokware nimdeɛ mu ba na ama yɛatumi asiesie yɛn nipasu yiye na yɛanya honhom mu nkɔso. Ne titiriw no, ɛsɛ sɛ yenya ahotoso sɛ Yehowa bɛhyɛ yɛn den.
Nanso, ebia yɛbɛte nka sɛ yɛmfata anaasɛ yebesusuw sɛ yentumi nyɛ pii. Tete mmere mu no, saa na ɛtɔ mmere bi a na Onyankopɔn asomfo anokwafo te nka. (Exodus 3:11, 12; 1 Ahene 19:1-4) Bere a Onyankopɔn paw Yeremia sɛ ɔnkɔyɛ ‘odiyifo mma amanaman’ no, obuae sɛ: “Hwɛ, minnim kasa, na meyɛ abofra.” (Yeremia 1:5, 6) Nanso ɛmfa ho sɛ na Yeremia retwetwe ne ho no, ɔbɛyɛɛ odiyifo kokodurufo a ɔde nkrasɛm penpen maa nkurɔfo a na wɔn asɛm yɛ den no. Ɛyɛɛ dɛn na otumi yɛɛ eyi? Osuae sɛ ɔde ne ho bɛto Yehowa so. Yeremia kyerɛwee akyiri yi sɛ: “Nhyira ne onii ko a ɔde ne ho to [Yehowa, NW] so, na [Yehowa, NW] yɛ n’anidaso!”—Yeremia 17:7; 20:11.
Ɛnnɛ nso, Yehowa hyɛ wɔn a wɔwɔ ne mu ahotoso no den. Edward,a agya a ne mma yɛ baanan, a na onnya honhom mu nkɔso ntɛm no hui sɛ eyi yɛ nokware. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná mayɛ Yehowa Adansefo no mu biako mfe akron, nanso na minnya nkɔanim. Nea enti a ɛbaa saa ne sɛ, na biribiara nkanyan me, na na minni ahotoso. Bere a mitu kɔtraa Spain no, mekɔɔ asafo ketewa bi a na ɔpanyin biako ne asafo mu ɔsomfo biako pɛ na wɔwom mu. Esiane sɛ na mmoa ho hia nti, ɔpanyin no de dwumadi pii hyehyɛɛ me nsa. Me ho popoe bere a merema kasa ahorow mfiase no. Nanso, misuae sɛ mede me ho bɛto Yehowa so. Ɔpanyin no kamfoo me bere nyinaa, na ɔnam anifere kwan so maa me nyansahyɛ ahorow a ɛbɛma manya nkɔanim.
“Bere koro no ara nso, mimiaa m’asɛnka adwuma mu, na midii m’abusua anim yiye wɔ honhom fam nneɛma mu. Ne saa nti, nokware no kanyan abusua no nyinaa yiye, na minyaa abotɔyam kɛse. Seesei meyɛ asafo mu ɔsomfo, na mereyere me ho sɛ menya su horow a ɛfata Kristoni ɔhwɛfo.”
‘Munyi Onipa Dedaw no Ngu’
Sɛnea Edward behui no, honhom fam nkɔso gye Yehowa mu ahotoso. “Onipa foforo” a ɛsɛ Kristo su a yebenya nso ho hia. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi? Ade a edi kan ne sɛ ‘yebeyi’ su horow a ɛka onipa dedaw no ho ‘agu.’ (Kolosefo 3:9, 10) Sɛnea ɛsɛ sɛ woyi nneɛma a ɛmfra te sɛ abo foforo fi dɛnkyɛmmo a wɔnyɛɛ ho adwuma mu ansa na ate yerɛw yerɛw no, saa ara na ehia sɛ yeyi “wiase” su gu na ama yɛn nipasu foforo no ahyerɛn.—Galatifo 4:3.
Saa su yi biako ne yɛn nan ase a yɛbɛtwentwɛn sɛ yebegye asɛyɛde atom esiane sɛ yesuro sɛ wɔbɛhwehwɛ pii afi yɛn hɔ nti. Ampa, adwuma bata asɛyɛde ho, nanso ɛyɛ adwuma a abotɔyam wom. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 20:35 ho.) Paulo gye toom sɛ onyamesom pa hwehwɛ sɛ “yɛyɛ adwuma brɛ na yɛpere.” Ɔkae sɛ yɛde anigye yɛ saa, “efisɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefo . . . no so,” nea ne werɛ mfi adwuma a yɛyɛ ma yɛn mfɛfo Kristofo ne afoforo no.—1 Timoteo 4:9, 10; Hebrifo 6:10.
Adɛnkyɛmmo bi wɔ afã bi a atɔ “kyima” fi ne mfiase, na ehia sɛ wɔde ahwɛyiye di ho dwuma. Nanso nea ɔpɔw ho no nam adwinnade bi a wɔfrɛ no polariscope so betumi ahu baabi a kyima no wɔ, ayɛ bo no ho adwuma ma ayɛ yiye. Ebia esiane faako a wɔtetee yɛn anaa asɛm yaw bi a ɛtoo yɛn nti, yɛwɔ nipasu mu sintɔ bi wɔ yɛn mu anaasɛ yɛtɔ kyima. Dɛn na yebetumi ayɛ? Nea edi kan no, ehia sɛ yɛn ankasa hu sɛ yɛwɔ saa ɔhaw no, na yɛyere yɛn ho di so sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adesoa to Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu ɔkwan biara so, na ebia yɛhwehwɛ honhom fam mmoa nso fi Kristoni ɔpanyin bi hɔ.—Dwom 55:22; Yakobo 5:14, 15.
Nipasu mu sintɔ a ɛte saa no haw Nicholas. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná me papa yɛ ɔsadweam, na ɔmaa me ne me nuabea brɛe paa. Bere a miwiee sukuu no, mekɔyɛɛ ɔsraani, nanso ankyɛ na m’atuatew su no ma minyaa asɛm. Mede me ho hyɛɛ nnubɔne aguadi mu maa asraafo mpanyimfo de me too afiase, na bere foforo nso miguan fii adwuma mu. Awiei koraa no, mifii sraadi no mu, nanso na meda so ara wɔ ɔhaw mu. Ɛwom sɛ nnubɔnenom ne asanom bebrebe sɛee m’asetra de, nanso na m’ani gye Bible ho, na na mepɛ sɛ minya asetra mu atirimpɔw. Bere kɔɔ so no, mibehuu Yehowa Adansefo, na mesesaa m’asetra kwan, gyee nokware no.
“Nanso egyee mfe pii ansa na meretumi ahyɛ sintɔ bi a ɛwɔ me nipasu mu nsow adi ho dwuma. Ná mikyi tumidi kɔkɔkɔkɔ, na sɛ wɔma me afotu biara a mepo. Ɛwom sɛ na mepɛ sɛ Yehowa de me di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara de, nanso saa mmerɛwyɛ yi siw me kwan. Awiei koraa no, ɛdenam mpanyimfo baanu a wɔte asɛm ase mmoa so no, migyee me haw no toom fii ase de wɔn afotu a ɔdɔ wom a egyina Kyerɛwnsɛm so no yɛɛ adwuma. Ɛwom sɛ ɛwɔ hɔ ara a, nsɛm bi tumi yɛ me ahi de, nanso afei de madi m’atuatew su no so. M’ani sɔ sɛnea Yehowa ne me dii wɔ boasetɔ mu ne mpanyimfo no mmoa a efi ɔdɔ mu no paa. Esiane honhom fam nkɔso a manya nti, nnansa yi ara wɔapaw me sɛ asafo mu ɔsomfo.”
Sɛnea Nicholas behui no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi beyi su horow bi a ase atim afi hɔ. Ebia na yehyia asɛnnennen a ɛte saa. Ebetumi aba sɛ asɛm haw yɛn ntɛmntɛm. Ebia na asɛm bi hyɛ yɛn mu anaa yɛma ahofadi hia yɛn dodo. Enti, ebia ebesiw yɛn nkɔso kwan sɛ Kristofo. Wɔn a wɔpɔw dɛnkyɛmmo ho no hyia ɔhaw a ɛte saa wɔ abo a wɔfrɛ no naats ho. Eyi yɛ abo ahorow abien a ɛnan fra bere a ɛreyɛ dɛnkyɛmmo no. Ne saa nti, naats kura su ahorow abien, na ɛma ɛyɛ den sɛ wobetwa ma ahyia ɔbo no su. Yɛn fam no, honhom a ɛpɛ “su” no ne honam sintɔ “su” no di asi. (Mateo 26:41; Galatifo 5:17) Ɛtɔ mmere bi a, yebetumi ate nka sɛ yennyae mmɔden a yɛrebɔ no korakora, na yɛasusuw sɛ yɛn nipasu mu sintɔ ahorow no nka hwee mpo. Ebia yɛbɛka sɛ, ‘Sɛnea ɛte biara no, m’abusuafo ne me nnamfo da so dɔ me.’
Nanso sɛ yɛbɛsom yɛn nuanom na yɛahyɛ yɛn soro Agya anuonyam a, ehia sɛ ‘wɔyɛ yɛn foforo yɛn adwene tumi mu’ denam onipa foforo a yɛbɛhyɛ no so. Mfaso wɔ so sɛnea Nicholas ne afoforo pii betumi adi ho adanse no. Obi a ɔyɛ dɛnkyɛmmo ho adwuma no nim sɛ kyima biako pɛ a ɛho bɛtɔ no betumi asɛe dɛnkyɛmmo no nyinaa. Saa ara na sɛ yebu yɛn ani gu yɛn mmerɛwyɛ bi so a, yebetumi asɛe yɛn honhom fam hwɛbea. Nea enye koraa no, sintɔ a anibere wom betumi ama yɛahwe ase honhom mu.—Mmebusɛm 8:33.
Ɛte sɛ “Ogya” Wɔ Yɛn Mu
Nea ɔyɛ dɛnkyɛmmo ho adwuma no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma dɛnkyɛmmo no ate yerɛw yerɛw. Ɔyɛ eyi bere a otwitwa dɛnkyɛmmo no wɔ ɔkwan a sɛ hann tɔ so a, enya kɔla ahorow pii no so. Hann a ne kɔla gu ahorow no hyerɛn wɔ dɛnkyɛmmo no mu, na ɛte yerɛw yerɛw te sɛ ogya wɔ adɛnkyɛmmo no mu. Ɔkwan a ɛte saa ara so no, Onyankopɔn honhom betumi ayɛ te sɛ “ogya” wɔ yɛn mu.—1 Tesalonikafo 5:19, NW; Asomafo no Nnwuma 18:25; Romafo 12:11.
Nanso sɛ yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛkanyan yɛn ho wɔ honhom mu nso ɛ? Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi? Ɛho hia sɛ ‘yedwen yɛn akwan ho.’ (Dwom 119:59, 60) Eyi bɛhwehwɛ sɛ yehu nneɛma a ɛtwe yɛn san ne afei teokrase dwumadi ahorow a ehia sɛ yɛbɔ mu mmɔden paa no. Yebetumi ama honhom fam nneɛma ho anisɔ a yɛwɔ no mu ayɛ den denam kokoam adesua ne mpaebɔ a efi komam a yɛbɛma akɔ so daa no so. (Dwom 119:18, 32; 143:1, 5, 8, 10) Bio nso, sɛ yɛne wɔn a wɔbɔ mmɔden wɔ gyidi mu no bɔ a, yɛbɛsan ahyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛde nsiyɛ bɛsom Yehowa no mu den.—Tito 2:14.
Louise, Kristoni ababaa bi, gye toom sɛ: “Misusuw daa akwampae adwuma no ho mfe abien ansa na afei merebɛyɛ ɔkwampaefo anaa bere nyinaa Ahenni ɔsɛnkafo ankasa. Ná biribiara nsiw me kwan, nanso na mewɔ anihaw tebea mu, na na mempɛ sɛ mebɔ mmɔden fi mu. Afei me papa wui mpofirim. Mibehuu sɛnea nkwa yɛ tiaa, ne sɛ na memfa me de nni dwuma yiye papa no. Enti mesesaa honhom fam nneɛma ho adwene a na mewɔ, hyɛɛ m’asɛnka mu den, na mebɛyɛɛ daa ɔkwampaefo. Ade a ɛboaa me kɛse wɔ eyi mu ne me honhom fam anuanom mmarima ne mmea a wɔboaa asɛnka nhyehyɛe ahorow ne me kɔɔ asɛnka bere nyinaa no. Mabehu sɛ gyinapɛn ne botae ahorow a yɛn mfɛfo kura no, sɛ́ ɛyɛ papa anaa bɔne no, ɛno bi na yenya.”
Ɛte sɛ Nea Wɔde Dade Asew Anim
Asase mu nneɛma a ɛyɛ den sen biara a nnipa ahu ne adɛnkyɛmmo. Enti, dɛnkyɛmmo na wɔde twa dɛnkyɛmmo. Eyi betumi ama Bible asuafo akae abebusɛm a ese: “Dade sew dade ano, na onipa sew ne yɔnko anim” no. (Mmebusɛm 27:17) Ɔkwan bɛn so na obi “sew” ne yɔnko anim? Sɛnea wobetumi de dade asew sekan a ɛno nso yɛ dade ano no, saa ara na obi betumi asew ɔfoforo adwene ne ne honhom fam tebea ano. Sɛ nhwɛso no, sɛ huammɔdi ma yɛhaw a, onipa foforo nkuranhyɛ betumi ahyɛ yɛn den paa. Ɛno betumi ama yɛn bosaayɛ no atu ayera, na ebetumi akanyan yɛn bio ma yɛasan ayɛ hyew. (Mmebusɛm 13:12) Asafo mu mpanyimfo titiriw na wobetumi de Kyerɛwnsɛm mu nkuranhyɛ ne afotu a ɛbɛma yɛanya nkɔso asew yɛn anim. Wodi nnyinasosɛm a Salomo de too gua yi so: “Tu onyansafo fo, na ɔbɛkɔ so ahu nyansa, ma ɔtreneeni nhu de, na ɔbɛkɔ so n’adenim mu.”—Mmebusɛm 9:9.
Nokwarem no, honhom fam ntetee gye bere. Ɔsomafo Paulo de bɛboro mfe du maa Timoteo osuahu ne ntetee wɔ nkyerɛkyerɛ mu. (1 Korintofo 4:17; 1 Timoteo 4:6, 16) Bere tenten a Mose de tetee Yosua wɔ bɛboro mfe 40 mu no so baa Israel man no mfaso bere tenten. (Yosua 1:1, 2; 24:29, 31) Elisa dii odiyifo Elia akyi bɛyɛ mfe 6, na ɛmaa n’ase timii wɔ n’ankasa ne som adwuma a egyee bɛyɛ mfe 60 no mu. (1 Ahene 19:21; 2 Ahene 3:11) Sɛ mpanyimfo fi boasetɔ mu kɔ so de ntetee ma a, na wɔresuasua Paulo, Mose, ne Elia nhwɛso no.
Nkamfo yɛ ade a ɛho hia paa wɔ ntetee mu. Nsɛm a efi komam a wɔka de kyerɛ anisɔ wɔ dwumadi a obi ayɛ no yiye anaa nneyɛe bi a ɛfata nkamfo ho no betumi akanyan afoforo ma wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛyere wɔn ho asom Onyankopɔn. Nkamfo ma obi nya ahotoso, na ɛno nso kanyan no ma odi ne mmerɛwyɛ ahorow ho dwuma. (Fa toto 1 Korintofo 11:2 ho.) Ahenni asɛnka adwuma ne asafo dwumadi afoforo a yɛde yɛn ho behyem denneennen no nso hyɛ yɛn nkuran ma yenya nkɔso. (Asomafo no Nnwuma 18:5) Sɛ mpanyimfo hwɛ anuanom mmarima honhom fam nkɔso ho de asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa a, ɛma saa mmarima no nya osuahu a ɛso wɔ mfaso, na ɛkame ayɛ sɛ ɛbɛma ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛkɔ so anya honhom fam nkɔso no mu ayɛ den.—Filipifo 1:8, 9.
Ntease Pa a Enti Ɛsɛ sɛ Yenya Honhom mu Nkɔso
Wobu adɛnkyɛmmo sɛ ɛsom bo. Saa ara na ɛte wɔ wɔn a wɔde wɔn ho abɛbɔ Yehowa asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa abusua no ho no fam. Nokwarem no, Onyankopɔn ankasa frɛ wɔn amanaman nyinaa mu “ade a wɔpɛ” anaa “nea ɛsom bo.” (Hagai 2:7, NW ase hɔ asɛm) Afe a etwaam no, wɔbɔɔ nnipa 375,923 asu sɛ Yehowa Adansefo. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi nkɔanim yi ho dwuma no, ɛho hia sɛ ‘wɔma wɔn ntamadan mu trɛw.’ Sɛ yenya nkɔso wɔ honhom mu—na sɛ yɛyere yɛn ho du Kristofo ɔsom hokwan ahorow ho—a, yebetumi aboa adi saa ntrɛwmu yi ho dwuma.—Yesaia 54:2; 60:22.
Nea ɛnte sɛ adɛnkyɛmmo pii a wɔde sie adekora adan mu na wɔntaa nhu no, sɛnea yɛsom bo wɔ honhom mu no betumi ahyerɛn kɛse. Na bere a yɛkɔ so pɔw yɛn Kristofo su ahorow ho na yɛda no adi no, yɛhyɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam. Yesu tuu n’akyidifo fo sɛ: “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.” (Mateo 5:16) Nokwarem no, ɛno yɛ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yenya honhom mu nkɔso.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔasesa edin ahorow bi wɔ asɛm yi mu.