-
Ɔdɔ, “Biakoyɛ Hama A, Ɛyɛ Pɛ” NoƆwɛn-Aban—1983 | May 1
-
-
Ɔdɔ, “Biakoyɛ Hama A, Ɛyɛ Pɛ” No
“Na, nea ɛka eyinom nyinaa ho no, monhyɛ ɔdɔ, efisɛ ɛyɛ biakoyɛ hama a ɛyɛ pɛ.”—KOLOSEFO 3:14, New World Translation.
1. Dɛn nti na ahyɛde a ɛwɔ Kolosefo 3:14 no yɛ nea emu yɛ den nnɛ?
WƆ WIASE a nitan ahyɛ mu ma, a biakoyɛ nni mu no mu no, ahyɛde a efi Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw mu ma Yehowa Adansefo nnɛ a ɛwɔ Kolosefo 3:14 no yɛ nea emu yɛ den. Ɛte sɛ nea wɔrentumi nni so mpo, efisɛ ɛhyɛ wɔn sɛ: “Nea ɛka eyinom nyinaa ho no, monhyɛ ɔdɔ, efisɛ ɛyɛ biakoyɛ hama a ɛyɛ pɛ.” Nanso, wɔredi saa ahyɛde a efi honhom mu no ho dwuma, ma ahyɛ no anuonyam.
-
-
Ɔdɔ, “Biakoyɛ Hama A, Ɛyɛ Pɛ” NoƆwɛn-Aban—1983 | May 1
-
-
4. Henanom na Paulo ahyɛde a ɛwɔ Kolosefo 3:14 no fa wɔn ho, na hena na ɔyɛ eyinom nyinaa honhom mu Agya?
4 Efi ɔsomafo Paulo krataa a ɔde kɔmaa Kolosefo no mfiase asɛm no mu no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ nim sɛ n’ahyɛde no fa wɔn ho tẽe: “Monhyɛ ɔdɔ, efisɛ ɛyɛ biakoyɛ hama a ɛyɛ pɛ.” Yɛkenkan sɛ: “Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ so yɛɛ Kristo Yesu somafo ne onua Timoteo de kɔma ahotefo a wɔwɔ Kolose ne anuanom a wɔyɛ Kristo mu gyidifo: Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn agya Nyankopɔn nka mo.” (Kolosefo 1:1, 2) Na, ná hena ne afeha a edi kan no mu Kristofo a na wɔwɔ Kolose, wɔ Asia Kuma, no nyinaa Agya a ɔwɔ soro no? Ná ɔne wɔn honhom mu odikanfo, Yesu Kristo, no Agya, ná n’Agya ne Onyankopɔn a ɔyɛ “Ɔsorosoroni asase nyinaa so” a ‘ne din de Yehowa’ no.—Dwom 83:18.
-