-
Ɔdɔ, “Biakoyɛ Hama A, Ɛyɛ Pɛ” NoƆwɛn-Aban—1983 | May 1
-
-
10. Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so akwati nipasu a ɛma yɛyɛ sɛ Wiasefo no, na nea ɛnte sɛ wiase a awu no, Onyankopɔn bu yɛn dɛn
10 Wɔahyɛ yɛn ɔsoro ahobammɔ ho bɔ, nanso ɛsɛ sɛ yedi ahyɛde horow a ɛbata ho no so. Sɛ yɛtwe yɛn ho fi nkitaho a yɛne wiase a aporɔw yi bedi a ɛde honhom mu owu ba no ho a, ɛremma yennya nipasu a ɛbɛma yɛayɛ te sɛ nnipa a wɔwɔ wiase. Yɛrenhyɛ nitan a ɛwɔ wiase no. Nea ɛne nitan bɔ abira koraa ne ɔdɔ, Yehowa Nyankopɔn ne ne Kristo no ho dɔ ne yɛn nuanom Kristofo ho dɔ. Nipasu a ɛda saa su yi adi no ne nipasu a ɔsomafo Paulo ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnhyɛ sɛ Yesu Kristo asuafo no. Sɛ yɛyɛ eyi a yɛbɛda yɛn ho adi akyerɛ afoforo sɛ́ Onyankopɔn asomfo denam “ɔdɔ a nkontompo nni mu” so. (2 Korintofo 6:4-10) Saa ɔdɔ yi fi Onyankopɔn, na nya a yebenya no kyerɛ sɛ yɛne no abenya abusuabɔ denam yɛn ho a yɛatwe afi wiase yi ho, wɔ yɛn koma ne yɛn kra nyinaa a yɛde bedi akyi no fam. Onyankopɔn bu wiase no sɛ awu na wɔn a wɔyɛ ne fã no nso awuwu; nokwarem no, wonni nkwa mu mma no. Onyankopɔn fam no, yɛn Yesu Kristo akyidifo a yɛahyira yɛn ho so agye asubɔ no wɔ nkwa mu, yiw, yɛte ase sɛ n’ahyehyɛde a ɔdɔ wom no fã. Enti ɛnyɛ asɛm a wɔka ma ɛkɔ akyiri dodo na 1 Yohane 3:14 ka, bere a ɛka kyerɛ yɛn sɛ: “Yɛn de, yenim sɛ yɛatwam afi wu mu kɔ nkwa mu, efisɛ yɛdɔ anuanom; nea onni dɔ no te owu mu.
11. Anuanom abusua bɛn mu na ɔdɔ de yɛn ba?
11 Enti yehu sɛ ɔdɔ ka yɛn nyinaa bom sɛ anuanom, a Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no, yɛ yɛn nua panyin. Saa Kristofo su yi yɛ atade a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ de kyerɛ nipa ko a yɛyɛ, a nyaatwom nni mu. Ɛno ne su titiriw a Onyankopɔn Asɛm se ɛsɛ sɛ yenya na yɛde di dwuma.
12. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya saa dɔ no, na bere a yɛanya eyi akyi no, so ɛsɛ sɛ yebu ani gu saa nneɛma a ɛboa ma yenyae no so anaa?
12 Ɛyɛ nea ntease wom sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ osuani a ɔyɛ osetie yɛ na watumi anya saa nokware dɔ no. Wɔn a wɔde ɔsoro akatua a ɛwɔ anuonyam asi wɔn anim no, 2 Petro 1:5-8 ka kyerɛ wɔn sɛ: “Eyi ara nti na mo nso mommɔ mmɔden nyinaa mfa nka ho, na monkyerɛ mo gyidi no mu mmaninyɛ, ne mmaninyɛ no mu nimdeɛ, ne nimdeɛ no mu anidahɔ, ne anidahɔ no mu boasetɔ, ne boasetɔ no mu onyamesom pa, ne onyamesom pa no mu onuadɔ, ne onuadɔ no mu nidɔ. Na sɛ eyinom wɔ mo mu na ɛdɔɔso a, ɛremma monyɛ anihafo ne wɔn a wɔnsow aba, yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ fam.” Bere a wɔn nsa aka su a ɛsen biara a ɛne ɔdɔ no, ɛnsɛ sɛ wobu ani gu nneɛma afoforo a ɛka ho no so. Dabi, na mmom ɛsɛ sɛ gyidi, mmaninyɛ, nimdeɛ, anidahɔ, boasetɔ, onyamesom pa ne onuadɔ kɔ so yɛ nipasu no nyinaa fã. Ɛsɛ sɛ wɔne ɔdɔ kɔ so nyin. Saa kwan no so no, wɔn a wɔwɔ saa nipasu a ɛtra hɔ daa no benya akatua no afi Onyankopɔn nkyɛn wɔ ne bere a ɛsɛ mu.
13. Ɔkwan bɛn so na Paulo nam de saa nneɛma a ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ no ho nkyerɛkyerɛmu pii ma wɔ Kolosefo 3:12-14?
13 Sɛ́ nea ɛka nneɛma a ɛho hia sɛ yɛyɛ ma yɛn ho yɛn na yɛanya akatua a ɛfata no ho no, ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ wɔbobɔ su horow a ɔsomafo Paulo se ɛsɛ sɛ yɛhyɛ de da nipa ko a yɛyɛ adi no din wɔ ha. Ansa na ɔreda nea ɛyɛ biakoyɛ hama a ɛyɛ pɛ no adi no, Paulo se: “Enti, sɛ́ nnipa a Onyankopɔn apaw wɔn, ahotefo ne adɔfo no, monhyɛ ayamhyehyɛ, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre. Na sɛ obi ne bi nya asɛm bi a, monkɔ so nhuhu mma mo ho na momfa mfirifiri mo ho. Sɛnea Yehowa nso de firii mo no, mo nso monyɛ saa ara. Na, nea ɛka eyinom nyinaa ho no, monhyɛ ɔdɔ, efisɛ ɛyɛ biakoyɛ hama a ɛyɛ pɛ.”—Kolosefo 3:12-14, New World Translation.
Nea Ɛbɔ Wɔn A Wɔnyɛ Biako Abira
14. Ansa na wobedi asomafo no akwankyerɛ akyi no, na anka Kristofo asafo no mufo yɛ nnipa bɛn?
14 Saa afotu a asomafo no de mae no kyerɛ nnipa ko a ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no mufo yɛ. Kan no na anka wɔyɛ wiase a enni dɔ na ennim Nyankopɔn no ne ne subammɔne ahorow no nyinaa fã. Enti na nipasu bɛn na wɔwɔ saa bere no? Wɔ 1 Korintofo 6:9-11 no, ɔsomafo Paulo da eyi adi, sɛ: “Anaasɛ munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no? Mommma wɔnnnaadaa mo, nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne awifo . . . rennya Onyankopɔn ahenni no. Sɛnea anka mo mu bi te ne no; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.”
15. Dɛn nti na wiasefo nni “biakoyɛ hama” a ɛtra hɔ daa?
15 Ɛbɛyɛ den ama wiasefo a wɔka wɔn ho asɛm wɔ atifi ha no sɛ wobenya biribi pa bi a pɛsɛmenkominya nni mu ma adi dwuma sɛ hama bi a entumi ntew na ɛyɛ pɛ a ɛbɛka wɔn nyinaa abom. Nokwarem no, wonni “biakoyɛ hama a ɛyɛ pɛ.” Enti biakoyɛ nni adesamma abusua a ɛwɔ wiase dedaw no mu no mu. Bere tiaa mu no ebia nneɛma bi a wɔn nyinaa ani gye ho bɛka wɔn abom. Nanso bere rekɔ so no, sɛ nneɛma a ɛfa wɔn nyinaa ho no fi hɔ a, wiasefo nni wɔn ho wɔn ho mu anigye bio. Nea ɛka wɔn bom no fi hɔ. Enti awiei no, wɔne wɔn ho wɔn ho tra ara kwa te sɛ mfɛfo nnipa a wontumi nkwati wɔn.
-
-
Ɔdɔ, “Biakoyɛ Hama A, Ɛyɛ Pɛ” NoƆwɛn-Aban—1983 | May 1
-
-
17. Onyankopɔn Ahenni no hwehwɛ dɛn wɔ wɔn a wɔhwehwɛ no kan no fam, na dɛn na ɛboa wɔn wɔ eyi fam?
17 Onyankopɔn Ahenni no ne wiase yi ne n’akyidifo nni twaka biara. Esiane nkogu a wiase a ɛwɔ Satan ase no adi sɛ ɛbɛka n’akyidifo abom nti, Onyankopɔn Ahenni a ɛwɔ Kristo nsam no hwehwɛ sɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ a wɔrehwehwɛ no kan no bom yɛ adwuma. Saa Ahenni yi yɛ nea Onyankopɔn fi ne dɔ mu ahyehyɛ. Saa ɔsoro nniso no su titiriw ne ɔdɔ, nea ɛsen ne nyinaa no, ɔdɔ ma Onyankopɔn ne ɔtan ma ne tamfo kɛse, Satan, ne wiase a ɔno ne ne “nyame” no. Mmɔden a Satan bɔ sɛ ɔbɛhaw adwene nyinaa akyi no, saa ɔdɔ a efi Yehowa Nyankopɔn, ɔsoro Agya, no nkyɛn no kɔ so di dwuma sɛ “biakoyɛ hama a ɛyɛ pɛ” ma wɔn a wodi n’asase so ahyehyɛde a aniwa hu no akyi no, yiw, ma Onyankopɔn abusua a ɛwɔ ɔsoro ne asase so no nyinaa.
-
-
Ɔdɔ Sɛ “Biakoyɛ Hama” Da Adi Sɛ Ɛyɛ “Pɛ”Ɔwɛn-Aban—1983 | May 1
-
-
Ɔdɔ Sɛ “Biakoyɛ Hama” Da Adi Sɛ Ɛyɛ “Pɛ”
1. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Yehowa ato odwumfo ho, na ɔkwan bɛn so na ɔma abusua biara din?
ADE NYINAA SO TUMFOƆ Yehowa Nyankopɔn, Odwumfo kɛse a ɔsen biara wɔ amansan yi mu no, betumi abɔ “biakoyɛ hama” bi a ɛbɛtra hɔ daa. Asase so abusuabɔ mpo tumi yɛ nea emu yɛ den yiye; na wɔka Yehowa Nyankopɔn ho asɛm sɛ “Agya a ɔno na ɔto abusua biara a ɛwɔ soro ne asase so din.” (Efesofo 3:14, 15, New World Translation) Efi bere a wiase nyinaa Nsuyiri no bae wɔ agya panyin Noa nna no mu no, adesamma abusua biara nam saa gyidifo a Onyankopɔn buu no sɛ ɔfata sɛ wɔkora ɔne n’abusua so wɔ nsuyiri a ɛbaa asase nyinaa so no mu no so. Eyi nti, Noa so na adesamma abusua biara a ɛwɔ asase so nnɛ no nam nya ne “din,” kyerɛ sɛ, sɛ wɔbɛtra ase afa din bi no nam no so. Tete no, Yehowa Nyankopɔn de din ahorow bi memaa nnipa nkorɛnkorɛ wɔ asase so, nanso ɔno ankasa ntotoo mmusua horow din tẽe. Nanso din a wɔwɔ no fi no, efisɛ anka wɔrentumi mmɛtra ase sɛ abusua a wɔwɔ din, sɛ ɛnnam ɔno sɛ amansan nyinaa mu Nkwa-Mafo no so a.—Genesis 5:1, 2, 32.
-