-
Wobɛyɛ Dɛn Aka Asɛmpa No Bi Akyerɛ Afoforo?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
1. Wobɛyɛ dɛn aka nea woresua no bi akyerɛ wɔn a wunim wɔn no?
Yesu asuafo no kaa sɛ: “Nea yɛate na yɛahu no, yɛrentumi nnyae ho asɛm ka.” (Asomafo Nnwuma 4:20) Ná nokware a wɔahu no da wɔn koma so ara ma na wɔpɛ sɛ obiara te bi. Wo nso, ɛyɛ a saa na wote nka? Sɛ saa a, ɛnde fa w’ani to fam na hwɛ ɔkwan a wubetumi afa so aka nea woresua no bi akyerɛ w’abusuafo ne wo nnamfo. Nanso, ɛyɛ a bɔ mmɔden sɛ wubedi wɔn ni.—Kenkan Kolosefo 4:6.
Akwan a wubetumi afa so afi ase no bi ni:
Sɛ wo ne wo busuani bi rekasa a, wubetumi aka sɛ: “Nnawɔtwe yi, masua biribi afi Bible mu ama m’ani agye paa.”
Sɛ w’adamfo bi yare anaa adwinnwen ahyɛ ne so a, wubetumi akan kyerɛwsɛm bi a ɛhyɛ nkuran akyerɛ no.
Sɛ w’adwumamfo bisa wo sɛ nnawɔtwe awiei anaa weekend no kɔɔ sɛn a, wubetumi aka nea woasua afi wo Bible adesua no mu anaa nea wusua fii asafo nhyiam ase no akyerɛ wɔn.
Ka jw.org wɛbsaet no ho asɛm kyerɛ wo nnamfo.
Sɛ morebɛyɛ Bible adesua a, wubetumi ato nsa afrɛ afoforo ama wɔabɛka wo ho, anaa wubetumi akyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛfa jw.org. so abisa ma obi ne wɔn abesua ade.
-
-
Wobɛyɛ Dɛn Aka Asɛmpa No Bi Akyerɛ Afoforo?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
4. Kyerɛ sɛ wubu afoforo
Sɛ woreka asɛmpa no akyerɛ afoforo a, ɛnyɛ nea wobɛka nko ara na ɛsɛ sɛ wudwen ho, na mmom sɛnea wobɛka no no nso ho hia. Monkenkan 2 Timoteo 2:24 ne 1 Petro 3:15. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Sɛ woreka Bible mu asɛm akyerɛ afoforo a, wobɛyɛ dɛn de kyerɛwnsɛm mmienu yi ayɛ adwuma?
Ebetumi aba sɛ wo nnamfo ne w’abusuafo bi ne wo renyɛ adwene. Ɛba saa a, dɛn na wobɛyɛ, na dɛn na ɛnsɛ sɛ woyɛ?
Sɛ wo ne afoforo rebɔ Bible mu nkɔmmɔ a, ɛbɛyɛ papa sɛ wubisa wɔn nsɛm a ɛbɛma wɔakyerɛ wɔn adwene sen sɛ wode nsɛm bepuapua wɔn. Adɛn ntia?
-