Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Yɛka Ho Asɛm
“Dade sew dade ano, na onipa sew ne yɔnko anim.”—Mmebusɛm 27:17, Bible no.
ƐNYƐ sɛ wode oyiwan sii oyiwan anim ara pɛ na ano asew. Wɔde ntoboaseɛ kɛse na ɛsew ano. Saa ara nso na ɔkwampa ne ɔkwammɔne a wɔnam nkɔmmɔbɔ so sew adwene, ne titiriw ɔsom ho asɛm a ne ka yɛ ka na ano wɔ hɔ.
Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu ne nidi ma nipa a yɛne no rekasa no denam yɛn kasa ne yɛn nneyɛe so. Bible no ka sɛ, “Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu.” (Kolosefo 4:6) Kasa a ɛho wɔ nyam a nkyene wom a wɔka nyɛ katee, ɛmfa ho sɛ ɔkasafo no nim sɛ n’asɛm no yɛ nokware na ɔfoforo no de yɛ mfomso no.
Yɛda obu adi denam sɛnea yetie asɛm nso so. Sɛ yetwitwa nsɛm so anaasɛ yɛamfa yɛn adwene ankɔ nea ɔkasafo no reka so esiane sɛ yɛredwene asɛm foforo a yɛbɛka ho a, yɛrentumi nyɛ atiefo a wɔda obu adi. Akyinnye biara nni ho sɛ nea ɔrekasa no behu sɛ yɛn ani nnye n’asɛm no ho na ebia obegyae ka. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ obi anaasɛ yehunahuna no ma ɔsesa n’adwene. Anyɛ yiye koraa no, ɛyɛ ‘Onyankopɔn na ɔma nokware aba no tim’ wɔ obi a ofi komam tie mu.—1 Korintofo 3:6.
Yɛwɔ ɔsomafo Paulo a ɔde ‘nsɛm ho a wosusuw’ ne ‘dan a wɔdan ti’ dii dwuma wɔ ne som adwuma mu no nhwɛso fɛfɛ. (Asomafo no Nnwuma 17:17; 28:23, 24) Na Paulo ne nkurɔfo ka ɔsom ho asɛm wɔ baabiara a wobehu wɔn te sɛ gua so ne wɔn afie mu. (Asomafo no Nnwuma 17:2, 3; 20:20) Yehowa Adansefo bɔ mmɔden suasua nhwɛso yi denam baabiara a wɔbɛto nkurɔfo a wɔkɔ ne wɔn susuw Kyerɛwnsɛm no ho so.
Nnya Adwene a Ɛnteɛ
Bere a Israelfo no duu Bɔhyɛ Asase no so ara pɛ na anka adwene a ɛnteɛ a wonyaa wɔ afɔremuka bi ho no reyɛ ama wɔde wɔn ho akɔhyɛ ɔmanko mu. Nkurɔfo a na wɔte Yordan Asubɔnten no apuei fam no sii afɔremuka, nanso mmusuakuw a wɔaka no dii mfomso susuwii sɛ ɛyɛ atoro som afɔremuka. Enti, wɔboaboaa wɔn ho sɛ wɔne wɔn nuanom no rekɔko de atwe wɔn aso. Nanso wɔde nhumu dii dwuma. Wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔkɔto hyɛ wɔn nuanom so no tuu nnipa bi ma wodii kan kobisaa nea enti a wosii afɔremuka no. Wɔn ani gyee pii bere a wohui sɛ ɛyɛ nkaedum—“adanse bi”—ara kɛkɛ a ɛbɛma mmusuakuw no nyinaa akae sɛ wɔyɛ biako wɔ Yehowa Nyankopɔn anim no. Kasa a wɔkasae no maa wɔkwatii akodi—na ɛma wɔkoraa nnipa pii nkwa so!—Yosua 22:9-34.
Saa ara nso na mpɛn pii no adwene a ɛnteɛ a afoforo nya nnɛ no de akayɛ ne adwemmɔne mpo ba. Sɛ nhwɛso no, nnipa binom abu Yehowa Adansefo sɛ nyamesom mu kateefo esiane mogya a wɔmpene mma wɔmfa mma wɔn ho nsɛm a nkurɔfo keka nti. Nanso wɔn a wɔn ankasa abisa Adansefo no saa asɛm yi no ho taa dwiriw wɔn bere a wohu sɛ Adansefo no wɔ wɔn gyinabea no ho nnyinaso wɔ Bible mu, ne sɛ ɔkwan a etu mpɔn a wobetumi afa so asa yare wɔ hɔ no. (Leviticus 17:13, 14; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Nokwarem no, esiane mogya a wɔde ma ho nsɛnnennen nti, samufo bi kyerɛwee sɛ: “Yɛda Nyankopɔn ase sɛ Yehowa Adansefo afi ase rehwehwɛ biribi a wobetumi de asi mogya ananmu.”
Saa ara nso na ebinom mpɛ sɛ wɔne Adansefo yi bɛkasa esiane sɛ wɔate sɛ Yehowa Adansefo nnye Yesu Kristo nni nti. Hwɛ atoro ara a eyi yɛ! Nokwarem no, Adansefo no si afa a Yesu wɔ wɔ yɛn nkwagye mu no so dua, na wɔkyerɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba a Ɔsomaa no baa asase so sɛ ommegye adesamma mfi bɔne ne owu mu. Esiane sɛ nkurɔfo abisa Adansefo no eyi ho asɛm nti, wɔatumi ayi adwene a ɛnteɛ a na wɔwɔ no afi wɔn mu.—Mateo 16:16; 20:28; Yohane 3:16; 14:28; 1 Yohane 4:15.
Nokware—Ade a Wogye Tom Anaa Wonnye Ntom?
Ɛdefa ɔsom ho no, nea ebia ɛyɛ nnipa pii nwonwa ne sɛ nea wɔtaa gye tom no na enye. Yesu Kristo ankasa kae sɛ: “Monhyɛn ɔpon teateaa no mu; na ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no ne nea ɛkɔ ɔsɛe mu no, na wɔn a wɔhyɛn mu no yɛ pii. Na ɔpon teateaa ne ɔkwan hiahiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua.”—Mateo 7:13, 14.
Wɔ Noa nna no mu no, nnipa baawɔtwe pɛ na wɔkaa honhom mu nokware no ho asɛm—Noa, ne yere, ne mmabarima baasa no ne wɔn yerenom. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn kɔkɔbɔ nsɛm no ne adaka a wɔpamee no maa nkurɔfo dii wɔn ho fɛw na wɔyɛɛ wɔn basabasa mpo. Nanso Noa ne n’abusua no ansuro; wɔkɔɔ so kaa asɛm no, na wɔpam adaka no. (Genesis 6:13, 14; 7:21-24; 2 Petro 2:5) Saa ara nso na nnipa baasa pɛ na wotiee Onyankopɔn na wonyaa nkwa bere a wɔsɛee Sodom ne Gomora no.—Genesis 19:12-29; Luka 17:28-30.
Yɛn bere yi so nso ɛ? Ofiewura bi ka kyerɛɛ Yehowa Dansefo bi sɛ: “Sɛ Kristo resan aba honam mu a, anka ebia nkurɔfo bɛsan akum no.” Na saa nipa yi te nka sɛ Yesu nkyerɛkyerɛ ne n’abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn no bɛyɛ nea nkurɔfo ani rennye ho nnɛ sɛnea na ɛte mfe 2,000 a atwam ni mu no. Wo ne no yɛ adwene?
Sɛ ɛte saa a, ɛnde na ɛno ara nen, efisɛ Yesu bɔɔ n’asuafo no kɔkɔ sɛ: “Wobeyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo; na me din nti aman nyinaa bɛtan mo”—nkɔmhyɛ a aba mu. (Mateo 24:9) Yudafo akannifo a na wɔwɔ Roma no kaa Kristosom ho asɛm kyerɛɛ ɔsomafo Paulo sɛ: “Na fekuwsɛm yi de . . . wɔkasa tia mmaa nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 28:22) Nanso, Kristosom a na nkurɔfo ani nnye ho no amma Kristo akyidifo no annyae sɛ wɔbɛka wɔn gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo. Saa ara nso na amma nnipa komapafo annyae sɛ wɔne Kristofo no bɛkasa.—Asomafo no Nnwuma 13:43-49.
Ɛnnɛ, Yesu nkrasɛm no hia paa sen bere biara. Dɛn ntia? Efisɛ wiase nsɛm tebea da no adi sɛ seesei yɛte nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri mu” na ɛbɛkɔ akowie nnebɔneyɛfo a wɔbɛsɛe wɔn afi asase so mu. Yesu de yɛn bere yi totoo Noa nna no ho. (2 Timoteo 3:1-5; Mateo 24:37-39) Enti ehia paa sɛ yɛfa yɛn gyidi aniberesɛm, efisɛ wɔn a wonim Onyankopɔn na “wɔsɔre no honhom ne nokware mu” no nkutoo na wobenya daa nkwa.—Yohane 4:24; 2 Tesalonikafo 1:6-9.
Sɛnea Yebetumi Ahu Ɔkwampa No
Francis Bacon, afeha a ɛto so 17 mu Engiresi nyansapɛfo, sɛnkyerɛwfo, mmaranimfo, ne ɔmanyɛfo tuu wɔn a wɔrehwehwɛ nokware no fo sɛ “wonsusuw ho yiye.” Na kan U.S. ɔmampanyin Thomas Jefferson kae sɛ: “Asɛm a wɔdwene ho na wotumi bisa mu” nkutoo ne ade a ɛmma obi nni mfomso. . . . Ɛyɛ ade a ɛmma obi ntumi nni mfomso.” Enti sɛ yɛrehwehwɛ nokware no ampa a, ɛsɛ sɛ “yesusuw ho yiye” na yɛkɔ so “dwene ho na yebisa mu.”
Bere a Owura Hermann Bondi, Britania nyansahufo rekyerɛ sɛ adeyɛ a ɛte saa ho hia no, ɔkae sɛ: “Esiane sɛ gyidi biako pɛ na ebetumi ayɛ nokware nti, ɛda adi pefee sɛ adesamma betumi de wɔn ho ato ɔsom mu gyidi a ɛnyɛ nokware so. Ebia nokwasɛm a ɛte sɛɛ nti obi besusuw sɛ ehia sɛ nkurɔfo brɛ wɔn ho ase na wonya adwene a ɛne sɛ ɛmfa ho sɛnea ne gyidi kɔ akyiri fa no, ebetumi aba sɛ wɔafom kwan.”
Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi ahu sɛ ɔnam ‘ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu’ no so ankasa? Yesu kyerɛkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn wɔ ‘nokware mu.’ Enti ɛsɛ sɛ ntease ma obi hu sɛ sɛ nkyerɛkyerɛ abien nhyia a, n’abien nyinaa ntumi nyɛ nokware. Sɛ nhwɛso no, sɛ ebia nnipa wɔ ɔkra a enwu da anaasɛ wonni bi. Sɛ ebia Onyankopɔn de ne ho begye nnipa nsɛm mu anaasɛ ɔrenyɛ saa. Sɛ ebia Onyankopɔn yɛ Baasakoro anaasɛ ɔnyɛ. Wɔn a wɔhwehwɛ nokware no pɛ nsɛmmisa a ehia yi ho mmuae a ɛfata. Yehowa Adansefo gye di sɛ Onyankopɔn de mmuae no ama yɛn wɔ N’asɛm, Bible no mu.a
Esiane sɛ “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu” nti, ɔkwan titiriw a yebetumi afa so ahwehwɛ nkyerɛkyerɛ ahorow mu ne sɛ yɛde bɛtoto Bible no ho. (2 Timoteo 3:16) Wɔ saayɛ mu no, na ‘woresɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.’ (Romafo 12:2) So ‘wubetumi asi wo bo’ aka sɛ nea wugye di no gyina Bible no so? Saa a wubetumi ayɛ no hia efisɛ Onyankopɔn mpɛ sɛ wɔbɛdaadaa wo aka “amanaman nyinaa” ho.—Adiyisɛm 12:9.
So Akyerɛkyerɛfo Ho Hia?
Yesu amfa nhoma mmobɔwee kakraa bi amma n’asuafo no anka sɛ: “Mo nsɛmmisa nyinaa ho mmuae wom. Mo ara monkɔ fie nkɔhwehwɛ.” Mmom no, ofi ntoboaseɛ ne ayamye mu kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn asɛm. Wɔn a wogyee ne nkyerɛkyerɛ toom no nso suaa ɔkwan a na ɔfa so kyerɛkyerɛ bere a na wɔn nso rekyerɛkyerɛ afoforo no. Fa ɔsomafo Filipo suahu no sɛ nhwɛso. Ɔkasa kyerɛɛ Etiopiani panyin bi a esiane sɛ na ɔne Yudafo no bɔ nti, na wasua Kyerɛwnsɛm no. Nanso na ɔbarima no hia mmoa. Enti wɔmaa Filipo—Kristofo asafo no nanmusifo no—kɔboaa no. Sɛ na owura yi mpɛ sɛ ɔka ɔsom ho asɛm a, anka ɔrenhu afa a Yesu wɔ wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu. Nhwɛso pa bɛn na saa Etiopiani yi yɛ ma wɔn a wɔrehwehwɛ nokware no nyinaa yi!—Asomafo no Nnwuma 8:26-39.
So wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛka wo gyidi ho asɛm na woabisa nsɛm te sɛ nea Etiopiani yi yɛe no? Sɛ woyɛ saa a, wubenya so mfaso pii. Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔne nkurɔfo a wɔpɛ ampa sɛ wobehu nea Bible no ka no besusuw ho. Adansefo no nka wɔn ankasa nsusuwii ho asɛm. Mmom no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nkurɔfo ahu nea Bible no ankasa ka.
Etiopiani panyin no suaa Yesu Kristo ho nneɛma a na ɛyɛ nwonwa, te sɛ ɔkwan a Onyankopɔn bɛfa so de no adi dwuma de agye yɛn nkwa. Ɛnnɛ, aka kakraa bi na wɔadi Onyankopɔn atirimpɔw ho dwuma awie. Nneɛma a ɛyɛ hu na ɛyɛ nwonwa rebesisi asase yi so. Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ sɛ eyi bɛka obiara a ɔte asase so. Nokwarem no, sɛnea ɛbɛka yɛn no begyina yɛn su ne yɛn nneyɛe so.
[Ase hɔ asɛm]
a Nea ɛbɛyɛ na woahu adanse a ɛkyerɛ sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn asɛm no, yɛsrɛ wo hwɛ nhoma The Bible—God’s Word or Man’s?, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no.
[Kratafa 7 mfonini]
Etiopiani panyin no pene ma wɔne no kaa Bible ho asɛm