Kura Gyidi Mu Wɔ Onyankopɔn Ne Yesu Mu
Kolosefo Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
YEHOWA NYANKOPƆN ne Yesu Kristo mu gyidi ho hia ma nkwagye. Nanso gyidi a ɛte sɛɛ mu kura yɛ den. Na ɛte saa wɔ Kristofo a wɔwɔ Kolose, Efeso a na ɛwɔ Asia Kumaa apuei fam kurow bi mu no fam. Dɛn ntia? Efisɛ na ɛhɔnom atoro akyerɛkyerɛfo kura adwene a ɛnteɛ a ɛne sɛ nkwagye gyina twetiatwa, nea obi di, ne nnapɔnna bi di so.
Ɛnde, ntease wom sɛ na ɔsomafo Paulo dwen Kolosefo Kristofo no honhom mu yiyedi ho, na na ɛda di sɛ ɔpɛ sɛ wokura gyidi a na wɔwɔ wɔ Onyankopɔn ne Kristo mu no mu. Enti ɛrekɔ ɔsomafo no afiasenna a edi kan wɔ Roma (bɛyɛ 60-61 Y.B.) awiei no, ɔkyerɛw nhoma kɔmaa Kolosefo no a n’atirimpɔw ne sɛ ɔde bɛbɔ adwenhorow a ɛnteɛ no agu, na wahyɛ wɔn gyidi den. Momma yɛnhwɛ sɛnea yɛn nso yebetumi anya ne nsɛm a ɔdɔ wom no mu mfaso.
Kyerɛ Kristo Dibea ho Anisɔ
Paulo sii Yesu dibea ho anisɔ a yebenya so dua wɔ ne nhoma no mfiase pɛɛ. (1:1-2:12) Ɔkamfoo Kolosefo no wɔ gyidi a na wɔwɔ wɔ Kristo mu ne wɔn dɔ ma wɔn mfɛfo gyidifo no ho. Paulo kaa otitiriw a Kristo yɛ sɛ Onii a wɔnam no so bɔɔ nneɛma nyinaa, asafo no Ti, ne awufo mu abakan no ho asɛm. Wɔnam Kristo a wɔde nyansa ne nimdeɛ ademude nyinaa asie ne mu no so apata yɛne Onyankopɔn ntam. Esiane eyi nyinaa nti, ɛsɛ sɛ Kristofo kɔ so ne Kristo nantew biakoyɛ mu, na ɛnsɛ sɛ wɔma obi de nnipa nyansapɛ fa wɔn nnommum.
Onyankopɔn nam Kristo so yii Mmara no fii hɔ. (2:13-23) Wɔde bɔɔ dua a Yesu wui wɔ so no ho wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Na Mmara no mu ahwehwɛde yɛ “nneɛma a ɛbɛba no sunsuma nko, na nipadua no ne Kristo de no.” Ɛdenam Kristo mu gyidi mu a wobekura pintinn so no, wɔremma obiara mmma ɔsoro asetra a owu nnim nkonimbo no mmmɔ wɔn.
Kyerɛ Onyankopɔn ne Kristo ho Anisɔ
Afei Paulo hyɛ Kolosefo no sɛ wɔnhyɛ nipasu foforo no na wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ Yesu Kristo tumi ase. (3:1-17) Ɛdenam ɔsoro nneɛma a wobedwen ho so no, wɔde honhom mu nneɛma bedi kan wɔ wɔn asetra mu. Na eyi hwehwɛ sɛ woyi su ne kasa a enye gu. Nhyira bɛn ara na wobenya sɛɛ yi, sɛ wofura su horow te sɛ ayamhyehye, ahobrɛase adwene, ne ɔdɔ a! Sɛ wɔyɛ biribiara wɔ Yesu din mu, na wɔfa no so da Onyankopɔn ase a, Kristo bedi panyin wɔ wɔn koma mu.
Ɛsɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho anisɔ nya Kristoni ne afoforo ntam abusuabɔ so tumi nso. (3:18-4:18) Na ɛsɛ sɛ ɔyerenom, okununom, mma, nkoa, ne awuranom de Onyankopɔn suro yɛ wɔn adwuma de gye Kristo tom. Na hwɛ sɛnea ehia sɛ wokura mpaebɔ mu na wɔnantew nyansa mu!
Paulo nhoma a ɔde kɔmaa Kolosefo no betumi aboa yɛn ma yɛakwati atoro nkyerɛkyerɛ a ɛbɛma nkwa nkonimbo no abɔ yɛn no. Yehowa ne ne Ba no tumi a yebehu no so dua a ɔsomafo no sii no betumi anya sɛnea yɛne afoforo di no so nkɛntɛnso pa. Wɔahyɛ yɛn nhyira pii ho bɔ, sɛ yekura gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn ne Kristo mu no mu a.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 26]
Nhoma a Wɔde Kɔmaa Laodikeafo: Paulo kyerɛw Kolosefo no sɛ “Na sɛ wɔkan nhoma yi mo nkyɛn wie a, momma wɔnkɔkan laodikeafo asafo no mu bi, na mo nso monkan nea efi laodikea no.” (Kolosefo 4:16) Na laodikea yɛ Asia Kumaa atɔe fam kurow a ahonyade wom, a akwan fi Fildelfia ne Efeso kɔ mu. Ɛda adi sɛ Paulo adwuma no koduu laodikea tɔnn, ɛwom sɛ wansom wɔ hɔ de. Ɔde nhoma kɔmaa laodikea Kristofo no, ɛwom sɛ nhomanimfo binom gye di sɛ ɛyɛ nea ɔkyerɛw kɔmaa Efesofo no ara bi de. Krataa a ɔde kɔmaa laodikea no nni Bible no mu, ebia efisɛ nsɛm a yehia nnɛ no nnim, anaasɛ ebia na wɔaka emu nsɛntitiriw a osii so dua yiye wom no wɔ Kyerɛwnsɛm no nhoma afoforo mu.
[Mfonini]
Amamfo wɔ Laodikea