Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Asomdwoe a Efi Nyankopɔn Hɔ​—Bere Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban—1987 | March 1
    • 19. Ɔkwan bɛn so na “[Yehowa] da” no bɛba?

      19 Ɔsomafo Paulo se, “Mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so.” Onyankopɔn diyifo Yesaia de ka ho sɛ: “Hwɛ, wɔn abran reteɛm mmorɔn so, asomdwoe bɔfo resu osu yawyaw.” (Yesaia 33:7) Bible no kyerɛ wɔ mmeae ahorow pii sɛ Yehowa atemmu bɛba aman ne nnipa abɔnefo so wɔ ahoɔhare so ne mpofirim​—ampa, “sɛ owifo ba anadwo.” (1 Tesalonikafo 5:2, 3; Yeremia 25:32, 33; Sefenia 1:14-18; 2 Petro 3:10) Bere a wiase no bɛteɛm denneennen aka sɛ anya asomdwoe ne ahotɔ akodu baabi no na “ [Yehowa] da” no bɛba wɔn so mpofirim ara. Saa bere no na Onyankopɔn nkurɔfo ahu nea saa “Asomdwoe ne ahotɔ” ho nteɛm no kyerɛ na wɔbɛkora wɔn so wɔ guankɔbea a Yehowa de ama no mu.​—Dwom 37:39, 40; 46:1, 2; Yoel 3:16.

  • Asomdwoe a Efi Nyankopɔn Hɔ​—Bere Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban—1987 | March 1
    • 21. (a) Adeyɛ bɛn na ebefi “[Yehowa] da” no ase? (b) ‘Ɛda’ no bɛkɔ so akowie dɛn mu?

      21 Ɔkwan bɛn so na “[Yehowa] da” no bɛba? Wɔ adesamma abakɔsɛm mu sum bere yi mu no, ɛbɛba “sɛ owifo” ampa! Ɛno bɛyɛ bere a Onyankopɔn bɛma Amanaman Nkabom akekaboa no aman no adan aba atoro som so mpofirim ara no. Bere a wɔda Babilon Kɛse no ho tan kɛse a wɔwɔ adi no, wɔbɛma wɔahu sɛnea ɔte na wɔasɛe no pasaa. Eyi bɛba wɔ ahoɔhare so araa ma amammuifo a ɔne wɔn bɔ aguaman no bɛka sɛ: “Due, due, kurow kɛse Babilon, kurow a ɛyɛ den, efisɛ dɔnhwerew biako mu na w’atemmu aba.” Nanso amanaman no ne wɔn dɔm bɛsɔre atia Onyankopɔn nkurɔfo nso. Afei ahene mu Hene, Yesu Kristo, bɛsɛe saa atamfo no nyinaa na ɔde ɔsɔretiafo panyin, Satan Ɔbonsam, ato ebun no mu.​—Adiyisɛm 17:16, 17; 18:10; 19:11-21; 20:1-3; fa toto Hesekiel 38:11, 16, 18-23 ho.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena