Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 6/1 kr. 7-12
  • Yehowa—Onyankopɔn a Oyi Ahintasɛm Adi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa—Onyankopɔn a Oyi Ahintasɛm Adi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ade Nyinaa so Tumfoɔ a Ɔwɔ Ɔdɔ Nso
  • Obu a Ɛfata a Wɔkyerɛ Ma Wɔn a Yehowa De Wɔn Di Dwuma No
  • Baguam Anaa Kokoam?
  • Ɛsɛ sɛ Wɔka Anaa Ɛnsɛ sɛ Wɔka?
  • Ahintasɛm Bi a Kristofo Ntumi Nkora So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Wobɛyɛ Dɛn Anya Onyankopɔn Ho Nimdeɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • “Onyankopɔn Nyansa a Wada No Adi Wɔ Ahintasɛm Kronkron Bi Mu”
    Bɛn Yehowa
  • Wɔda Ɔwɔ no Adi Kyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 6/1 kr. 7-12

Yehowa—Onyankopɔn a Oyi Ahintasɛm Adi

“Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a oyi ahintasɛm adi.”—DANIEL 2:28.

1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa da nsow wɔ ne Tamfo kɛse no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na nnipa da saa nsonsonoe yi adi?

YEHOWA, amansan Nyankopɔn pumpuni a ɔwɔ dɔ, Ɔbɔadeɛ koro pɛ no, yɛ nyansa ne atɛntrenee Nyankopɔn. Ɛho nhia sɛ ɔde nipa ko a ɔyɛ, ne nnwuma, anaa n’atirimpɔw ahorow sie. Ɔda ne ho adi wɔ n’ankasa bere mu ne ɔkwan a n’ankasa pɛ so. Saa kwan yi so no, ɔnte sɛ ne Tamfo, Satan Ɔbonsam, a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde nipa ko a ɔyɛ ankasa ne ne botae horow besie no.

2 Sɛnea Yehowa ne Satan bɔ abira no, saa ara na wɔn asomfo nso bɔ abira. Esu a wɔn a wodi Satan akyi da no adi yɛ atoro ne nnaadaa. Wɔyɛ wɔn ho sɛ nnipa pa, nanso wɔyɛ sum nnwuma. Wɔka kyerɛɛ Korinto Kristofo no sɛ ɛnsɛ sɛ saa nokwasɛm yi yɛ wɔn nwonwa. “Na saa nnipa yi yɛ atoro asomafo, nnaadaa adwumayɛfo a wɔdan wɔn ho yɛ sɛ Kristo asomafo. Na ɛnyɛ nwonwa; efisɛ Satan ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo.” (2 Korintofo 11:13, 14) Nanso Kristofo de, Kristo na wobu no sɛ wɔn Kannifo. Bere a ɔwɔ asase so no, ɔdaa su a ɛte sɛ N’agya, Yehowa Nyankopɔn, de no adi pɛpɛɛpɛ. (Hebrifo 1:1-3) Enti, sɛ Kristofo di Kristo akyi a, na wɔresuasua Yehowa, Onyankopɔn a ɔka nokware, ɔmfa ne ho nsie, na ɔyɛ hann no. Ɛho nhia sɛ wɔn nso de nnipa ko a wɔyɛ, wɔn nnwuma, anaa wɔn atirimpɔw ahorow sie.—Efesofo 4:17-19; 5:1, 2.

3. Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so abɔ sobo a ɛne sɛ nnipa a wɔbɛyɛ Yehowa Adansefo no yɛ nnipa a wɔhyɛ wɔn ma wɔkɔka “sum ase kuw” bi ho no agu?

3 Yehowa da n’atirimpɔw ahorow ne daakye a bere bi a atwam no, na nnipa nnim adi wɔ bere a onim sɛ eye mu. Wɔ saa kwan yi so no, ɔyɛ Onyankopɔn a oyi ahintasɛm adi. Enti, wɔto nsa frɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no no—yiw wɔhyɛ wɔn nkuran—sɛ wonsua saa nsɛm a oyi no adi no. Nsɛm a wobisabisaa Adansefo bɛboro 145,000 wɔ Europa man bi mu wɔ 1994 mu no daa no adi sɛ, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, wɔn mu biara ankasa hwehwɛɛ Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ mu mfe abiɛsa ansa na wɔresi gyinae sɛ wɔbɛyɛ Adansefo. Wofi wɔn pɛ mu na esii gyinae no a obiara anhyɛ wɔn. Na na wɔda so ara wɔ hokwan a wotumi de paw nea wɔn ankasa pɛ sɛ wɔyɛ. Sɛ́ nhwɛso no, esiane sɛ afei ebinom mpene Kristofo abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn no so nti, akyiri yi, saafo yi si gyinae sɛ wɔmpɛ sɛ wɔkɔ so yɛ Adansefo. Nanso, ɛyɛ anigye sɛ mfe anum a atwam ni no, saafo yi a bere bi na wɔyɛ Adansefo no mu bebree atutu anammɔn asan afi fekubɔ ne dwumadi ase sɛ Adansefo.

4. Dɛn na ɛho nhia sɛ ɛhaw Kristofo anokwafo, na dɛn ntia?

4 Nokwarem no, ɛnyɛ wɔn a bere bi na wɔyɛ Adansefo, a wɔn mu bi yɛ nnipa a kan no na wɔwɔ dibea a asɛyɛde wom wɔ Kristofo asafo no mu no nyinaa na wɔsan ba. Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa, efisɛ Yesu akyidifo a na wɔbɛn no paa no biako, ɔsomafo Yuda, mpo san n’akyi. (Mateo 26:14-16, 20-25) Nanso eyi yɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɛma w’adwene mu yɛ wo nãã wɔ Kristosom ankasa ho anaa? So eyi ma nkɔanim a Yehowa Adansefo renya wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ adwuma no mu no yɛ ɔkwa? Ɛnte saa koraa, sɛnea Yuda Iskariot afatwa no amma Onyankopɔn atirimpɔw ahorow anyɛ kwa no.

Ade Nyinaa so Tumfoɔ a Ɔwɔ Ɔdɔ Nso

5. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa ne Yesu dɔ nnipa, na ɔkwan bɛn so na wɔada saa dɔ yi adi?

5 Yehowa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn. Odwen nnipa ho. (1 Yohane 4:7-11) Ɛmfa ho dibea a ɛkorɔn a okura no, n’ani gye ho sɛ ɔfa nnipa adamfo. Yɛkenkan wɔ ne tete asomfo no biako ho sɛ: “Abraham gyee Onyankopɔn dii, na wobuu ɛno trenee maa no, na wɔfrɛɛ no, Onyankopɔn adamfo.” (Yakobo 2:23; 2 Beresosɛm 20:7; Yesaia 41:8) Sɛnea nnipa ka wɔn kokoam nsɛm anaa wɔn ahintasɛm kyerɛ wɔn nnamfo no, saa ara na Yehowa nso yɛ ne nnamfo. Wɔ eyi mu no, Yesu suasuaa N’agya, efisɛ ɔfaa n’asuafo no nnamfo, kaa ahintasɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura yɛ; na mafrɛ mo nnamfo, efisɛ nneɛma a mate m’agya nkyɛn no nyinaa maka makyerɛ mo.” (Yohane 15:15) Kokoam nsɛm anaa “ahintasɛm” a Yehowa, ne Ba no, ne wɔn nnamfo na wonim no ma wobenya biakoyɛ a ɔdɔ hama ne ahofama mma biribiara ntetew mu.—Kolosefo 3:14.

6. Dɛn nti na ɛho nhia sɛ Yehowa de ne tirimbɔ sie?

6 Nea edin Yehowa no kyerɛ, “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ,” no da tumi a ɔwɔ sɛ ɔyɛ ne ho sɛnea ɔpɛ biara na ama n’atirimpɔw abam no adi. Yehowa nte sɛ nnipa na ɔde ne tirimbɔ asie esiane suro a osuro sɛ ebia afoforo betumi asiw no kwan na wantumi anni ho dwuma nti. Ɔrentumi nni nkogu ɔkwan biara so, enti ɔda nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no mu pii adi pefee wɔ N’asɛm, Bible, mu. Ɔhyɛ bɔ sɛ: ‘M’asɛm rensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.’—Yesaia 55:11.

7. (a) Dɛn na Yehowa hyɛɛ ho nkɔm wɔ Eden, na ɔkwan bɛn so na Satan maa Onyankopɔn yɛɛ ɔnokwafo? (b) Ɔkwan bɛn so na nnyinasosɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 13:8 no yɛ nokware bere nyinaa?

7 Eden atuatew no akyi bere tiaa bi no, Yehowa daa nea asidi a ɛrekɔ so wɔ ɔne ne Tamfo, Satan, ntam no bɛkɔ akosi adi, tiawa. Ná wɔbɛka Onyankopɔn Aseni a wahyɛ ne ho bɔ no katorɔ, nanso wɔnsɛe no korakora, ɛnso Satan de, awiei koraa no, na wɔbɛbɔ no asɛe no koraa. (Genesis 3:15) Wɔ 33 Y.B. mu no, Ɔbonsam bɔɔ Aseni no, Kristo Yesu, ankasa bere a ɔma wokum no no. Satan nam saa kwan yi so maa Kyerɛw no nyaa mmamu, na ɛnam so daa no adi sɛ Yehowa yɛ nokware Nyankopɔn, ɛwom sɛ ɛda adi sɛ na ɛnyɛ saa na Satan hwehwɛ de. Kyi a okyi nokware ne trenee, ne afei n’ahantan ne ahonu a wankyerɛ no ma ɔyɛɛ nea Onyankopɔn ka too hɔ sɛ ɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ. Yiw, nokware asɔretiafo nyinaa, a Satan ankasa mpo ka ho no fam no, nnyinasosɛm yi yɛ nokware sɛ: “Yentumi nyɛ hwee ntia nokware, na mmom nea yetumi yɛ no, yɛyɛ ma nokware.”—2 Korintofo 13:8.

8, 9. (a) Dɛn na Satan nim, nanso saa asɛm yi a onim no sɛe Yehowa atirimpɔw a obedi ho dwuma no anaa? (b) Kɔkɔbɔ a emu da hɔ bɛn na Yehowa asɔretiafo bu wɔn ani gu so, na dɛn ntia?

8 Efi bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni sii hɔ wɔ 1914 mu a aniwa anhu no, Adiyisɛm 12:12 anya mmamu: “Eyi nti mo ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” Nanso, nim a Satan nim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa no ma ɔsesa n’akwan anaa? Anka ɛno bɛkyerɛ sɛ Satan agye atom sɛ Yehowa yɛ nokware Nyankopɔn, na sɛ́ Sodifo Pumpuni no, ɔno nkutoo na ɔfata sɛ wɔsom no. Nanso, ɛmfa ho mpo sɛ Ɔbonsam nim saa nokwasɛm yi no, ɔnyɛɛ n’adwene sɛ obegye atom sɛ wadi nkogu.

9 Yehowa da nea ebesi bere a Kristo bɛba abebu Satan wiase nhyehyɛe no atɛn adi pefee. (Mateo 24:29-31; 25:31-46) Ɛdefa eyi ho no, N’asɛm no bɔ amanneɛ fa wiase sodifo ahorow ho sɛ: “Bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so.” (1 Tesalonikafo 5:3) Wɔn a wodi Satan akyi no bu wɔn ani gu kɔkɔbɔ a emu da hɔ yi so. Esiane wɔn koma bɔne nti, wɔn ani afurafura, na eyi mma wɔnsakra mfi wɔn akwammɔne ho na wɔnsesa wɔn nhyehyɛe ne ɔkwan a wɔfa so sɛ wɔbɛsɛe Yehowa atirimpɔw ahorow no.

10. (a) Ebetumi aba sɛ 1 Tesalonikafo 5:3 anya mmamu akodu he, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo yɛ? (b) Dɛn nti na ebia nnipa a wonni gyidi benya akokoduru daakye de asɔre atia Onyankopɔn nkurɔfo?

10 Titiriw efi 1986, bere a Amanaman Nkabom no bɔɔ no dawuru sɛ Amanaman Ntam Asomdwoe Afe no, wɔaka asomdwoe ne dwoodwoo asetra ho asɛm kɛse wɔ wiase. Wɔde nhyehyɛe pɔtee bi asisi hɔ a wɔde rehwehwɛ wiase asomdwoe, na ɛte sɛ nea wɔadi nkonim. Baabi a nkɔmhyɛ yi benya mmamu akodu ara ni, anaasɛ yebetumi ahwɛ amanneɛbɔ soronko bi kwan daakye? Yehowa bɛma saa asɛm no mu ada hɔ wɔ ne bere a ɛsɛ mu. Ɛnkosi saa bere no, momma yɛnkɔ so nwɛn honhom mu, ‘ntwɛn, na yɛmma Yehowa da no ba ntra yɛn adwene mu yiye.’ (2 Petro 3:12) Bere a nna no retwam na wogu so ara reka asomdwoe ne dwoodwoo asetra ho asɛm kɛse no, ebinom a wonim saa kɔkɔbɔ yi nanso wɔboapa bu wɔn ani gu so no, betumi asen wɔn kɔn kɛse bere a wosusuw sɛ Yehowa remma, anaa ontumi mma n’asɛm mmam no. (Fa toto Ɔsɛnkafo 8:11-13; 2 Petro 3:3, 4 ho.) Nanso nokware Kristofo nim sɛ Yehowa bedi n’atirimpɔw ho dwuma!

Obu a Ɛfata a Wɔkyerɛ Ma Wɔn a Yehowa De Wɔn Di Dwuma No

11. Dɛn na Daniel ne Yosef hu faa Yehowa ho?

11 Bere a Ɔhene Nebukadnesar, Babilon Ahemman Foforo no sodifo, no soo dae bɔne bi a na ɔnkae no, ɔhwehwɛɛ mmoa. N’asɔfo, pɛadeahufo, ne asumanfo antumi anka ne dae no ankyerɛ ase ankyerɛ no. Nanso, Onyankopɔn somfo Daniel tumi yɛɛ saa, ɛwom sɛ ogye toom ntɛm ara sɛ dae no a ɔbɛda no adi ne n’asekyerɛ no mfi n’ankasa nyansa de. Daniel kae sɛ: “Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a oyi ahintasɛm adi, na wakyerɛ ɔhene Nebukadnesar nea ɛbɛba daakye.” (Daniel 2:1-30) Mfehaha pii ansa na ɛno reba no, Onyankopɔn diyifo foforo Yosef nso hui sɛ Yehowa ne Obi a oyi ahintasɛm adi.—Genesis 40:8-22; Amos 3:7, 8.

12, 13. (a) Ná hena ne Onyankopɔn diyifo a ɔsen biara, na dɛn nti na wubua saa? (b) Henanom na wɔsom sɛ “Nyankopɔn ahintasɛm so ahwɛfo” nnɛ, na ɛsɛ sɛ yebu wɔn dɛn?

12 Yehowa diyifo a ɔsen biara a ɔsomee wɔ asase so ne Yesu. (Asomafo no Nnwuma 3:19-24) Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Onyankopɔn a tete no ɔnam mmere horow ne su horow so kasa kyerɛɛ agyanom, adiyifo no mu no, nna a edi akyiri yi mu ɔkasa kyerɛɛ yɛn, ɔba a wayɛ no ade nyinaa difo a ɔnam no so nso yɛɛ mmeresanten no mu.”—Hebrifo 1:1, 2.

13 Yehowa kasa kyerɛɛ tete Kristofo denam ne Ba, Yesu, a ɔdaa ɔsoro ahintasɛm adi kyerɛɛ wɔn no so. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu Onyankopɔn ahenni mu ahintasɛm no.” (Luka 8:10) Akyiri yi, Paulo kaa Kristofo a wɔasra wɔn ho asɛm sɛ “Kristo asomfo ne Nyankopɔn ahintasɛm so ahwɛfo.” (1 Korintofo 4:1) Ɛnnɛ, Kristofo a wɔasra wɔn kɔ so som saa ara, na wɔyɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw a wɔnam ne Sodikuw so de honhom fam aduan ma wɔ bere a ɛsɛ mu. (Mateo 24:45-47) Sɛ yɛkyerɛ obu kɛse ma Onyankopɔn adiyifo a ɔde honhom kaa wɔn wɔ tete mmere mu no, ne titiriw no, Onyankopɔn Ba no a, so ɛnsɛ sɛ yebu nnipa a ɛnnɛ Yehowa nam wɔn so yi Bible mu nsɛm a ɛho hia ma ne nkurɔfo wɔ mmere a emu yɛ den yi mu adi no saa ara?—2 Timoteo 3:1-5, 13.

Baguam Anaa Kokoam?

14. Bere bɛn na Kristofo yɛ nnwuma wɔ kokoam, na hena nhwɛso na wɔde suasua?

14 So sɛnea Yehowa da nsɛm adi pefee no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ bere nyinaa Kristofo da biribiara a wonim adi wɔ tebea biara mu? Wiɛ, Kristofo di afotu a Yesu de maa n’asomafo no sɛ “monyɛ anifere sɛ awɔ, na monyɛ kronn sɛ mmorɔnoma” no akyi. (Mateo 10:16) Sɛ wɔka kyerɛ Kristofo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔsom Nyankopɔn sɛnea wɔn ahonim kyerɛ wɔn a, wɔkɔ so ‘tie Onyankopɔn,’ efisɛ wonim sɛ nnipa biara nni hokwan sɛ wɔbara Yehowa som. (Asomafo no Nnwuma 5:29) Yesu ankasa kyerɛɛ fata a eyi fata. Yɛkenkan sɛ: “Na eyinom akyi no, Yesu kyinii Galilea; na ɔmpɛ sɛ okyini Yudea, efisɛ Yudafo no hwehwɛ no akum no. Na Yudafo Asesebɔ afahyɛ no abɛn. Ɛnna Yesu see wɔn [ne honam fam nuabarimanom a wonnye nni no] sɛ: . . . Mo de, monkɔ afahyɛ yi ase. Me de, minnya menkɔɔ afahyɛ yi ase; efisɛ me bere nnya nnui. Na osee wɔn saa no, ɔtraa Galilea. Na ne nuanom kɔe no, ɛnna ɔno nso kɔɔ afahyɛ no ase; wanyi ne ho adi, na mmom ohintawee.”—Yohane 7:1, 2, 6, 8-10.

Ɛsɛ sɛ Wɔka Anaa Ɛnsɛ sɛ Wɔka?

15. Ɔkwan bɛn so na Yosef kyerɛe sɛ ɛtɔ mmere bi a, asɛm a wɔkora so no kyerɛ ɔdɔ?

15 Wɔ tebea horow bi mu no, asɛm bi a wɔbɛkora so no renyɛ nea nyansa wom nko na mmom ɔdɔ nso wom. Sɛ́ nhwɛso no, dɛn na Yosef, Yesu agya a ɔyɛn no, no yɛe bere a ohuu ne siyere, Maria, sɛ “ɔyem nea efi Honhom Kronkron mu” no? Yɛkenkan sɛ: “Na ne kunu Yosef yɛ onipa trenee, na ɔmpɛ sɛ ogu n’anim ase guam nti, ɔbɔɔ ne tirim sɛ obegyaa no kokoam.” (Mateo 1:18, 19; yɛn na yɛasi ɔfa bi so dua no.) Hwɛ sɛnea anka ɛrenkyerɛ ayamye sɛ ɔbɛma ani aba ɔbea no so!

16. Asɛyɛde bɛn na mpanyimfo ne asafo no mufo a aka nyinaa wɔ wɔ kokoam nsɛm ho?

16 Ɛnsɛ sɛ woyi kokoam nsɛm a ebetumi de aniwu ne yawdi aba adi kyerɛ nnipa a wonni hokwan sɛ wohu. Kristofo mpanyimfo ma eyi tra wɔn adwenem bere a ɛho abehia sɛ wotu wɔn mfɛfo Kristofo fo anaa wɔkyekye wɔn werɛ, anaa ebi mpo a wɔtwe wɔn asõ wɔ bɔne a anibere wom a wɔyɛ tia Yehowa ho no. Saa nsɛm yi a wɔde Kyerɛwnsɛm bedi ho dwuma no ho hia; kokoam nsɛm a ɛwom a wobeyi no adi akyerɛ wɔn a ɛmfa wɔn ho no nyɛ ade a ɛho hia, na ɛnkyerɛ ɔdɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ Kristofo asafo no mufo remmɔ mmɔden nhuahua kokoam nsɛm mfi mpanyimfo hɔ, na mmom wɔbɛkyerɛ obu ama asɛyɛde a mpanyimfo wɔ sɛ wɔkora kokoam nsɛm so no. Mmebusɛm 25:9 ka sɛ: “Asɛm a wo ne wo yɔnko wɔ no, wo ne no nni, na nyi obi ahintasɛm adi.”

17. Dɛn nti na mpɛn pii no, Kristofo kora kokoam nsɛm so, nanso dɛn nti na wontumi nyɛ saa bere nyinaa?

17 Saa nnyinasosɛm yi yɛ nokware nso wɔ abusua kontonkron no mu, anaasɛ wɔ nnamfo fam. Nsɛm bi a wɔbɛkora so no ho hia na akasakasa amma nkurɔfo ntam na wɔn ntam anyɛ basaa. “Benkum fam mframa wo osu, na ntwiri tɛkrɛma wo abufunim.” (Mmebusɛm 25:23) Ampa, ɛtɔ mmere bi a nokwaredi a wɔde bata Yehowa ne ne trenee nnyinasosɛm ho, ne afei ɔdɔ a wɔwɔ ma nnipa a wɔafom, bɛhwehwɛ sɛ wɔka kokoam nsɛm mpo kyerɛ awofo, Kristofo mpanyimfo, anaa nnipa foforo a wɔfata.a Nanso, mpɛn pii no, Kristofo ma ankorankoro ahintasɛm ka kokoam, na wɔkora so sɛnea wɔkora wɔn ankasa de so no.

18. Kristofo su abiɛsa bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛka ho asɛm ne nea ɛnsɛ sɛ yɛka ho asɛm?

18 Sɛ yɛbɛbɔ no mua a, Kristoni suasua Yehowa denam nsɛm bi a ɔkora so bere a ɛho hia saa, na ɔda no adi bere a ɛfata nkutoo, no so. Bere a ɔresi nea ɛsɛ sɛ ɔka ho asɛm ne nea ɛnsɛ sɛ ɔka ho asɛm ho gyinae no, ahobrɛase, gyidi, ne ɔdɔ na ɛkyerɛ no kwan. Ahobrɛase ma ɔkwati sɛ ɔbɛyɛ n’ankasa ani so kɛse, abɔ mmɔden sɛ ɔbɛma afoforo ani agye ne ho denam biribiara a onim a ɔbɛka akyerɛ wɔn anaa kokoam nsɛm a ontumi nka ho asɛm a ɔde beyi wɔn akɔnnɔ so. Yehowa Asɛm ne Kristofo asafo no mu gyidi kanyan no ma ɔka Bible mu nsɛm a Onyankopɔn de ama kyerɛ, na bere koro no ara ɔhwɛ yiye na wanka asɛm a mfiase no ebetumi ahaw afoforo. Yiw, ɔdɔ kanyan no ma ɔka nsɛm a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam a ehia sɛ nkurɔfo hu na wɔanya nkwa no kyerɛ wɔ baguam. Nanso, ɔkora ankorankoro kokoam nsɛm so, a onim sɛ mpɛn pii no sɛ oyi no adi a ɛbɛkyerɛ ɔdɔ a onni.

19. Asetra kwan bɛn na ɛboa ma wohu nokware Kristofo, na ɛkowie dɛn?

19 Saa ade a ɛkari pɛ yi boa ma wohu nokware Kristofo. Wɔnka Onyankopɔn ho asɛm sɛ obi a onni din anaa Baasakoro nkyerɛkyerɛ bi a ɛyɛ ahintasɛm a wontumi nkyerɛkyerɛ mu, mfa nkata onii ko a ɔyɛ no so. Atoro som na wonnim wɔn anyame, na ɛnyɛ nokware som. (Hwɛ Asomafo no Nnwuma 17:22, 23.) Yehowa Adansefo a wɔasra wɔn no ani sɔ hokwan a wɔwɔ sɛ wɔyɛ “Nyankopɔn ahintasɛm so ahwɛfo” no ampa. Wɔnam yi a woyi saa ahintasɛm yi adi pefee kyerɛ afoforo no so boa twetwe komapafo ma wɔhwehwɛ Yehowa adamfofa.—1 Korintofo 4:1; 14:22-25; Sakaria 8:23; Malaki 3:18.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ asɛm “Nyɛ Afoforo Bɔne Fafafo” a ɛwɔ November 15, 1985, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu no.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn nti na ɛho nhia sɛ Yehowa de ne tirimbɔ sie?

◻ Henanom na Yehowa yi n’ahintasɛm adi kyerɛ wɔn?

◻ Asɛyɛde bɛn na Kristofo wɔ wɔ kokoam nsɛm ho?

◻ Su abiɛsa bɛn na ɛbɛboa Kristofo ma wɔahu nea ɛsɛ sɛ wɔka ho asɛm ne nea ɛnsɛ sɛ wɔka ho asɛm?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8, 9]

Yehowa nam N’asɛm so yi ahintasɛm adi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena