Nsɛm A Ɛresisi Wɔ Bere Yi Mu Ho Nimdeɛ
Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Germany no nsa kaa krataa bi fii Katolek ɔkokorani bi a wadi mfe 77 hɔ. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ:
“Efi bere a wɔtoo me nkokorafi no mu mfe 25 a atwam ni no, mete wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne bi mu. Minnye mo gyidi nyinaa ntom, nanso nea makenkan nnɛ wɔ Ɔwɛn-Aban no mu ma migye tom sɛ mo na mowɔ nsɛm a ɛrekɔ so wɔ bere yi mu no ho nimdeɛ. Moyɛ ɔwɛn aban ampa, na moreyɛ nea kratafa abien no hyɛ ho bɔ no, ‘ɛkɔ so hwɛ nsɛm a esisi wɔ wiase sɛnea eyinom ma Bible, nkɔmhyɛ nya mmamu.’
“Mo de akokoduru kyerɛkyerɛ Paulo nsɛm a waka wɔ 1 Tesalonikafo 5:3 mu wɔ ɔkwan pa so: ‘Na bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ no. Ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so.’ Baabiara nni hɔ wɔ yɛn asɔre no mu a minya nkyerɛkyerɛmu a ɛte saa. Obi ntumi nnye dwuma a honhom kronkron no di wɔ Yehowa Adansefo so no ho kyim. . . . M’ani begye sɛ mɛkenkan mo nsɛmma nhoma no bere nyinaa.”
Sɛ wudi saa Katolek ɔkokorani yi nhwɛso akyi a, wo nso wubetumi asua sɛnea wiase nsɛm a esisi no ma Bible nkɔmhyɛ ba mu, ne sɛnea ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni bɛsɛe abɔnefosɛm na ɛde wiase nyinaa paradise aba ho ade pii.
Sɛ wopɛ sɛ wunya eyi ho nsɛm afoforo anaa wo ne Yehowa Adansefo mu biako yɛ ofie Bible adesua a wuntua hwee a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower Society, P.O. Box 760, Accra, anaasɛ address a ɛwɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.
[Mfonini wɔ kratafa 32]
ƆWƐN-ABAN
Asomdwoe ne Dwoodwoo Asetra
Nea Bible no Ka wɔ Ho