Siesie Wo ho ma Yehowa Da!
Tesalonikafo Nhoma a Edi Kan no mu Nsɛntitiriw
YEHOWA da! Kristofo a na wɔwɔ tete Tesalonika no susuw sɛ abɛn. So na nea wosusuw no yɛ nokware? Bere bɛn na ɛbɛba? Ɛno ne asɛntitiriw biako a ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm wɔ ne nhoma a ɔkyerɛw fi Korinto wɔ bɛyɛ Yɛn Bere yi mu afe 50 mu kɔmaa Tesalonikafo no mu.
Paulo ne Silas na ɛtew asafo a na ɛwɔ Tesalonika, Romafo Mantam Makedonia ahenkurow no mu no. (Asomafo no Nnwuma 17:1-4) Akyiri yi bere a Paulo kyerɛwee ne nhoma a edi kan no kɔmaa Tesalonikafo no, ɔde nkamfo ne afotu mae, na ɔkaa Yehowa da no ho asɛm wom. Yɛn nso yebetumi anya nhoma yi mu mfaso, ne titiriw no bere a Yehowa da no abɛn yiye no.
Fa Nkamfo ne Nkuranhyɛ Ma
Paulo dii kan kamfoo Tesalonikafo no. (1Te 1:1-10) Na wɔn nokwaredi adwuma ne boasetɔ no fata nkamfo. Na wɔfata nkamfo nso sɛ ‘wogyee asɛm no ahohia pii mu.’ So wokamfo afoforo te sɛ nea Paulo yɛe no?
Na ɔsomafo no ayɛ nhwɛso pa. (2:1-12) Wɔ adapaa a wɔbɔɔ no wɔ Filipi nyinaa akyi no, na ‘wayɛ nnam Onyankopɔn mu aka asɛmpa no’ akyerɛ Tesalonikafo no. Na wapow nnaadaa, anibere, ne anuonyampɛ. Na Paulo nyɛɛ adesoa kɛse, na mmom na ɔyɛ wɔn brɛbrɛ te sɛ ɔbaatan yɛ ne ba. Nhwɛso pa ma mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no bɛn ara ni!
Paulo nsɛm a edi hɔ no hyɛɛ Tesalonikafo no nkuran sɛ wonnyina pintinn bere a wɔtaa wɔn no. (2:13-3:13) Na wɔagyina ɔtaa a wɔn manfo de baa wɔn so no ano, na na Timoteo de wɔn honhom mu tebea ho amanneɛbɔ abrɛ Paulo. Ɔsomafo no bɔɔ mpae sɛ wɔmmoro so ɔdɔ mu, na wɔnhyɛ wɔn koma den. Saa ara nso na Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no bɔ mpae ma wɔn mfɛfo gyidifo a wɔtaa wɔn, na wɔhyɛ wɔn nkuran sɛ wobetumi a, na wodi wɔn nokwaredi ho amanneɛbɔ ho ahurusi.
Kɔ so Wɛn Honhom Mu!
Afei ɔde afotu maa Tesalonikafo no. (4:1-18) Na ɛsɛ sɛ wɔnantew ɔkwan a ɛsɔ Yehowa ani so kosi ase, da onuadɔ kɛse adi, na wɔde wɔn nsa yɛ adwuma nya nea wohia. Bio nso, ɛsɛ sɛ wɔde anidaso a ɛne sɛ wɔ Yesu ba mu no, wobedi kan anyan gyidifo a wɔde honhom asra wɔn a wɔawuwu no afi owu mu ma wɔakɔka ne ho no kyekye wɔn ho wɔn ho werɛ. Ɛno akyi no, wɔn a wɔasra wɔn a wɔte ase no bɛkɔ akɔka Kristo ne wɔn a wɔanyan wɔn dedaw akɔ ɔsoro asetra mu no ho wɔ wɔn wu, ne wɔn wusɔre mu.
Afei Paulo kaa Yehowa da no ho asɛm na ɔde afotu mae. (5:1-28) Yehowa da no bɛba sɛ owifo, na ɛde ɔsɛe aba mpofirim wɔ nteɛm yi akyi: “Asomdwoe ne ahotɔ.” Enti na ɛsɛ sɛ Tesalonikafo no wɛn wɔ honhom mu, na gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw abɔ wɔn ho ban. Na ɛsɛ sɛ wonya obu a emu dɔ ma ahwɛfo a wɔwɔ asafo no mu no, na wɔkwati amumɔyɛ, sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ no. Ɛsɛ sɛ Paulo nhoma a edi kan a ɔde kɔmaa Tesalonikafo no kanyan yɛn ma yɛde nkamfo ne nkuranhyɛ ma yɛn mfɛfo gyidifo. Ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn nso ma yɛyɛ nhwɛso pa wɔ abrabɔ ne nneyɛe mu. Akyinnye biara nni ho sɛ emu afotu betumi aboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho ama Yehowa da no.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 22]
Nkatabo ne Dade Kyɛw: Paulo rehyɛ wɔn nkuran ma wɔawɛn wɔ honhom mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Momma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw.” (1 Tesalonikafo 5:8) Na nkatabo yɛ dade akode bi a ɛbɔ ɔkofofo koko ho ban, a wɔde kankyee tratraa, nkɔnsɔnkɔnsɔn anaasɛ dade na ɛyɛe.Saa ara nso na gyidi nkatabo no bɔ yɛn ho ban wɔ honhom fam. Na tete dade kyɛw no nso ɛ? Na ɛyɛ asraafo kyɛw a wɔayɛ de bɔ ɔsraani ho ban wɔ ɔsa mu a na wɔtaa de dade na ɛyɛ. Sɛnea dade kyɛw bɔ ɔkofofo ti ho ban no, saa ara nso na nkwagye anidaso bɔ adwene tumi no ho ban, ma enti ɛma Kristoni tumi kura ne mudi mu. Hwɛ sɛnea ehia sɛ Yehowa nkurɔfo hyɛ honhom mu akode a ɛte sɛɛ no!—Efesofo 6:11-17.