Bible no Adwene
Asetra Kwan Foforo a Wɔpaw—So Onyankopɔn Pene So?
“BERE bɛn na mehu bɔbeasu a m’ani gye ho?” Saa na abeawa bi a wadi mfe 13 kyerɛwee wɔ nsɛmma nhoma bi a wɔde afotu ma wɔn a wɔadu mpanyin afe so wom no fã. N’asɛmmisa no da nsusuwii a nnipa pii kura sɛ nkurɔfo wɔ hokwan sɛ wɔde wɔn ho hyɛ nna ho asetra kwan biara a wɔpɛ mu no adi.
Ebia nnipa binom bedi apere ankasa wɔ wɔn adwene a atu afra wɔ nna ho nkate ho no ho. Afoforo nso de wɔn ho hyɛ asetra kwan foforo te sɛ bɔbeasu koro ntam nna mu pefee. Nanso, afoforo fi akokoduru bɔne mu siesie wɔn ho te sɛ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu no. Ebinom mpo ma wɔyɛ wɔn oprehyɛn sesa wɔn bɔbeasu ma wɔn foforo. Ankorankoro bi mpo wɔ hɔ a wɔka sɛ ɛsɛ sɛ wɔma ho kwan ma mpanyimfo ne mmofra nya nna mu kyɛfa.
So nna ne bɔbeasu mu nneyɛe yɛ ankorankoro gyinaesi ankasa? Dɛn na Onyankopɔn Asɛm ka wɔ nsɛm yi ho?
“Ɔbarima ne Ɔbea na Ɔbɔɔ Wɔn”
Sɛnea Bible mu nhoma a ɛne Genesis kyerɛ no, Onyankopɔn ankasa na ɔmaa nsonsonoe baa mmarima ne mmea ntam. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, . . . ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn. Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so.”—Genesis 1:27, 28.
Onyankopɔn de ɔpɛ mu a nnipa fi yɛ ade bɔɔ wɔn na ɔde hokwan a wɔde bɛyɛ nea wɔpɛ maa wɔn. (Dwom 115:16) Bere a ɔde asɛyɛde hyɛɛ onipa nsa sɛ ɔnhwɛ nneɛma a nkwa wom so wɔ asase yi so no, ɔmaa no kwan mpo sɛ ɔmpaw din a ɛfata mma wɔn. (Genesis 2:19) Nanso, ɛdefa nna ho de, Onyankopɔn maa wɔn akwankyerɛ pɔtee.—Genesis 2:24.
Esiane Adam asoɔden nti, yɛn nyinaa nyaa sintɔ. Enti, ɛsɛ sɛ yɛko tia honam mu mmerɛwyɛ ne akɔnnɔ a emu yɛ den a ɛne Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw nhyia no. Ne saa nti, wɔ mmara a Onyankopɔn nam Mose so de mae mu no, ɔbobɔɔ nna mu nneyɛe a okyi no din pɔtee—a ɛne awaresɛe, mogyafra, bɔbeasu koro ntam nna, ne onipa ne aboa ntam nna. (Leviticus 18:6-23) Onyankopɔn baraa obi ho a ɔsesa fa bɔbea foforo de bu brabɔne nso pefee. (Deuteronomium 22:5) Bible no kɔ so kyerɛkyerɛ sɛ nna mu nkitahodi a Onyankopɔn pene so nkutoo ne obi a ɛsono ne bɔbeasu a wɔne no nya nna mu nkitahodi wɔ aware mu no. (Genesis 20:1-5, 14; 39:7-9; Mmebusɛm 5:15-19; Hebrifo 13:4) So ntease wɔ saa gyinapɛn ahorow yi mu?
Hena na Osi Ho Gyinae?
Bible no de onipa gyinabea a ɔwɔ wɔ ne Bɔfo no anim no toto dɔte a ɛwɔ ɔnwemfo bi nsam ho. Ɛka sɛ: “Ɛnde, onipa, hena ne wo a wutuatua Onyankopɔn asɛm ano? Wo anwenne bese ɔnwemfo sɛ: ‘Dɛn nti na woyɛɛ me sɛɛ?’” (Romafo 9:20) Yehu fi ɔkwan a Onyankopɔn yɛɛ ɔbarima ne ɔbea no mu sɛ wobefi awosu mu akyerɛ wɔn ho wɔn ho anigye wɔ nna fam. Enti nna ho akɔnnɔ a wonya ma obi a wɔne no wɔ bɔbeasu koro, mmoa, anaa abofra no nyɛ ne kwan so de.—Romafo 1:26, 27, 32.
Ne saa nti, nkurɔfo a wɔde wɔn ho hyɛ nna a ɛnyɛ ne kwan so de mu no bɛyɛ wɔn a wɔne Onyankopɔn di asi. Bible no de kɔkɔbɔ yi ma: “Nea ɔne ne nwemfo ham, fam nkyɛmfɛre mu nkyɛmfɛre no nnue! So dɔtebo ka kyerɛ ne nwemfo sɛ: ‘Woyɛ dɛn?’” (Yesaia 45:9) Ɛda adi sɛ ntease wom sɛ adesamma Yɛfo no bɛma wɔn akwankyerɛ a ɛfa nna ho. So ɛnyɛ nea ntease nso wom sɛ nnipa bedi akwankyerɛ a ɛte saa akyi?
Nya a Obi Nya N’ankasa N’ade
Bible kyerɛwfo Paulo de mfatoho koro no ara dii dwuma bere a ɔde akwankyerɛ a ɛfa nna ho nneyɛe ho rema Kristofo no. Ɔkae sɛ: “Mo mu biara nhu sɛ obenya n’ankasa n’ade ahotew ne nidi mu, ɛnyɛ akɔnnɔ anibere mu.” (1 Tesalonikafo 4:4, 5) Paulo de nipadua no toto anwene ho. Nya a obi nya saa anwene no kyerɛ sɛ ɔma ne nsusuwii ne n’apɛde ne Onyankopɔn mmara ahorow a ɛfa abrabɔ ho no hyia.
Nokwarem no, eyi yɛ nyɛ mmerɛw. Ntease wom sɛ eyi bɛyɛ den ama obi a wɔtoo no mmonnaa wɔ ne mmofraberem, obi a n’awofo anaa wɔn a wɔtetee no anyɛ nhwɛso pa wɔ mmarima anaa mmea su ho, anaa obi a ofii nguamansɛm hwɛ ase fi ne mmofraberem no. Awosu, nkwammoaa, ne adwene mu nneyɛe nso ma obi nya nna ho akɔnnɔ a ɛmfata. Nanso, ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ, yɛn Bɔfo no betumi de mmoa ama wɔn a wohia no.—Dwom 33:20; Hebrifo 4:16.
Ma Ɔnwemfo Kɛse no Nwene Wo
Ɔnwemfo de dɔte to ne ntwahonan afiri no mfinimfini ansa na watumi anwene. Afei, bere a ntwahonan no twa ne ho no, ɔde ne nsateaa wasawasa dɔte no ho brɛoo de nwene kuku a ɛfata. Ansa na wɔbɛnwene yɛn sɛ nnipa a wɔfata wɔ Onyankopɔn ani so no, ɛho hia sɛ yɛde yɛn asetra gyina Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow ne ne mmara a ɛnsakra no so. Bere a yɛafi ase atu anammɔn no, Onyankopɔn fi ɔdɔ mu wasawasa yɛn brɛoo denam Bible no, ne honhom kronkron, ne Kristofo nuayɛkuw so. Afei onii no fi ase te nka wɔ n’asetra mu sɛ Onyankopɔn dwen ne ho.
Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yenya Ɔbɔadeɛ no nyansa mu ahotoso, a yɛwɔ ahotoso sɛ onim nea eye sen biara ma yɛn. Yenya saa ahotoso yi denam mpaebɔ ne Bible no a yebesua no anibere so no so. Obi a onya ahotoso a ɛte saa de di nna ho nkate a ɛnteɛ ho dwuma no bɛyɛ obi a Ɔbɔadeɛ no de no di dwuma. Petro nhoma a edi kan ti 5:6, 7 ka sɛ: “Enti mommrɛ mo ho ase Onyankopɔn tumi nsa no ase, na wama mo so, bere a ɛsɛ mu. Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto no so, efisɛ odwen mo ho.”
Bible no a yɛkenkan no daa no ma yehu Onyankopɔn asomfo anokwafo pii a wɔne honam akɔnnɔ dii apere nanso wɔampa abaw no. Hwɛ sɛnea saa nhwɛso ahorow yi hyɛ yɛn nkuran fa! Yetumi hu abasamtu nka a ɛtɔ mmere bi a na ɔsomafo Paulo te bere a ɔteɛɛm sɛ: “Me manehunufo! Hena na obeyi me afi owu yi nipadua mu?” Nanso, ɔma yehuu beae a onyaa mmoa bere a ɔmaa n’ankasa asɛmmisa no ho mmuae no: “Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn!”—Romafo 7:24, 25.
Tumi a Wɔde Yɛ Nsakrae
Yebetumi anya Onyankopɔn honhom kronkron no mmoa nso. Ɛwɔ tumi a ɛma nnipa sakra. Honhom kronkron no boa yɛn ma ‘yeyi onipa dedaw no’ na ‘yɛhyɛ onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn suban so, nokware trenee ne ahotew mu’ no. (Efesofo 4:22-24) Yɛn soro Agya a ɔwɔ dɔ no renni yɛn huammɔ da, bere a yefi komam srɛ sɛ honhom kronkron no mmoa yɛn mma yɛnyɛ nsakrae yi no. Yesu maa yɛn awerɛhyem sɛ Agya no de ‘honhom kronkron ma wɔn a wobisa no.’ (Luka 11:13) Nanso, mpae a yɛbɛbɔ daa ho hia, sɛnea wɔada no adi wɔ ne nsɛm yi mu no: “Mummisa, na wɔbɛma mo.” (Mateo 7:7) Eyi yɛ nokware, titiriw bere a yɛrebɔ mmɔden adi nna ho akɔnnɔ a ano yɛ den so no.
Onyankopɔn boa yɛn bio denam nokware Kristofo nuayɛkuw a nnipa a wofi mmusua nyinaa mu na wɔwom no so. Ná afeha a edi kan mu Kristofo binom a wɔwɔ Korinto asafo mu no yɛ “ahodomfo” ne “mmarima a wɔne wɔn ho da.” Nanso, wɔsakrae. Kristo mogya no tew wɔn ho, na wonyaa Onyankopɔn anim dom. (1 Korintofo 6:9-11) Ɛho hia sɛ ebinom yɛ nsakrae a ɛte saa nnɛ. Na saafo no betumi anya mmoa afi Kristofo asafo no mu bere a wɔko tia akɔnnɔ bɔne no.
So eyi kyerɛ sɛ akɔnnɔ bɔne a obi wɔ ne n’adwene a atu afra wɔ awo bɔbea ho no fi ne so prɛko pɛ bere a wabɛyɛ Kristoni no? Ɛnte saa ankasa. Bible mu nnyinasosɛm a ebinom kɔ so de tra ase no aboa wɔn ma wɔabɔ bra pa. Ne saa mpo no, mpɛn pii na ɛsɛ sɛ saa Kristofo yi ko tia akɔnnɔ bɔne da biara da. Saafo no som Onyankopɔn ɛmfa ho sɛ wɔwɔ sɛnkyerɛnne kwan so “ɔhonam mu nsɔe” no. (2 Korintofo 12:7) Bere tenten a wɔkɔ so ko tia nsusuwii bɔne na wokura abrabɔ pa mu no, Onyankopɔn bu wɔn sɛ asomfo anokwafo a wɔn ho tew wɔ n’ani so. Wobetumi ahwɛ daakye bi a adesamma nyinaa ‘bɛfa wɔn ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu’ no kwan.—Romafo 8:21.
Ansa na saa bere no bɛba no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Nyankopɔn ani nyinaa bata ne trenee gyinapɛn ahorow ho. Nokware Kristofo paw sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn—ɛnyɛ sɛ wobedi wɔn ankasa nsusuwii akyi. Wɔde daa anigye betua wɔn a wofi ahobrɛase mu yɛ Nyankopɔn apɛde wɔ asetra afã nyinaa mu no ka.—Dwom 128:1; Yohane 17:3.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 30]
Ɛdefa nna ho no, Onyankopɔn de akwankyerɛ pɔtee mae
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 31]
Ná afeha a edi kan mu Kristofo binom a wɔwɔ Korinto asafo mu no yɛ “ahodomfo” ne “mmarima a wɔne wɔn ho da.” Nanso, wɔsakrae
[Mfonini wɔ kratafa 32]
Bible a obi sua no boa ma onya abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn