-
Sua Kristofo Abrabɔ Pa Na Fa Kyerɛkyerɛ AfoforoƆwɛn-Aban—2002 | June 15
-
-
13. (a) Mmoa bɛn na Bible de ma yɛn wɔ abrabɔ pa ho? (b) Fa aba a ɛwɔ afotu a ɛwɔ 1 Tesalonikafo 4:3-7 mu no ma.
13 Abrabɔ ka nnipa foforo nso. Wubetumi ahu afi Onyankopɔn Asɛm mu nhwɛso horow a ɛkyerɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ Onyankopɔn abrabɔ pa gyinapɛn a yɛde bedi dwuma ne nea sɛ yebu yɛn ani gu so a ebefi mu aba no mu. (Genesis 39:1-9, 21; Yosua 7:1-25) Afei nso, wubetumi ahu abrabɔ pa ho afotu te sɛ eyi a emu da hɔ yi: “Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, mo ahotew, sɛ munyi mo ho mfi aguamammɔ mu, sɛ mo mu biara nhu sɛ obenya n’ankasa n’ade ahotew ne nidi mu, ɛnyɛ akɔnnɔ anibere mu sɛ amanaman a wonnim Nyankopɔn no; sɛ obiara nntra so nnkosisi ne nua asɛm bi mu. . . . Na Onyankopɔn amfrɛ yɛn ankɔ efi mu, na mmom ahotew mu.”—1 Tesalonikafo 4:3-7.
14. Dɛn na wubetumi abisa wo ho afa afotu a ɛwɔ 1 Tesalonikafo 4:3-7 no ho?
14 Ɛkame ayɛ sɛ obiara betumi ahu afi asɛm yi mu sɛ nna mu ɔbrasɛe to Kristofo abrabɔ pa ho mmara. Nanso wubetumi anya asɛm yi mu ntease a ɛsen saa. Yebetumi afa akwan bi so asusuw nsɛm bi ho adwennwen ho anya mu nhumu pii. Sɛ nhwɛso no, wubetumi asusuw nea na Paulo kyerɛ bere a ɔkae sɛ sɛ obi bɔ aguaman a, ebetumi ama ‘watra so akosisi ne nua wɔ asɛm yi mu’ no ho. Hokwan ahorow bɛn na ɛwɔ eyi mu, na ɔkwan bɛn so na eyi mu ntease a edi mũ bɛma woanya ahoɔden a wode bekura wo Kristofo abrabɔ pa mu? Ɔkwan bɛn so na nea ebefi nhwehwɛmu a ɛte saa mu aba no bɛboa wo ma woakyerɛkyerɛ afoforo na woaboa wɔn ma wɔadi Onyankopɔn ni?
-
-
Sua Kristofo Abrabɔ Pa Na Fa Kyerɛkyerɛ AfoforoƆwɛn-Aban—2002 | June 15
-
-
16, 17. (a) Ɛhefa na wubetumi anya nsɛm a ɛma nimdeɛ wɔ hokwan ahorow a wɔkaa ho asɛm wɔ 1 Tesalonikafo 4:6 no ho? (b) Akwan bɛn so na aguamammɔ betumi asɛe hokwan ahorow a afoforo wɔ?
16 Ma yɛmfa asɛm a ɛwɔ 1 Tesalonikafo 4:3-7 a yɛaka ho asɛm dedaw no sɛ nhwɛso. Hokwan ahorow ho asɛm na ɛsɔree. Henanom hokwan ahorow? Na ɔkwan bɛn so na obi betumi atra so akosisi obi? Wubetumi de nnwinnade a yɛaka ho asɛm yi anya nkyekyɛm ahorow yi, anaasɛ mpo hokwan ahorow a Paulo kaa ho asɛm no ho nsɛm a ɛma nimdeɛ pii. Wubetumi akenkan nsɛm a ɛte saa wɔ Insight on the Scriptures, Po 1, nkratafa 863-4; True Peace and Security—How Can You Find It?, kratafa 145; Engiresi Ɔwɛn-Aban, November 15, 1989, kratafa 31.
17 Bere a wudi adesua no akyi no, wubehu sɛnea saa nhoma horow no da nokwasɛm a Paulo nsɛm no yɛ adi. Oguamammɔfo yɛ bɔne tia Onyankopɔn na ɛma otumi nya nyarewa pii. (1 Korintofo 6:18, 19; Hebrifo 13:4) Ɔbarima a ɔbɔ aguaman no sɛe ɔbea a ɔne no yɛ bɔne no hokwan ahorow. Ɔma ɔhwere abrabɔ gyinapɛn a ɛho tew ne ahonim pa. Sɛ ɔyɛ ɔhokwafo a, ɔsɛe hokwan a anka obenya de akɔ aware sɛ ɔbaabun ne hokwan a ne kunu a ɔbɛware no daakye no wɔ sɛ ɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ ɔbaabun no. Ɔma ɔbea no awofo di yaw, na sɛ ɔyɛ ɔwarefo a, ne kunu di yaw. Ɔbarima a ne bra asɛe no sɛe abrabɔ pa ho din pa a n’ankasa abusua betumi anya no. Sɛ ɔyɛ Kristofo asafo no muni a, ɔde ahohorabɔ ba so, na ɛsɛe asafo no din.—1 Korintofo 5:1.
18. Ɔkwan bɛn so na wunya Bible adesua a ɛfa Kristofo abrabɔ pa ho no so mfaso?
18 So nsɛm a ɛte saa a ɛfa hokwan ahorow ho no mmoa mma wonte saa nkyekyɛm no ase yiye? Adesua a ɛte saa no so wɔ mfaso kɛse ankasa. Bere a woyɛ saa no, na worekyerɛkyerɛ wo ho. Onyankopɔn asɛm mu nokware ne tumi a ɛwom ho ntease a wunya no yɛ kɛse. Ɛma wohyɛ wo bo a woasi sɛ wubekura Kristofo abrabɔ pa mu denneennen no mu den, ɛmfa ho sɔhwɛ biara a ebia ɛbɛsɔre no. Na afei susuw sɛnea ebetumi ama woatu mpɔn kɛse sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no ho hwɛ! Sɛ nhwɛso no, bere a worekyerɛkyerɛ afoforo Bible mu nokware no, wubetumi akyerɛkyerɛ wɔn 1 Tesalonikafo 4:3-7 mu yiye ma wɔate Kristofo abrabɔ pa ase kɛse akyerɛ ho anisɔ. Ɛdenam saayɛ so no, w’adesua no betumi aboa wo ma wo ne afoforo adi Onyankopɔn ni. Nhwɛso biako pɛ na yɛaka ho asɛm wɔ ha, a efi Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Tesalonikafo no mu. Kristofo abrabɔ pa ho nsɛm, ne Bible mu nhwɛso ne afotu a ɛne no kɔ pii wɔ hɔ a wubetumi asua, de adi dwuma na wode akyerɛkyerɛ.
-