Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • So Ɛyɛ Mfomso sɛ Yebedi Awerɛhow?
    Nyan!—2001 | July 8
    • “NA, ANUANOM, WƆN A WƆADEDA NO HO DE, MEMPƐ SƐ MEKORA MO SO, NA MO WERƐ ANHOW SƐ WƆN A AKA A WONNI ANIDASO NO.”—1 TESALONIKAFO 4:13.

      BIBLE no wɔ anidaso ma awufo. Awufo a Yesu nyanee wɔn, ne ne nkyerɛkyerɛ ahorow no twe adwene si bere a wɔbɛsan de awufo aba nkwa mu so. (Mateo 22:23-33; Marko 5:35, 36, 41, 42; Luka 7:12-16) Ɛsɛ sɛ saa anidaso yi ka yɛn dɛn? Ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ no kyerɛ sɛ saa anidaso yi betumi ama yɛanya awerɛkyekye bere a yɛn dɔfo bi awu no.

      Sɛ wo dɔfo bi awu pɛn a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛmaa wudii yaw kɛse. Theresa, a ne kunu a wadi mfe 42 wui bere a wɔyɛɛ no komam oprehyɛn bere tiaa bi akyi no, ka sɛ: “Ná ɛyɛ akomatu ankasa! Mfiase no, mebɔɔ hu ankasa. Afei midii yaw kɛse akyiri yi. Misui pii.” So nneyɛe a ɛte saa kyerɛ sɛ wunni gyidi wɔ Yehowa bɔhyɛ a ɛne sɛ obenyan awufo no mu? So Paulo nsɛm no kyerɛ sɛ ɛyɛ mfomso sɛ obi bedi awerɛhow?

      Awerɛhowdi Ho Nhwɛso Ahorow a Ɛwɔ Bible Mu

      Yebenya saa nsɛmmisa no ho mmuae denam awerɛhow a nkurɔfo dii a ɛwɔ Bible mu a yebesusuw ho so. Wɔ kyerɛwtohɔ pii mu no, na nkurɔfo a wɔn ho nipa bi awu no di awerɛhow. (Genesis 27:41; 50:7-10; Dwom 35:14) Mpɛn pii no, na awerɛhowdi a ɛte saa no ma wodi yaw kɛse.

  • So Ɛyɛ Mfomso sɛ Yebedi Awerɛhow?
    Nyan!—2001 | July 8
    • Nanso, bere a owu ma yɛn a yɛyɛ Kristofo di awerɛhow ɔkwan biara so no, yenni awerɛhow “sɛ wɔn a aka a wonni anidaso no.” (1 Tesalonikafo 4:13) Yenni awerɛhow mmoro so efisɛ yenim tebea a awufo wom. Yenim sɛ wonni yaw anaa ahohia mu, na mmom, wɔwɔ tebea bi a ɛte sɛ nea wɔada nnahɔɔ mu. (Ɔsɛnkafo 9:5; Marko 5:39; Yohane 11:11-14) Yɛwɔ awerɛhyem koraa nso sɛ Yesu, ‘a ɔne sɔre ne nkwa’ no, bedi ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔde “wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa” bɛsan aba nkwa mu no ho dwuma.—Yohane 5:28, 29; 11:24, 25.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena