-
“Na Kristo Mu Awufo Bɛsɔre Kan”Ɔwɛn-Aban—1980 | February 1
-
-
5, 6. Ɔkwan bɛn so na 1 Tesalonikafo 4:13-17 kyerɛ sɛ Onyankopɔn bedi “dibea” bi a wɔahyehyɛ akyi wɔ wɔn a wowu wɔ “Adam mu” a wɔboaboa wɔn ano no mu?
5 Yehowa Nyankopɔn bedi nhyehyɛe ne “dibea” akyi wɔ wɔn a wɔrewu “wɔ Adam mu” no wusɔre no mu ne afei nso wɔ wɔn a wɔboa boa wɔn ano sɛ owusɔre no mu aba a edi kan no de nso mu. Sɛnea ɛbɛyɛ na ɔde bɛkyekye wɔn a wɔn nkurɔfo ‘adeda wɔ owu mu denam Yesu so’ no werɛ titiriw no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ:
-
-
“Na Kristo Mu Awufo Bɛsɔre Kan”Ɔwɛn-Aban—1980 | February 1
-
-
6 “Na eyi ne nea yɛnam Yehowa asɛm so ka kyerɛ mo, sɛ yɛn a yɛtete ase [Kristofo a wɔde honhom awo wɔn] na yɛreka akosi bere a Awurade aba no renni wɔn a wɔadeda owu mu [Kristofo a wɔde honhom awo wɔn] no anim efisɛ Awurade ankasa de ɔhyɛ-frɛ [ɔhyɛ a ano yɛ den, NIV],b ɔbɔfo panyin nne ne Onyankopɔn torobɛnto fi soro besian, na wɔn a wɔawuwu Kristo mu no bɛsɔre kan. Ɛno akyi no, yɛn a yɛtete ase na yɛaka no, wɔbɛfa yɛne wɔn nyinaa amununkum mu akɔ ma yɛakohyia Awurade wɔ wim, na saa na yɛne Awurade bɛtra daa.”—1 Tes. 4:13-17, NW.
7. Awufo pɔtee bɛn na Paulo ka wɔn ho asɛm wɔ hɔ no, na ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 14:12, 13 kyerɛ sɛ bere pɔtee bi wɔ hɔ a wɔde benyan wɔn?
7 Ɛnyɛ adesamma nyinaa a wɔawuwu no ho asɛm na ɔsomafo Paulo reka wɔ ha no; na mmom “wɔn a wɔadeda owu mu”—denam Kristo so no,“wɔn a wɔawuwu Kristo mu no.” Ɔsomafo Yohane wɔ biribi ka fa bere a wobenyan Kristofo a wɔte sɛɛ a wɔawuwu no afi wɔn nna mu no ho wɔ Bible mu nhoma a etwa to no mu. Yohane kyerɛwee wɔ Adiyisɛm 14:12, 13, (NW) sɛ: “Ɛha [nea ɛfa wiase ahyehyɛde a egyina hɔ ma amanaman ntam asomdwoe ne dwoodwoo asetra ho] na ahotefo boasetɔ wɔ, wɔn a wokura Onyankopɔn ahyɛde ne Yesu gyidi mu no. Na metee nne bi soro a ɛkae sɛ: ‘Kyerɛw: Awufo a wowu Awurade mu fi saa bere yi rekɔ no wɔ anigye. Honhom no se: Yiw, ma wɔnhome mfi wɔn brɛ mu, na nneɛma a woyɛe no ne wɔn kɔ prɛko.’” Enti, afei, “fi saa bere yi rekɔ no” kyerɛ bere bɛn?
-