Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Na Kristo Mu Awufo Bɛsɔre Kan”
    Ɔwɛn-Aban—1980 | February 1
    • 6 “Na eyi ne nea yɛnam Yehowa asɛm so ka kyerɛ mo, sɛ yɛn a yɛtete ase [Kristofo a wɔde honhom awo wɔn] na yɛreka akosi bere a Awurade aba no renni wɔn a wɔadeda owu mu [Kristofo a wɔde honhom awo wɔn] no anim efisɛ Awurade ankasa de ɔhyɛ-frɛ [ɔhyɛ a ano yɛ den, NIV],b ɔbɔfo panyin nne ne Onyankopɔn torobɛnto fi soro besian, na wɔn a wɔawuwu Kristo mu no bɛsɔre kan. Ɛno akyi no, yɛn a yɛtete ase na yɛaka no, wɔbɛfa yɛne wɔn nyinaa amununkum mu akɔ ma yɛakohyia Awurade wɔ wim, na saa na yɛne Awurade bɛtra daa.”​—1 Tes. 4:13-17, NW.

      7. Awufo pɔtee bɛn na Paulo ka wɔn ho asɛm wɔ hɔ no, na ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 14:12, 13 kyerɛ sɛ bere pɔtee bi wɔ hɔ a wɔde benyan wɔn?

      7 Ɛnyɛ adesamma nyinaa a wɔawuwu no ho asɛm na ɔsomafo Paulo reka wɔ ha no; na mmom “wɔn a wɔadeda owu mu”​—denam Kristo so no,“wɔn a wɔawuwu Kristo mu no.” Ɔsomafo Yohane wɔ biribi ka fa bere a wobenyan Kristofo a wɔte sɛɛ a wɔawuwu no afi wɔn nna mu no ho wɔ Bible mu nhoma a etwa to no mu. Yohane kyerɛwee wɔ Adiyisɛm 14:12, 13, (NW) sɛ: “Ɛha [nea ɛfa wiase ahyehyɛde a egyina hɔ ma amanaman ntam asomdwoe ne dwoodwoo asetra ho] na ahotefo boasetɔ wɔ, wɔn a wokura Onyankopɔn ahyɛde ne Yesu gyidi mu no. Na metee nne bi soro a ɛkae sɛ: ‘Kyerɛw: Awufo a wowu Awurade mu fi saa bere yi rekɔ no wɔ anigye. Honhom no se: Yiw, ma wɔnhome mfi wɔn brɛ mu, na nneɛma a woyɛe no ne wɔn kɔ prɛko.’” Enti, afei, “fi saa bere yi rekɔ no” kyerɛ bere bɛn?

  • “Na Kristo Mu Awufo Bɛsɔre Kan”
    Ɔwɛn-Aban—1980 | February 1
    • 8. Dɛn nti na “fi saa bere yi rekɔ no” kyerɛ bere a Awurade aba wɔ honhom mu no, na so wɔn wu no twa nneɛma a wɔyɛ no so anaa?

      8 Wɔ nea ɔsomafo Paulo kyerɛwee wɔ 1 Tesalonika 4:16, 17 no nti ɛsɛ sɛ ɛyɛ Yesu Kristo ‘ba a waba’ anaasɛ parousia no mu, ɛnyɛ ansa na afi ase, na mmom bere a afi asie akyi. Wɔ bere a waba wɔ honhom mu a wonhu no no mpo mu no Kristofo a wɔde honhom awo wɔn bɛtra asase so a wɔbɛdan ‘awufo a wowu wɔ ne ‘ba a waba’ no mu nti. Wɔn wu wɔ ɔhonam mu ntwa “nneɛma a wɔyɛe” no so bere tenten bi. Dɛn nti na ɛnte saa? Efisɛ “nneɛma a wɔyɛe no ne wɔn kɔ prɛko,” anaasɛ, sɛnea Hela nkyerɛwee no kyerɛ ankasa no ‘edi wɔn akyi.’

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena