Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Mo Gyeɛ Rebɛn”!
    Ɔwɛn-Aban—2015 | July 15
    • 14, 15. Sɛ Gog a ofi Magog to hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a, anoboaboa adwuma bɛn na ɛbɛkɔ so, na wɔbɛyɛ no sɛn?

      14 Sɛ Gog a ofi Magog to hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a, dɛn na ɛbɛsi? Bible ka sɛ onipa Ba no bɛsoma “abɔfoɔ ama wɔabɛboaboa wɔn a wayi wɔn no ano afiri mframa nnan no mu, firi asase ano akɔsi ɔsoro nohoa.” (Marko 13:27; Mateo 24:31) Saa anoboaboa adwuma yi nkyerɛ bere a wɔdii kan paw Kristofo a wɔasra wɔn no. Saa ara nso na ɛnkyerɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔda so ara wɔ asase so no nsɔano a ɛtwa to. (Mateo 13:37, 38) Wɔbɛnya nsɔano a ɛtwa to no bere a aka kakraa bi ma ahohiahia kɛse no afi ase no. (Adiyisɛm 7:1-4) Ɛnneɛ, anoboaboa adwuma bɛn na yɛreka ho asɛm yi? Ɛyɛ bere a Kristofo a wɔasra wɔn a wɔda so ara wɔ asase so no bɛnya wɔn akatua na wɔakɔ soro no. (1 Tesalonikafoɔ 4:15-17; Adiyisɛm 14:1) Saa asɛm yi bɛsi bere a Gog a ofi Magog ato ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no mu hɔ baabi. (Hesekiel 38:11) Afei, sɛnea Yesu kae no, “ateneneefoɔ bɛhyerɛn paa sɛ awia wɔ wɔn Agya ahennie mu.”—Mateo 13:43.b (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

      15 Wei kyerɛ sɛ “wɔbɛhwim” Kristofo a wɔasra wɔn no akɔ soro anaa? Kristoman mufo pii gye di sɛ Kristofo de honam nipadua na ɛbɛkɔ soro. Bio nso, wɔsusu sɛ wɔde wɔn ani kann bɛhu sɛ Yesu resan aba asase so abɛdi tumi. Nanso Bible ma yɛhu pefee sɛ, sɛ Yesu san ba a, yɛremfa yɛn ani nhu no. Ɛka sɛ: “Onipa Ba no ho sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro,” na Yesu “nam ɔsoro mununkum mu” bɛba. (Mateo 24:30) Bible san ka sɛ: “Honam ne mogya ntumi nnya Onyankopɔn ahennie.” Enti ɛbɛhia sɛ wɔdi kan ‘sesã’ wɔn a wɔbɛfa wɔn akɔ soro no “ntɛm so, anibuo mu, totorobɛnto a ɛdi akyire no mu.”c (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) (Kenkan 1 Korintofoɔ 15:50-53.) Yɛremfa asɛmfua “ohwim” nkyerɛkyerɛ saa adeyɛ yi mu efisɛ ɛyɛ atosɛm a Kristoman kyerɛkyerɛ. Nanso, wɔbɛboaboa Kristofo a wɔasra wɔn a wɔda so ara wɔ asase so no ano amonom hɔ ara.

  • “Mo Gyeɛ Rebɛn”!
    Ɔwɛn-Aban—2015 | July 15
    • c Wɔremfa Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ saa bere no honam nipadua nkɔ soro. (1 Korintofoɔ 15:48, 49) Sɛnea wɔyii Yesu nipadua fii hɔ no, saa ara na ɛbɛyɛ sɛ wɔbɛyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no nipadua.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena