Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Dɛn Nti Na Ɔdɔ Nyankopɔn Bedi Were?
    Ɔwɛn-Aban—1981 | July 1
    • 10. (a) Dɛn nti na ‘ɔdɔ Nyankopɔn’ no nso yɛ “aweredi” Nyankopɔn? (b) Dɛn nti na ɛho hia pii nnɛ sɛ yehu Onyankopɔn na yetie no?

      10 Nanso, mpɛn pii no, Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ ‘ɔdɔ Nyankopɔn’ no nso yɛ ‘aweredi Nyankopɔn.’ Dɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn dɔ no rentumi mma bɔne ho kwan daa. (Nah. 1:2; Deut. 32:35, 41) Ɛno nti na ɔsomafo Paulo kyerɛw “ɛda a wobeyi Awurade Yesu adi afi soro, ne tumi abɔfo, ogyaframa mu, na wadi wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were” ho asɛm no. (2 Tes. 1:6-9) Ɛnde, hwɛ hia ara a ɛho hia sɛ yehu Onyankopɔn! Wɔ saa wiase bɔne a nyamesom ahorow ahorow pii na ɛwɔ mu yi mu no, hwɛ hia ara a ɛho hia, sɛnea Bible ka no, ‘sɛ yɛhwehwɛ nokware Nyankopɔn no na yehu no!’​—Aso. 17:27.

  • Dɛn Nti Na Ɔdɔ Nyankopɔn Bedi Were?
    Ɔwɛn-Aban—1981 | July 1
    • Wɔwo nnipa pii wɔ asɔre bi mu. Nanso, so eyi kyerɛ sɛ wɔsom nokware Nyankopɔn no? Mmom no, so nnipa bebree som nyɛ ade a ɛnam awo so bae mpofirim ara kwa? Nanso yɛn nkwa gyina ‘Onyankopɔn a yebehu no na yɛatie yɛn Awurade Yesu’ a ɔsomaa no sɛ ɔmmegye yɛn mfi bɔne ne owu mu no ‘ho asɛmpa no’ so. (2 Tes. 1:8; Marko 10:45) Ɛda adi pefee sɛ, wiase a atwa yɛn ho ahyia no ‘nnim Nyankopɔn.’ Bible no da no adi pefee sɛ nnipa “nyinaa Nyankopɔn ne agya biako” na ɔwɔ hɔ. (Efe. 4:6) Nanso adesamma mu apaapae ma wɔsom anyame ahorow bebree. Budha anyame, a ɛyɛ Shintofo ne Konfusiofo agyanom anyame no wɔ hɔ, Nkramofo Alla no wɔ hɔ, afei Brahma, Vishnu ne Siva​—Hindufo nyame baasakoro​—no wɔ hɔ, na Kristoman nyame baasakoro a ɛne Agya ne Ɔba ne “Honhom Kronkron” no nso wɔ hɔ. Nnipa pii mpo som nnipa atitiriw a wɔawuwu anaasɛ wɔte ase, sɛ ebia nnwonto, akansi ne amansɛmdi mu atitiriw.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena