Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
● Paulo kae sɛ ɛsɛ sɛ asafo mu ɔpanyin yɛ “ɔyere biako kunu.” Ná dɛn nti na ɔde ɛno bɛka nneɛma a wɔhwehwɛ wɔ ahwɛfo ho no ho, bere a Kristoni biara ntumi nyɛ obi a ɔwɔ yerenom dodow?
Wɔ 1 Timoteo 3:2 no ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nea ɛsɛ ɔhwɛfo ne sɛ wonnya ne ho asɛm bi nka, ɔyɛ ɔyere biako kunu, n’ani so da hɔ.” Asɛm “ɔyere biako kunu” no bɛkyerɛ sɛ na ɔbarima no ho nni asɛm biara wɔ ɔbrasɛe ho, sɛ ɔyɛ Kristofo abrabɔ ho nhwɛso pa wɔ aware ho.
Ná Yesu akyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ n’asuafo kura Onyankopɔn mfitiase aware nhyehyɛe, ɔbarima biako ma ɔbea biako, no mu. (Mat. 19:5, 6) Enti, na wɔrentumi mmɔ obi asu sɛ Kristoni kosi sɛ obegyae yerenom dodow aware. Nanso ɛdefa mpanyimfo ho no, na ɛfata sɛ Paulo si asɛm no so dua, efisɛ na wɔama ɔyerenom dodow aware hokwan wɔ Yudafo mu na ebia na ɛyɛ ade a wɔyɛ wɔ nsase a Kristosom bɛtrɛw akɔ hɔ. Ná ɛsɛ sɛ onipa foforo a waba asafo no mu tumi hu nhwɛso a mpanyimfo no yɛ no, sɛ ɔyere biako aware ne nhyehyɛe a ɛfata ma Kristofo, na ɛnyɛ ɔyerenom dodow aware.
Nanso asɛm “ɔyere biako kunu” no betumi akyerɛ pii. Saa bere no ɔbrasɛe a na ɛwɔ hɔ no daa adi wɔ aware a na wɔtaa gu no ntɛmntɛm na wɔware foforo mu.
“Wɔ awaregu ho nhyehyɛe a ɛmfata a Helafo ne Romafo maa kwan no mu no, na ɛyɛ ade a wɔtaa yɛ sɛ ɔbarima ne ne yere bɛtetew mu na wɔn mu biara akɔware nnipa foforo, bere a wɔn mu biara te ase. Enti na ɔbarima betumi anya yerenom baasa anaa baanan a wɔte ase; anaasɛ mmea ahorow a waware wɔn mu biara pɛn.” (The life and Epistles of St. Paul, a Conybeare and Howson kyerɛwee.) Na ɛsɛ sɛ ɛyɛ soronko wɔ Kristoni fam. Ná sɛ ne hokafo bɔ “aguaman” nkutoo a na obetumi agyae no na waware foforo. (Mat. 5:32; 19:9) Ná “ɔyere biako kunu” a ɔbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ ɔpanyin bɛyɛ nhwɛso sɛ ɔnyɛ ɔbarima a ogyaee ne yere a na ennyina Kyerɛwnsɛm so na ɔwaree foforo.
Nhomanimfo bi ate 1 Timoteo 3:2 ase sɛ ɛkyerɛ sɛ ɔpanyin ntumi nware nea ɛto so abien da. Nanso, nea na Yesu adi kan aka ne nea Paulo kyerɛwee wɔ baabi foforo no da no adi sɛ sɛ́ obi bɛsan aware no nyɛ mfomso, enti ɛremma ɔbarima nyɛ nea ne ho wɔ asɛm anaasɛ ɔmfata sɛ ɔsom sɛ ɔpanyin wɔ asafo no mu. Kae sɛ Paulo kyerɛwee sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ akunafo [ɛda adi sɛ mmarima ne mmea] ware mmom sen sɛ wɔbɛma akɔnnɔ ahyew wɔn anaasɛ wɔde wɔn ho bɛhyehyɛ afoforo nsɛm mu.—1 Kor. 7:8, 9, 36-39; 1 Tim. 5:13, 14.
Na “ɔyere biako kunu” a ɔpanyin bɛyɛ no nso bɛkyerɛ sɛ onni awaresɛe ho fɔ. Ná ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ne ho nni asɛm wɔ n’aware mu, na odi ne yere nokware. Enti, The New English Bible no kyerɛ nkyekyem no ase sɛ, ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo no yɛ “nea wonnya ne ho asɛm nka, nea odi ne yere biako no nokware.”
Ne saa nti, ɛdenam ka a ɔka sɛ ɔhwɛfo nyɛ “ɔyere biako kunu” no so no, Paulo de nsɛmfua kakraa sii abrabɔ ho nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔyɛ ɔwarefo yɛ no so dua. Na ɛsɛ sɛ obiara tumi hwɛ no na wohu sɛ ɔyɛ aware ho adwene a ɛfata a ɛda adi wɔ nokware Kristosom mu no ho nhwɛso ankasa.