Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ahintasɛm Kronkron Bi Mu Da Hɔ’
    Ɔwɛn-Aban—1990 | January 15
    • Ahintasɛm Kronkron Bi Mu Da Hɔ’

      “Ade a wɔde nokoro ka sɛ ɛso ne onyamesom pa [ahofama] ahintasɛm [kronkron] no.”​—1 TIMOTEO 3:16.

      1. Ahintasɛm bɛn na wɔka ho asɛm wɔ 1 Timoteo 3:16 no?

      SO W’ANI gye ahintasɛm ho? So w’ani gye ho sɛ wobɛpɛɛpɛɛ ahintasɛm mu? Yɛn mu pii ani gye ho saa! Ɛnde, ka yɛn ho bere a yɛhwehwɛ ahintasɛm akɛse a ɛsen biara no mu biako​—ahintasɛm bi a wɔde siee Onyankopɔn asɛm mu mfe mpempem pii​—no mu no. Saa ahintasɛm kronkron yi ka yɛn asetra wɔ ɔkwan a ɛho hia yiye so, mprempren ne daakye nyinaa. Ɛne ‘onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron’ a wɔakyerɛkyerɛ mu ama yɛn wɔ 1 Timoteo 3:16 no. Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa a “oyi ahintasɛm adi” no ase sɛ wama yɛahu saa ahintasɛm kɛse yi ne ne nkyerɛase!​—Daniel 2:28, 29.

      2. (a) Bere bɛn na Yehowa dii kan kaa ahintasɛm kronkron bi ho asɛm, na dɛn na ɔhyɛɛ ho bɔ saa bere no? (b) Nsemmisa bɛn na ɛsɛ sɛ wonya ho mmuae?

      2 Yehowa dii kan kaa ahintasɛm kronkron bi ho asɛm bere a Ɔwɔ no daadaa Hawa, na Adam dii n’akyi na wɔtew atua no akyi. Ɛhɔ na Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ “aseni” anaasɛ ɔba bi bɛbɔ Ɔwɔ no ti. (Genesis 3:15) Hena ne Aseni no? Ɔkwan bɛn so na obedi Ɔwɔ no so nkonim? So ɔbɛtew nokware a Onyankopɔn asɛm yɛ ne n’atirimpɔw a ɛfa asase yi ho no ho?

      3. Ɔsoro nkɔmhyɛ ahorow de nneɛma bɛn a wobegyina so ahu Aseni no ne ne dwumadi na ɛmae?

      3 Bere bi akyi no, ɔsoro nkɔmhyɛ ahorow daa nneɛma a ɛbɛma wɔahu onii a ɔne Aseni no ne ne daakye dwumadi no adi. Na ɔbɛyɛ Abraham aseni, obedi Dawid ahenni so, na wɔbɛfrɛ no Asomdwoe Hene. ‘N’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.’ (Yesaia 9:6, 7; Genesis 22:15-18; Dwom 89:35-37) Nanso sɛnea Romafo 16:25 kyerɛ no, na saa ahintasɛm kronkron no bɛyɛ nea “kan teteete no wɔanka.”

      Ahintasɛm no Ano a Wohu

      4. Ɔkwan bɛn so na ahintasɛm kronkron no mu fii ase daa hɔ wɔ 29 Y.B. mu?

      4 Awiei koraa, wɔ mfirihyia mpem anan akyi no, emu daa hɔ! Ɔkwan bɛn so? Afe 29 Y.B. mu no, Yohane bɔɔ Yesu a ofi Nasaret no asu Asubɔnten Yordan mu, na Onyankopɔn nne fi soro paee mu kae sɛ: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.” (Mateo 3:17) Aa, na Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no anya aba! Na ahintasɛm kronkron no mu afi ase reda hɔ n’afã horow a anuonyam wom no mu, a na onyamesom pa ahofama ho asɛm no ka ho.

      5. Dɛn ne ‘onyamesom pa ahofama,’ na ɛka wɔn a wɔde di dwuma no dɛn?

      5 Yɛte ‘onyamesom pa ahofama’ ase dɛn? Asɛm no pue mpɛn 20 pɛ wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu, na emu nea ɛboro fã pue wɔ Paulo nkrataa abien a ɔde kɔmaa Timoteo no mu. Insight on the Scriptures nhoma no kyerɛ “onyamesom pa ahofama” ase sɛ “obu ne ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn, a nokware a wodi ma n’amansan tumidi no ka ho.” Obu fi koma a ɛbɛn Onyankopɔn, wɔ ne kɛseyɛ, te a ɔte hɔ daa, ne sɛnea n’abɔde ahorow a ɛyɛ nwonwa no dɔɔso pii no ho osuro mu, na ɛde aseda ma wɔ honhom ne honam fam akyɛde ahorow a ɔde ma adesamma a wɔwɔ anisɔ ho no mu na ɛba. Ampa, yɛn mu biara a ɔde onyamesom pa ahofama tra ase no betumi aka sɛnea odwontofo no kae wɔ Dwom 104:1 no: “Me kra, hyira [Yehowa]. [Yehowa], me Nyankopɔn, woso kɛse, woahyɛ ɔharan ne anuonyam.”

      6. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asomfo yɛ soronko wɔ Kristoman mufo a wɔkɔtratra asɔredan mu nkongua so ara kwa no ho? (b) Dɛn na Paulo kae wɔ Romafo 11:33, 34, na enti nsemmisa bɛn na ɛsɔre?

      6 Ɛsɛ sɛ ahofama a yɛwɔ ma Onyankopɔn no da adi, na ɛnam nneyɛe so na ɛyɛ eyi. Eyi mu no, nokware Nyankopɔn Yehowa no asomfo yɛ soronko koraa wɔ Kristoman asɔre horow a ɛregu no asɔrekɔfo a wɔkɔtratra asɔredan mu nkongua so ara kwa no ho. Nnipa a wɔwɔ asase so pii fam no, nyamesom​—sɛ wɔda so ara wɔ nyamesom mpo a​—yɛ adeyɛ bi kɛkɛ, atade tenten bi a ɛsɛ sɛ wɔhyɛ na ama wɔayɛ wɔn ho te sɛ nea wɔyɛ kronkron bere a wɔbɔ bra a ɛne wiase a aporɔw a atwa wɔn ho ahyia no hyia no. Wonnim onii a Onyankopɔn yɛ mpo. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔte saa no tie Paulo nsɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 17:23, bere a ɔka kyerɛɛ Atenefo a na wɔsom “Onyame a Wonnim no” sɛ: “Nea munnim na mosɔre no no, ɔno na meka ne ho asɛm mekyerɛ mo yi.” Paulo teɛɛm faa saa Onyankopɔn kɛse no ho wɔ Romafo 11:33, 34 sɛ: “O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ! Wɔrenhu n’atemmu mu pɛɛpɛɛ, na wɔrenhu n’akwan akyi hwehwɛ nwie da. Na hena na ohuu [Yehowa] adwene, anaasɛ hena na ɔyɛ ne fotufo?” Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yɛba behu Onyankopɔn akwan? Ɛdenam ‘onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron’ no a yesua so. Nanso ɔkwan bɛn so na yɛyɛ ɛno?

      7. Dɛn nti na wobetumi aka sɛ “ade a wɔde nokoro ka sɛ ɛso ne onyamesom pa [ahofama] ahintasɛm kronkron no”?

      7 Wɔ 1 Timoteo ti 3 no, ɔsomafo Paulo di kan ka nea wɔhwehwɛ fi Onyankopɔn fie a wɔka ho asɛm wɔ nkyekyem 15 sɛ “Onyankopɔn teasefo asafo, nokware dum ne nnyinaso” no asomfo a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa hɔ no ho asɛm. Afei Paulo de ka ho wɔ nkyekyem 16 sɛ: “Ade a wɔde nokoro ka sɛ ɛso ne onyamesom pa [ahofama] ahintasɛm no.” Ɛso ampa efisɛ Yehowa somaa ne Ba a ɔwoo no koro baa asase so sɛ ɔmmɛtew saa ahintasɛm yi ano, sɛ ɔmmɛkyerɛ sɛnea onyamesom pa ahofama te ankasa, sɛnea ɛho hia yiye, na ɛyɛ nnyinaso wɔ nokware som mu no. Saa onyamesom pa ahofama ahintasɛm yi mu da hɔ fann wɔ Yesu asase so ha asetra kwan no mu. Ɛsɛ sɛ Yehowa adɔfo nyinaa de wɔn gyidi ne wɔn asetra si Kristo a ɔyɛɛ onyamesom pa ahofama ho nhwɛso pa no so. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na Yesu maa onyamesom pa ahofama ahintasɛm no mu daa hɔ?

      Afã Ahorow Asia

      8. (a) Ahintasɛm kronkron no afã asia a Paulo ka ho asɛm wɔ 1 Timoteo 3:16 no ne dɛn? (b) Hena ne ‘Ɔno’ a woyii no adi no?

      8 Paulo nam honhom a wofi soro de maa no so bua saa asemmisa no. Wɔ 1 Timoteo 3:16, New World Translation, ha no, ɔka onyamesom pa ahofama yi afã horow asia ho asɛm, se: “[1] Woyii no adi ɔhonam mu, [2] wobuu no bem honhom mu, [3] oyii ne ho kyerɛɛ abɔfo, [4] wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, [5] wogyee no dii ewiase, [6] wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu.” Hena ne ‘Ɔno’ a woyi no adi yi? Ɛda adi sɛ ‘Ɔno’ ne Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ, Yesu, a ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn apɛde no. Ɔno na ahintasɛm kronkron no nyinaa gyina no so, na ɔma ɛyɛ nea ɛso ampa.

      9. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ 1 Timoteo 3:16 kenkan sɛ: “Onyankopɔn yii ne ho adi ɔhonam mu”?

      9 Baasakorofo bɔ mmɔden sɛ wobebiri ahintasɛm kronkron no mu ntease ani denam ka a wɔka sɛ ‘Ɔno’ a ɛwɔ 1 Timoteo 3:16 no yɛ Onyankopɔn ankasa no so. Eyi te saa efisɛ King James Bible no ne tete nkyerɛase binom kenkan sɛ “oyii ne ho adi ɔhonam mu.” Nanso, dɛn na Hela nsaano nkyerɛwee pii a wotumi de ho to so ka? Ne nyinaa kɔ so de edin nsiananmu ‘Ɔno’ di dwuma na ɛnyɛ “Onyankopɔn.” Kyerɛwnsɛm mu nhwehwɛmufo gye tom afei sɛ “Onyankopɔn” a wɔde bɛhyɛɛ saa kyerɛwsɛm yi mu no yɛ ɔkyerɛwfo mfomso. Enti, nnansa yi ara nkyerɛase ahorow, te sɛ American Standard Version, The New English Bible, ne New World Translation kenkan ɔkwan a ɛteɛ so sɛ: ‘Woyii no [anaasɛ, Ɔno a woyii no] adi ɔhonam mu.’ Dabi, ɛnyɛ Onyankopɔn ankasa na oyii ne adi “ɔhonam mu.” Mmom no, ɛyɛ ne Dɔba ne n’abɔde a odi kan, a ɔsomafo Yohane kyerɛw eyi faa ne ho no: “Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtraa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ agya no ba a ɔwoo no koro anuonyam, na ɔdom ne nokware ayɛ no ma.”​—Yohane 1:14.

      “Woyii no Adi Ɔhonam Mu”

      10. (a) Ɔkwan bɛn so na ahintasɛm kronkron no fã a edi kan no daa adi bere a wɔbɔɔ Yesu asu no? (b) Dɛn nti na Yesu bɛyɛɛ “Adam a odi akyiri”?

      10 Bere a wɔbɔɔ Yesu asu no, ahintasɛm kronkron no mu ade a edi kan no daa adi: ‘woyii Yesu adi ɔhonam mu’ sɛ Onyankopɔn Ba a wɔasra no. Na Yehowa Nyankopɔn ayi ne Ba no nkwa afi soro abɛhyɛ Maria awotwaa mu ma enti wotumi woo Yesu ɔhonam mu sɛ ɔdesani a ɔyɛ pɛ. Enti, sɛnea 1 Korintofo 15:45-47 kyerɛ no, Yesu bɛyɛɛ Adam a ɔto so abien, anaa nea “odi akyiri,” ɔdesani kra a ɔyɛ pɛ a na ɔne Adam a odi kan no hyia pɛpɛɛpɛ. Atirimpɔw bɛn nti? Timoteo Nhoma a Edi Kan 2:5, 6 ka “Adam a odi akyiri” no ho asɛm sɛ “onipa Kristo Yesu a ɔde ne ho mae sɛ nnwensa maa nnipa nyinaa.” Ɛde gyina saa mmara kwan so afɔre a ɔdesani a ɔyɛ pɛ bɔe no so no, Yesu yɛ apam foforo a wɔne adesamma 144,000 a wɔne no yɛ mfɛfo adedifo wɔ n’Ahenni mu no yɛe no ntamgyinafo.​—Adiyisɛm 14:1-3.

      11. Henanom na Yesu ogye afɔre no trɛw ka wɔn?

      11 Afoforo nso benya Yesu afɔrebɔ wu no mu mfaso anaa? Yiw! Yohane Nhoma a Edi Kan 2:2 kyerɛ sɛ Yesu Kristo “ne yɛn bɔne [kyerɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn te sɛ Yohane no bɔne] ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.” Enti Yesu ogye afɔre no mu mfaso horow trɛw boro Kristofo 144,000 a wɔasra wɔn no so ka adesamma wiase mũ no nyinaa. “Nnipakuw kɛse” bi a wɔte ase nnɛ ne mpempem pii a wobenyan wɔn aba Paradise asase so no nam gyidi a wɔkyerɛ wɔ Yesu ogye afɔre no mu so benya daa nkwa. Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm wɔ Adiyisɛm 7:9, 10 no, nnipakuw kɛse no ahoro wɔn ntade ma ahoa denam Oguammaa Yesu Kristo mogya a ohwie gui no mu gyidi a wɔkyerɛe so dedaw. Wobu wɔn bem wɔ wɔne Onyankopɔn nnamfofa mu. Wɔde anigye sua ahintasɛm kronkron no afã horow ho ade na wɔda onyamesom pa ahofama adi ma ɛne Yesu nhwɛso no hyia!

      Afã Afoforo

      12. Ɔkwan bɛn so na ‘wobuu Yesu bem honhom mu’?

      12 Na ɔfã a ɛto so abien wɔ 1 Timoteo 3:16 no nso ɛ? ‘Wobuu Yesu bem honhom mu.’ Nanso ɔkwan bɛn so? Ɛdenam Yehowa Ba no a okuraa ne mudi mu a onyan no fii awufo mu baa honhom mu asetra mu no so. Na eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn reka sɛ Yesu teɛ koraa na ɔfata sɛ wɔde dwumadi afoforo a ɛkorɔn hyɛ ne nsa. Sɛnea Romafo 1:4 ka no no, ‘woyii Yesu kyerɛe sɛ Onyankopɔn ba, ahotew honhom mu, awufo sɔre mu.’ Petro resi eyi so dua no, ɔka kyerɛ yɛn wɔ ne nhoma a edi kan no, ti 3, nkyekyem 18 sɛ: “Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko, nea ɔteɛ hu maa wɔn a wɔnteɛ, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wokum no ɔhonam mu, wɔma ɔtraa ase honhom mu.” So onyamesom pa ahofama ho nhwɛso a Yesu yɛe no de wo rekɔ Onyankopɔn nkyɛn?

      13. Abɔfo bɛn na Yesu a wɔanyan no no yii ne ho kyerɛɛ wɔn no, na nkrasɛm bɛn na ɔka kyerɛɛ wɔn?

      13 Paulo retoa 1 Timoteo 3:16 so no, ɔka ahintasɛm kronkron no ɔfã a ɛto so abiɛsa ho asɛm, na ose Yesu ‘yii ne ho kyerɛɛ abɔfo.’ Ɛbɛyɛ sɛ eyinom yɛ abɔfo bɛn? Petro kyerɛw fa Yesu a afei ‘wama watra ase honhom mu’ no ho wɔ 1 Petro 3:19, 20 sɛ: “Ɛno mu nso na ɔkɔe kɔkaa asɛm kyerɛɛ ahonhom a wɔwɔ afiase a tete no wɔyɛ asoɔdenfo, ɛbere a Onyankopɔn abodwokyɛre twɛnee, Noa nna no mu.” Sɛnea Yuda 6 kyerɛ no, na saa ahonhom no yɛ “abɔfo a wɔankora wɔn panyinni, na mmom wogyaw wɔn ankasa trabere” wɔ ɔsoro no. Wɔfaa ɔhonam nipadua too wɔn ho so na wɔne mmea benyaa nna mu ayɔnkofa a ɛnyɛ ne kwan so. Bere a Nsuyiri no hyɛɛ saa abɔfo no ma wɔsan kɔɔ honhom atrae hɔ no, wɔtoo wɔn guu Tartaro, tebea bi a wɔabrɛ wɔn ase kɛse mu mu. (2 Petro 2:4) Yesu a wɔanyan no no kaa asɛm kyerɛɛ wɔn. Nanso so na ɛnyɛ nkwagye nkrasɛm? Dabida! Mmom no, Yesu kasa tiaa wɔn nsɛmmɔne no sɛ nea ɛbɔ onyamesom pa ahofama abira koraa. Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo mu biara a ɔde nna mu ɔbrasɛe di agoru nnɛ no ma atemmu a wɔka tiaa saa abɔfo no bɔ no kɔkɔ!

      14. Ɔkwan bɛn so na wofii ase kaa Yesu ho asɛm “amanaman mu”?

      14 Ɔfã a ɛto so anan wɔ 1 Timoteo 3:16 no ne sɛ ‘wɔkaa Yesu ho asɛm amanaman mu.’ Ɔkwan bɛn so na eyi aba mu? Aka bere tiaa bi ma wɔakyere Yesu no, ɔka kyerɛɛ asomafo no sɛ: “Nokware, nokware, mise mo sɛ: Nea ogye me di no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛse asen eyinom, efisɛ me de, merekɔ m’agya no nkyɛn.” (Yohane 14:12) Ɛno akyi bere tiaa bi, Pentekoste da afe 33 Y.B. mu no, Yesu hwiee honhom kronkron guu n’asuafo no so, na wofii ase kaa asɛm a ɛyɛ nwonwa a ɛne sɛ “Yesu yi ara na Onyankopɔn anyan no” no kyerɛɛ Yudafo. Akyiri yi, Samariafo nso gyee Onyankopɔn asɛm no toom na wofii ase nyaa honhom kronkron. (Asomafo no Nnwuma 2:32; 8:14-17) Afei, 36 Y.B. mu no, Petro kaa asɛm kyerɛɛ Kornelio ne Amanaman mufo afoforo a na wɔahyia ne fie no. Saa kwan no so no, wofii ase ‘kaa asɛmpa no amanaman mu,’ kyerɛ sɛ wɔn a wɔnyɛ Yudafo a wɔde honhom kronkron sraa wɔn no nso mu.

      15. Dɛn na edi adanse sɛ na afeha a edi kan Kristofo asua onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron no yiye?

      15 Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ Asomafo no Nnwuma 12:24 no, “[Yehowa] asɛm no kɔɔ so, na ɛtrɛwee.” Asomafo no Nnwuma 17:6 kyerɛ sɛ wɔ Hela kusuu fam no, asɔretiafo teɛɛm, sɛnea wɔyɛ de besi nnɛ no, sɛ: “Eyinom a wɔadan wiase ani no aba ha nso!” Mfe 30 mu no, Paulo tumi kyerɛw fii Roma sɛ wɔaka asɛmpa no “wiase abɔde nyinaa mu.” (Kolosefo 1:23) Na Kristofo a wɔwɔ hɔ saa bere no asua onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron no yiye. Hwɛ sɛnea na wɔde nsiyɛ de redi dwuma! Na ɛmmra sɛ yebesua na yɛde adi dwuma saa ara wɔ Ahenni asɛnka nna a edi akyiri yi mu!

      16. Na ahintasɛm kronkron no ɔfã a ɛto so anum no ne dɛn, na dwumadi bɛn na ɛma ɛdaa adi?

      16 Wɔ saa afeha a edi kan mu asɛnka no ho adeyɛ mu no, ahintasɛm kronkron a wɔka ho asɛm wɔ 1 Timoteo 3:16 no ɔfã a ɛto so anum bɛdaa adi pefee. ‘Wogyee Yesu dii ewiase.’ Na eyi yɛ nea efii asɛmpatrɛwfo mmɔdenbɔfo, a na Paulo ne Timoteo ka ho, onyamesom pa ahofama a ɛte sɛ Kristo de no mu bae. Wɔde asɛmpa no kɔɔ Asia Kumaa ne Europa, ebia wokoduu Spain mpo, ne Afrika Apuei fam denam Etiopiani a wɔabɔ no asu no ano asɛm so, bere a na Petro resom wɔ Babilon.

      17. Dɛn nti na wogye Yesu di ɛnnɛ wiase no mu?

      17 Yɛn bere yi so nso ɛ? Ɛdefi 1919 mu no, nkaefo a wɔasra wɔn no ada onyamesom pa ahofama a ɛyɛ nhwɛso pa adi. Saafo a wɔasra wɔn yi ato gyidi fapem a Yesu towee no so pintinn. Titiriw efi 1935 mu no, wɔaboaboa nnipakuw kɛse a wodi ahurusi sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wobetwa “ahohiahia kɛse” no na wɔanya daa nkwa wɔ paradise asase so no ano. (Adiyisɛm 7:9, 14) Enti, woregye asɛmpa a ɛde adwene si Yesu so no adi ɛnnɛ wiase no mu nyinaa. Onyamesom pa ahofama mu no, Yehowa Adansefo bɛboro ɔpepem abiɛsa ne fã reka asɛm na wɔrenya nkɔso asase so nyinaa mprempren!

      18. Ɔkwan bɛn so na ‘wɔfaa Yesu kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu’?

      18 Ahintasɛm kronkron no ɔfã biako da so ara wɔ hɔ, nea ɛto so asia: ‘wɔfaa Yesu kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu.’ Wɔmaa Yesu ‘traa ase honhom mu’ no akyi adaduanan mu no, ɔfaa ɔhonam nipadua ahorow too ne ho so, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no na ɔkaa “Onyankopɔn ahenni ho asɛm” kyerɛɛ wɔn. Afei ɔforo kɔɔ ɔsoro. (Asomafo no Nnwuma 1:3, 6-9) Enti, wobuaa ne mpaebɔ a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Yohane 17:1-5 no: “Agya, . . . Hyɛ wo ba anuonyam, na ɔba no nso ahyɛ wo anuonyam . . . mahyɛ wo anuonyam asase so . . . Na afei, agya, fa anuonyam a mewɔ wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ankasa nkyɛn!”

      19. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na wɔyɛe bere a Yesu san kɔɔ ɔsoro no?

      19 Ahurusi kɛse bɛn ara na ɛbɛyɛ sɛ wodii sɛɛ yi bere a Yesu san kɔɔ ɔsoro no! Mfiase koraa bere a Yehowa bɔɔ asase no, “Onyankopɔn mma nyinaa bɔɔ ose.” (Hiob 38:7) Ɛbɛyɛ sɛ saa abɔfo dɔm no ani gyei mmoroso sen saa sɛ Yehowa tumidi ho Ɔkatakyie nokwafo no san bɛkaa wɔn ho no!

      20. Dɛn nti na Yesu anya din kunini a ɛte saa, na dɛn na ɔyɛe bere a na ɔwɔ asase so no?

      20 Paulo ka Yesu a odii nkonim no ho asɛm wɔ Hebrifo 1:3, 4 sɛ: “Ɔde n’ankasa ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtraa anuonyam kɛse no nifa so ɔsorosoro, na wakyɛn abɔfo mmoroso, sɛnea ne din kunini a wanya no kyɛn wɔn de no.” Kristo nyaa saa din no esiane sɛ odii nea ɛnteɛ so nkonim nti. Onyankopɔn Ba yi abɔ onyamesom pa ahofama kwan ato asase so ha ampa ara. Wayɛ nhwɛso ama wɔn a wobenya daa nkwa nyinaa nso. Bere a wɔmaa Yesu so traa Onyankopɔn nsa nifa so ɔsoro no, woyii onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron yi adi wɔ n’afã horow no nyinaa mu.

  • Onyamesom Pa Ahofama Ahintasɛm Kronkron No A Yebesua
    Ɔwɛn-Aban—1990 | January 15
    • Onyamesom Pa Ahofama Ahintasɛm Kronkron No A Yebesua

      “Kristo nso huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi.”​—1 PETRO 2:21.

      1. Dɛn ne Yehowa atirimpɔw wɔ ‘onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron no’ ho?

      “ONYAMESOM pa [ahofama] ahintasɛm kronkron no” nyɛ ahintasɛm bio! (1 Timoteo 3:16) Hwɛ sɛnea ɛyɛ soronko wɔ atoro som ahintasɛm ahorow, te sɛ Baasakoro ahintasɛm a ɛda so ara yɛ ahintasɛm no ho! Obiara ntumi nte ase. Mmom no, Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɛsɛ sɛ wɔka ahintasɛm kronkron a ɛda adi Yesu mu no ho asɛm kyerɛ nnipa dodow biara a wobetumi. Yesu ankasa yɛɛ obi a ɔde mmɔdenbɔ bɔ Onyankopɔn Ahenni dawuru no ho nhwɛso. Yebetumi asua pii afi ne nkrasɛm no ne sɛnea na ɔka asɛm no mu, sɛnea yebehu mprempren no.

      2. Dɛn nti na wɔde Yesu som adwuma no di agyede no anim kan? (Mateo 20:28)

      2 Ɛnde, momma yɛnsan nsusuw Yesu a “woyii no adi ɔhonam mu” no ho bio. (1 Timoteo 3:16, New World Translation) Yɛkenkan wɔ Mateo 20:28 sɛ Yesu “amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii.” Eyi ma ne som adwuma no yɛ nea ɛho hia sen nnwensa no mpo. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Wiɛ, wɔ Eden no, Satan ɔdaadaafo no gyee hokwan a Yehowa wɔ sɛ odi adesamma so tumi no ho akyinnye, na ɔkyerɛe sɛ mfomso wɔ Onyankopɔn adebɔ mu ne sɛ wɔ sɔhwɛ ase no, onipa biara nni hɔ a obekura ne mudi mu ama Ɔsorosoroni no. (Fa toto Hiob 1:6-12; 2:1-10 ho.) Yesu som adwuma sɛ ɔdesani a ɔyɛ pɛ, “Adam a odi akyiri” a na sintɔ biara nnim no kyerɛe sɛ mpoatwafo Satan yɛ ɔtorofo bɔne. (1 Korintofo 15:45) Bio nso, Yesu kyerɛe sɛ ɔfata koraa sɛ ɔyɛ Onyankopɔn “Safohene ne Agyenkwa” na ‘obu wiase ntɛn trenee mu,’ de bu Yehowa tumidi bem.​—Asomafo no Nnwuma 5:31; 17:31.

      3. Dɛn nti na Yesu pow Satan mpoatwa no koraa.

      3 Yesu pow Satan mpoatwa a ɛbɔ ahohora no koraa! Abakɔsɛm mu nyinaa no, onipa biara nni asase yi so a ɔde ne ho nyinaa som Onyankopɔn saa​—a atwetwesi, ɔhwe, ne ɔhonam ne adwene mu ayayadeyɛ nyinaa mfa ho. Na ɛsɛ sɛ Kristo gyina ahohorabɔ ahorow a abususɛm wom ano sɛ Onyankopɔn Ba. Ne nyinaa mu​—de kosi owu a ɛyɛ yaw ne aniwu mu mpo​—no, ogyinae pintinn, wannhinhim wɔ nokware a obedi ama n’Agya no mu. Paulo kyerɛwee wɔ Filipifo 2:8, 9 sɛ esiane sɛ Yesu yɛɛ osetie ‘de kosii wu mu, asɛndua ho wu mu po nti, Onyankopɔn maa no so na ɔdom no din a edi din nyinaa so.’ Yesu paa Satan ho ntama sɛ ɔyɛ ɔtorofo a ne ho ye hu sɛnea ɔte ampa no!

      4. Dɛn nti na na Yesu betumi aka akyerɛ Pilato sɛ ɔbaa wiase sɛ ɔrebedi nokware no ho adanse?

      4 Enti, wɔ mfe kakraa bi asɛnka a emu yɛ hyew awiei no, na Yesu betumi de akokoduru aka akyerɛ Pontio Pilato sɛ: “Wo na woka sɛ meyɛ ɔhene. Me de, eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse; obiara a ofi nokware no mu no tie me nne.” (Yohane 18:37) Na Yesu ada onyamesom pa ahofama a ɛsen biara adi wɔ Onyankopɔn Ahenni nokware no a ɔpaeem ka kyerɛe wɔ Palestina nyinaa no mu. Ɔtetee n’asuafo no sɛ wɔn nso wɔnyɛ asɛnkafo mmɔdenbɔfo. Hwɛ sɛnea ne nhwɛso no kanyan yɛn sɛ yenni n’anammɔn akyi nnɛ!

      Yɛn Nhwɛsofo no a Yebesuasua No

      5. Sɛ yɛhwɛ Yesu yiye a, dɛn na yebetumi asua afa onyamesom pa ahofama ho?

      5 Ɛdenam onyamesom pa ahofama a yɛde bɛyɛ Yehowa apɛde so no, yɛn nso yebetumi ama Ɔbonsam ayɛ ɔtorofo. Sɛ yehyia sɔhwɛ ahorow bɛn ara mpo a, emu biara nni hɔ a ɛne ɛyaw ne animguase a ɛkaa Yesu no bɛyɛ pɛ. Ɛnde, momma yensuasua yɛn Nhwɛsofo no. Sɛnea Hebrifo 12:1, 2 hyɛ yɛn no, yebetumi de boasetɔ atu mmirika no bere a ‘yɛhwɛ gyidi mu dikanfo ne ne wiefo Yesu’ no. Nea ɛnte sɛ Adam no, Yesu bɛyɛɛ asase so nipa a otumi gyinaa sɔhwɛ ahorow nyinaa ano pɛyɛ mu. Ɔdaa ne ho adi sɛ “ne ho tew, onni bɔne, ne ho nni nkekae, wɔayi no afi nnebɔneyɛfo ho” de kosii owu mu. (Hebrifo 7:26) Na obetumi aka akyerɛ n’atamfo wɔ mudi mu kura a sintɔ biara nni mu mu sɛ: “Mo mu hena na obu me bɔne bi ho atɛn?” Yesu danee Satan mpoatwa no ani, na ɔkae sɛ: “Wi yi ase sodifo no . . . rennya me hɔ hwee.” Na ɔrewie ne kasa a etwa to a ɔde maa n’asuafo no ansa na wɔreyi no ama na wɔakyere no no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase no so nkonim.”​—Yohane 8:46; 14:30; 16:33.

      6. (a) Dɛn nti na Yesu nim ɔhome ko a adesamma hia? (b) Yesu daa onyamesom pa osuro adi koduu he?

      6 Yesu wɔ asase so wɔ ɔhonam mu no, ohuu nea ɔdesani a obi yɛ, nea “aka kakra na wato abɔfo” no kyerɛ. (Hebrifo 2:7) Ohuu sɛnea ɔdesani mmerɛwyɛ ahorow te na enti wɔasiesie no yiye sɛ ɔbɛyɛ adesamma Hene ne Temmufo mfirihyia apem. Onyankopɔn Ba yi a ɔkae sɛ, “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome” no nim ɔhome ko a adesamma hia. (Mateo 11:28) Hebrifo 5:7-9 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɔno na ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotɔsrɛ brɛɛ nea obetumi agye no afi owu mu wɔ nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na [onyamesom pa osuro] nti wotiee no. Ɔyɛ ɔba de, nanso osuaa amane a ohui no mu osetie, na onya yɛɛ pɛ no, ɔyɛɛ wɔn a wotie no nyinaa daa nkwagye farebae.” Yesu anhinhim, ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ ɔtɔ ne bo ase kosi sɛ obewu sɛ ɔdesani na ɔde anya ‘nantin kuru’ afi ɔtamfo Satan hɔ de. (Genesis 3:15) Te sɛ Yesu no, ɛmmra sɛ yɛn nso yɛbɛda onyamesom pa osuro adi, de akosi owu mu mpo, sɛ ɛho hia a, bere a yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa Nyankopɔn betie yɛn nkotɔsrɛ na wagye yɛn nkwa no.

      ‘Trenee a Yɛbɛtra Ase Ama’

      7. Sɛnea 1 Petro 2:21-24 kyerɛ no, nhwɛso bɛn na Kristo gyaw maa yɛn, na ɛsɛ sɛ ne kwan a ɔfaa so no ka yɛn dɛn?

      7 Woyii Yesu adi ɔhonam mu no, ɔde nokwaredi buee onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron no so. Yɛkenkan wɔ 1 Petro 2:21-24 sɛ: “Kristo nso huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi. Ɔno na wanyɛ bɔne, nanso wɔanhu nnaadaa n’anom. Ɔno na wɔyaw no, na wanyaw bi, ohuu amane, na wanteɛteɛ, na ɔde hyɛɛ nea obu ntɛntrenee no nsa. Ɔno ankasa na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no so, sɛ, yɛawu ama nnebɔne a, yɛntra ase mma trenee.” Bere a yedwennwen Yesu asetra kwan no ho no, ɛhyɛ yɛn nkuran ma yedi onyamesom pa ahofama akyi, yekura yɛn mudi mu, na yɛtra ase ma trenee sɛnea ɔyɛe no dɛn ara!

      8. Ɔkwan bɛn so na yebetumi atra ase ama trenee sɛnea Yesu yɛe no?

      8 Yesu traa ase maa trenee ampa. Dwom 45:7 hyɛɛ ne ho nkɔm sɛ: “Wodɔ trenee, na wotan abɔnefosɛm.” Paulo de saa nsɛm no reka Yesu ho asɛm no, ɔkae wɔ Hebrifo 1:9 sɛ: “Wodɔ trenee, na wukyi amumɔyɛ.” Esiane ntease a yɛanya wɔ saa onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron yi ho no nti, ɛmmra sɛ te sɛ Yesu no, yɛbɛdɔ nea ɛteɛ na yɛatan nea ɛyɛ bɔne. Wɔ Kristofo abrabɔ a Satan wiase no ko tia denneennen mu, ne yɛne wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu ne wɔn a wonni mu nyinaa nsɛnnii mu no, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛtra ase ama trenee, na yɛakura Yehowa trenee nnyinasosɛm ahorow mu. Na momma yɛnkɔ so nsua Onyankopɔn Asɛm no sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya onyamesom pa nhumu a ɛho hia na ama yɛako atia Ɔbonsam ne ne nnɛɛdɛe ahorow no.

      9. Dɛn na ɛde bi kaa Yesu nsiyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu no ho, na na dɛn na ɛka eyi ho wɔ atoro nyamesom nguanhwɛfo ho?

      9 Biribi foforo a ɛkanyan Yesu ma ɔyɛɛ nsi wɔ ne som adwuma no mu wɔ hɔ. Na ɛne dɛn? Yɛkenkan wɔ Mateo 9:36 sɛ: “Ohuu nkurɔfo akuwakuw no, ne yam hyehyee no maa wɔn, efisɛ na wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.” Enti Yesu ‘fii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.’ (Marko 6:34) Nea ɛho hia no, na nea ɛka eyi ho ne nyamesom ahwɛfo atorofo abɔnefosɛm ne amumɔyɛ a ɔbɛpa ho ntama. Sɛnea Mateo 15:7-9 kyerɛ no, Yesu ka kyerɛɛ eyinom mu binom sɛ: “Nyaatwomfo! Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ: Ɔman yi de wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri. Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.”

      Ahintasɛm a Wokyi

      10. Ɛnnɛ, henanom so na “amumɔyɛ ahintasɛm” no twe adwene si, na dɛn na wodi ho fɔ?

      10 Sɛnea Yesu kasa tiaa atoro nyamesom akannifo no, saa ara na yekyi ahintasɛm bi a ɛne onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron no bɔ abira koraa no nnɛ. Wɔ 2 Tesalonikafo 2:7 no, Paulo frɛɛ no “mmarato ahintasɛm.” Na ɛyɛ ahintasɛm wɔ afeha a edi kan Y. B. no mu efisɛ na wɔremmue so kosi asomafo no wu akyi bere tenten bi. Ɛnnɛ, ɛtwe adwene si Kristoman asɔfo a wɔn ani gye amansɛm ho kɛse sen Onyankopɔn trenee Ahenni no ho asɛmpa a wɔbɛka no so. Nyaatwom abu so wɔ wɔn mu. Kristoman Protestant fekusɛm asɔre ahorow no television so asɛnkafo no yɛ nhwɛso a obiara tumi hu: asisifo a wotwitwa wɔn nguan ho nhwi, wɔhyehyɛ ahemman ahorow a egye sika ɔpepem pii, wɔne nguaman bu ɔbrasɛe, wodi awerɛhow a emmfi komam bere a wɔn ho ada hɔ no, na wɔkɔ so srɛsrɛ sika, sika pii bere nyinaa. Roman Katolek Vatican bra nye saa ara, esiane n’amammui mu nkitahodi ahorow, apɔmpɔmpɛ a wɔde kyerɛ, ne sikakorabea nneyɛe a aporɔw nti.

      11. Dɛn na ɛbɛba Kristoman asɔfo ne Babilon Kɛse nyinaa so?

      11 Ɛnyɛ nwonwa sɛ wobetumi ahu Kristoman asɔfo kuw no sɛ “onipa a onni mmara”! (2 Tesalonikafo 2:3) Wɔbɛpa Babilon Kɛse a ɔte sɛ aguaman no fã titiriw yi ho ntama koraa na wɔasɛe no aka atoro som nkae nyinaa ho. Sɛnea yɛkenkan wɔ Adiyisɛm 18:9-17 no, amansɛmdifo ne aguadifo (ne wɔn sikakorabea adwumayɛfo) besu saa bere no sɛ: “Due, due, kurow kɛse.” Wɔbɛma Babilon Kɛse ne n’ahintasɛm ahorow no ho ada hɔ ma ɛne nea ɛma onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron no hyerɛn no abɔ abira koraa.

      12. Ɔdɔ a Yesu wɔ ma trenee no ma ɔyɛɛ dɛn?

      12 Ɔdɔ a Yesu wɔ ma trenee na okyi amumɔyɛ no ma ɔyeree ne ho a wannyaw hwee wɔ nokware som mu. Ne nsrahwɛ a edi kan a ɔde kɔɔ Yerusalem sɛ Onyankopɔn Ba a wɔasra no mu no, ɔpam aguadifo ne sikasesafo fii asɔrefi hɔ na ɔpaee ma kae sɛ: “Momfa eyinom mfi ha, na monnyɛ m’agya fi aguadi fi!” (Yohane 2:13-17) Akyiri yi nsrahwɛ bi a Yesu de kɔɔ asɔrefi hɔ mu no, ɔka kyerɛɛ Yudafo asɔretiafo sɛ: “Mo agya a mufi ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so; efisɛ nokware nni no mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa mu na ɔka; efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.” (Yohane 8:44) Akokoduru bɛn ara na Yesu daa no adi bere a ɔka sii saa nyamesomfo no anim sɛ wɔyɛ atorofo ne Ɔbonsam mma no sɛɛ yi!

      13. (a) Ɛhe titiriw na kyi a Yesu kyi amumɔyɛ no da adi kɛse? (b) Dɛn nti na asɔfo amumɔyɛfo no fata atemmu a ɛte sɛ nea Yesu ka tiaa akyerɛwfo ne Farisifo no?

      13 Sɛnea Yesu kyi amumɔyɛ no nna adi kɛse baabiara sɛ ne nsɛm a ɛwowɔ a ɔde kasa tiaa akyerɛwfo ne Farisifo a wɔte sɛ nhurutoa no, sɛnea wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Mateo ti 23 no mu. Ɛhɔ na ɔka “due” a ɛbɔ ho ason ho asɛm, na ɔde wɔn toto ‘ada a wɔasra ho​—efi nyinaa, nyaatwom, ne amumɔyɛ ayɛ no ma’ ho asɛm. Hwɛ sɛnea Yesu pɛe sɛ ogye nkurɔfo a wɔhyɛ wɔn so no fi saa amumɔyɛ no mu! Ɔteɛɛm sɛ: “Yerusalem, Yerusalem, . . . mpɛn ahe na anka mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔtan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ! Hwɛ, wobegyaw mo fi afituw ama mo.” (Nkyekyem 37, 38) Asɔfo amumɔyɛfo a wɔwɔ hɔ yɛn bere yi so no fata atemmu a ɛte saa ara efisɛ, wɔ 2 Tesalonikafo 2:12 nsɛm yi mu no, ‘wonnye nokware nni na mmom wɔn ani sɔ nea ɛnteɛ.’ Wɔn amumɔyɛ no bɔ onyamesom pa ahofama a Yesu de nokwaredi daa no adi bere a ɔwɔ asase so ha no abira koraa.

      Onyankopɔn Atemmu Horow a Wɔbɛpaem Aka Akyerɛ

      14. Ɛsɛ sɛ anisɔ a yɛwɔ ma onyamesom pa ahofama no ka yɛn ma yɛyɛ dɛn?

      14 Ɛsɛ sɛ anisɔ a yɛwɔ ma onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron no ma yedi Yesu anammɔn akyi pɛɛ bere nyinaa. Te sɛ ɔno no, ɛsɛ sɛ yɛde nsiyɛ paem ka nea Yesaia 61:1 ka ho asɛm sɛ “[Yehowa] anisɔ afe, ne yɛn Nyankopɔn aweredi da” no kyerɛ. Na ɛmmra sɛ yɛde nsiyɛ bɛyɛ yɛn fam de de ‘akyekye nkɔmmɔdifo nyinaa werɛ.’ Te sɛ bere a na Yesu wɔ asase so no, egye akokoduru nnɛ na yɛapaem aka Yehowa atemmu ahorow, a nkrasɛm ahorow a emu yɛ den a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban ne Revelation​—Its Grand Climax At Hand! nhoma no mu nsɛm a wɔka no penpen no mu no ka ho no akyerɛ. Ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru ne anifere ka asɛm no, na yɛma yɛn kasa yɛ nea “nkyene wɔ mu” sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛyɛ wɔn a wɔpɛ trenee no dɛ. (Kolosefo 4:6) Bere a yɛasua biribi afi onyamesom pa ahofama ho nhwɛso a Yesu yɛe no mu no, ɛmmra sɛ yebetumi abɔ amanneɛ ɛbere a ɛsɛ mu sɛ yɛawie adwuma a Yehowa de maa yɛn sɛ yɛnyɛ no.​—Mateo 24:14; Yohane 17:4.

      15. Ɛdefa Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no ho no, dɛn na aba fi 1914?

      15 Bere a woyii Yesu adi ɔhonam mu no, hwɛ sɛnea ɔyɛɛ nhwɛsofo fɛfɛ! Hwɛ sɛnea onyamesom pa ahofama ahintasɛm no baa mu wɔ ne mu pefee! Hwɛ sɛnea ɔde akokoduru kamfoo Yehowa din! Na hwɛ sɛnea Yesu Agya no tuaa ne mudi mu kura kwan a ɔfaa so no so ka ma ɛyɛɛ nwonwa! Nanso Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no ho nneɛma afoforo wɔ hɔ. Yɛatra “Awurade da no” mu fi 1914 mu. (Adiyisɛm 1:10) Sɛnea Adiyisɛm 10:7 kyerɛ no, bere adu sɛ ‘wowie Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no, sɛnea ɔkaa ho asɛmpa no.’ Ɛnne a efi soro apae mu aka afei sɛ: “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade [Yehowa] ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.” (Adiyisɛm 11:15) Yehowa de Mesia Ɔhene, Yesu Kristo, asi n’anuonyam ahengua no so sɛ ɔne No nni hene!

      16. Ɔkwan bɛn so na Ɔhene Yesu Kristo a wɔde no asi agua so foforo no kyerɛe ntɛm ara sɛ ɔwɔ obu ma onyamesom pa wɔ ɔsoro?

      16 Sɛ́ obi a ɔne Onyankopɔn di hene wɔ Ahenni a wɔawo no foforo no mu no, wɔfrɛ Yesu sɛ Mikael (a ɛkyerɛ “Hena na Ɔte sɛ Onyankopɔn?”) nso. Otuatewfo biara nni hɔ a obetumi ayɛ ne ho te sɛ Onyankopɔn, na Ɔhene foforo a wɔde no asi agua so no yɛɛ eyi ho ɔyɛkyerɛ denam Ɔwɔ dedaw, Satan a ɔtow ɔne n’abɔfo kyenee asase so no so. (Adiyisɛm 12:7-9) Yiw, Yesu wɔ obu ma onyamesom pa ɔsoro, sɛnea ɔdaa onyamesom pa ahofama adi bere a na ɔwɔ asase so no ara. Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no renhome kosi sɛ ɔbɛtɔre atoro som ase koraa na wapopa Satan ahyehyɛde, nea aniwa hu ne nea aniwa ntumi nhu nyinaa afi hɔ.

      17. Efi 1914 no, dɛn na aba a ɛma Mateo 25:31-33 nya mmamu?

      17 Efi 1914 no, Yesu ankasa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo 25:31-33 no mmamu ama Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no ahyerɛn kɛse. Ɛhɔ na Yesu pae mu ka sɛ: “Na onipa ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtra n’anuonyam ahengua so. Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu. Na ɔde nguanten no begyina ne nifa, na ɔde mpapo no agyina ne benkum.” Ɔhene, Ɔtemmufo, ne onyamesom pa ahofama Okyigyinafo onuonyamfo yi fi ne soro trabea a ofi hɔ hu nneɛma nyinaa no bedi were, nea edi kan no, wɔ onipa a onni mmara no ne Babilon Kɛse no afã afoforo so, ne afei Satan asase so ahyehyɛde bɔne no mufo ne n’aboafo a wɔte sɛ mpapo a wɔaka nyinaa so. Afei wɔde Satan bɛto ebun mu. (Adiyisɛm 20:1-3) Nanso “nnipa trenee” a wɔte sɛ nguanten no befi hɔ akɔ daa nkwa mu. (Mateo 25:46) Ɛmmra sɛ onyamesom pa ahofama akyi a wudi no de wo bɛka saa teefo kuw no ho!

      18. Hokwan a ɛyɛ anigye bɛn na yɛwɔ wɔ onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron no ho?

      18 Adiyisɛm 19:10 hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnsom Onyankopɔn.’ Na dɛn ntia? Kyerɛwsɛm no toa so sɛ: “Na Yesu adanse ne adiyi honhom.” Tete nkɔmhyɛ a efi honhom mu no dodow ara dii Yesu ho adanse! Na bere a saa nkɔmhyɛ ahorow no anya ne mmamu no, Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no mu ada hɔ fann. Enti, yedi ahurusi sɛ yɛahu sɛ saa onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron yi ada adi Yesu mu. Yɛanya hokwan a ɛyɛ nwonwa sɛ yebedi n’anammɔn akyi sɛ Onyankopɔn Ahenni no asomfo a wɔbrɛ wɔn ho ase. Yiw, ɛyɛ nidi a yɛanya sɛ yebenya Onyankopɔn ahintasɛm kronkron asɛmpa no nyinaa mu ntease a wobenya na wɔapae mu aka akyerɛ no mu kyɛfa!

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena