Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 12/8 kr. 3-4
  • Afã a Agodi wɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afã a Agodi wɔ
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tete Agodi
  • Agodi wɔ “Apam Foforo” no mu
  • Beae a Ɛfata ma Apɔwmuteɛteɛ
  • Dɛn Na Ɛsɛ Sɛ Mihu Fa Agodi Ho?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Agodi a Yɛde Bɛto Ne Beae a Ɛfata
    Nyan!—1991
  • Efi Olympia Kɔ Sydney
    Nyan!—2000
  • Video Game​—Ɛho Nokwasɛm Pa Ara Ne Sɛn?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 12/8 kr. 3-4

Afã a Agodi wɔ

WƆFRƐ Ɔbɔadeɛ Kɛse no wɔ Bible mu sɛ “anigye Nyankopɔn,” na ɔpɛ sɛ n’abɔde ahorow no nya anigye. (1 Timoteo 1:11, New World Translation) Enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ nwonwa sɛ ɔde tumi a ɛbɛma wɔanya agorudi mu anigye bɔɔ adesamma. Enti The New Encyclopaedia Britannica bɔ amanneɛ sɛ: “Agodi ne agumadi ho abakɔsɛm yɛ onipa abakɔsɛm fã.”

Wɔka sɛ bɔɔl a wɔyɛe no ne agodi ho abakɔsɛm mu ade titiriw. Encyclopedia a wɔafa mu asɛm aka wɔ atifi hɔ no ka sɛ: “Hu a wohu sɛ mmoa ani gye ho sɛ wobegoru nneɛma ho no ma ɛda adi sɛ ebia bere bi mmae da . . . a na biribi a ɛte sɛ bɔɔl a wodi akyi anaa wɔtow nni hɔ.”

Nea ɛyɛ anigye no, ade a wɔde abɔ bɔɔl bere tenten bi wɔ hɔ. Britannica no ka sɛ: “Nokwarem no, na Persiafo, Helafo, ne Amerika lndiafo no wɔ nnua agodi. Ɛda adi sɛ na Persiafo no nim Polo, asɛmfua a efi Tibeta kasa mu no yiye wɔ ɔkwan bi so wɔ Dario (odii hene 522-486 A.Y.B) bere so. Ɛwom sɛ Scotlandfo ka sɛ wɔn na wɔde nnɛyi Golf no bae de, nanso na ɛwɔ Romafo mmere ne Europa aman pii mu de bi a ɛno mu na efi.”

Tete Agodi

Mfehaha pii ansa na wɔrekyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm (Apam Dedaw) no awie no, na agodi a wɔyɛ ho nhyehyɛe agye din. Sɛ nhwɛso no na agoru a wodi no mfe anan biara wɔ tete Olympia, Greece no wɔ hɔ. Britannica no bɔ amanneɛ sɛ: “Olympia nkonimdifo ho kyerɛwtohɔ a efi 776 A.Y.B kosi 217 Y.B anaasɛ bɛyɛ mfe apem wɔ hɔ.” Na Olympik Agodi no ho hia wɔ Helafo asetram araa ma na wɔde bu bere, a na wɔfrɛ agodi ahorow no ntam mfe anan biara sɛ Olympiad. Enti, sɛnea saa tete mmere no mu ɔkwan a wɔfa so bu mmere no kyerɛ no, wɔwoo Yesu Kristo wɔ Olympiad a ɛto so 194 mu.

Hebri Kyerɛwnsɛm no nka agodi a wɔyɛ ho nhyehyɛe ho hwee, ɛwom sɛ adiyifo no mu biako ka “mmarimaawa ne mmeawa a wɔbɛyɛ [Yerusalem] mmɔnten so amaama, na wɔagoru emu mmɔnten so” no ho asɛm de. (Sakaria 8:5) Wɔde Hela agokansi kɔɔ Israel bɛboro mfe ɔha ansa na wɔrewo Yesu. Wosii agumadidan wɔ Yerusalem na asɔfo binom mpo buu wɔn ani guu wɔn dwumadi so na wɔakodi agoru no bi.​—2 Maccabees 4:12-15.

Na Kaesare Augusto a na ɔyɛ Roma ɔhempɔn bere a wɔwoo Yesu no ani gye agumadi ho, enti agodi begyee din wɔ Roma. Nanso, nea na Romafo no ani gye ho ankasa ne ɔko, te sɛ akuturukubɔ ne atam. Na “agodi” yi taa dan basabasayɛ, akansi a awudi wom a wɔma nnipa ne wɔn ho wɔn ho ko anaasɛ wɔne mmoa ko kosi wu mu.

Agodi wɔ “Apam Foforo” no mu

Nanso, agoru a wodii no ɔkwammɔne so no nkyerɛ sɛ na ne yɛ yɛ bɔne. Kyerɛwnsɛm no nka sɛ Yesu anaa n’akyidifo kasa tiaa agodi anaasɛ wodii bi. Mmom no, asomafo no de emu nneɛma yɛɛ mfatoho wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ mu.

Sɛ nhwɛso no, ɛda adi sɛ na Olympik Agodi mu mmirikatu ho asɛm na ɛwɔ ɔsomafo Paulo adwenem bere a ɔhyɛɛ Kristofo nkuran sɛ: “Munnim sɛ wɔn a wosi ammirika kane no, wɔn nyinaa tu mmirika no de, nanso obiako na onya nkonim bo no? Muntu mmirika saa ara, na moanya bi.” Ɔde kaa ho sɛ: “Obiara a osi agumadi kane no, ɔsɔre ne ho ade nyinaa mu; na wɔn de, wɔyɛ na wɔanya abotiri a ɛsɛe, na yɛn de, nea ɛrensɛe.”​—1 Korintofo 9: 24, 25.

Bere foforo no, Paulo kae sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni de nsiyɛ tu mmirika na wanya nkwa nkonimdi bo no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mede mmirika mepɛ botae no ho madu, na makonya ɔsoro frɛ.” (Filipifo 3:14) Bio nso, bere a Paulo reyɛ sɛnea ehia sɛ wodi abrabɔ pa mmara so ho mfatoho no, ɔkaee Timoteo sɛ: “Na sɛ obi di aguma ko nso a, wɔmmɔ no nkonim abotiri, gye sɛ wako no sɛnea ɛho mmara te.” (2 Timoteo 2:5) Na ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ Kristofo ahwɛfo a wodi wɔn asɛyɛde ahorow ho dwuma no benya “anuonyam abotiri a ɛrensɛe da.”​—1 Petro 5:4.

Akyinnye biara nni ho sɛ na abrante Timoteo hwɛ Kristofo mmofra a wɔn ani gye agodi ho so. Enti, Paulo kyerɛw no sɛ “ɔhonam mu mmɔdenbɔ [te sɛ Ogumadifo] so mfaso sua,” enti ogye too mu sɛ agumadi mu apɔw mu teɛteɛ a na Helafo no yɛ no denneennen no wɔ mfaso bi. Nanso Paulo ka kaa ho ntɛm ara sɛ, “Na onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.”​—1 Timoteo 4:8; hwɛ The Kingdom Interlinear Translation of the Greek Scriptures.

Beae a Ɛfata ma Apɔwmuteɛteɛ

Enti Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ apɔwmuteɛteɛ betumi anya beae a ɛfata wɔ asetra mu. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔkari pɛ, na wɔda odwo adi. Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma nnipa nyinaa nhu mo dwo.” (Filipifo 4:5) Nanso, hwɛ sɛnea ɛyɛ den sɛ wɔbɛkari pɛ!

Tete Helafo de wɔn ho hyɛɛ agodi mu ma ɛtraa so, na nea Romafo yɛe no piraa wɔn a wodii bi no ne wɔn a wɔn ani gyee mogyahwiegu adehwɛ ahorow no ho no. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ebinom asiw agumadi ano anaa mpo wɔabara wɔ nyamesom din mu. The New Encyclopaedia Britannica kae sɛ: “Afeha a ɛto so 17 no mu kateeyɛ no maa agodi ho anigye no brɛɛ ase wɔ Europa ne Amerika.”

Agodi ho anigye asan aba bio nnansa yi, a ebia ebi mmae da wɔ abakɔsɛm mu. The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Wim nsakrae akyi no, ɛte sɛ nea nnipa bɔ agodi ho nkɔmmɔ sen ade foforo biara.” Wɔafrɛ agodi mpo sɛ “aduru a enya nnipa adwene so nkɛntɛnso.”

Nsɛnnennen a agodi ho anigye kɛse a ɛte saa de aba no bi ne dɛn? So wo anaa w’abusua no rehu nea afi mu aba no mu amane? Ɔkwan bɛn so na wode agodi bɛto beae a ɛfata?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena