Mmofra—So Murenya Honhom Mu Nkɔso?
“Dwen nneɛma yi ho; fa wo ho hyɛ mu koraa, na wo nkɔso ada adi nnipa nyinaa onim.”-1 TIMOTEO 4:15, New World Translation
1, 2. Sɛ́ wubenya honhom mu nkɔso no kyerɛ dɛn, na dɛn na ɛnkyerɛ?
SƐ́ WUBENYA honhom mu nkɔso no kyerɛ dɛn? Ɛkyerɛ sɛ wobɛyɛ te sɛ Yesu ne Timoteo a wɔde honhom fam nneɛma dii kan wɔ wɔn asetra mu no. Sɛ woanya honhom mu nkɔso a, wubehu nea wopɛ sɛ wode wo nkwa yɛ. Worenka sɛ: ‘Sɛ minyin a mefi ase asusuw Yehowa som ho anibere so.’ Dabi, wobɛsom no mprempren
2 Wɔ ɔkwan foforo so no, honhom mu nkɔso a wubenya no nkyerɛ sɛ wobɛyɛ te sɛ ɔkokorani, wode nyamesom bɛhoahoa wo ho, anaasɛ wobɛyɛ obi a ne ti si nhoma mu bere biara; na saa.ara nso na ɛnkyerɛ sɛ wobɛyɛ wo ho mmɔbɔmmɔbɔ, wobɛyɛ dinn a wo ne afoforo mmɔ. (Yohane 2:1-10) Yehowa yɛ anigye Nyankopɔn, na ɔpɛ sɛ ne mma a wɔwɔ asase so no ani gye. Enti Onyankopɔn pene agodi ne ahomegye a wɔde wɔn ho hyem wɔ kwan a ɛkari pɛ no so.—l Timoteo 1:11; 4:8.
Asubɔ Yɛ Ho Adanse
3. Ɛda adi yiye sɛ bere bɛn na wɔbɔɔ Timoteo asu?
3 Asubɔ a wosiesie wɔn ho ma na wɔbɔ no yɛ adanse ahorow a ɛkyerɛ sɛ abofra bi renya honhom mu nkɔso. Sɛ na Timoteo da so ara yɛ abofra a onnii mfe aduonu bere a ɔbɛyɛɛ ɔsomafo Paulo asɛmpatrɛw ɔhokafo no sɛnea yɛkyerɛ no a, ɛnde na ebia wɔbɔɔ Timoteo asu bere a na ɔwɔ mfe 13 kosi 18 mu hɔ baabi. Ná wofi mmofraase akyerɛkyerɛ no Kyerɛwnsɛm no, na bere a na ɔwɔ nimdeɛ a ɛfata no, wantwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛbɔ asu.-2 Timoteo 3:15.
4. Asɛm bɛn na wobisaa Filipo, na ɛwom sɛ afei ara na na obisafo no asua Kristo ho ade de, nanso dɛn nti na Filipo penee n’abisade no so?
4 Na mo mmofra a munnii mfe aduonu a wɔde Kyerɛwnsɛm no akyerɛkyerɛ mo no nso ɛ? So moasusuw saa asemmisa yi ho: “Dɛn na esiw m’asubɔ kwan?” Wɔ afeha a edi kan no mu no, ɔbarima bi a na wɔaben wɔ Kyerɛwnsɛm no mu nanso afei na na wahu onii a Yesu yɛ no bisaa saa asɛm no. Ampa, na ɔbarima no nnim biribiara a ɛfa Onyankopɔn atirimpɔw ho no nyinaa, nanso anisɔ a emu dɔ a onyae wɔ nea na onim no ho no kaa no! Enti, ná osuani Filipo nni ntease pa bi a enti ɛnsɛ sɛ ɔbɔ no asu.—Asomafo no Nnwuma 8:26-39.
5. Dɛn na wɔhwehwɛ ansa na woatumi abɔ asu?
5 Dɛn na esiw wo kwan wɔ asubɔ mu? Nokwarem no, ansa na wobɛfata no, ɛsɛ sɛ wote nea ɛwom no ase. Ɛsɛ sɛ wunya ɔpɛ wɔ nokwarem sɛ wobɛsom Yehowa efisɛ wodɔ no. Afei nso ɛho hia sɛ w’ankasa hyira wo ho so ma no wɔ mpaebɔ mu. Nea ɛka ho no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea wode wo ho abata Onyankopɔn abrabɔ gyinapɛn ahorow no ho na wunya osuahu a ɛsɛ wɔ wo gyidi a woka ho asɛm kyerɛ afoforo no mu. Sɛ wofata wɔ ɔkwan a ɛte saa so a, ɛnde na ɛho hia sɛ wotoa so wie na wugye asubɔ.—Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 2:38.
6. Dɛn na wobetumi de asubɔ atoto ho, na dɛn na ɛsɛ sɛ edi akyi?
6 Ɛwom sɛ asu a wɔbɛbɔ wo no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wurenya honhom mu nkɔso de, nanso kae sɛ asubɔ yɛ adeyɛ a edi kan ara kwa. Ɛdenam ahosohyira a woyɛ ma Yehowa no so no, woba bɛyɛ ɔmamfrafo wɔ saa wiase dedaw a Satan na odi so yi mu. Enti wobetumi de ahosohyira atoto daa nkwa wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu a wubisa ho kwan ho, kyerɛ sɛ, asubɔ mu ahwehwɛde no a woyɛ no yɛ saa nokwasɛm yi a wusi so dua wɔ adansefo pii anim. (Yohane 12:31; Hebrifo 11:13) Ɛno akyi no ɛsɛ sɛ wode nokwaredi tra ase sɛnea w’ahosohyira no kyerɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wo nsa bɛka Onyankopɔn daa nkwa akyɛde no. -Romafo 6:23.
Wɔde Abrabɔ Di Ho Adanse
7. Ɔkwan bɛn so na wo su wɔ wiase nneɛma ho no fa wo honhom mu nkɔso ho?
7 Wo su wɔ wiase nneɛma ho no nso yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wurenya honhom mu nkɔso anaasɛ dabi. Nneɛma bɛn? Nea ɛka ho ne asetra kwan a mmara sodi nnim, nnubɔne, mmarima ne mmea nna mu ahofadi, ɔbrasɛe ho sini ahorow, nnwom a ɛkanyan akɔnnɔ bɔne, kasafi aguamansaw, abusua ne ɔman a obi fi mu ho ahohoahoa, ne nea ɛkeka ho. (1 Yohane 2:16; Efesofo 5:3-5) Mmofra titiriw na ɛho hia sɛ wɔma wɔn ani da hɔ. Kae sɛ ɔkwan a wofa so yɛ w’ade wɔ saa nneɛma yi ho no bɛma wo honhom mu ahoɔden tebea ada adi.-Mmebusɛm 20:11.
8. Dɛn nti na mmofra binom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wobegye asubɔ?
8 Satan hwɛ sɛ wiase yi ɔbrasɛe akwan horow no bɛyɛ nea ɛtwetwe adwene .Nokwarem no, abofra bi a wadi mfe 15 kae sɛ: “Dodow a yehu mmarima ne mmea nna ne nnubɔne wɔ TV so no, dodow no ara na ɛbɛyɛ te sɛ nea eye wɔ asetra mu.” Wɔma mmofra a wɔmmfa wɔn ho nhyehyɛ wiase no akwan horow mu no te nka sɛ wɔyɛ ntetekwaa ne sɛ wɔrehwere anigyede bi. So ɛyɛ a wote nka wɔ saa kwan no so? Ebinom a wɔne asafo no bɔ fekuw te nka saa na ɛmma wonhu nea wɔyɛ. Bere a wobisaa abofraa bi sɛ ebia ɔbɛpɛ sɛ ɔbɔ asu anaa no, ɔkae sɛ: ‘Mempɛ sɛ meyɛ saa mprempren efisɛ ebia na makɔyɛ biribi a ɛbɛma wɔatu me afi asafo no mu.’ Nanso worentumi nhinhim wɔ nsɛm abien ntam. Onyankopɔn diyifo bi kae bere bi sɛ: “Sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no a, munni n’akyi; na sɛ Baal nso a, munni n’akyi.”—1 Ahene 18: 21, NW.
9. Sɛ wowɔ honhom mu nkɔso a, ahobammɔ bɛn na ɛma wunya?
9 Nokwarem no, sɛ wopow wiase no ɔbrasɛe akwan horow no a, nea wɔhwere ankasa ne ɔhaw ahorow pii. Ɔbea biako kae sɛ: “Asetra a miwom no mu abasamtu ne afobu hyɛɛ me so kɛse. Mesɛee me ne abofra a na meyem no no na medaadaa me ho ne no.” Yiw, nea ɛte sɛ afɛfɛde a ɛwɔ ɔbonsam wiase no mu no yɛ anidaso hunu ne nnaadaa ara kwa. Wiase no akwan akyidi de mpenatwe mu nyinsɛn, afie a emu apaapae, mmaninyare, ne ahoyeraw ne awerɛhowdi kɛse na ɛba. Enti tie afotu, nya honhom mu nkɔso. ‘Kyi bɔne na yɛ papa.’—1 Petro 3:11.
10. Afotu bɛn ne henanom nhwɛso na abofra a ɔwɔ honhom mu nkɔso betie na wadi akyi?
10 Abofra a wanya honhom mu nkɔso no betie afotu a ɔsomafo Paulo de mae yi: “Bɔne mu na monyɛ mmofraa, na asɛm ho dwen mu de, monyɛ pɛ.” (1 Korintofo 14:20) Ɛda adi sɛ aberantewaa Timoteo de saa afotu yi dii dwuma. So wugye di sɛ na ɔbɛhwehwɛ ayɔnkofo wɔ wiase mmofra a wɔn bra asɛe no mu‘! Dabida! Na n’ayɔnkofo yɛ mfɛfo Onyankopɔn nkoa. (Mmebusɛm 13:20) Sua ne nhwɛso no. Sɛ ɛba sɛ woreyɛ de wo ho akɔhyɛ adeyɛ bi a asɛm wɔ ho mu a, bisa wo ho sɛ So anka Timoteo anaa Yesu bɛyɛ eyi?
Wɔde Bible Adesua Di Ho Adanse
11. Anidaso bɛn na wiasefo mmofra nni, na ɔkwan bɛn so na wɔfa nya na wokura mu?
11 Asɛm bi a efi Italy a wɔkyerɛwee wɔ World Press Review mu ka sɛ: “Mmofra nnaadaa ne ahoyeraw kɔ anim da biara, na obiara rentumi mma wɔn daakye bi a ɛhyɛ nkuran.” Wɔn a wɔwɔ Satan wiase no mu a wɔn ani afura no nni Onyankopɔn wiase foforo ne daakye pa a wɔahyɛ ho bɔ a ɛda hɔ retwɛn wɔn a wɔfata sɛ wonya nkwa wɔ hɔ no ho anidaso biara. (2 Korintofo 4:4; Mmebusɛm 29:18; 2 Petro 3:13) Nanso mmofra a wɔwɔ honhom mu nkɔso wɔ anidaso a ɛte saa a ɛkɔ so hyerɛn na emu da hɔ denam Bible adesua a wɔyɛ no daa so.
12. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya Onyankopɔn ho nimdeɛ?(b) Dɛn nti na ɛfata sɛ wɔbɔ saa nimdeɛ yi ho mmɔden?
12 So Onyankopɔn wiase foforo no yɛ paara ma wo. Ebetumi ayɛ saa, nanso nya a wubenya no gye mmɔdenbɔ ankasa wɔ wo fam. Ɛho hia sɛ wunya Bible mu ntease a wubenya ho akɔnnɔ kɛse na “wohwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akorade a ahintaw.” (Mmebusɛm 2:1-6) Dɛn na ɛma obi a ɔrehwehwɛ akorade bi kɔ so hwehwɛ na ɔbɔre, a ɛtɔ bere bi a egye mfe pii no? Ɔwɔ ahonya a akorade no de bɛbrɛ no ho akɔnnɔ kɛse. Nanso nimdeɛ som bo kɛse koraa sen honam fam akorade. Yesu kae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Sɛ wugye nea Yesu kae wɔ ho no di ampa a, Bible no sua bɛba abɛyɛ ade a wode ahopere di akyi a ɛde akatua a ɛsom bo kɛse sen abohene a ne bo yɛ den nyinaa betua wo ka.—Mmebusɛm 3:13-18.
13. Adesua ho nyansahyɛ ahorow bɛn na mmofra a wonya honhom mu nkɔso no bedi akyi?
13 Wubehu sɛ dodow a wusua no, dodow no ara na wo honhom fam aduan ho akɔnnɔ no mu yɛ den. Sua akwan pa ahorow a wɔfa so sua ade. Ntwitwa mmuae no ase ara kwa, na mmom kenkan Bible mu nsɛm a wɔabobɔ din no nso, na afei hwehwɛ Bible mu nsɛm afoforo a ɛfa ho a wɔahyehyɛ wɔ Bible no ase ne ano no mu. Afei nso wubetumi de index ahorow, te sɛ Watch Tower Publications index 1930-1985 no ayɛ nhwehwɛmu foforo. Pɛɛpɛe sɛnea asɛm no fa wo ho ne sɛnea wubetumi de adi dwuma no mu. Ka nea woresua no ho asɛm kyerɛ afoforo. Eyi bɛma nsɛntitiriw no atra w’adwenem na ɛbɛhyɛ afoforo nkuran ma wɔn nso wɔayɛ nhwehwɛmu. Ɛdenam mmɔden ankasa a wobɛbɔ so no, na wuretie afotu a wɔde maa Timoteo no: “Dwen nneɛma yi ho; fa wo ho hyɛ mu koraa na wo nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim.”—1 Timoteo 4:15, NW; 2 Timoteo 2:15.
Ɛda Adi Wɔ Nhyiam Ase Ne Ɔsom Adwuma Mu
14. Dɛn na aboa ma Kristofo nhyiam horow no yɛ anigye kɛse, na akwan horow bɛn so na wubetumi ahyɛ afoforo nkuran bere a wokɔ no?
14 Sɛ w’ani gye Bible sua ho na woasiesie wo ho yiye a, Kristofo nhyiam bɛyɛ anigye kɛse. (Dwom 122:1; Hebrifo 2:12) Afei wo-bɛhwɛ kwan kɛse mpo sɛ wubenya afã horow a atiefo nya mu kyɛfa no mu kyɛfa na woama ɔkasa ahorow wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu. Nanso sɛ wowɔ nhyiam ase a, akwan afoforo wɔ hɔ a wobɛfa so adi akwankyerɛ a ɛne sɛ ‘yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran’ na “yɛntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu” no so. (Hebrifo 10:24, 25) Sɛ nhwɛso’ no, so wudi kan ne afoforo kasa?” Oh, m’ani agye sɛ mahu wo!” a wobɛka wɔ adamfofa kwan so anaasɛ asemmisa a efi koma pa mu sɛ”Wo ho te dɛn?” betumi ayɛ nkuranhyɛ kɛse, titiriw, bere a efi abofra hɔ no.
15. Ɔkwan bɛn so na wubetumi de wo ho ama na woayɛ nnwuma ahorow a ɛho hia, na dɛn nti na eye sɛ wobɛma Kristo nhwɛso no atra w’adwene mu?
15 Asafo no nkɔso gye adwuma pii. So wubetumi anya mu kyɛfa? Ɛda adi sɛ aberantewaa Timoteo yɛɛ nnwuma a ɛho wɔ mfaso pii maa Paulo—ɔsoma, nneɛma a ohia a ɔkɔhwehwɛ brɛ no, nkra a ɔde kɔma afoforo, ne nea ɛkeka ho. Sɛ wonka nkyerɛɛ mpanyimfo no sɛ wowɔ ɔpɛ sɛ sɛ wobɛboa a, dɛn nti na wonyɛ saa? Ebia wɔbɛma woakyekyɛ nhyiam ho dwumadi ahorow, woaprapra asa no so, anaasɛ woayɛ adwuma foforo bia ɛho hia. Kae, Kristo hohoroo n’asuafo no nan ase, enti adwuma biara nni hɔ a ɛba fam ma obi a wanya honhom mu nkɔso.—Yohane 13:4, 5.
16. Dwumadi bɛn na Katolekfo krataa bi gye toom sɛ ɛyɛ Kristofo asɛyɛde?
16 Sɛ yɛhwɛ ɔsom afoforo mu a, yebetumi ada asɛnka adwuma a ɛho hia sen biara no ho ntetee a yenya wɔ yɛn nhyiam horow ase no ho ase. Bere a Kenneth Guentert rekyerɛw wɔ U.S’. Catholic mu September a etwaam no mu no, ɔkae sɛ: “Minyinii wɔ saa bere a na wɔka sɛ ɛnsɛ sɛ Katolekfo kenkan Bible no esiane sɛ ebia wobenya adwene a ɛmfata—te sɛ nea ese ɛsɛ sɛ Kristofo a wodwen kɔbobɔ apon mu na wɔsakra nkurɔfo—nti no mu. Ɛno na afei Vatican II bae, na mifii ase kenkan Bible no. Ampa ara; mprempren misusuw sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo kɔbɔ apon mu na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsakra nkurɔfo.” Ɔde ka ho sɛ: “Nea ɛte ne sɛ, ɛnyɛ sɛ ebia saa nsusuwii no ma minya ahotɔ bi; nanso sɛ wokenkan Apam Foforo no a, ɛte sɛnea wurentumi nguan mfi saa asɛm yi ho.”—Mateo 10:11-.13; Luka 10:1-6; Asomafo no Nnwuma 20:20, 21.
17. Ɔkwan bɛn so na ɔsom adwuma no betumi abɛyɛ nea ɛyɛ anigye kɛse ama wo?
17 Yiw, na tete Kristofo no yɛ nnam wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu, na ɛda adi sɛ na mmofra te sɛ Timoteo ka mpanyimfo no ho kɔyɛ ɔsom adwuma yi. Nanso, yebegye atom sɛ wɔ ebinom fam nnɛ no, eyi nyɛ adwuma a ɛyɛ anigye sen biara. Dɛn nti? Ahokokwaw ho hia. Sɛ nhwɛso no, sɛ wobɔ mmɔden wɔ agoru anaa agumadi bi mu a, so w’ani nnye ho kɛse? Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte wɔ ɔsom adwuma no mu. Bere a woyɛ nnam wɔ Bible no a wɔde di dwuma ne Bible mu nsɛmti ho nkɔmmɔbɔ mu no, ɔsom adwuma no bɛba abɛyɛ nea ɛma anigye, titiriw bere a wunya obi a wubetumi ne no akyɛ nimdeɛ a ɛma nkwa no. Enti nya honhom mu nkɔso! Sua nsɛm a wobɛka wɔ afie mu. Hwehwɛ nyansahyɛ ahorow fi afoforo hɔ. Srɛ Yehowa mmoa.-Luka 11:13.
Denam Wɔne Mpanyimfo Ntam Abusuabɔ So
18. Abusuabɔ bɛn na Yesu ne Timoteo nyaa mu anigye wɔ wɔne mpanyimfo ntam?
18 Bere a na Yesu yɛ abofra a wadi mfe 12 pɛ no, na n’ani gye ho sɛ obegye bere atra mpanyimfo mu na ɔne wɔn adi honhom fam nneɛma ho nkɔmmɔ. Bere bi n’awofo “kohuu no wɔ asɔrefi sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo ntam retie wɔn na obisabisa wɔn nsɛm.” (Luka 2:46) Saa ara na na ɛte wɔ Timoteo fam. Bere a ɔsomafo Paulo ne n’ahokafo kɔɔ Listra no, ɛda adi sɛ na Timoteo ani gye ho sɛ ɔne wɔn bɛnantew na ɔyɛɛ aso tiee wɔn nkyerɛkyerɛ no. Ná abusuabɔ pa wɔ ɔne anuanom a wɔwɔ hɔ a wɔkamfoo no pii no ntam.—-Asomafo no Nnwuma 16:1-3.
19. Dɛn titiriw nti na Paulo paw Timoteo sɛ akwantu mu ɔhokafo, na ɔkwan bɛn so na Timoteo boae?
19 Ɛwom sɛ Timoteo fi ne pɛ mu yɛɛ honam fam nnwuma pii maa afoforo de, nanso ɛyɛ tumi a na obetumi asom wɔ nkurɔfo honhom fam ahiade ho no titiriw nti na Paulo paw no sɛ akwantu mu ɔhokafo no. Esiane saa nti, bere a akwasampafo kuw bi hyɛɛ Paulo ma ofii Tesalonika no, ɔsomaa aberantewaa Timoteo sɛ ɔnkɔkyekye asuafo afoforo no werɛ na ɔnhyɛ wɔn den. Enti ɛnyɛ sɛ na Timoteo wɔ ɔpɛ sɛ obesua ade afi mpanyimfo nkyɛn na n’ani agye wɔn nantew ho nko; ɔboaa wɔn wɔ honhom fam ankasa nso.—Asomafo no Nnwuma 17:1-10; 1 Tesalonikafo 3:1-3.
20. Dɛn na nyansa wom sɛ wobɛyɛ, na nnwuma bɛn na wubetumi ayɛ ama wɔn a wɔn mfe akɔ anim?
20 Nyansa wom sɛ wubesuasua Yesu ne Timoteo na woanya ɔpɛ sɛ wubenya mfaso afi mpanyimfo osuahu ne wɔn nimdeɛ mu. Wo ne wɔn mmɔ na bisabisa wɔn nsɛm. Nanso da wo honhom mu nkɔso a woanya adi denam boa a wobɛboa wɔn no so nso. So wɔn a wɔn mfe akɔ anim anaasɛ wɔyare bi wɔ hɔ a wɔn ani bɛsɔ sɛ wobɛkɔ akodi gua abrɛ wɔn anaasɛ wobɛyɛ nneɛma afoforo bi a wohia ama wɔn anaa? Ebia wubetumi akɔsra wɔn ara kwa, akenkan ade akyerɛ wɔn, na woaka osuahu ahorow a woanya wɔ ɔsom adwuma no mu no bi akyerɛ wɔn.
Awofo Ne Afoforo Afá
21. Awofo afã no ho hia dɛn, na dɛn na ɛho hia sɛ wosi so dua kɛse?
21 Honhom mu ahoɔden a mmofra benya no gyina akwankyerɛ ne nhwɛso a wɔn awofo de ma no so titiriw. (Mmebusɛm 22:6) Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu nyaa mfaso kɛse fii akwankyerɛ a n’asase so awofo a wosuro Onyankopɔn de maa no no mu. (Luka 2:51, 52) Nã ɛda adi yiye sɛ ɛnyɛ Timoteo na ne ne nena ntetee a, anka ɔremmɛyɛ abofra a ɔwɔ honhom mu nkɔso te sɛ nea na ɔte no. (2 Timoteo 1:5; 3:15) Hia a Bible mu nkyerɛkyerɛ ho hia no yɛ nea wosi so dua kɛse! Sɛ awofo no, so mode eyi rema? Anaasɛ moabu mo ani agu so?
22. (a) Sɛ awofo bu abusua Bible adesua sɛ adehia a, ɛka mmofra dɛn? (b) Akwankyerɛ bɛn na ɛsɛ sɛ awofo de ma wɔn mma?
22 Aberantewaa bi a ɔyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa dwumadibea ti kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔ mfe a ɔde nyinii no mu no, na wɔn abusua no mu ade biako a ɛmpa wɔn ti so ne dapɛn Bible adesua a wɔne mmofra no yɛ. “Ɛtɔ mmere bi a Papa brɛ wɔ adwumam araa ma ɛyɛ den sɛ ɔbɛtra ase a ɔrenna, nanso ne nyinaa akyi no na yɛyɛ adesua no, na eyi boa ma yehuu aniberesɛm a ɛwom no.” Awofo, ebia mo mma no remmu honhom mu nneɛma sɛ ɛsom bo kɛse gye sɛ mo ankasa moyɛ saa. Enti fa akwampae adwuma ne ɔsɛmpatrɛwfo ne Betel som botae horow sisi wɔn anim. Mommoa wɔn ma wonhu sɛ ɔsom adwuma no yɛ adwuma a ɛma wonya daakye pa ne sɛ daakye pa biara nni wiase nnwuma ahorow no mu.—-Fa toto 1 Samuel 1:26-28 ho.
23. Ɔkwan bɛn so na afoforo a wɔwɔ asafo no mu betumi aboa mmofra ma wɔanya honhom mu nkɔso?
23 Afoforo nso betumi aboa mmofra ma wɔanya honhom mu nkɔso. Wubetumi de ayɛ w’adwene sɛ wo ne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ wɔ nhyiam horow no ase. Afei nso, bɔ mmɔden fa wɔn ka wo dwumadi ahorow ho. Bere a awofo apene so no, ɔpanyin bi betumi de abofra bi aka ne ho wɔ ɔkasa dwumadi bi mu anaasɛ ɔde no bɛka ne ho apue. (Hiob 31: 16-18) Nea ebia ɛte sɛ ade ketewaa bi no betumi akyerɛ pii. Bere a ɔhwɛfo kwantufo bi a ɔrema ɔkasa hui sɛ abofra bi a ɔretie no nni Bible no, ɔkyɛɛ no biako akyiri yi. Ɛnyɛ akyɛde no nkutoo na ɛkaa abofra no koma na mmom ne ho anigye a ɔkyerɛe no nso. Bɛboro mfe 30 akyi no, aberantewaa yi a mprempren n’ankasa yɛ ɔpanyin no da so ara de anigye kae saa onua no adeyɛ a efi ɔdɔ mu no.
24. Dɛn na ɛyɛ anigye kɛse sɛ yebehu, na dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn bo a yɛasi?
24 So ɛnyɛ anigye kɛse sɛ wubehu sɛ ‘mmerante asafo a wɔba sɛ obosu’ ɔpehaha pii wɔ hɔ a wɔrebɔ Ahenni nkrasɛm a ɛma ahotɔ no ho dawuru na anyɛ yiye koraa no mmabaa a wɔyɛ wɔn a ‘wɔka asɛmpa no asafo a ɛsõ’ a wɔn dodow te saa ara nso wɔ hɔ anaa? Ɛmmra sɛ wɔn nyinaa bɛbɔ mmɔden sɛ wobenya honhom mu nkɔso, na ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛboa wɔn ma wɔayɛ saa.—Dwom 110:3; 68:11.
Ntimu Nsemmisa
◻ Dɛn na ebetumi aboa abofra bi ma wasi bere a obegye asubɔ ho gyinae?
◻ Ɔkwan bɛn so na wɔde abɔfra bi abrabɔ hu ne honhom mu nkɔso a wanya?
◻ Dɛn na ebetumi aboa mmofra ma wɔn ani agye nhyiam ne asɛnka adwuma ho?
◻ Abusuabɔ bɛn na ɛsɛ sɛ mmofra ne mpanyimfo nya?
◻ Akwan horow bɛn so na awofo ne mpanyimfo betumi aboa mmɔfra?
[Mfonini wɔ kratafa 27]
Dɛn no esiw w’asubɔ kwan?