Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 5/8 kr. 16-18
  • Awo Ho Nhyehyɛe​—Kristoni Adwene

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awo Ho Nhyehyɛe​—Kristoni Adwene
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛyɛde a Onyankopɔn De Ma
  • Awo Anosiw
  • Hena na Ɛsɛ sɛ Ɔkyerɛ Mma Dodow a Obi Nwo?
    Nyan!—1996
  • Awofo—Montete Mo Mma Ma Wɔnnɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Abawo a Wosusuw Ho Yiye wɔ Awiei Bere Yi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Dɛn Nti na Wonni Mma?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 5/8 kr. 16-18

Awo Ho Nhyehyɛe​—Kristoni Adwene

WƆ WIASE no mu Nnipa Dodow ho Nhyiam ase wɔ 1974 mu no, aman 140 a wohyiaam no kae sɛ awarefo nyinaa “wɔ hokwan titiriw sɛ wofi wɔn pɛ mu si mma dodow a wɔbɛwo ne sɛnea wɔbɛtetew wɔn ntam ho gyinae pa, na wonya ho nsɛm, nkyerɛkyerɛ, ne nneɛma a wɔde bɛyɛ saa.”

Pii bu saa gyinae yi sɛ asɛmpa. Ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam ne Hawa, ne akyiri yi Noa abusua no sɛ “monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma,” nanso wamfa ahyɛde biara a ɛte saa amma Kristofo. (Genesis 1:28; 9:1) Kyerɛw nsɛm no nhyɛ Kristofo awarefo nkuran sɛ wɔnwo mma na ɛnka nkyerɛ wɔn nso sɛ mma wɔnnwo mma. Awarefo no ara na wobesi gyinae sɛ wɔbɛwo mma anaa wɔnnwo, na sɛ wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛwo mma a, mma ahe na wɔbɛwo na bere bɛn na wɔbɛwo wɔn.

Asɛyɛde a Onyankopɔn De Ma

Wohyɛɛ no nsow sɛ asɛm a Wiase Nnipa Dodow ho Nhyiam no kae ne sɛ ɛsɛ sɛ awarefo si “mma dodow a wɔbɛwo ne sɛnea wɔbɛtetew wɔn ntam ho gyinae pa”? Asɛyɛde ho nnyinasosɛm yi ne Bible no nso hyia. Awofo Kristofo nim sɛ mma yɛ Onyankopɔn akyɛde a ɛsom bo de, nanso asɛyɛde a emu yɛ duru ka akyɛde yi ho.

Nea edi kan no, wɔwɔ asɛyɛde sɛ wɔbɛhwɛ mmofra no wɔ honam fam. Bible no se: “Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.”​—1 Timoteo 5:8.

Obi abusua a ɔbɛhwɛ wɔn no nyɛ akɔnhamabɔ kɛkɛ, ɛwom sɛ eyi taa yɛ adwuma kɛse de. Sɛ awarefo Kristofo a wodi wɔn asɛyɛde ho dwuma reyɛ mma dodow a wɔbɛwo ho nhyehyɛe a, wosusuw ɛna no honam fam ne ne nkate, n’adwene, ne ne honhom fam yiyedi ho. Abofra hwɛ gye bere pii, na sɛ wɔbɔ mpoa a, ɛnyɛ ɛnanom ahomegye, anigye, wɔn ankasa nkɔso, ne Kristofo dwumadi a wobenya mu kyɛfa nko na wɔtaa de bɔ afɔre na mmom wɔn honam fam ne honhom fam akwahosan nso.

Awofo Kristofo a wodi wɔn asɛyɛde ho dwuma susuw wɔn mma ahiade nso ho. The State of the World’s Population 1991 se: “Ɛsɛ sɛ mmofra a wɔwo wɔn to mmusua akɛse a mmofra no bobɔ so mu no ne wɔn nuanom mmarima ne mmea pere nnuan, ntade, ne awofo dɔ ho. Wɔtaa yareyare nso. Sɛ mmofra yi anwu wɔ wɔn mmofrabere a anka wobetumi awu wom no mu a, wɔtaa tɔ ape na wonnya nyansa pii. Hokwan ahorow a mmofra yi benya wɔ wɔn mpanyin mmere mu no so tew kɛse.” Ɛwom sɛ ɛmma saa wɔ mmusua akɛse nyinaa mu de, nanso ɛyɛ ade a ɛsɛ sɛ awarefo Kristofo susuw ho bere a wɔreyɛ mma dodow a wɔbɛwo ho nhyehyɛe no.

Ɛyɛ awofo Kristofo asɛyɛde sɛ wɔbɛhwɛ wɔn mma wɔ honhom mu, sɛnea Bible no hyɛ wɔn no: “Na agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.”​—Efesofo 6:4.

Emeka, Kristoni a ɔkyerɛ mmara wɔ Nigeria aware afe ni, na ne ho mpere no sɛ ɔbɛwo mma pii. “Me ne me yere asusuw mma dodow a yɛbɛwo ho. Yesusuw ho sɛ yɛbɛwo anum nanso yesii gyinae sɛ yɛbɛwo abiɛsa. Akyiri yi yɛde baa awiei sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ yɛwo abien. Ɛyɛ den sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm bɛtete mmofra. Ɛyɛ asɛyɛde kɛse.”

Awarefo Kristofo bi asi gyinae sɛ wɔnnwo mma na ama wɔde wɔn bere nyinaa asom Onyankopɔn. Ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔwɔ Afrika a ɔne ne kunu ayɛ adwene sɛ wɔnnwo mma no kae sɛ: “Mente nka sɛ mma a mannwo no ama mahwere biribi. Ɛwom sɛ me ne me kunu nnyaa abawo mu anigye de, nanso anigye afoforo ayɛ yɛn asetra ma. Yɛnam afoforo a yɛboa wɔn ma wosua Bible no mu nokware no so anya honhom mu mma wɔ wiase no afã horow pii. Yɛdɔ wɔn, na wɔdɔ yɛn. Abusuabɔ titiriw bi da yɛne wɔn ntam. Ntease pa nti na ɔsomafo Paulo de ne ho totoo ɔbagyigyefo ho esiane ɔdɔ a na ɔwɔ ma wɔn a ɔboaa wɔn wɔ honhom mu no nti.”​—1 Tesalonikafo 2:7, 8.

Awo Anosiw

So Bible no kasa tia awo anosiw? Dabi, ɛnyɛ saa. Awarefo no na ɛsɛ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ. Sɛ awarefo bi si gyinae sɛ wobesiw wɔn awo ano a, wɔn ankasa na ɛsɛ sɛ wɔpaw nea wɔde bɛyɛ saa. Nanso, ɛsɛ sɛ Kristofo awarefo ma obu a wɔwɔ ma kronkron a nkwa yɛ no kyerɛ wɔn ɔkwan ko a ɛsɛ sɛ wɔfa so yɛ saa. Esiane sɛ Bible kyerɛ sɛ obi nkwa fi ase wɔ nyinsɛn mu nti, ɛsɛ sɛ Kristofo kwati nea wɔde siw awo ano a etu yafunu gu, anaa ekum abofra a ɔrenyin no.​—Dwom 139:16; fa toto Exodus 21:22, 23; Yeremia 1:5 ho.

Enti ebia awarefo bɛpaw nneɛma a ɛsonsonoe wɔ awo ho nhyehyɛe ho. Ebia ebinom bɛpɛ sɛ wɔtew mma dodow a wɔbɛwo no so. Afoforo nso a wɔfa ɔkwan foforo so siw awo ano besi gyinae sɛ wɔnnwo mma koraa. Akwan pii wɔ hɔ a wɔfa so siw awo ano, ebiara wɔ nea eye ne nea enye wɔ ho. Bere a awarefo no resi ɔkwan a eye sen biara ma wɔn ho gyinae no, ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ akwan no bi ye koraa sen afoforo. Afei nso ɛsɛ sɛ wobisa ɔhaw ahorow a ebetumi afi mu aba no ho nsɛm. Nnuruyɛfo ne awo ho nhyehyɛe ho dwumadibea pii wɔ hɔ a wɔatete wɔn na ama wɔde awo anosiw ho afotu ama, na wɔaboa awarefo ma wɔapaw nea etumi di wɔn ahiade ahorow ho dwuma sen biara.

Gyinae a awarefo si sɛ wɔbɛwo mma pii, kakraa bi, anaa wɔnnwo koraa no yɛ ankorankoro asɛm. Afei nso ɛyɛ gyinaesi a ɛho hia a nea efi mu ba no kɔ akyiri. Ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ awarefo de ahwɛyiye ne mpaebɔ besusuw asɛm no ho.

[Adaka wɔ kratafa 17, 18]

Akwan a Wɔfa so Siw Awo Ano a Agye Din

Awo a Wɔhyɛ da Twa

Wɔ mmarima mu: Oprehyen ketewaa bi a wotwa hweawa no ne ntini a ahobae fa mu no ho ketewaa bi wom.

Wɔ mmea mu: Oprehyɛn a wɔkyekyere anaa wotwa ntini a mmadwoa no fa mu na amma mmadwoa no ankɔ awotwaa no mu wom.

Nea eye wɔ ho: Eyi ye sen akwan a wofa so siw awo ano nyinaa.

Nea enye wɔ ho: Ebetumi ama obi atwa awo koraa. Wɔayɛ mmarima ne mmea nyinaa oprehyɛn ma woatumi asan awo de, nanso wontumi nsi no pi.a

Pill Ahorow a Wɔde Siw Awo Ano

Eyi mu bi ne pill nketewa a wɔnom de siw nyinsɛn ano. Ɛyɛ adwuma na amma mmadwoa no anyin ammɛto awotwaa no mu.b

Nea eye wɔ ho: Etumi siw nyinsɛn ano yiye.

Nea enye wɔ ho: Ɛde honam mu haw ahorow bi ba, nanso ɛnhaw mmea ahoɔdenfo a wɔnnom sigaret a wonnii mfe 40 no kɛse.

Diaphragm ne Spermicide

Diaphragm no yɛ rɔba kuruwa kurukuruwa bi a kawa a ɛnyɛ den bi hyɛ ano. Bere a wɔde nku a ekum ahobae mmoawa (spemicide) no afa mu awie no, wɔde hyɛ ɔbea no ho ma esiw awotwaa no ano kwan.

Nea eye wɔ ho: Sɛ wɔde di dwuma yiye a, asiane nnim na etumi siw awo ano yiye.

Nea enye wɔ ho: Bere biara a awarefo hyiam no, ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma. Ehia ahokokwaw na wɔde ahyɛ ɔbea no ho yiye, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ansa na wɔahyiam, na wogyaw hyɛ hɔ fi nnɔnhwerew asia kosi awotwe wɔ bere a wɔahyiam no akyi.

Cervical Cap

Biribi a ɛte se rɔba kuruwa a esua sen diaphragm no. Te sɛ diaphragm no, wɔde kata awotwaa no ano nanso ɛhyɛ yiye na enhia nku a ekum ahobae mmoawa no pii.

Nea eye wɔ ho: Etumi yɛ adwuma yiye te se diaphragm no ara pɛ, na etumi hyɛ hɔ nnɔnhwerew 48. Enhia sɛ wɔde nku a ekum ahobae mmoawa fa mu bere a wɔsan hyiam mpɛn dodow bi no.

Nea enye wɔ ho: Ne hyɛ yɛ den sen diaphragm no, na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ asiw awotwaa no ano yiye bere biara a wɔrebehyiam ne bere biara a wɔahyiam awie no. Ebetumi ama wɔanya awotwaa mu nyarewa. Mmea a wɔkɔ ayaresabea kɔyɛ nhwehwɛmu nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ saa ade yi.

Sponge

Sapɔw bi a nku a ekum ahobae mmoawa wom a wɔde hyɛ ɔbea no ho ma esiw awotwaa no ano, ma enti esiw ahobae mmoawa kwan. Wɔtow kyene bere a wɔde adi dwuma awie no.

Nea eye wɔ ho: Wobetumi agyaw ahyɛ hɔ nnɔnhwerew 24, na edi dwuma yiye bere a wosan hyiam wɔ saa bere no mu no.

Nea enye wɔ ho: Ɛhaw ebinom nipadua, na ama nnipa kakra anya atiridii ne menewam kuru.

The lntrauterine Device

Wosan frɛ no IUD, loop, anaa coil, wɔde dade anaa rɔba yi hyɛ awotwaa no mu. Ɛwom sɛ wontumi nhu sɛnea ɛyɛ adwuma ankasa de, nanso nnuruyɛfo gye di sɛ esiw nyinsɛn kwan wɔ akwan pii so. Ebia akwan yi mu biako ne sɛ ɛmma mmadwoa a ɛrenyin no mfam awotwaa no ɔfasu ho.

Nea eye wɔ ho: Ɛyɛ ɔkwan a etu mpɔn a wɔfa so siw awo ano.

Nea enye wɔ ho: Ɛtɔ da bi a, ɛma mogya tu obi anaa ɔte ɛyaw nka, na ɛtɔ da bi a, sɛnea ɛyɛ adwuma no ma nyinsɛn sɛe.c

Kɔndɔm

Ɛyɛ rɔba kotoku bi a ɔbarima no hyɛ na amma ahobae no ankɔ ɔbea no ho.

Nea eye wɔ ho: Asiane nnim, na ɛyɛ ɔkwan a etu mpɔn a wɔfa so siw awo ano. Ɛma tumi a wobetumi anya nyarewa a wonya fi nna mu, a AIDS ka ho no so tew.

Nea enye wɔ ho: Ebinom mpɛ efisɛ ɛmma wɔnte dɛ sɛnea ɛsɛ.

Ɔbarima no Awode a Oyi Fi Ɔbea no Ho:

Ɔbarima no awode a oyi ti ɔbea no de mu ansa na ahobae no aba.

Nea eye wɔ ho: Ɛnsɛe sika, ɛnnye ahosiesiei anaa biribi foforo biara.

Nea enye wɔ ho: Ɛmma nna no nyɛ dɛ, egye ahosodi kɛse, na etumi di huammɔ yiye.

Nna a Wɔmfa ho Nhyem Nnafua Bi

Awarefo nnya nna mu kyɛfa wɔ bere a ɔbea no betumi anyinsɛn mu.

Nea eye wɔ ho: Asiane nni mu, wonnya ɔyare biara wom, enhia sɛ wɔde biribi di dwuma bere a wohyiam no.

Nea enye wɔ ho: Ɛnyɛ ɔkwan a wɔfa so tumi siw awo ano yiye gye sɛ awarefo si wɔn bo yiye sɛ wobedi ho akwankyerɛ so.

Hormonal lmplant

Aduru a wɔde siw awo ano foforo koraa a aba, wɔde silicon nhama nketenkete bi hyehyɛ ɔbea no abasa ho. Eyi kɔ so yi hormone bi gu ɔbea no mogya mu kosi mfe anum. Ɛmma onnyinsɛn wɔ saa bere yi mu.

Nea eye wɔ ho: Etu mpɔn yiye. Sɛ woyiyi nhama nketenkete no a, wotumi nyinsɛn bio.

Nea enye wɔ ho: Ɛyɛ kakraa bi. Ɛte sɛ pill ahorow a wɔnom siw awo ano. Sɛ wɔde di dwuma a, ɛsɛe nyinsɛn.d

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔaka sɛ ebia awo a wɔhyɛ da twa ne Kristofo nnyinasosɛm hyia anaa enhyia no ho asɛm wɔ May 1, 1985, The Watchtower, kratafa 31.

b Wɔaka sɛnea pill ahorow siw awo ano ho asɛm wɔ The Watchtower, June 15, 1989, kratafa 29.

c Wobetumi ahu sɛ ebia IUD ne Kristofo nnyinasosɛm hyia ho nsɛm wɔ May 15, 1979, The Watchtower, nkratafa 30-1.

d Sɛnea pill ahorow siw awo ano ho nsɛm wɔ June 15, 1989, The Watchtower, kratafa 29.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena