Ɔdɔ na Ɛma Wɔyɛɛ Saa
NÁ OKUNAFO nokwaredifo bi a ɔpɛ ahɔhoyɛ a ɔwɔ Canada retete mmabea nkumaa baanan ma wɔabɛyɛ nokware Kristofo. Asafo no mu mpanyimfo hui sɛ na ne fie no hia nsiesie kɛse. Na onni sika anaa adansi ho nimdeɛ a ɛbɛma ɔno ankasa atumi ayɛ. Enti nea ɛne nnyinasosɛm a ɛwɔ 1 Timoteo 5:9, 10 hyia no, mpanyimfo no nam anifere kwan so yɛɛ nhyehyɛe maa afoforo yɛɛ adwuma no maa no. Ɔkwan bɛn so?
Wɔyɛɛ nhyehyɛe maa okunafo no ne ne mma no fii fie nnanum. Asafo no mufo bɛboro 80 fii wɔn koma nyinaa mu boae, na wɔde adansi nneɛma, sika, ne wɔn bere mae. Abusua no fii fie hɔ ara pɛ na adwumayɛfo a wɔwɔ ɔpɛ beguu fie hɔ te sɛ nwowa. Wosiesiee ofie no akyi nyinaa. Wosisii afasu no ho ntokuru kaa ho aduru. Wotwiw fam hɔ kokwaw so. Wɔtoo ɔdan no mu ntayaa de kapɛt foforo sɛw fam hɔ. Wɔhyehyɛɛ anyinam ahoɔden nneɛma ne nkanea a ɛho hia nyinaa foforo. Wɔsesaa nkongua dedaw mpo. Nnanum pɛ na wɔde wiee ofisiesie no nyinaa!
Anigye a wɔdaa no adi ne adwuma no yɛ no kanyan mpɔtam hɔfo. Adansefo no mmɔdenbɔ no kaa ɛhɔni bi a wadi mfe 80 araa ma ɔde ne tui bae, na ɔkae sɛ kyenkyen ara a, ɔbɛboa. Wɔn a wotuu wɔn ho mae no biako adwumawura de hankare a wɔde hyɛ wusikwan ano a gyaade wusiw ne tutuw bɛfa mu bɛkyɛe. Adwumawura foforo de gyaade nnaka foforo bɛkyɛe. Ɔbarima biako ho dwiriw no araa ma ɔpɛe sɛ osua Yehowa Adansefo ho ade pii. Ɔde anigye gyee Wubetumi Atra Ase Daa Wɔ Paradise Wɔ Asase So nhoma no bi.
Bere a okunafo no ne ne mmabea no san bae no, wotumi huu sɛnea na wɔn ho adwiriw wɔn kɛse no wɔ wɔn anim. Wɔtew nusu, serewee pii, na wɔyeyɛɛ wɔn ho atuu—ɛyɛɛ bere a wɔdaa Kristofo dɔ ne nkate a werɛ remfi da adi. Nokwarem no, asafo no mu ahiafo a woyi nokware dɔ adi kyerɛ wɔn, na wodwen wɔn ho no yɛ nokware Kristosom agyiraehyɛde, efisɛ Paulo kyerɛwee sɛ: “Enti yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.”—Galatifo 6:10.