Yɛ Nea Ɛsen ka a Wobɛka Sɛ “Mo Ho Nyɛ Mo Hyew na Mommee”
“Sɛ . . . mo mu bi ka kyerɛɛ [anuanom a ahia wɔn] sɛ: Momfa asomdwoe nkɔ, mo ho nyɛ mo hyew na mommee, nanso moamma wɔn nea ehia ɔhonam a, mfaso bɛn na ɛwɔ mu? Sɛ gyidi nso . . . enni nnwuma a, na awu wɔ ne nko fam.”—YAKOBO 2:15-17.
1. Ɛyɛɛ dɛn na onua bi a ɔwɔ Nigeria bɛyɛɛ obi a ohia mmoa?
WOBU akontaa sɛ wɔwoo Lebechi Okwaraocha ansa na 1880 reba, enti ɛkyerɛ sɛ wadi boro mfe ɔha. Ɔbɛtoo n’awofo a wɔyɛ Alatafo no abosom na ɛno na ɔsomee. Afei bere a ɔwɔ ne mfe 80 mu no ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Ɔde nea osuae no dii dwuma na wɔbɔɔ no asu. Enti ɔbɛyɛɛ Adansefo no mu biako bɛyɛ mfe 30 ni. Ɛnkyɛe na n’asafo mu mpanyimfo kɔsraa ɔne ne yere a ɔyɛ Anglikanni a ɔno nso adi mfe 72 no, bere a osu kɛse bi tɔe akyi. Ná wɔn baanu nyinaa yɛ mmɔbɔ—na nsu ayiri aba wɔn dɔte dan no mu, na na wonni obusuani biara a ɔbɛma wɔn baabi ada anaasɛ ɔbɛboa wɔn ma wɔasiesie ɔdan no. Sɛ wowɔ hɔ a, anka dɛn na wobɛyɛ? Ansa na yebehu nea esii no, ma yensusuw Bible mu afotu bi ho.
2. Dɛn nti na yɛn ani gye “nnwuma pa” ho?
2 Yesu Kristo ‘de ne ho mae maa yɛn, . . . wadwira ɔman bi ho ayɛ n’ankasa de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.’ (Tito 2:14) Saa nnwuma yi fa Ahenni asɛnka a ɛyɛ nkwagye no ho. (Marko 13:10; Adiyisɛm 7:9, 10) Nanso pii wɔ Kristofo “nnwuma pa” no mu sen asɛnka adwuma a ɛho hia no, efisɛ Yakobo a na ɔyɛ Yesu honam fam nua no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Onyamesom pa a ɛho tew na ɛho nni fi agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase nkekae mu.”—Yakobo 1:27.
3, 4. Dɛn na yebetumi asua afi 1 Timoteo ti 3-5 wɔ “nnwuma pa” ho, na nsemmisa bɛn na ɛma ɛsɔre?
3 Asafo ahorow a na ɛwɔ afeha a edi kan no mu de wɔn ho hyɛɛ “nnwuma pa” ahorow abien yi nyinaa mu. Bere a ɔsomafo Paulo aka nneɛma a wɔhwehwɛ wɔ ahwɛfo ne asafo mu asomfo ho no ho asɛm wɔ 1 Timoteo ti 3 akyi no, ɔkyerɛwee sɛ “Onyankopɔn asafo [yɛ] nokware dum nnyinaso.” (1 Timoteo 3:1-15) Ɔkyerɛwee sɛ Kristofo a wɔtra nokware nkyerɛkyerɛ a ɛte sɛɛ mu no betumi agye wɔn ho ne wɔn a wotie wɔn no nkwa. (1 Timoteo 4:16) Afei Paulo kaa ‘adwuma pa’ a ɛne akunafo a wɔwɔ gyidi no mu a ‘aka wɔn nko’ a wɔbɛhwɛ wɔn honam fam ho asɛm.—1 Timoteo 5:3-5.
4 Enti wɔ yɛn asɛnka adwuma no akyi no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani kũ “nnwuma pa” te sɛ ‘nyisaa ne akunafo a wɔbɛhwɛ wɔn wɔn ahohia mu’ ho. Dɛn na mpanyimfo ne asafo mu asomfo betumi ayɛ wɔ eyi mu sɛ́ “wɔn a wodi anim”? (Hebrifo 13:17, NW) Ɔkwan bɛn so na yɛn a yɛaka no betumi aboa wɔ eyi mu? Na dɛn na yɛn sɛ ankorankoro betumi ayɛ wɔ “nnwuma pa” a ɛte sɛɛ a wɔyɛ mu?
Mpanyimfo a Wɔyɛ Nhwɛso Pa
5. Ɔkwan bɛn so na Paulo dii ahiade titiriw bi ho dwuma, na ɛne nnɛyi tebea horow bɛn na ehyia?
5 Bere a nneɛma titiriw bi ho behiae wɔ Yudea no, Paulo a ɔyɛ ɔpanyin no dii anim yɛɛ mmoa ho nhyehyɛe. Akanni a ɛte sɛɛ amma nneɛma anyɛ basaa pii; wotumi kyekyɛɛ nneɛma no pɛpɛɛpɛ, sɛnea wɔn ahiade te. (1 Korintofo 16:1-3; Asomafo no Nnwuma 6:1, 2) Mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso adi anim de mmoa ama bere a asiane ahorow te sɛ nsuyiri, ogya mmepɔw a ɛpae, ahum akɛse a etu, anaasɛ asasewosow asi no, na wɔnam saa yɛ so ‘hwehwɛ wɔn mfɛfo de bi a ɛnyɛ wɔn nko de.’—Filipifo 2:3, 4.
6. Bere a asiane bi sii wɔ California, U.S.A. no, dɛn na mpanyimfo no yɛe wɔ ho?
6 Awake! a ɛbae October 8, 1986 de biribi a ɛte saa a Kristofo yɛ no ho nhwɛso mae. Mpanyimfo kɔboae bere a nsu-ban bi a wɔagye wɔ California, U.S.A. bui no. Honhom mu nguanhwɛfo yi yɛɛ ntɛm ara kɔhwɛɛ nguankuw no sɛ wobehu sɛ obi nni hɔ anaasɛ ehia sɛ wɔyɛ no aduru, anaasɛ ohia aduan anaa dabere. Mpanyimfo no ne Yehowa Adansefo adwumayɛbea no ti dii nkitaho. Wɔpaw boayikuw bi a wɔbɛhwɛ de mmoa ama, na bere a mfɛfo Adansefo ba bɛboae no, wɔboaa wɔn ano yɛɛ wɔn akuw ahorow ma wosiesiee afie ne nneɛma ahorow a asɛe. Mpanyimfo no hwɛɛ nneɛma ahorow a wɔtotɔe ne ne kyekyɛ nso so. Eyi kyerɛ sɛ, sɛ mmoa titiriw a ɛte saa ho behia a ‘asuafo no mu biara de nea wobetumi bɛma’ anaasɛ wɔbɛyɛ nea wobetumi, nanso ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobehu wɔn mpanyimfo no na wɔagye akwankyerɛ afi wɔn hɔ.—Fa toto Asomafo no Nnwuma 11:27-30 ho.
7. Ahiade afoforo bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛboa wɔ ho?
7 Bere a ebia (sɛ́ woyɛ ɔpanyin anaasɛ dabi no) wubetumi aboa bere a asiane kɛse bi asi no, nneɛma nketenkete bi wɔ hɔ a ɛno nso ho hia saa ara—wɔn a wɔwɔ w’asafo mu no. Esiane sɛ ebia saa ahiade ahorow yi ho atenka renyɛ te sɛ asiane bi de no nti, ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ yebebu yɛn ani agu so anaasɛ yɛrennwen ho kɛse. Nanso asafo no mu ahiade ahorow a ɛte sɛɛ ankasa ne nea wɔka ho asɛm wɔ Yakobo 2:15-17 no. Yiw, ebia tebea a ɛwɔ w’asafo no mu no bɛma woahu sɛ ebia wo ‘gyidi no yɛ nea nnwuma ka ho, anaasɛ awu wɔ ne nko fam.’
8. Ɔkwan bɛn so na ahwɛfo betumi ada nyansa adi wɔ asafo no mu ahiade ho dwuma a wodi mu?
8 Bere a mpanyimfo di anim no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ ‘anyansafo ne animdefo.’ (Yakobo 3:13) Sɛ wɔde nyansa di dwuma a, wobetumi abɔ nguankuw no ho ban wɔ nnaadaafo a wofi onua biako nkyɛn kɔ ɔfoforo nkyɛn (anaasɛ wofi asafo biako mu kɔ foforo mu) kogyigye sika anaasɛ wɔka nnaadaasɛm ahorow de hwehwɛ “mmoa” no ho. Wɔ nyansa mu no, ahwɛfo nhyɛ anihaw ho nkuran efisɛ Bible mmara no ne sɛ: “Sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma onnidi nso.” (2 Tesalonikafo 3:10-15) Nanso wɔrempɛ sɛ ‘wɔyɛ ayamɔnwene’ anaasɛ wɔbɛma wɔn nuanom ayɛ saa. (1 Yohane 3:17) Ade foforo nso nti a ɛsɛ sɛ wɔda nyansa adi ne sɛ Bible no nhyɛ mmara tenten bi mma yɛn wɔ ahiade ne amanehunufo a wɔbɛhwɛ wɔn no mu. Tebea no gu ahorow wɔ mmere horow mu ne wɔ mmeae ahorow.
9. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔhwɛɛ Kristofo akunafo a na wɔfata no wɔ afeha a edi kan no mu? (b) Mmoa bɛn na wɔn a wɔte saa no betumi anya mu mfaso nnɛ?
9 Sɛ nhwɛso no, wɔ 1 Timoteo 5:3-10 no, Paulo kaa akunafo a ‘aka wɔn nko’ a wɔfata ho asɛm. Wɔn abusuafo a wɔwɔ gyidi no mu na ɛyɛ wɔn asɛyɛde titiriw sɛ wɔbɛboa wɔn; adwuma yi a abusuafo no bebu wɔn ani agu so no betumi asɛe wɔn gyinabea wɔ Onyankopɔn anim. Nanso sɛ ɛyɛ nea okunafo a ahia no a ɔfata yi rentumi nnya mmoa wɔ saa kwan yi so a, mpanyimfo no betumi ayɛ honam fam mmoa bi ho nhyehyɛe wɔ asafo no mu. Nnansa yi nso asafo ahorow binom aboa ahiafo a wɔwɔ wɔn mu no titiriw. Nanso wɔ nsase pii so nnɛ no, wɔwɔ nhyehyɛe bi a wɔnam so boa wɔn a wɔn mfe akɔ anim, ayarefo, anaasɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ adwuma nanso wonnya bi no. Ebia Kristofo mpanyimfo bɛpɛ sɛ wɔboa wɔ ɔkwan foforo so nso. Ebinom a ahia wɔn ampa a wɔfata sɛ aban boa wɔn wɔ ɔkwan a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no so nnya mmoa a ɛte sɛɛ efisɛ wonnim ɔkwan a wɔbɛfa so abisa anaasɛ ebia wosuro sɛ wobebisa. Enti ebia mpanyimfo no bebisa aban adwumayɛkuw a wɔyɛ eyi ho adwuma no anaasɛ wobehu ɔdansefo a ɔwɔ eyi ho osuahu. Afei ebia wobetumi ayɛ nhyehyɛe ma onua anaa onuawa bi aboa onipa a ohia mmoa yi ma ne nsa aka.—Romafo 13:1, 4.
Mmoa a Eye Ho Nhyehyɛe a Wɔyɛ
10. Dɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo ma wɔn ani kũ ho bere a wɔhwɛ nguankuw no?
10 Ahwɛfo a wɔn ani da hɔ na wɔtaa hwɛ ma wɔn a wohu amane ne ahiafo nya mmoa fi anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ ɔdɔ hɔ. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ma wɔn ani da hɔ wɔ honhom mu ne honam fam ahiade ahorow ho bere a wɔhwɛ nguankuw no nyinaa no. Ntease mu no, mpanyimfo no si “mpaebɔ ne asɛm no som” so dua. (Asomafo no Nnwuma 6:4) Enti wɔbɛbɔ mmɔden ayɛ nneɛma ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a nguankuw no mufo a wɔda ɔyarepa so anaasɛ wɔwɔ ayaresabea no benya honhom mu aduan. Ebia mpanyimfo no bɛma wɔakyere nhyiam dwumadi no agu hama so ama wɔn a wontumi mma no. Mpanyimfo ne asafo mu asomfo a wɔde nsɛm a wɔakyere agu hama so yi kɔma wɔn no hu sɛ wɔn nsrahwɛ no ma wotumi de honhom mu akyɛde foforo ma wɔn. (Romafo 1:11, 12) Bere koro no ara mu no, wobetumi ahwɛ ahu nneɛma foforo a ehia wɔn.
11. Yɛ sɛnea wobetumi ayɛ mmoa a wɔde bɛma onuawa ɛ ahia no ho nhyehyɛe no ho nhwɛso.
11 Ebia wobehu sɛ onuawa bi a wadi dɛm anaasɛ ne mfe akɔ anim betumi aba Ahenni Asa so nnakoro nnakoro, anaasɛ obetumi anya asɛnka adwuma no mu kyɛfa kakra, sɛ onuawa bi kɔboa no ma oguare na osiesie ne ho a. (Fa toto Dwom 23:1, 2, 5 ho.) Ahwɛfo no betumi de ahyɛ wɔn mu biako mpo nsa ma wayɛ ɛho nhyehyɛe ahorow. Saa ara na wobetumi aka akyerɛ asafo no mufo ma wɔatu wɔn ho ama akɔfa nnipa a wɔte sɛɛ anaasɛ wɔafa wɔn wɔ wɔn kar mu akɔ. Eyi ho nhyehyɛe a wɔbɛyɛ bɛma nneɛma akɔ so fɛfɛɛfɛ.
12. Ɔkwan bɛn so na afoforo betumi ne ahwɛfo no ayɛ adwuma wɔ ayarefo anaasɛ wɔn a wɔanyin a wɔboa wɔn no mu?
12 Ebia mpanyimfo no behu nneɛma afoforo a wobetumi de mmoa ama wɔ ho anaasɛ wobefi ɔdɔ mu ayɛ ho nhyehyɛe. Sɛ nhwɛso no, ebia na onuawa bi a wanyin anaasɛ ɔyare ntumi nsiesie ne fie yiye sɛnea na anka ɔyɛ no. So asafo mu asomfo ne afoforo betumi akɔboa no? N’afikyiri ne ade a wɔbɛdodɔw ama no bɛma n’ani agye bere a ohu sɛ afei de ɛnyɛ nea nkurɔfo bɛka ho nsɛmmɔne wɔ mpɔtam hɔ no. So nneɛma afoforo bi wɔ hɔ a ɛho hia sɛ wɔyɛ ma no? So onuawa bi a ɔrekɔ gua so betumi afa ne hɔ ahwɛ nneɛma ahorow bi a ohia na watɔ abrɛ no? Kae, na asomafo no ani gye eyi a wɔyɛ no ho, na wɔyɛɛ nhyehyɛe maa wɔn a wɔfata wɔ asafo no mu boae.—Asomafo no Nnwuma 6:1-6.
13. Dɛn na efii boa a mpanyimfo no boaa onua a ofi Nigeria a yɛadi kan aka ne ho asɛm no mu bae?
13 Na nneɛma a ɛte sɛɛ ho hia mpanyimfo a yedii kan kaa wɔn ho asɛm a bere a wɔreyɛ wɔn nguanhwɛ adwuma no wokohuu Lebechi Okwaraocha ne ne yere wɔ tebea a ɛyɛ awerɛhow mu no. Ntɛm ara mpanyimfo kuw no susuw ne tebea no ho na wɔmaa asafo no huu wɔn adwene a wɔayɛ—wɔbɛsan asi ɔdan no foforo. Anuanom mmarima ne mmea ahorow de nneɛma ahorow bɛboae na wofii wɔn pɛ mu boaa adwuma no yɛ. Wɔ dapɛn biako ntam no na wɔasi ɔdan ketewa fɛfɛ a wɔde nkankyee abɔ so awie. Amanneɛbɔ a efi Nigeria ne sɛ:
“Akuraa no asefo ho dwiriw wɔn na wofi wɔn pɛ mu de nnuan ne anonne brɛɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔn ani abere de nnɔnhwerew pii reyɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobewie ansa na osu asan atɔ bio no. Akuraa no asefo pii kasa tiaa asɔre afoforo, a sɛnea wɔkyerɛ no, wɔfow nkurɔfo no nneɛma mmom sen sɛ wɔbɛboa ahiafo no. Eyi bɛyɛɛ biribi a na obiara reka ho asɛm. Ama akuraa no asefo tie asɛm no, na wɔafi ofie Bible adesua pii ase.”
Wo Kyɛfa Wɔ “Nnwuma Pa” Yi Mu
14. Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ “nnwuma pa” a yɛyɛ ma yɛn nuanom no ho?
14 Ɛwom, ebia mpɛn pii yɛn nkutoo betumi adi wɔn a wɔanyin, wɔn a wonni ahoɔden, wɔn a wɔda ayaresabea anaasɛ afoforo a wohu amane a wɔbɛn yɛn no ahiade ho dwuma tẽẽ. Sɛ yehu ɔkwan bi a yebetumi afa so ada Kristosom ankasa adi a, dɛn nti na yɛnyɛ saa mfa mmoa? (Asomafo no Nnwuma 9:36-39) Ɛnyɛ obi na ɔhyɛ yɛn, na mmom nea ɛkanyan yɛn ne Kristofo dɔ. Ade a edi kan wɔ mmoa biara a yɛde ma mu ne anigye a yɛwɔ wɔ nnipa a wɔte saa no ho ne ayamhyehye a yɛwɔ ma wɔn. Ɛwom, yɛn mu biara nni hɔ a obetumi ama nkwakoraa ne mmerewa asan ayɛ mmerante ne mmabaa, asa ayarefo yere anwonwa kwan so, anaasɛ wama wɔn a wɔwɔ asafo no mu nyinaa sikasɛm gyinabea ayɛ pɛ. Nanso ɛsɛ sɛ yesusuw afoforo ho na yenya adema honhom. Sɛ yenya eyi na yɛyɛ ade ma ɛne no hyia a, ɛbɛhyɛ ɔdɔ a ɛwɔ yɛne wɔn a yɛboa wɔn no ntam no mu den. Ɛbaa saa wɔ Paulo ne Onesimo a na ɔbɛyɛɛ Kristoni nkyɛe pii a ‘ɔsom Paulo wɔ n’afiasenna mu’ no fam.—Filemon 10-13; Kolosefo 3:12-14; 4:10, 11.
15. Ɔkwan bɛn so na yebetumi afa aboa ebinom a wɔfata a ahia wɔn ampa no?
15 Ɛtɔ bere bi nso a yebetumi adi honam fam ahiade ho dwuma denam akyɛde bi a efi ayamye mu a yɛmma wonnhu onii ko a ɔde rema, anaasɛ yɛde bɛma wɔ kokoam no so. So onua bi adwuma afi ne nsa a onnya bi? So onuawa bi de ka wɔ ayaresabea a ɔkɔe ho; so wanya akwanhyia anaasɛ akorɔnfo abewia no? Tebea horow a ɛte sɛɛ betumi akã wɔn a yenim wɔn. Sɛ yɛyɛ “adɔe” a, yɛn Agya a ohu kokoam no behu na ɛbɛyɛ nea ɔpene so. (Mateo 6:1-4) Anaasɛ, sɛ́ anka yɛbɛma wɔn sika no, ebia yebetumi ama ahiafo no ntade na yɛama okunafo anaa ayisaa aduan a wɔanoa te sɛ Hiob.—Hiob 6:14; 29:12-16; 31:16-22.
16. Ɔkwan foforo a eye bɛn so na ɛtɔ bere bi a yebetumi afa de mmoa ama? Yɛ ho nhwɛso.
16 Osuahu a wowɔ anaasɛ wo nkitahodi betumi aboa ankasa. Onua bi ka kyerɛɛ Onua W——sɛ ɔmmɔ no bosea. Mmuae a ofi ayamye mu mae ne sɛ: ‘Dɛn nti na wususuw sɛ mewɔ sika a metumi de bi abɔ bosea?’ Nea ɔkae ne sɛ: ‘Efisɛ wutumi yɛ wo sika ho nhyehyɛe yiye.’ Onua W——a na ɔtaa bɔ wɔn a ahia wɔn bosea no de nhumu hyɛɛ nyansa sɛ: ‘Ebia nea wuhia ankasa ne obi a ɔbɛboa wo ma woahu sɛnɛa wobɛyɛ wo sika ho nhyehyɛe, na sɛ wopɛ a, m’ani begye ho sɛ mɛboa wo.’ Mmoa a ɛte sɛɛ yɛ nea anuanom a ɛho hia sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ wɔn asetra gyinapɛn mu ma ɛne tebea foforo a wɔwom hyia anaasɛ wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ adwumaden bi a ebia afoforo mmu kɛse mpo no ani sɔ titiriw. Ɛwom, sɛ ɛyɛ nea bosea ho hia ampa a, ɛbɛyɛ nea eye sɛ mobɛyɛ ho kyerɛwtohɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔhaw biara rensɔre akyiri yi. Nanso anuanom pii a wɔn ani nnye ho sɛ wɔbɛbɔ bosea no ani bɛsɔ mmoa te sɛ afotu anaa osuahu a wɔde bɛma wɔn no kɛse. (Romafo 13:8) Eyi ho nhwɛso ne osuahu bi a efi Afrika atɔe fam a ɛfa Emmanuel ho no:
Ɛwom sɛ na Emmanuel yɛ obi a onim ti yi yiye de, nanso na onnya adwuma kɛse na ɛhaw no sɛ ontumi nnya sika a ɔde bɛhwɛ ne ho. Afei ɔpanyin bi a n’ani da fam wɔ asafo no mu bisaa Emmanuel sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔyɛ adwuma foforo bi. Obuae sɛ yiw, efisɛ na ɛnyɛ nea ɔbɛma ahantan asiw no kwan. Ɔpanyin no ne afoforo kasae na onyaa adwuma wɔ ayaresabea bi maa Emmanuel sɛ obi a osiesie hɔ. Wabɔ mmɔden wɔ adwuma yi yɛ mu na watumi aboa afoforo wɔ asafo no mu.
17. Ɔkwan bɛn so na ebia wubetumi aboa onua bi a ɔda ayaresabea? (Dwom 41:1-3)
17 Sɛ yɛn yɔnko Kristoni bi wɔ ayaresabea anaa beae bi te saa a, yenya hokwan atitiriw bi a yɛde bɛboa. Ɛha nso, nea ehia titiriw ne onipa no ho anigye ankasa a yɛwɔ ne ne ho a yesusuw. Ebia wubetumi ada eyi adi denam Kristofo nhoma ahorow a ɛhyɛ nkuran a wobɛkenkan akyerɛ ɔyarefo no anaasɛ osuahu a ɛhyɛ nkuran a wobɛka akyerɛ no no so. So honam fam ahiade nso wɔ hɔ a mubetumi de mmoa ama wɔ ho? Wɔ mmeae binom no, bo a wogye wɔ ayaresabea no kɔ soro araa ma enti ebia wɔrenguare ɔyarefo no wɔ hɔ anaasɛ wɔremma no aduan, gye sɛ obi fi fie bɛyɛ saa. Enti, sɛ nnuruyɛfo no pene so a, wubetumi de nnuan a ahoɔden wom abrɛ no anaasɛ wubetumi aboa no ma wahohoro ne tirim anaasɛ waguare. So wahu biribi foforo a ɛho bɛba mfaso ama no? (2 Timoteo 4:13) Anaasɛ so wubetumi adi biribi a ɛho asɛm haw ɔyarefo no ho dwuma? Ebia ɔresusuw sɛnea ɛbɛyɛ a ne nsa bɛka n’adwuma akatua ne ka ahorow a ɛsɛ sɛ okotua ho. Ebia wubetumi aboa denam nnwuma nketenkete te sɛ ne fie hɔ a wobɛkɔ akɔpra, ahwɛ asiesie hɔ ne ade no so.
18. Dɛn na woayɛ w’adwene sɛ wobɛyɛ wɔ anuanom a wohia mmoa no ho?
18 Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn mu biara betumi ahu akwan a yebetumi afa so akɔ so ayɛ pii asen ka a yɛbɛka sɛ, “Mo ho nyɛ mo hyew na momee.” (Yakobo 2:16) Susuw anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ w’asafo mu no ho. So wɔn a wɔfata no bi hia honam fam mmoa ampa, wɔyare, wɔadi dɛm, anaasɛ wontumi nnantew? Dɛn na wubetumi ayɛ ankasa de aboa asafo no mufo a Kristo wu maa wɔn a yɛdɔ wɔn yi? Su yi a wubenya bɛboa wo ma woasiesie wo ho yiye sɛ wobɛboa ntɛm ara bere a nsɛnnennen bi asɔre.
19. (a) Dɛn nti na kari a yebekari pɛ ho hia kɛse wɔ eyi mu? (b) Yiye a ɛsen biara bɛn na yebetumi ayɛ afoforo, na dɛn nti na eyi te saa? (Dwom 72:4, 16)
19 Sɛ yɛboa yɛn nuanom wɔ saa kwan yi so a na yɛrekyerɛ sɛ yɛn gyidi nwui. Gyidi koro no ara ka yɛn ma yɛyere yɛn ho wɔ Kristofo asɛnka adwuma no mu. Ɛho hia sɛ yɛkari pɛ wɔ afoforo a yɛbɛboa wɔn wɔ honam fam ne Kristofo asɛnka adwuma no mu kyɛfa a yebenya daa no mu. (Fa toto Mateo 15:3-9; 23:23 ho.) Afotu a Yesu de maa Marta ne Maria no da kari a yebekari pɛ no adi. Ɔkae sɛ, sɛ obi de honam fam nneɛma a wɔde ma retoto honhom mu aduan ho a, ɛnde na nea etwa to no ne “nea eye” a wɔrennye ne nsam. (Luka 10:39-42) Ɛbɛyɛ nea ayarefo ne ahiafo wɔ hɔ bere nyinaa wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu. Yebetumi ayɛ nneɛma pa ama wɔn, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa nso. (Marko 14:7) Nanso nea eye sen biara a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ afoforo Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm. Ɛno ne nea Yesu de n’adwene sii so. (Luka 4:16-19) Ɛne ɔkwan a ahiafo, ayarefo, ne mmɔborɔfo bɛfa so anya daa ahotɔ. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yɛbɛboa yɛn nuanom ne afoforo ma wɔde wɔn ani ato Onyankopɔn so na “wɔaso nokware nkwa no mu.”—1 Timoteo 6:17-19.
So Wokae?
◻ “Nnwuma pa” a ɛho hia sen biara bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no yɛ?
◻ Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo a wɔwɔ asafo bi mu betumi de wɔn adwene asi “nnwuma pa” a ɛfa wɔn nuanom honam fam tebea horow ho so wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so?
◻ Akwan a eye bɛn na mpanyimfo no betumi afa so?
◻ Nneɛma a eye bɛn na wubetumi ayɛ de aboa wo nuanom mmarima anaa mmea a wohia mmoa no?
[Adaka wɔ kratafa 31]
Kristofo Dɔ ho Adanse
Yehowa Adansefo asafo bi a ɛwɔ United States atɔe fam hyiaa tebea bi a ama wonyaa hokwan daa Kristofo dɔ a wɔkamfo kyerɛ wɔ Kyerɛwnsɛm mu no adi. Wɔn man mu aban no buee ayaresabea bi a wɔhwɛ mmubuafo wɔ hɔ wɔ wɔn asasesin no mu. Wɔn a wodii kan baa ayaresabea hɔ no mu biako ne Gary a wadi mfe 25 a na n’abusuafo ntumi nhwɛ no bio. Ná ɔyare no ama wabubu koraa na na ama ne kasa asɛe.
Ná Gary yɛ Ɔdansefo a wabɔ asu mfe. Bere a na ɔwɔ ayaresabea hɔ no, ɔpɛe sɛ ɔkɔ nhyiam ahorow a asafo a ɛwɔ hɔ no yɛ no bi. Ná n’awofo te bɛn hɔ enti wɔ bere bi mu no na wɔde no kɔ. Nanso esiane wɔn mfe a akɔ anim no nti, anuanom a wɔwɔ asafo no mu fii ase boae, na obiako wɔ kar a ɛso kakra. Enti na ɔne ne yere ne wɔn mmabea baanu no fi fie bere a bɛyɛ simma 45 ansa na nhyiam no afi ase no na wɔkɔfa Gary. Wɔpɔn nso a wɔsan de no kɔ ayaresabea hɔ, na na eyi mma wonnu fie ntɛm.
Nanso na biribi rekɔ so wɔ ayaresabea hɔ. Mmubuafo afoforo kyerɛɛ Bible mu nokware no ho anigye. Ankyɛ na wofii ase ne ebinom yɛɛ Bible adesua. Akyiri yi afoforo nso kyerɛɛ ho anigye. Wɔbɛyɛ dɛn atumi de wɔn nyinaa aba adesua? Abusua foforo tɔɔ kar a ɛso kakra, na adwuma bi a ɛyɛ Adansefo a wɔwɔ hɔ no bi de nso maa kar a ɛto so abiɛsa. Nanso ɛtɔ bere bi a na eyi nyɛ nea etumi boa ahe biara. So asafo no betumi ayɛ pii?
Mpanyimfo no susuw eyi ho na wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛtɔ lɔre bi a mmubuafo no nkutoo na ɛde wɔn bɛba adesua na asan de wɔn akɔ fie. Asafo no penee so na wofi anigye mu yii ntoboa. Adansefo binom a wɔwɔ mmeae a ɛbɛn hɔ a wɔtee nea wɔreyɛ no nso yii ntoboa. Wɔkɔtɔɔ lɔre a na ɛyɛ nea wotumi de mmubuafo nkongua sisi mu.
Afei wɔakyekyem a ɔsram biara Asafo Nhoma Adesua kuw biako na ɛhwɛ ma wɔde wɔn ba adesua ne nhyiam ahorow. Mmubuafo yi mu baanum ba nhyiam ahorow no daa na wɔn mu baanan yɛ Adansefo a wɔagye asubɔ mprempren. Anuanom mmarima ne mmea pii a wɔrenya mmoa a wɔde ma wɔn yi mu anigye abehu wɔn na wɔanya ɔdɔ ama wɔn. Ɔkwan bɛn so! Ɛdenam nnwom nhoma a wokura mu ma wɔn ne kyerɛw nsɛm a wobue ma wɔn wɔn wɔ nhyiam ase no so.Wɔ ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ase mpo no, wɔboa ma wɔma wɔn a wɔn ankasa ntumi nnidi no aduan. Eyi ama wɔanya anigye kɛse. Na Gary nso ɛ? Mprempren ɔsom sɛ asafo mu ɔsomfo wɔ asafo a adi ɔdɔ a ɛwɔ no ho adanse sɛɛ no mu.—Asomafo no Nnwuma 20:35.